Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?

W’adwene yɛ wo sɛ . . .

  • ɛto betwa?

  • ɛto rentwa?

  • ebia ɛto betwa?

NEA BIBLE AKA

‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ —Adiyisɛm 21:3, 4, Wiase Foforo Nkyerɛase.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Ɛma wuhu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma ɔhaw to yɛn.—Yakobo 1:13.

Ɛma wunya awerɛkyekye sɛ, sɛ asɛm to yɛn a, ɛyɛ Onyankopɔn yaw.—Sakaria 2:8.

Ɛma wunya anidaso sɛ amanehunu nyinaa to betwa.—Dwom 37:9-11.

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abien yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Onyankopɔn kyi amanehunu ne atɛnkyea. Bere bi a nkurɔfo tan Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo ani no, wo de hwɛ sɛnea ɔtee nka. Bible ka sɛ “asɔretiafo” no nti, Yehowa ho hiahiaa no.—Atemmufo 2:18, Wiase Foforo Nkyerɛase.

    Wɔn a wodi nkurɔfo bɔne no, Onyankopɔn ne wɔn ani nhyia. Ɛno nti Bible ka sɛ, okyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.”—Mmebusɛm 6:16, 17.

  • Onyankopɔn dwen yɛn mu biara ho. “Obiara nim ne haw ne ne yaw,” na kae sɛ Yehowa nso nim!—2 Beresosɛm 6:29, 30.

    Ɛrenkyɛ Yehowa Ahenni no bɛba, na obeyi obiara amanehunu afi ne so. (Mateo 6:9, 10) Ɛnnɛ mpo ɔkyekye wɔn a woyi wɔn yam hwehwɛ n’akyi kwan no werɛ de kyerɛ sɛ odwen wɔn ho.—Asomafo Nnwuma 17:27; 2 Korintofo 1:3, 4.

HWƐ ASƐMMISA YI

Adɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu kɔ so?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ ROMAFO 5:12 ne 2 PETRO 3:9.