Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 14

“Yɛayɛ Adwenkoro”

“Yɛayɛ Adwenkoro”

Ɔkwan a akwankyerɛ kuw no faa so sii gyinae ne sɛnea gyinae a wɔsii no de baakoyɛ baa nsafo ahorow no mu

Egyina Asomafo Nnwuma 15:13-35 so

1, 2. (a) Nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na na ɛsɛ sɛ akwankyerɛ kuw a ɛwɔ asomafo no bere so no yi ano? (b) Dɛn na ɛboaa akwankyerɛ kuw no ma wɔtumi sii gyinae pa?

 NÁ OBIARA ayɛ dinn retwɛn sɛnea asɛm no bɛkɔ akowie. Asomafo no ne mpanyimfo a wɔtete dan no mu wɔ Yerusalem no mu biara hwɛɛ ne yɔnko anim. Ná wɔtumi hu sɛ asɛm no adu ne mpɔmpɔnso. Ná twetiatwa ho asɛm no akɔtwetwe nsɛm bi a ɛho hia aba. Ebi ne sɛ: Kristofo da so hyɛ Mose Mmara no ase? Yudafo Kristofo ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no, Yehowa ani so no, na nsonsonoe wɔ wɔn ntam anaa?

2 Ná anuanom mpanyimfo no asusuw adanse pii ho. Ná wɔasusuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. Bio nso, na wɔate adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa ahyira Amanaman mufo no. Ná wɔanya hokwan akyerɛ wɔn adwene wɔ asɛm no ho. Afei de, na wɔwɔ adanse a edi mu a ɛbɛma wɔatumi asi gyinae. Gyinae a Yehowa honhom pɛ sɛ wɔsi no, na mmarima yi tumi hu no pefee. Enti, na wɔbɛma kwan ama honhom no akyerɛ wɔn kwan anaa?

3. Sɛ yesusuw asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma ti 15 no ho a, mfaso bɛn na yebenya?

3 Ná akwankyerɛ kuw no behia gyidi ne akokoduru na wɔatumi agye honhom no akwankyerɛ yi atom. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ebetumi ama Yudafo nyamesom mpanyimfo no atan wɔn ani kɛse asen kan no mpo. Ɛba asafo no mu nso a, na anuanom binom a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo asan akodi Mose Mmara no so betumi asɔre atia wɔn gyinaesi no. Enti dɛn na na akwankyerɛ kuw no bɛyɛ? Momma yɛnhwɛ. Bere a yɛresusuw ho no, yebehu sɛ wɔyɛɛ nhwɛso pa a Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso suasua. Yɛn nso, wɔn nhwɛso no betumi aboa yɛn, na yehyia ɔhaw sɛ Kristofo a, yɛatumi asisi gyinae pa.

“Eyi Ne Nsɛm a Adiyifo No Akyerɛw No Hyia” (Aso. 15:13-21)

4, 5. Nsɛm a Adiyifo no akyerɛw bɛn na Yakobo fa de kaa n’asɛm?

4 Osuani Yakobo a na ɔyɛ Yesu nua no kasae. a Ɛbɛyɛ sɛ ɔno na na ɔyɛ saa nhyiam no titenani. Nea akwankyerɛ kuw no nyinaa agye atom no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɔbɔɔ no tɔfa de too gua no. Yakobo ka kyerɛɛ mmarima a wɔahyiam no sɛ: “Simeon aka no pefee ama yɛahu sɛnea Onyankopɔn dan n’ani kɔɔ amanaman no so bere a edi kan na oyii nnipa bi fii wɔn mu de ne din too wɔn so no. Eyi ne nsɛm a Adiyifo no akyerɛw no hyia.”—Aso. 15:14, 15.

5 Ebia asɛm a Simeon a wɔsan frɛ no Simon Petro kae ne adanse a Barnaba ne Paul de mae no maa Yakobo kaee Bible mu nsɛm a ɛfa asɛm no ho, na wei boa ma wɔhuu asɛm no ani so yiye. (Yoh. 14:26) Yakobo kaa sɛ, “Eyi ne nsɛm a Adiyifo no akyerɛw no hyia,” na afei ɔfaa Amos 9:11, 12 mu asɛm kae. Amos nhoma no, na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no fã a wɔfrɛ no “Adiyifo no” mu. (Mat. 22:40; Aso. 15:16-18) Ɛnnɛ sɛ wofa Amos nhoma no na wode toto asɛm a Yakobo kae no ho a, wubehu sɛ nsonsonoe kakra wom. Nea yebetumi aka ne sɛ, Yakobo asɛm no, ebia ɔfa fii Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔkyerɛɛ ase baa Greek kasa mu a wɔfrɛ no Septuagint no mu.

6. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no boa ma wɔhuu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho?

6 Yehowa nam odiyifo Amos so kaa sɛ, bere bi bɛba a Yehowa bɛma “Dawid apata” so, kyerɛ sɛ, adehye abusua a ɛbɛtoatoa so akosi Mesia Ahenni no mu no. (Hes. 21:26, 27) Wei kyerɛ sɛ na Yehowa bɛsan de honam fam Yuda man no nko ara ayɛ ne man titiriw anaa? Daabi, efisɛ nkɔmhyɛ no de kaa ho sɛ wɔbɛka “amanaman mufo nyinaa” abom sɛ ‘nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so.’ Kae sɛ, na Petro adi kan akyerɛ mu sɛ Onyankopɔn amma “nsonsonoe biara amma” Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no ntam, “na mmom ɔnam gyidi so dwiraa wɔn koma ho.” (Aso. 15:9) Enti asɛm no ne sɛ, na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa bɛyɛ Ahenni no adedifo. (Rom. 8:17; Efe. 2:17-19) Bible nkɔmhyɛ anka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no twa twetia anaa wɔyɛ biribi soronko bi ma wɔbu wɔn sɛ Yudafo ansa na wɔabɛyɛ adedifo.

7, 8. (a) Dɛn na Yakobo de too gua? (b) Asɛm a Yakobo kae no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛte ase?

7 Afei bere a wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu na wɔtee adanse a tumi wom no, Yakobo de asɛm yi too gua: “Enti me de, m’adwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw wɔn a wofi amanaman mu reba Onyankopɔn nkyɛn no, na mmom yɛnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma a abosom agu ho fĩ ne aguamammɔ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne mogya ho. Na efi tete mmere mu no, Mose wɔ wɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ nkurow nkurow so, efisɛ homeda biara wɔkenkan ne nsɛm den wɔ hyia adan mu.”—Aso. 15:19-21.

8 Bere a Yakobo kaa sɛ, “enti, me de, m’adwene ne sɛ” no, na ɔrekyerɛ sɛ esiane sɛ ɔyɛ nhyiam no titenani nti, n’asɛm na ɛsɛ sɛ anuanom a aka no fa anaa? Ɛnte saa koraa! Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “m’adwene ne sɛ” no betumi akyerɛ “mibu atɛn” anaa “mekyerɛ m’adwene.” Enti na ɛnyɛ sɛ Yakobo pɛ sɛ osi gyinae ma akwankyerɛ kuw no, mmom nea na wahu afi Kyerɛwnsɛm no mu ne adanse a wɔate no mu no, ɛno na na ɔde reto gua ama wɔasusuw ho.

9. Mfaso bɛn na na ɛwɔ Yakobo adwenkyerɛ no so?

9 Ná Yakobo adwenkyerɛ no ye anaa? Ɛda adi sɛ na eye, efisɛ akyiri yi asomafo no ne mpanyimfo no de yɛɛ adwuma. Mfaso bɛn na efii mu bae? Ade baako ne sɛ, gyinae a wɔsii no, na ɛnyɛ ade a ‘ɛbɛhaw’ Amanaman mufo no, anaa ɛbɛyɛ den ama wɔn, efisɛ na ɛremfa Mose Mmara no nhyɛ wɔn kɔn. (Aso. 15:19) Bio nso, gyinae a wɔsii no kyerɛe sɛ na wɔwɔ obu ma Yudafo Kristofo no ahonim, efisɛ na wɔnim sɛ, ‘homeda biara, na Yudafo no te sɛ wɔrekenkan Mose nsɛm no den wɔ hyia adan mu,’ na na atoa so mfe pii. b (Aso. 15:21) Ɔkwan biara so no, na gyinae a wɔasi no bɛma baakoyɛ aba Yudafo Kristofo no ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no ntam. Nea ɛsen ne nyinaa no, na ɛbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani, efisɛ na ɛne n’apɛde hyia. Wutumi hu sɛ ɔkwan a wɔfaa so sii gyinae no, na ɛyɛ kwampa paa, efisɛ asɛnkɛse a anka ebetumi asɛe asomdwoe ne baakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asafo mu no, esiw ano. Wei yɛ nhwɛso pa ma Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no!

