Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 17

“Munnyin Wɔ Mo Gyidi Kronkron Mu”

“Munnyin Wɔ Mo Gyidi Kronkron Mu”

“Bere a morenyin wɔ mo gyidi kronkron mu . . . no, momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.”—YUDA 20, 21.

1, 2. Adansi adwuma bɛn na woreyɛ, na adɛn nti na sɛnkyerɛnne kwan so ɔdan no ahoɔden ho hia?

FA NO sɛ w’ani abere resi dan bi. Wufii adwuma no ase akyɛ, na bere pii da so wɔ w’anim. Baabi a adwuma no akodu no, emu ayɛ den nanso anigye wom. Woasi wo bo sɛ sɛnea ɛte biara worennyae adwuma no yɛ na woremma w’ani nhaw, efisɛ ɔdan no ahoɔden betumi aka w’asetena, anaa wo daakye mpo. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdan a woresi no, ɛno ara ne wo!

2 Osuani Yuda sii so dua sɛ yensi yɛn ankasa ho sɛ ɔdan. Bere a ɔretu Kristofo no fo sɛ ‘wɔmfa wɔn ho nsie Onyankopɔn dɔ mu’ no, ɔkyerɛe nso sɛ ɔkwan titiriw a wobetumi afa so ayɛ saa ne sɛ ‘wobenyin wɔ wɔn gyidi kronkron mu.’ (Yuda 20, 21) Akwan bɛn so na wubetumi ama wo gyidi ayɛ den na woakɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ebetumi ama woasi wo ho asi wo gyidi kronkron no so.

HYEHYƐ WO GYIDI WƆ YEHOWA TRENEE AHWEHWƐDE MU

3-5. (a) Adwene a ɛmfata bɛn na Satan pɛ sɛ ɔdaadaa wo ma wunya wɔ Yehowa ahwehwɛde ho? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Onyankopɔn ahwehwɛde ho, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn sɛn? Ma mfatoho.

3 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yennya gyidi a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn mmara biara yɛ papa. Baabi a woasua nhoma yi abedu no, woabehu Yehowa trenee ahwehwɛde pii a ɛfa abrabɔ ho. W’adwene kyerɛ wo sɛn wɔ ho? Satan pɛ sɛ ɔdaadaa wo ma wunya adwene sɛ Yehowa mmara, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinapɛn mu yɛ den dodo na ɛnyɛ papa mpo. Wafa saa kwan yi so fi Eden tɔnn, efisɛ ɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ. (Genesis 3:1-6) So ne nnaadaa yi benya wo? Ebegyina wo nsusuwii so.

4 Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wonam turo fɛfɛ bi mu ɛnna wuhui sɛ wɔde dade agye ban tenten asiw ɔfã baabi. Wuhui sɛ baabi a wɔagye ho ban no yɛ fɛ, na na wo kɔn dɔ sɛ wubenya hɔ akɔ. Ebia mfiase no wubesusuw sɛ wɔde ban no asiw wo kwan ma wuntumi nkɔ baabi a wopɛ sɛ wokɔ no. Nanso bere a wode w’ani faa ban no mu no, wuhui sɛ gyata kɛse bi retetɛw aboa bi akyere no! Afei wuhuu nea enti a wogyee ban no—wɔyɛe sɛ ɛmmɔ wo ho ban. Seesei aboa a ne ho yɛ hu bi retetɛw wo akyere wo anaa? Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.”—1 Petro 5:8.

5 Satan te sɛ aboa bi a ne ho yɛ hu. Esiane sɛ Yehowa mpɛ sɛ Satan benya yɛn akyere yɛn nti, wahyehyɛ mmara a ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ɔbɔnefo no “nnɛɛdɛe” ho. (Efesofo 6:11) Enti bere biara a yebesusuw Onyankopɔn mmara ho no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn soro Agya no dɔ yɛn. Sɛ yehu Onyankopɔn mmara saa kwan no so a, ɛma yɛn ani gye, na yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.”—Yakobo 1:25.

6. Ɔkwan a ɛfata bɛn na wubetumi afa so ahyɛ wo gyidi den wɔ Onyankopɔn trenee mmara ne ne nnyinasosɛm mu? Ma nhwɛso.

