Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 14

Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So

Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So

Ahenni bɛn na wohwɛ a yɛreka ho asɛm yi?Ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni. Ɛno ne Ahenni a ɛbɛma asase nyinaa ayɛ paradise. So wopɛ sɛ wusua saa Ahenni yi ho nsɛm pii?

Ahenni biara wɔ ɔhene. Ɔhene no na odi nnipa a wɔwɔ n’asase so no so tumi. So wunim nea ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene?Ɛyɛ Yesu Kristo. Ɔte soro. Ɛrenkyɛ koraa, obedi obiara a ɔwɔ asase so no so hene! Wohwɛ a, sɛ Yesu redi hene wɔ asase nyinaa so a, yɛn ani begye?

Dɛn na wopɛ sɛ wuhu wɔ Paradise?

Yɛn ani begye paa! Sɛ yɛkɔ Paradise a, nnipa renko ntɔkwaw wɔ hɔ, na wɔrenkɔ ɔko bio. Obiara bɛdɔ ne yɔnko. Obiara renyare anaa ɔrenwu. Anifuraefo behu ade, asotifo bɛte asɛm, na wɔn a wontumi nnantew betumi atu mmirika na wɔahuruhuruw. Obiara benya aduan adi amee. Mmoa ne wɔn ho wɔn ho bɛtena asomdwoe mu, na wɔne nnipa nso atena asomdwoe mu. Nnipa a wɔawuwu bɛsɔre aba nkwa mu. Mmarima ne mmea pii a woasua wɔn ho ade wɔ nhomawa yi mu te sɛ Rebeka, Rahab, Dawid, ne Elia nso bɛsɔre aba! Sɛ wɔsɔre ba a, w’ani begye sɛ wubehyia wɔn?

Yehowa dɔ wo, na ɔpɛ sɛ w’ani gye. Sɛ wokɔ so sua Yehowa ho ade na wutie n’asɛm a, wubetumi atena ase daa wɔ paradise asase fɛfɛɛfɛ no so! So ɛnyɛ eyi ne nea wopɛ?