Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 20

Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?

Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?

Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so

Wɔrekenkan akwankyerɛ kuw no krataa

Wɔ asomafo no bere so no, nnipakuw ketewaa bi—“asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem”—a na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu no na na wogyina Kristofo asafo a wɔasra emufo nyinaa no ananmu sisi gyinae a emu yɛ duru. (Asomafo Nnwuma 15:2) Nea Kyerɛwnsɛm no ka a wosusuw ho ne Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ a na wodi akyi no na ɛma wɔyɛɛ adwenkoro sisii gyinae. (Asomafo Nnwuma 15:25) Saa nhwɛso no ara na wodi akyi nnɛ.

Onyankopɔn de wɔn redi dwuma ma wɔayɛ n’apɛde. Anuanom mmarima a wɔasra wɔn a wɔwɔ Akwankyerɛ Kuw no mu no ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho kɛse, na wɔwɔ osuahu pii wɔ sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no ho ntotoe ne sɛnea wɔma nsɛmmisa bi a ɛfa Yehowa som ho ho mmuae. Wohyiam dapɛn biara susuw anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ahiade ho. Sɛnea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no, ɛnnɛ nso wɔnam nkrataakyerɛw anaa ahwɛfo akwantufo ne afoforo so de akwankyerɛ a egyina Bible so ma. Eyi boa ma Onyankopɔn nkurɔfo nya adwenkoro na wɔyɛ wɔn ade wɔ biakoyɛ mu. (Asomafo Nnwuma 16:4, 5) Akwankyerɛ Kuw no hwɛ ma wosiesie honhom fam aduan, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa Ahenni no ho asɛm a yɛka no nni kan, na wɔhwɛ ma wɔpaw anuanom mmarima de asɛyɛde hyɛ wɔn nsa.

Wɔma Onyankopɔn honhom no kyerɛ wɔn kwan. Akwankyerɛ Kuw no hwehwɛ akwankyerɛ fi Amansan Hene Yehowa, ne Yesu a ɔyɛ asafo no Ti no hɔ. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Akwankyerɛ Kuw no mufo no mmu wɔn ho sɛ wɔyɛ akannifo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. Wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ‘di Oguammaa Yesu akyi baabiara a ɔbɛkɔ.’ (Adiyisɛm 14:4) Akwankyerɛ Kuw no ani sɔ mpae a yɛbɔ ma wɔn no.

  • Henanom na na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu wɔ asomafo no bere so?

  • Ɔkwan bɛn so na Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no hwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ?