Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 14

Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?

Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?

United States

Gilead Sukuu, Patterson, New York

Panama

Wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wosua Onyankopɔn asɛm fi teteete. Wɔyɛ sukuu soronko ma wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ Ahenni asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ‘ayɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—2 Timoteo 4:5.

Akwampaefo Ɔsom Sukuu. Sɛ daa ɔkwampaefo bi yɛ bere nyinaa som adwuma no afe biako a, wɔma ɔkɔ sukuu a wɔyɛ no nnansia wɔ Ahenni Asa bi so no bi. Nea enti a wɔyɛ sukuu yi ne sɛ wɔde bɛboa ɔkwampaefo no ma wabɛn Yehowa yiye, na watu mpɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no afã horow nyinaa mu, na wakɔ so ayɛ ne som adwuma no.

Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Wɔde asram abien na ɛkɔ sukuu yi, na wɔde tete akwampaefo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetu afi wɔn kurom akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa. Sɛ wɔyɛ saa a, ɔkwan bi so no, na wɔreka sɛ, “Mini, soma me,” na wɔyɛ eyi de suasua Yesu Kristo, Ɔsɛmpakafo a ɔsen biara no. (Yesaia 6:8; Yohane 7:29) Ebia wɔn kurom a wobefi akɔtena akyirikyiri baabi no bɛma ɛho abehia sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Ebetumi aba sɛ baabi a wɔbɛkɔ no amammerɛ, wim tebea, ne nnuan a wodi no yɛ soronko koraa. Ebia ebehia sɛ wosua kasa foforo mpo. Sukuu yi boa mmarima ne mmea asigyafo ne awarefo a wɔadi mfe 23 kosi 65 ma wonya Kristofo su ahorow a wobehia ne nimdeɛ a ɛbɛma Yehowa ne n’ahyehyɛde no de wɔn adi dwuma kɛse.

Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu. Wɔ Hebri kasa mu no, “Gilead” kyerɛ “Adanse Abokuw.” Efi bere a wɔhyɛɛ Gilead sukuu no ase wɔ afe 1943 mu no, wɔasoma asɛmpatrɛwfo bɛboro 8,000 a wɔatete wɔn ma wɔadi adanse “akɔpem asase ano” ma asow aba pii. (Asomafo Nnwuma 13:47) Bere a wɔn a wɔawie sukuu yi bi kɔɔ Peru nea edi kan no, na asafo biako mpo nni ɔman no mu. Seesei asafo bɛboro 1,000 na ɛwɔ hɔ. Bere a edi kan a wɔde asɛmpatrɛwfo kɔɔ Japan no, na adansefo a wɔwɔ ɔman no mu no dodow nnu du. Seesei wɔn dodow boro 200,000. Wosua Onyankopɔn Asɛm no nso yiye wɔ asram anum a wɔde kɔ Gilead sukuu no mu. Wɔn a wɔsom sɛ akwampaefo atitiriw anaa asɛmpatrɛwfo, anaa wɔn a wɔsom wɔ baa dwumadibea anaa amansin so ahwɛfo no na wɔto nsa frɛ wɔn ma wɔkɔ sukuu yi bi kogye ntetee a ɛkɔ akyiri a ɛbɛboa wɔn ma wɔahyɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no mu den.

  • Dɛn nti na wɔyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no?

  • Wɔyɛ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no ma henanom?