Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 17

Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?

Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?

Malawi

Asɛnka kuw

Asɛnka adwuma

Mpanyimfo nhyiam

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa bɔ Barnaba ne ɔsomafo Paulo din. Saa mmarima yi somee sɛ ahwɛfo akwantufo, na wɔsrasraa asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ tete no. Dɛn ntia? Ná wodwen wɔn nuanom Kristofo no ho yiye paa. Paulo kae sɛ, ɔpɛ sɛ ‘ɔsan kɔ anuanom nkyɛn’ kɔhwɛ sɛnea wɔn ho te. Ná wayɛ krado sɛ obetwa akwansin (kilomita) ɔhaha pii akɔhyɛ wɔn den. (Asomafo Nnwuma 15:36) Saa na ahwɛfo akwantufo a wɔsom yɛn nnɛ no nso pɛ sɛ wɔyɛ.

Wɔba bɛhyɛ yɛn nkuran. Ɔmansin sohwɛfo biara som asafo ahorow 20 anaa nea ɛte saa, na odi dapɛn biako wɔ asafo biara mu, na ɔyɛ saa mprenu afe biara. Yebetumi anya mfaso pii afi saa mmarima a wɔwɔ osuahu yi hɔ, na sɛ wɔaware a, yebetumi anya pii afi wɔn yerenom nso hɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu mpanyin ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu nyinaa, na wɔde anigye hwɛ kwan sɛ wɔne yɛn bɛbom akɔ asɛnka na wɔne yɛn akɔyɛ yɛn Bible adesua ahorow. Saa ahwɛfo yi ne asafo mu mpanyimfo no kɔsrasra asafo no mufo, wɔhyɛ yɛn den, na wɔma ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase.—Asomafo Nnwuma 15:35.

Wɔkyerɛ obiara ho anigye. Asafo ahorow no nkɔso ho hia amansin so ahwɛfo no paa. Wohyia asafo mu mpanyimfo ne asomfo ne wɔn susuw nkɔso a asafo no anya ho, na wɔde afotu a mfaso wɔ so ma wɔn wɔ sɛnea wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma ho. Wɔboa akwampaefo no ma wɔyɛ asɛnka adwuma no yiye, na wɔn ani gye ho sɛ wobehu wɔn a wɔaba nokware no mu foforo na wɔate sɛnea wɔrenya nkɔso ho asɛm. Saa anuanom mmarima yi mu biara fi ne komam de ne ho ma sɛ yɛn ‘yɔnko dwumayɛni ma yɛn yiyedi.’ (2 Korintofo 8:23) Ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn gyidi ne sɛnea wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn som no.—Hebrifo 13:7.

  • Dɛn nti na amansin so ahwɛfo srasra asafo ahorow no?

  • Wobɛyɛ dɛn atumi anya wɔn nsrahwɛ so mfaso?