Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà2

Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?

Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?

Nokware Nyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, na ne din de Yehowa. (Dwom 83:18) Ɔyɛ Honhom; yɛrentumi nhu no. Ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ no. Ɔpɛ sɛ yɛdɔ nnipa afoforo nso. (Mateo 22:35-40) Ɔno ne Opumpuni a Ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no.

Onyankopɔn abɔde a odi kan no yɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi, na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ saa honhom abɔde yi Yesu Kristo. Yehowa bɔɔ abɔfo nso.

Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa wɔ soro . . . ne asase so. Adiyisɛm 4:11

Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nsoromma ne asase ne nea ɛwɔ so nyinaa.​—Genesis 1:1.

Ɔde fam dɔte na ɛbɔɔ onipa a odi kan, Adam.​—Genesis 2:7.