Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà5

Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?

Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?

Noa bere sofo no mu dodow no ara yɛɛ nneɛma bɔne. Genesis 6:5

Adam ne Hawa woo mma, na nnipa yɛɛ bebree wɔ asase so. Bere rekɔ so no, abɔfo binom kɔkaa Satan ho ma wɔtew atua.

Wɔbaa asase so na wɔfaa nnipa honam duraa wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aware nnipa mmabea. Mmea no woo mma soronko a na wɔyɛ keka na wɔn ho nso yɛ den.

Nnipa abɔnefo bɛhyɛɛ asase so ma. Bible ka sɛ: ‘Onipa de abɔnefosɛm hyɛɛ asase so mã, na na ne komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.’

Noa tiee Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka. Genesis 6:13, 14, 18, 19, 22

Ná Noa yɛ onipa pa. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔde nsuyiri kɛse bi bɛsɛe nnipa abɔnefo no.

Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ hyɛn anaa adaka kɛse bi, na ɔmfa n’abusua ne mmoa ahorow nyinaa bi nkɔ mu.

Noa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Nsuyiri a na ɛreba no ho, nanso wɔantie no. Ebinom serew Noa; afoforo nso tan no.

Bere a Noa yɛɛ adaka no wiei no, ɔde mmoa no kɔɔ mu.