Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 6

Yɛyɛ Dɛn Nya Fekuw a Yɛne Yɛn Mfɛfo Kristofo Bɔ no so Mfaso?

Yɛyɛ Dɛn Nya Fekuw a Yɛne Yɛn Mfɛfo Kristofo Bɔ no so Mfaso?

Madagascar

Norway

Lebanon

Italy

Sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa kwaebirentuw anaa wim tebea a enye mu kɔ Kristofo nhyiam ahorow mpo a, yɛyɛ saa daa. Ɛmfa ho asetena mu nsɛnnennen a nnipa fa mu ne brɛ a wɔbrɛ bere a wɔapɔn adwuma no, dɛn nti na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden paa sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo behyiam?

Ɛboa yɛn paa. Bere a Paulo reka wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw wɔ asafo no mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yensusuw yɛn ho yɛn ho ho.” (Hebrifo 10:24) Asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ “yebesusuw biribi ho yiye,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yehu yɛn ho yɛn ho. Enti asɛm a ɔsomafo no kae no hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yedwen afoforo ho. Sɛ yɛbɔ mmɔden hu mmusua foforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yiye a, yebehu sɛ ebinom atumi adi nsɛnnennen a ɛte sɛ yɛn de no so, na wobetumi aboa yɛn ma yɛn nso yɛadi yɛn de so.

Ɛma yɛn nnamfofa mu yɛ den. Wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase no nyɛ amannifo kɛkɛ, na mmom wɔyɛ yɛn nnamfo paa. Wɔ mmere foforo mu nso yɛne wɔn bom gye yɛn ani wɔ ɔkwan a ɛfata so. Mfaso bɛn na yenya fi fekubɔ a ɛte saa so? Ɛboa yɛn ma yenya anisɔ kɛse ma yɛn ho yɛn ho, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu yɛ den. Sɛ ɛba saa na sɛ yɛn nuanom rehyia nsɛnnennen bi a, yɛyɛ ntɛm boa wɔn efisɛ yɛne wɔn anya nnamfofa a emu yɛ den dedaw. (Mmebusɛm 17:17) Sɛ yɛne yɛn asafo mufo nyinaa bɔ a, yɛda no adi sɛ ‘yɛn mu biara dwen ne yɔnko ho.’—1 Korintofo 12:25, 26.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ paw wɔn a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde no sɛ wo nnamfo. Wubenya nnamfo a wɔte saa wɔ Yehowa Adansefo mu. Yɛsrɛ wo, mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wo ne yɛn bɛbɔ.

  • Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbɔ fekuw wɔ asafo nhyiam ahorow ase?

  • Bere bɛn na w’ani begye ho sɛ wobɛba yɛn asafo nhyiam no bi abehu nea yɛyɛ wɔ hɔ?