Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 12

Ɔkwan Bɛn so na Wɔayɛ Ahenni no Ho Asɛm a Yɛka no Ho Nhyehyɛe?

Ɔkwan Bɛn so na Wɔayɛ Ahenni no Ho Asɛm a Yɛka no Ho Nhyehyɛe?

Spain

Belarus

Hong Kong

Peru

Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nanso, ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma yi wɔ wiase nyinaa? Ná wobedi nhwɛso a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no akyi.—Luka 8:1.

Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu. Yesu tetee n’asuafo no ma wɔkaa asɛmpa no wɔ afie afie mu. (Mateo 10:11-13; Asomafo Nnwuma 5:42; 20:20) Wɔmaa asɛmpakafo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no nsasesin pɔtee a na wɔka asɛm no wom. (Mateo 10:5, 6; 2 Korintofo 10:13) Ɛnnɛ nso, wɔayɛ yɛn asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe yiye, na wɔama asafo biara asasesin a wɔyɛ mu adwuma. Eyi boa yɛn ma yedi ahyɛde a Yesu de mae sɛ ‘yɛnka asɛm no nkyerɛ nnipa na yenni adanse fefeefe’ no so.—Asomafo Nnwuma 10:42.

Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ baabiara a yebenya wɔn. Yesu san kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ mmeae bi te sɛ mpoano anaa asubura a nnipa pii taa kɔ ho de yɛɛ nhwɛso maa yɛn. (Marko 4:1; Yohane 4:5-15) Yɛn nso yɛne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ baabiara a yebetumi ayɛ saa—mmɔnten so, nnwumam, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, anaa wɔ telefon so. Sɛ yenya hokwan a ɛfata nso a, yedi nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, wɔn a yɛne wɔn kɔ sukuu, ne yɛn abusuafo adanse. Eyi nyinaa ama nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ate “nkwagye ho asɛmpa” no.—Dwom 96:2.

So wubetumi akae obi a wopɛ sɛ woka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ne nea asɛmpa no bɛma wanya daakye no ho asɛm akyerɛ no? Ntena anidaso asɛm yi so. Ka ho asɛm kyerɛ no ntɛm ara!

  • “Asɛmpa” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?

  • Dɛn na Yehowa Adansefo reyɛ de asuasua ɔkwan a Yesu faa so kaa asɛm no?