Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 10

Dɛn Ne Abusua Som?

Dɛn Ne Abusua Som?

South Korea

Brazil

Australia

Guinea

Efi tete na ayɛ Yehowa pɛ sɛ abusua biara mufo bɛbom ayɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne no benya abusuabɔ a emu yɛ den, na aka wɔn abom ma wɔayɛ biako. (Deuteronomium 6:6, 7) Ɛno nti na Yehowa Adansefo yi bere si hɔ dapɛn biara ne wɔn mmusua bom som—wɔde anigye susuw Bible mu nsɛm a ɛfa wɔn ahiade ho. Sɛ wo nkutoo na wote mpo a, wubetumi de saa bere no asua Bible mu asɛm bi de ahyɛ wo ne Onyankopɔn abusuabɔ mu den.

Ɛyɛ bere a mode bɛbɛn Yehowa yiye. “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Sɛ yesua Yehowa nipasu ne ne nneyɛe ho ade kɔ akyiri wɔ n’Asɛm no mu a, ɛbɛma yɛahu no yiye. Ɔkwan tiawa a wubetumi afa so ne w’abusua afi abusua som ase ne sɛ mode bere no bi bɛbom akenkan Bible no den. Mubetumi adi dapɛn biara Bible akenkan a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu nhyehyɛe mu no akyi. Wubetumi de Bible akenkan no afã bi ama abusua no muni biara, na afei mo nyinaa betumi asusuw nea moasua afi Kyerɛwnsɛm no mu ho.

Ɛyɛ bere a abusua no mufo no de bɛn wɔn ho yiye. Sɛ okunu ne ɔyere, awofo ne wɔn mma, bom sua Bible no sɛ abusua a, ɛhyɛ wɔn abusuabɔ mu den. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye ne asomdwoe bere ne ɛda a abusua no mufo nyinaa hwɛ kwan wɔ dapɛn no mu. Awofo betumi ahwɛ mfe a wɔn mma adi so apaw nsɛm a ɛfata a wɔne wɔn besusuw ho. Wobetumi ayi nsɛm no bi afi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu anaa yɛn Intanɛt dwumadibea, jw.org. Mubetumi asusuw ɔhaw a mo mma hyiae wɔ sukuu mu ne ɔkwan a wɔbɛfa so agyina ano ho. Mopɛ nso a, monhwɛ JW Broadcasting (tv.pr418.com) so dwumadi bi na mommɔ ho nkɔmmɔ. Mubetumi asua nnwom a wɔbɛto wɔ asafo nhyiam ase na sɛ muwie abusua som no a mode nnɔkɔnnɔkɔwade bi akeka mo ano.

Saa bere titiriw yi a mobɛbom asom Yehowa dapɛn biara no bɛboa abusua no mufo nyinaa ma mo ani agye Onyankopɔn Asɛm no sua ho, na obehyira mo mmɔdenbɔ no so pii.—Dwom 1:1-3.

  • Dɛn nti na yeyi bere bi si hɔ de yɛ abusua som?

  • Dɛn na awofo betumi ayɛ ma abusua no mufo nyinaa ani agye saa bere no?