6 Sɛ yɛde Onyankopɔn ahyɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onii a ɔhyɛɛ mmara no mu no den na yɛahu nyansa a ɛwɔ ne mmara mu. Sɛ nhwɛso no, “Kristo mmara” no mu baako ne ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo ‘nea wahyɛ yɛn nyinaa’ no. (Galatifo 6:2; Mateo 28:19, 20) Bio nso, Kristofo fa ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yenhyiam nsom na yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho den no aniberesɛm. (Hebrifo 10:24, 25) Onyankopɔn ahyɛde foforo nso ne sɛ yemfi yɛn komam mmɔ Yehowa mpae daa. (Mateo 6:5-8; 1 Tesalonikafo 5:17) Bere a yɛde afotu a ɛte saa di dwuma no, yehu pefee sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a ɔdɔ wom. Sɛ yetie a, ɛbɛma yɛanya anigye ne akomatɔyam a yɛrennya da wɔ wiase bɔne yi mu baabiara. Sɛ wohwɛ sɛnea Onyankopɔn mmara aboa wo wɔ w’asetenam a, so ɛnhyɛ gyidi a wowɔ wɔ ne mmara mu no mu den?

7, 8. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma wɔn a wɔte nka sɛ ebia wɔrentumi nyɛ nea ɛteɛ daa no?

7 Ɛtɔ da bi a, ebinom te nka sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wobedi Yehowa mmara so daa. Wosuro sɛ ebia na wɔatõ mmara no bi daakye. Sɛ saa na wususuw a, ɛnde ma asɛm yi ntena w’adwenem: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so. O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:17, 18) So woagye bere asusuw nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ eyi mu no ho pɛn?

8 Yehowa kae yɛn sɛ, sɛ yetie n’asɛm a, yɛn ara na ebesi yɛn yiye. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira ahorow mmienu. Nea edi kan, yɛn asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten a ayiri afa so a ɛsen daa na yɛanya abotɔyam. Nea ɛto so mmienu, yɛn trenee bɛyɛ sɛ po asorɔkye. Sɛ wugyina mpoano na wohwɛ sɛnea po bɔ asorɔkye no a, akyinnye biara nni ho sɛ wote nka sɛ ɛnyɛ biribi a ebegyae nnɛ anaa ɔkyena. Wunim sɛ asorɔkye no bɛkɔ so abɔ aba mpoano hɔ daapem. Yehowa ka sɛ wo trenee, anaa trenee kwan a wonam so no bɛtena hɔ daa te sɛ po asorɔkye. Sɛ wokɔ so di no nokware a, ɔremma wo nsa nsi fam da! (Kenkan Dwom 55:22.) So bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam yi nhyɛ gyidi a wowɔ wɔ Yehowa ne ne trenee ahwehwɛde no mu den?

‘PERE KƆ AHOKOKWAW MU’

9, 10. (a) Dɛn nti na Kristofo ma ɛyɛ wɔn botae titiriw sɛ wɔn ho bɛkokwaw? (b) Ɔkwan bɛn so na honhom fam adwene a yebenya no ma yɛn ani gye?

9 Ade a ɛto so mmienu a ɛbɛboa wo wɔ wo dansi adwuma no mu no da adi wɔ asɛm a efi honhom mu yi mu: “Momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu.” (Hebrifo 6:1) Kristoni biara botae titiriw ne sɛ ne ho bɛkokwaw. Onipa biara nni hɔ a obetumi adu pɛyɛ ho seesei, nanso obetumi apere adu ahokokwaw ho. Bio nso, bere a Kristofo ho rekokwaw no, wonya anigye kɛse wɔ Yehowa som mu. Adɛn ntia?

10 Kristoni a ne ho akokwaw yɛ honhom muni, na nea eyi kyerɛ ne sɛ osusuw nneɛma ho sɛnea Yehowa susuw ho. (Yohane 4:23) Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.” (Romafo 8:5) Obi a okura honam adwene nni anigye titiriw biara, efisɛ nea ɛfa ne ho nkutoo na ɔhwɛ, ɔnhwɛ ade nkɔ akyiri, na ɔde n’ani si honam fam nneɛma so. Nea okura honhom fam adwene no wɔ anigye efisɛ ɔde n’ani si Yehowa a ɔyɛ “anigye Nyankopɔn no” so. (1 Timoteo 1:11) Obi a ɔyɛ honhom muni no ani gye ho sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani, na sɛ sɔhwɛ mpo to no a n’ani gye. Adɛn ntia? Efisɛ sɔhwɛ ma yenya hokwan de kyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo, na ɛma yɛn mudi mu yɛ den, na yɛn soro Agya nso ani gye.—Mmebusɛm 27:11; kenkan Yakobo 1:2, 3.

