Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 10

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Nokware Som?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Nokware Som?

1. So nokware som yɛ biako pɛ?

“Monhwɛ yiye atoro adiyifo ho.”​—MATEO 7:15.

Ɔsom biako pɛ na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no, ɛno ne nokware som. Ɛte sɛ ɔkwan a ɛrekɔ daa nkwa mu. Yesu kae sɛ: “Nnipa kakraa bi na wohu” saa kwan no. (Mateo 7:14) Ɔsom a egyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so nkutoo na ɛsɔ n’ani. Nokware asomfo nyinaa wɔ gyidi biako.​—Kenkan Yohane 4:23, 24; 14:6; Efesofo 4:4, 5.

Hwɛ video a yɛato din Onyankopɔn Pene Ɔsom Ahorow Nyinaa So Anaa?

2. Dɛn na Yesu ka faa atoro Kristofo ho?

“Wɔpae mu ka wɔ baguam sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”​—TITO 1:16.

Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ atoro adiyifo bɛsɛe Kristosom. Wɔ nnipa ani so no, ɛte sɛ nea wɔyɛ nokware asomfo. Wɔn asɔre ahorow no kyerɛ sɛ wodi Kristo akyi. Nanso wubetumi ahu sɛnea saa nnipa no te ankasa. Ɔkwan bɛn so? Nokware som nkutoo na ɛma yenya nokware Kristofo a wɔda suban pa ne nneyɛe pa adi ma nkurɔfo tumi hu.​—Kenkan Mateo 7:13-23.

3. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nokware asomfo?

Susuw nneɛma anum yi a yɛde hu wɔn no ho hwɛ:

  • Nokware asomfo bu Bible no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Wɔbɔ mmɔden de emu nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Enti nokware som nte sɛ ɔsom ahorow a egyina nnipa nsusuwii so no. (Mateo 15:7-9) Nokware asomfo de nea wɔkyerɛkyerɛ afoforo no bɔ wɔn bra.​—Kenkan Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17.

  • Wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo ankasa no hyɛ Onyankopɔn din Yehowa no anuonyam. Yesu maa nkurɔfo huu Onyankopɔn din de hyɛɛ no anuonyam. Ɔboaa nkurɔfo ma wohuu Onyankopɔn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew. (Mateo 6:9) Ɔsom bɛn na ɛka Onyankopɔn din ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ baabi a wote no?​—Kenkan Yohane 17:26; Romafo 10:13, 14.

  • Nokware Kristofo ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ɔmmɛka Ahenni no ho asɛm. Onyankopɔn Ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ. Yesu kɔɔ so kaa ho asɛm kosii da a owui. (Luka 4:43; 8:1; 23:42, 43) Ɔkae sɛ n’akyidifo bɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ obi ba wo nkyɛn sɛ ɔrebɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ wo a, w’adwene bɛyɛ wo sɛ ɔyɛ ɔsom bɛn muni?​—Kenkan Mateo 24:14.

  • Yesu akyidifo nyɛ wiase bɔne yi fã. Nea wubetumi de ahu wɔn ne sɛ, wɔnyɛ amanyɔsɛm, na wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ basabasa a ɔmanfo yɛ mu. (Yohane 17:16; 18:36) Afei nso, wonsuasua wiase no nneyɛe ne wɔn subammɔne no.​—Kenkan Yakobo 4:4.

  • Nokware Kristofo dodɔ wɔn ho paa. Onyankopɔn Asɛm no a wosua no ma wonya obu ma nnipa a wofi mmusua ahorow nyinaa mu. Mpɛn pii na atoro som de wɔn ho ahyehyɛ amanaman no akodi mu denneennen, nanso nokware asomfo de, wɔnyɛ saa. (Mika 4:1-3) Mmom no, nokware Kristofo fi wɔn komam de wɔn bere ne wɔn ahode boa afoforo, na wɔsan hyɛ wɔn nkuran.​—Kenkan Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 4:20.

4. So wubetumi akyerɛ ɔsom a ɛyɛ nokware?

Ɔsom bɛn na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Onyankopɔn Asɛm no so, wɔhyɛ Onyankopɔn din anuonyam, na wɔka sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛma adesamma anya ahotɔ? Ɔsom bɛn na emufo dodɔ wɔn ho na wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ akodi mu? Wususuw sɛ ɛyɛ ɔsom bɛn?​—Kenkan 1 Yohane 3:10-12.