Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Onyankopɔn Apɛde?

Dɛn Ne Onyankopɔn Apɛde?

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtena ase asomdwoe mu na yɛn ani gye daa wɔ paradise asase so!

Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na saa asɛm no atumi abam?’ Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni no betumi ama abam. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa sua saa Ahenni no ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn no ho ade.—Dwom 37:11, 29; Yesaia 9:7.

Onyankopɔn pɛ sɛ esi yɛn yiye.

Sɛnea agya pa biara pɛ sɛ esi ne mma yiye no, saa ara na yɛn soro Agya no nso pɛ sɛ yenya anigye daa. (Yesaia 48:17, 18) Wahyɛ bɔ sɛ nea ‘ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no bɛtena hɔ daa.’—1 Yohane 2:17.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛnantew n’atempɔn so.

Bible ka sɛ yɛn Bɔfo no pɛ sɛ ‘ɔkyerɛ yɛn n’akwan’ na ama yɛatumi ‘anantew n’atempɔn so.’ (Yesaia 2:2, 3) Wayi ‘nnipa bi ama ne din’ sɛ wɔmma wonhu n’apɛde wɔ asase nyinaa so.—Asomafo Nnwuma 15:14.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛsom no wɔ biakoyɛ mu.

Yehowa nokware som no ma nnipa fi wɔn komam dodɔ wɔn ho, na ɛma wɔyɛ biako sen sɛ ɛbɛma wɔn mu apaapae. (Yohane 13:35) Ɛnnɛ, henanom na wɔrekyerɛkyerɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ baabiara sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ biakoyɛ mu? Yɛpɛ sɛ saa nhomawa yi boa wo ma wuhu wɔn.