11, 12. (a) Dɛn na Paulo ka faa Kristoni “adwene” ho, na asɛmfua “wɔatete” no kyerɛ sɛn? (b) Ntetee bɛn na nipadua no hia na atumi de ahokokwaw adannan ne ho?

11 Egye ntetee na obi atumi anyin wɔ honhom mu na ne ho akokwaw. Susuw kyerɛwsɛm yi ho hwɛ: “Aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma nti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Bere a Paulo kae sɛ “wɔatete” yɛn adwene no, ɔde Hela asɛm a na wɔtaa de di dwuma wɔ agumadidan mu wɔ Helafo bere so wɔ afeha a edi kan no mu na edii dwuma, efisɛ wobetumi akyerɛ ase nso sɛ ‘obi a wɔatete no sɛ ofunibufo.’ Afei hwɛ nea saa ntetee no kyerɛ.

Ofunibufo tete ne nipadua no na ama watumi adannan ne ho

12 Bere a wɔwoo yɛn no, na yɛn nipadua no nnyaa ntetee biara. Sɛ nhwɛso no, akokoaa nnim sɛnea ne nsa ne ne nan yɛ adwuma. Enti akokoaa no totow ne nsa ne ne nan kɛkɛ ma ɛtɔ da bi a ne nsa bɔ n’ani so ma ɛyɛ no yaw anaasɛ ɛyɛ no nwonwa mpo. Nanso bere a ɔreyɛ saa no, na ɔretete ne nipadua no nkakrankakra. Afei akokoaa no wea, akyiri yi ɔnantew, na edu bere bi a, otu mmirika mpo. * Na ofunibufo no nso ɛ? Sɛ wuhu sɛ ofunibufo huruhuruw, na ɔde anigye ne ahokokwaw dannan ne ho wɔ wim a, wutumi hu ntɛm ara sɛ ɔde bere tenten na atete ne nipadua ma etumi yɛ saa. Ofunibufo no ahokokwaw no amma kwa, egyee nnɔnhwerew pii na ɔde tetee ne nipadua no. Bible ka sɛ apɔwmuteɛteɛ a ɛte saa “so wɔ mfaso kakra.” Nanso hwɛ mfaso kɛse ara a ɛwɔ so sɛ yɛbɛtete yɛn adwene wɔ honhom fam nneɛma ho!—1 Timoteo 4:8.

13. Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn adwene?

13 Yɛasusuw nneɛma pii ho wɔ nhoma yi mu a ebetumi aboa wo ma woatete w’adwene na ama woatumi adi Yehowa nokware sɛ honhom muni. Bere biara a wubesi gyinae bi wɔ w’asetena mu no, fa mpaebɔ susuw Onyankopɔn nnyinasosɛm ne ne mmara ho. Sɛ worebesi gyinae bi a, bisa wo ho sɛ: ‘Bible mmara anaa nnyinasosɛm bɛn na ɛfa asɛm yi ho? Ɔkwan bɛn so na mede bedi dwuma? Dɛn na meyɛ a ɛbɛma me soro Agya no ani agye?’ (Kenkan Mmebusɛm 3:5, 6; Yakobo 1:5.) Gyinae biara a wubesi wɔ saa kwan no so no bɛboa atete w’adwene. Ntetee a ɛte saa bɛboa wo ma woabɛyɛ honhom muni ankasa.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kɔn dɔ na ama yɛanyin wɔ honhom mu, nanso kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

14 Yebetumi apere adu ahokokwaw ho, nanso sɛ ɛba honhom fam onyin ho a, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ daa. Aduan na ɛma yenyin. Enti Paulo kae sɛ: “Aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no dea.” Ade titiriw baako a ɛbɛboa ma wo gyidi ayɛ den ne sɛ wobɛkɔ so adi honhom fam aduan. Sɛ wode nea wusua no di dwuma a, ɛkyerɛ sɛ wunim nyansa, na Bible ka sɛ: “Nyansa ne ade titiriw.” Enti, ehia sɛ yɛma yɛn kɔn dɔ nokware a ɛsom bo a yɛn soro Agya no de ma no. (Mmebusɛm 4:5-7; 1 Petro 2:2) Nanso nimdeɛ ne Onyankopɔn nyansa a yenya no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn tirim yɛ yɛn dɛ anaasɛ yɛma yɛn ho so. Ehia sɛ yɛtaa hwehwɛ yɛn ho mu hwɛ sɛ ebia ahomaso anaa mmerɛwyɛ foforo bi agye ntini wɔ yɛn komam na ɛrenyin anaa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”—2 Korintofo 13:5.

