Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 16

Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?

Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?

Myanmar

Asafo nhyiam dwumadi

Asɛnka kuw

Ahenni Asa so asiesie

Bible ka Kristofo mmarima akuw abien a wodi asɛyɛde a ɛwɔ asafo no mu ho dwuma ho asɛm, wɔne “ahwɛfo ne asafo mu asomfo.” (Filipifo 1:1) Yɛwɔ mmarima dodow bi a wɔresom saa wɔ asafo biara mu. Adwuma bɛn na asafo mu asomfo yɛ ma yenya so mfaso?

Wɔboa asafo mu mpanyimfo no. Asafo mu asomfo yɛ mmarima a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, yetumi de yɛn ho to wɔn so, na wɔyɛ nsi; wɔn mu bi yɛ mmerante na ebinom nso yɛ mpanyin. Wɔyɛ nnwuma a ɛho hia wɔ asafo no mu, nanso mpɛn pii no, wɔn de no nyɛ ɔkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma. Eyi ma asafo mu mpanyimfo no nya kwan de wɔn adwene si ɔkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no so.

Wɔyɛ nnwuma a mfaso wɔ so. Asafo mu asomfo binom adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa ne sɛ wobegye wɔn a wɔba asafo nhyiam no nyinaa fɛw so. Wɔma ebinom hwɛ akasam afiri, nhoma kyekyɛ, ne asafo no sikasɛm so, na wɔkyekyɛ asasesin a wɔkɔ asɛnka wom ma asafo no mufo. Wɔboa nso ma wosiesie Ahenni Asa so. Asafo mu mpanyimfo no tumi ma wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Ɔpɛ mu a asafo mu asomfo fi yɛ adwuma biara a wɔde hyɛ wɔn nsa no ma asafo no mufo nyinaa nya obu ma wɔn.—1 Timoteo 3:13.

Wɔyɛ Kristofo mmarima a wɔyɛ nhwɛso pa. Nea wogyina so paw asafo mu asomfo yɛ suban pa a wɔda no adi sɛ Kristofo. Sɛ wɔyɛ dwumadi ahorow wɔ asafo nhyiam ase a, wɔhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka adwuma no ho a, ɛma yɛn nso yɛbɔ yɛn ho mmɔden. Esiane sɛ wɔne asafo mu mpanyimfo bom yɛ adwuma nti, wɔboa ma anigye ne biakoyɛ ba asafo no mu. (Efesofo 4:16) Bere rekɔ so no, wɔn nso betumi abɛfata sɛ asafo mu mpanyimfo.

  • Asafo mu asomfo yɛ mmarima bɛn?

  • Dɛn na asafo mu asomfo yɛ de boa ma asafo no dwumadi kɔ so pɛpɛɛpɛ?