Albert Schroeder a ɔrekasa wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wɔ 1998 mu

10. Dɛn na Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ de suasua akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ hɔ tete no?

10 Sɛnea yehui wɔ Ti 13 no, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ wɔn ade te sɛ tete akwankyerɛ kuw no, enti gyinae biara a wɔbesi no, wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi Amansan Hene Yehowa, ne Yesu Kristo a ɔne asafo no Ti no hɔ. c (1 Kor. 11:3) Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ saa? Albert D. Schroeder a na ɔsom sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni fi 1974 kosi March 2006 a owiee ne som adwuma wɔ asaase so no kyerɛɛ mu sɛ: “Akwankyerɛ Kuw no hyia Wukuda biara. Wɔde mpaebɔ fi nhyiam no ase, na wɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmma ne honhom nkyerɛ wɔn kwan. Wɔhyia saa a, wɔto wɔn bo ase hwɛ sɛ asɛm biara a wɔbesusuw ho anaa gyinae biara a wɔbesi no ne Onyankopɔn Asɛm Bible no hyia.” Milton G. Henschel nso de mfe pii somee sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni, na owiee ne som adwuma wɔ asaase so March 2003. Bere a Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 101 no rewie wɔn adesua no, Onua Henschel bisaa asuafo no asɛm bi a ehia paa. Obisae sɛ: “So ahyehyɛde foforo bi wɔ [asaase] so a [n’Akwankyerɛ Kuw] hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu ansa na asisi gyinae ahorow a ɛho hia?” Ɛnyɛ den sɛ wubehu mmuae no.

‘Wɔyii Mmarima Bi Somaa Wɔn’ (Aso. 15:22-29)

11. Ɔkwan bɛn na akwankyerɛ kuw no nam so maa nsafo no tee gyinae a wɔasi no?

11 Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ Yerusalem no mufo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro mu wɔ twetiatwa asɛm no mu. Nanso nea ɛbɛyɛ na nsafo no mufo nyinaa de baakoyɛ bedi akwankyerɛ no so no, na ɛsɛ sɛ akwankyerɛ kuw no fa ɔkwan bi so ma anuanom te gyinae a wɔasi no ase yiye na atumi ahyɛ wɔn nkuran. Ɔkwampa bɛn na na wɔbɛfa so ayɛ saa? Kyerɛwtohɔ no kyerɛ mu sɛ: “Asomafo no ne mpanyimfo no ne asafo no nyinaa sii gyinae sɛ, wobeyi mmarima bi afi wɔn mu aka Paul ne Barnaba ho akɔ Antiokia. Enti wɔsomaa Yuda a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. Ná wɔyɛ mmarima a wodi anuanom anim.” Bio nso wɔkyerɛw krataa de maa mmarima yi sɛ wɔmfa nkɔma nsafo a ɛwɔ Antiokia, Siria, ne Kilikia no nyinaa mma wɔnkenkan.—Aso. 15:22-26.

12, 13. (a) Yuda ne Silas a akwankyerɛ kuw no somaa wɔn no, mfaso bɛn na ɛde bae? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ akwankyerɛ kuw no kyerɛw krataa maa wɔde kɔe?

12 Ná Yuda ne Silas yɛ “mmarima a wodi anuanom anim,” enti na ɛfata sɛ wɔsoma wɔn sɛ akwankyerɛ kuw no ananmusifo. Mmarima nnan a wɔsomaa wɔn no, na ɛbɛma anuanom ahu sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛsɔree no ho mmuae kɛkɛ nti na wɔsomaa wɔn, na mmom na wɔde akwankyerɛ kuw no akwankyerɛ foforo nso nam. Ná wɔnim sɛ, sɛ ‘mmarima a wɔyii wɔn’ no kɔ hɔ a, ɛbɛma baakoyɛ aba Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo a wɔwɔ mmeaemmeae no ntam. Anammɔn a wɔtui no, na nyansa wom, na na ɛkyerɛ nso sɛ akwankyerɛ kuw no dɔ anuanom. Ɛde asomdwoe ne koroyɛ baa Onyankopɔn nkurɔfo mu.