15. Adɛn nti na ɔdɔ ho hia na yɛanyin wɔ honhom mu?

15 Sɛ yesi yɛn dan wie mpo a, nnwuma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa wɔ ɔdan no ho. Sɛ biribi sɛe wɔ dan no ho a ebehia sɛ yesiesie, na sɛ tebea no sesa a, ebia ebehia sɛ yesi bi ka ho. Ɛnde, dɛn na ehia na yɛn ho akokwaw na yɛakɔ so ayɛ den wɔ honhom fam? Nea ehia titiriw ne ɔdɔ. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn mfɛfo gyidifo no kɔ so nyin. Sɛ yenni dɔ a, nimdeɛ a yɛwɔ ne yɛn nnwuma nyinaa bɛyɛ kwa; ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛreyɛ dede hunu bi. (1 Korintofo 13:1-3) Ɔdɔ betumi aboa yɛn ma yɛapere akɔ Kristofo ahokokwaw mu na yɛakɔ so anyin wɔ honhom mu.

FA W’ADWENE SI ANIDASO A YEHOWA DE MA NO SO

16. Nsusuwii bɛn na Satan hyɛ ho nkuran, na ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔ yɛn ho ban?

16 Ma yensusuw adansi adwuma a woreyɛ no ho ade foforo ho. Nea ɛbɛyɛ na woayɛ den sɛ Kristo nokware kyidifo no, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛnea wususuw nneɛma ho fa. Satan yɛ wiase sodifo a waben, na onim ɔkwan a ɔbɛfa so asɛe nnipa adwene na wɔahwere wɔn anigye na wɔn abam abu. (Efesofo 2:2) Nsusuwii a ɛte saa no yɛ hu ma Kristoni te sɛ mfɔte a wɔhyɛ nnuadan mu. Nanso anigyesɛm ne sɛ Yehowa ama yɛn ade titiriw bi a ebetumi abɔ yɛn ho ban; ɛno ne anidaso.

17. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm ma yehu mfaso a ɛwɔ anidaso so?

17 Bible no akyerɛ honhom mu akode ahorow a yebehia na yɛatumi ako atia Satan ne saa wiase yi. Akode titiriw ne dade kyɛw a ɛne “nkwagye anidaso” no. (1 Tesalonikafo 5:8) Bible mmere mu no, na ɔsraani biara nim sɛ, sɛ wanhyɛ dade kyɛw na ɔkɔ akono a, na ɔrefrɛfrɛ owu. Ná wɔde dade na ayɛ saa kyɛw yi na wɔde oguan nhoma asɛw mu; enti sɛ wɔtow biribi sɛ wɔde rebɔ ɔsraani no ti a, kyɛw no gye ma ɛnka ɔsraani no ahe biara. Sɛnea dade kyɛw bɔ onipa ti ho ban no, saa ara na anidaso betumi abɔ w’adwene anaa wo nsusuwii ho ban.

18, 19. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ na ɔwɔ anidaso, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no?

18 Sɛ yɛreka anidaso ho asɛm a, nea ɔyɛɛ ho nhwɛso titiriw ne Yesu. Kae sɛ ohuu amane anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetenam. N’adamfo a ɔbɛn no yii no mae de gyee sika. Ɔfoforo nso kae sɛ onnim no koraa. Wɔn a wɔaka nso guan gyaw no hɔ. N’ankasa kuromfo poo no, na wɔteɛteɛɛm sɛ Roma asraafo mmɔ no asɛndua mu. Yebetumi aka sɛ na sɔhwɛ a Yesu hyiae no mu yɛ den sen nea yebehyia da bi. Dɛn na ɛboaa no? Hebrifo 12:2 bua sɛ: “Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua no nifa.” Yesu amma ne werɛ amfi “anigye a na ɛda n’anim” no da.

