Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà6

Dɛn na Yesua Fi Nsuyiri Kɛse No Mu?

Dɛn na Yesua Fi Nsuyiri Kɛse No Mu?

Onyankopɔn sɛee abɔnefo, nanso ogyee Noa ne n’abusua nkwa. Genesis 7:11, 12, 23

Osu kɛse tɔe adaduanan, awia ne anadwo, na nsu no kataa asase so nyinaa. Nnipa abɔnefo no wuwui.

Abɔfo atuatewfo no yii nipadua a wɔde duraa wɔn ho no gui, na wɔbɛyɛɛ adaemone.

Wɔn a na wɔwɔ adaka no mu no nyaa wɔn ti didii mu. Ɛwom sɛ bere bi akyi no, Noa ne n’abusua wuwui de, nanso Onyankopɔn benyan wɔn ma wɔabɛtena ase daa.

Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo, bio na wagye atreneefo nkwa. Mateo 24:37-39

Satan ne adaemone no da so ara redaadaa nnipa.

Nnipa pii po akwankyerɛ a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma nnɛ no sɛnea Noa bere sofo yɛe no. Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe abɔnefo nyinaa.—2 Petro 2:5, 6.

Nnipa binom te sɛ Noa. Wotie Onyankopɔn na wɔyɛ nea ɔka kyerɛ wɔn; wɔne Yehowa Adansefo.