13 Ɛnyɛ twetiatwa no ho asɛm nko ara na krataa no de ho akwankyerɛ maa Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no, na mmom ɛkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya Yehowa nhyira ne n’anim dom. Krataa no fã a ehia paa no kae sɛ: “Honhom kronkron no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforo biara to mo so, gye eyinom a ehia yi. Ɛne sɛ: Montwe mo ho mfi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne aguamammɔ ho. Sɛ motwe mo ho koraa fi eyinom ho a, ebewie mo yiye. Ensi mo yiye!”—Aso. 15:28, 29.

14. Ɛba no sɛn na Yehowa nkurɔfo tumi de baakoyɛ yɛ adwuma wɔ wiase a emu apaapae nnɛ yi mu?

14 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no boro 8,000,000, na wɔwɔ nsafo 100,000 ne akyi mu wɔ wiase nyinaa. Ne nyinaa akyi no, wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn dwumadi nyinaa yɛ baako. Yɛhwɛ sɛnea wiase ayɛ basaa na emu apaapae no a, ɛba no sɛn na Yehowa Adansefo tumi yɛ baako saa? Ade titiriw a ɛma baakoyɛ ba wɔn ntam ne sɛ wɔnya akwankyerɛ a esi pi na emu da hɔ fi Yesu Kristo a ɔne asafo no Ti no hɔ. Yesu Kristo nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a ɛyɛ Akwankyerɛ Kuw no so na ɔde akwankyerɛ no ma. (Mat. 24:45-47) Ade baako nso a ama baakoyɛ atena Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa mu ne sɛ wɔn nyinaa yɛ aso tie akwankyerɛ a Akwankyerɛ Kuw no de ma no.

“Asɛm No Hyɛɛ Wɔn Nkuran, Na Wodii Ahurusi” (Aso. 15:30-35)

15, 16. Twetiatwa ho asɛm no kowiee sɛn, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

15 Asomafo Nnwuma no toa so ka sɛ, bere a anuanom a wɔfi Yerusalem no duu Antiokia no, “wɔfrɛɛ nnipa no boaa ano, na wɔde krataa no maa wɔn.” Dɛn na anuanom yɛe wɔ akwankyerɛ a akwankyerɛ kuw no de mae no ho? “Bere a wɔkenkan [krataa no] wiei no, asɛm no hyɛɛ wɔn nkuran, na wodii ahurusi.” (Aso. 15:30, 31) Bio nso, Yuda ne Silas ‘kaa nsɛm pii de hyɛɛ anuanom no nkuran, na wɔhyɛɛ wɔn den.’ Wei nti na wɔfrɛɛ mmarima yi “adiyifo” sɛnea na wɔfrɛ Barnaba ne Paul adiyifo no, efisɛ na wɔde asɛmfua no gyina hɔ ma wɔn a wɔma afoforo hu Onyankopɔn apɛde.—Aso. 13:1; 15:32; Ex. 7:1, 2.

16 Gyinae a akwankyerɛ kuw no sii no, Yehowa hyiraa so, na wei maa asɛm no kɔdae asomdwoe mu. Dɛn na ɛmaa nneɛma kɔɔ yiye saa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ akwankyerɛ kuw no akwankyerɛ a emu da hɔ fann a wɔde baa bere pa mu no na ɛboae. Wɔmaa Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan. Ade foforo nso a ɛboae ne sɛnea akwankyerɛ kuw no somaa anuanom maa wɔde gyinae a wɔsii no kɔmaa nsafo no. Ɛno maa anuanom no hui sɛ wɔdɔ wɔn, na wɔdwen wɔn ho.

17. Nhwɛso bɛn na Paul, Barnaba, Yuda, ne Silas yɛe a amansin so ahwɛfo suasua nnɛ?

17 Saa ara na nnɛ nso Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no yɛ. Wɔma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa akwankyerɛ a ɛfata wɔ bere a ɛsɛ mu. Sɛ wɔsi gyinae bi na wɔreka ho asɛm akyerɛ nsafo no a, wɔsi no pi na wɔma asɛm no mu da hɔ fann. Ɔkwan baako a wɔfa so ma asafo no hu wɔn akwankyerɛ ne sɛ wɔsoma amansin so ahwɛfo. Anuanom yi tu wɔn ho ma kɔsrasra nsafo no, na wɔma wɔn akwankyerɛ a emu da hɔ, na wɔhyɛ wɔn nkuran. Sɛnea Paul ne Barnaba yɛe no, wɔn nso de bere pii yɛ asɛnka adwuma no, ‘na wɔne afoforo pii kyerɛkyerɛ, na wɔka asɛmpa no, kyerɛ sɛ, Yehowa asɛm.’ (Aso. 15:35) ‘Wɔka nsɛm pii de hyɛ anuanom no nkuran,’ na wɔhyɛ wɔn den sɛnea Yuda ne Silas yɛe no.

18. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo benya ne nhyira a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

18 Nsafo no nso ɛ? Dɛn na ɛbɛma nsafo a ɛwɔ wiase nyinaa akɔ so anya asomdwoe ne baakoyɛ wɔ ɛnnɛ wiase a emu apaapae yi mu? Kae sɛ, osuani Yakobo na ɔkae sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛte asɛm ase, ɛyɛ asoɔmmerɛw . . . Bio nso, wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba.” (Yak. 3:17, 18) Bere a Yakobo kaa saa asɛm no, sɛ nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem no na na ɛwɔ n’adwenem oo, sɛ biribi foforo oo, yennim. Nanso asɛm a yɛasusuw ho wɔ Asomafo Nnwuma ti 15 yi kyerɛ sɛ, sɛ Yehowa behyira asafo no a, ɛsɛ sɛ asomdwoe ne baakoyɛ tena mu.

19, 20. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ asomdwoe ne baakoyɛ tenaa Antiokia asafo no mu? (b) Dɛn na afei Paul ne Barnaba de wɔn adwene sii so?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ afei de, na asomdwoe ne baakoyɛ aba Antiokia asafo no mu. Anuanom a wɔwɔ Antiokia no ne anuanom a wɔfi Yerusalem no anni asi, na mmom wɔn ani sɔɔ Yuda ne Silas nsrahwɛ no. Bible no ka sɛ: “Wodii bere kakra wɔ hɔ, na ɛno akyi no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn” wɔ Yerusalem. d (Aso. 15:33) Yebetumi aka sɛ bere a anuanom a wɔwɔ Yerusalem tee mmarima mmienu no akwansosɛm no, wɔn nso ani gyei. Yehowa adaworoma, wɔn akwantu no wiee yiye!

20 Paul ne Barnaba kaa Antiokia, na afei de, na wɔbetumi de wɔn adwene asi ade a ehia so. Ɛno ne sɛ wɔbedi anim ayɛ asɛmpaka adwuma no kɛse. Saa na nnɛ nso amansin so ahwɛfo yɛ, bere a wɔresra nsafo a ɛwɔ wɔn mansin mu no. (Aso. 13:2, 3) Hwɛ sɛnea Yehowa nam wɔn so hyira ne nkurɔfo! Ɛnde, adwuma foforo bɛn na Yehowa de asɛmpakafo mmɔdenbɔfo mmienu yi yɛe, na nhyira bɛn na wɔnyae? Yebehu wei wɔ ti a edi hɔ no mu.

Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya honhom fam nneɛma pa pii fi Akwankyerɛ Kuw no ne wɔn ananmusifo hɔ

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 112 a wɔato din “ Yakobo—‘Awurade Nua’ No.

b Yakobo yɛɛ n’ade nyansam, efisɛ ɔtwee adwene sii nsɛm a Mose kyerɛwee no so. Ɛnyɛ Mmara no ho nsɛm nko ara na Mose kyerɛwee, na mmom ɔkaa sɛnea Onyankopɔn daa n’apɛde adi ne sɛnea ɔne nkurɔfo dii ansa na Mmara no mpo reba. Nhwɛso baako ne adwene a Onyankopɔn kura wɔ mogya, awaresɛe, ne abosonsom ho. Ne nyinaa ho asɛm wɔ Genesis nhoma no mu. (Gen. 9:3, 4; 20:2-9; 35:2, 4) Enti Yehowa ma wɔhuu nnyinasosɛm bi a ɛsɛ sɛ adasamma nyinaa de yɛ adwuma, Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 110 a wɔato din “ Sɛnea Wɔahyehyɛ Akwankyerɛ Kuw No Nnɛ” no.

d Bible nkyerɛase bi de asɛm bi ahyɛ nkyekyɛm 34 a ɛkyerɛ sɛ Silas tenaa Antiokia. (Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe) Nanso ɛkame ayɛ sɛ akyiri yi na wɔde saa asɛm no hyɛɛ mu.