19 Anigye bɛn na na ɛda Yesu anim? Ná onim sɛ, sɛ ɔkɔ so gyina n’amanehunu no mu a, ɔbɛboa atew Yehowa din kronkron no ho. Ɔde adanse a edi mũ bɛma sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Ná anidaso foforo biara nni hɔ a anka ɛbɛma Yesu anya anigye kɛse sen saa! Ná onim nso sɛ Yehowa behyira no wɔ ne nokwaredi ho, efisɛ na anigye bere bi da n’anim pɛɛ—na ɛrenkyɛ na ɔne n’Agya asan ahyiam. Yesu de n’adwene sii anidaso a ɛte saa so wɔ n’amanehunu bere nyinaa mu. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛn nso yɛwɔ anigye bi da yɛn anim. Yehowa di yɛn mu biara ni, efisɛ wama yɛn hokwan a ɛma yetumi boa tew ne din kɛse no ho. Sɛ yɛpaw Yehowa sɛ yɛn Tumfoɔ na yɛde yɛn ho sie yɛn Agya no dɔ mu, ɛmfa ho amanehunu ne ɔtaa biara a yebehyia a, yɛbɛkyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo.

20. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woanya adwempa ne anidaso?

20 Ɛnyɛ ɔpɛ kɛkɛ na Yehowa wɔ sɛ obetua n’asomfo anokwafo ka, na mmom ne ho pere no mpo sɛ ɔbɛyɛ saa. (Yesaia 30:18; kenkan Malaki 3:10.) N’ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo nneɛma pa a wɔn koma pɛ. (Dwom 37:4) Enti fa w’adwene si anidaso a ɛda w’anim no so tee. Mma Satan wiase dedaw yi mu nsusuwii bɔne a akyea no nnya wo so tumi. Sɛ wote nka sɛ wiase yi honhom de nkakrankakra rehyɛn w’adwene anaa wo koma mu a, bɔ Yehowa mpae denneennen fa hwehwɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no.” Asomdwoe a Onyankopɔn de ma yi bɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban.—Filipifo 4:6, 7.

21, 22. (a) Anidaso kɛse bɛn na “nnipakuw kɛse” no kura mu denneennen? (b) Kristofo anidaso no mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho kɛse, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

21 Anidaso a ɛyɛ anigye a ɛsɛ sɛ wudwinnwen ho bɛn ara ni! Sɛ woka “nnipakuw kɛse” a ‘wobefi ahohiahia kɛse no mu’ aka no ho a, susuw asetena a ɛrenkyɛ wo nsa bɛka no ho. (Adiyisɛm 7:9, 14) Sɛ woyi Satan ne n’adaemone no fi hɔ a, wubenya ahotɔ a worentumi mfa w’adwene mmu nnɛ. Yɛn mu hena koraa na watena wiase bi a Satan nhyɛso ne ne nsusuwii bɔne nnim pɛn? Sɛ saa nhyɛso no fi hɔ a, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade wɔ soro no bɛkyerɛ yɛn kwan ma yɛasiesie asase yi ma adan paradise! Yɛn ani gyina sɛ yebehu sɛ nyarewa ne mmerɛwyɛ afi hɔ; na saa ara na yɛrehwɛ kwan sɛ yɛbɛma yɛn adɔfo a wɔwɔ adamoa mu no akwaaba na yɛatena ase sɛnea Onyankopɔn pɛ! Bere a yɛrenyin kɔ pɛyɛ mu no, na yɛrebɛn akatua kɛse bi a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Romafo 8:21 no; eyi ne “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no.

22 Yehowa pɛ sɛ wunya ahofadi pii sen sɛnea wususuw mpo. Ɔkwan a wobɛfa so anya ahofadi no gyina osetie a wobɛyɛ so. Ɛnde, so ɛmfata sɛ wobɛbɔ mmɔden biara a wubetumi ayɛ osetie ama Yehowa da biara da anaa? Sɛnea ɛte biara no, kɔ so nyin wɔ wo gyidi kronkron no mu na woatumi atena Onyankopɔn dɔ mu akosi daa!

^ nky. 12 Nyansahufo kyerɛ sɛ bere a yɛrenyin no, nipadua no nya nkatede bi a ɛkyerɛ dwuma a yɛmfa yɛn nsa anaa yɛn nan nni. Sɛ nhwɛso no, nkatede yi na ɛma wutumi bɔ wo nsam bere a woakata w’ani no. Ɔyarefo bi nkatede yi sɛee, enti na ontumi nnyina hɔ, ontumi nnantew, na ontumi ntena ase mpo.