Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 1

“W’Ahenni Mmra”

“W’Ahenni Mmra”

NEA TI YI KA HO ASƐM

Hwehwɛ nea Yesu ka faa Onyankopɔn Ahenni no ho no mu

1, 2. Asɛm bɛn na Yehowa ankasa kae a Yesu asomafo no mu baasa tee, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

 SƐ Yehowa Nyankopɔn ankasa ka kyerɛ wo sɛ yɛ biribi a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛmfa ho nea ɔbɛka sɛ yɛ biara no, so ɛnyɛ ahokeka na wode bɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ saa na wobɛyɛ!

2 Wɔ afe 32 Y.B. mu Twam afahyɛ no akyi no, Yesu asomafo no mu baasa​—Petro, Yakobo, ne Yohane​—hyiaa asɛm bi a ɛte saa. (Monkenkan Mateo 17:​1-5.) Bere a na wɔne wɔn Wura Yesu wɔ “bepɔw tenten bi” so no, wohui wɔ anisoadehu bi mu sɛ Yesu wɔ n’anuonyam mu sɛ ɔsoro Hene. Ná anisoadehu no te sɛ asɛm bi a asi ankasa ma enti Petro bɔɔ mmɔden sɛ ɔde n’ano bɛto nea ɛrekɔ so no mu. Bere a na Petro rekasa no, omununkum bi bɛkataa wɔn so. Afei Petro ne wɔn a wɔka ne ho no tee biribi a nnipa kakraa bi na wɔate pɛn​—Yehowa ankasa nne. Bere a Yehowa sii so dua sɛ Yesu yɛ ne Ba no, Yehowa kae pefee sɛ: “Muntie no.” Asomafo no dii saa akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa wɔn no so. Wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ, na wɔn nso ka kyerɛɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa ara.​—Aso. 3:​19-23; 4:​18-20.

Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm pii sen biribi foforo biara

3. Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yetie ne Ba no, na asɛm bɛn na ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ mu?

3 Wɔakyerɛw saa asɛm “Muntie no” no wɔ Bible mu na ama yɛanya so mfaso. (Rom. 15:4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie no? Efisɛ Yesu yɛ Yehowa kasamafo, na bere biara a na Yesu bebue n’ano sɛ ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkaa asɛm a na n’Agya pɛ sɛ yɛte. ( Yoh. 1:​1, 14) Esiane sɛ Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni​—Mesia nniso a ɛwɔ soro a emufo ne Kristo Yesu ne nnipa 144,000 a ɔne wɔn bedi ade​—no ho asɛm pii sen biribi foforo biara nti, ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ saa asɛm a ɛho hia yi mu yiye. (Adi. 5:​9, 10; 14:​1-3; 20:6) Nanso, ansa na yɛbɛyɛ saa no, momma yɛnhwɛ nea enti a Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm pii no.

“Nea Ayɛ Koma Mã . . . ”

4. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na Ahenni no da ne koma so paa?

4 Ahenni no da Yesu koma so paa. Dɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ nsɛm a yɛka na ɛma nea ɛwɔ yɛn koma mu da adi​—kyerɛ sɛ, ɛno na ɛma afoforo hu nneɛma a ɛho hia yɛn paa. Yesu ankasa kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:​34) Yesu de hokwan biara a onyae kaa Ahenni no ho asɛm. Wɔtwe adwene si Ahenni no so bɛboro mpɛn 100 wɔ Nsɛmpa anan no mu, na yehu emu dodow no ara wɔ nsɛm a Yesu kae mu. Ahenni no na ɔde yɛɛ n’asɛnka adwuma no asɛmti. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:​43) Wɔ Yesu wusɔre akyi mpo no, ɔkɔɔ so kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. (Aso. 1:3) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Ahenni no ho anisɔ ahyɛ Yesu koma mã, na ɛkanyan no ma ɔkaa ho asɛm.

5-7. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Ahenni no da Yehowa koma so paa? Ma mfatoho. (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ Ahenni no da yɛn koma so paa?

5 Ahenni no da Yehowa nso koma so paa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Momma yɛnkae sɛ, Yehowa na ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase; asɛm biara a Ɔba no kae ne biribiara a ɔkyerɛkyerɛe no fi Yehowa hɔ. ( Yoh. 7:​16; 12:​49, 50) Saa ara nso na Yehowa na ɔma wɔkyerɛw biribiara a ɛka Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm wɔ Nsɛmpa anan no mu. Momma yɛmfa bere kakra nsusuw nea saa asɛm yi kyerɛ no ho nhwɛ.

Ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So Onyankopɔn Ahenni no da me koma so paa?’

6 Fa no sɛ wode w’abusua mufo mfonini rehyehyɛ nhoma a wɔde mfonini hyehyɛ mu (album) mu. Wowɔ mfonini pii a wode bɛhyehyɛ mu, nanso wuhu sɛ kakraa bi pɛ na ɛbɛkɔ nhoma no mu. Dɛn na wobɛyɛ? W’ankasa na wobɛpaw nea wopɛ sɛ wode hyehyɛ mu no. Ɔkwan bi so no, Nsɛmpa no te sɛ nhoma a wɔde mfonini hyehyɛ mu a ɛma yehu Yesu yiye paa. Yehowa amfa ne honhom anka wɔn a na wɔrekyerɛw Nsɛmpa no sɛ wɔnkyerɛw asɛm biara a Yesu kae ne biribiara a ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no. ( Yoh. 20:​30; 21:​25) Mmom no, Yehowa honhom boaa wɔn ma wɔkyerɛw nsɛm ne nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a Yesu bɛyɛɛ ne som adwuma no ne nneɛma a ɛho hia Yehowa sen biribiara no ho nsɛm. (2 Tim. 3:​16, 17; 2 Pet. 1:​21) Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm a Yesu kae ahyɛ Nsɛmpa no mu mã nti, yebetumi aka paa sɛ, Ahenni no da Yehowa koma so ankasa. Wo de hwɛ sɛnea Yehowa pɛ sɛ yehu n’Ahenni no ho nsɛm nyinaa!

7 Ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So Onyankopɔn Ahenni no da me koma so paa?’ Sɛ ɛte saa a, yɛde anigye betie nsɛm a Yesu ka faa Ahenni no ho no; sɛnea Ahenni no ho hia, ɔkwan a ɛbɛfa so aba, ne bere a ɛbɛba.

“W’ahenni Mmra”​—Ɔkwan Bɛn So?

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea Ahenni no ho hia mu?

8 Momma yensusuw mpaebɔ ho nhwɛso no ho nhwɛ. Yesu kaa sɛnea Ahenni no ho hia ho asɛm ma emu daa hɔ fann, na ɔkyerɛɛ nneɛma a Ahenni no bɛyɛ. Adesrɛde ason na ɛwɔ saa mpaebɔ no mu. Emu abiɛsa a edi kan no fa Yehowa atirimpɔw ahorow ho​—ne din a wɔbɛtew ho, n’Ahenni no a ɛbɛba, ne n’apɛde a ɛbɛyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. (Monkenkan Mateo 6:​9, 10.) Saa adesrɛde abiɛsa no nyinaa wɔ abusuabɔ kɛse, efisɛ Mesia Ahenni no na Yehowa nam so bɛtew ne din ho na wama n’apɛde ayɛ hɔ.

9, 10. (a) Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ? (b) Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu bɛn na wopɛ sɛ wuhu ne mmamu?

9 Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, dɛn na ɛbɛyɛ? Sɛ yɛbɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra” a, na yɛresrɛ sɛ Ahenni no mmɛyɛ nneɛma pɔtee bi. Sɛ Ahenni no ba a, ebedi tumi wɔ asase nyinaa so. Ebeyi nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi ne nnipa nniso nyinaa afi hɔ, na ɛde wiase foforo a trenee te mu aba. (Dan. 2:​44; 2 Pet. 3:​13) Afei, bere a Ahenni no redi tumi no, asase nyinaa bɛdan paradise. (Luka 23:​43) Wobenyan awufo a Onyankopɔn kae wɔn no aba nkwa mu ma wɔne wɔn adɔfo abɛtena bio. ( Yoh. 5:​28, 29) Wɔn a wobetie Onyankopɔn asɛm no bɛyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ, na wɔbɛtena ase daa. (Adi. 21:​3-5) Ɛno akyi no, asomdwoe a ɛwɔ soro no bi bɛba asase so, na Yehowa Nyankopɔn apɛde ayɛ hɔ! Sɛ wode w’ani hu saa bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no mmamu a, anka w’ani rennye? Kae sɛ, bere biara a wobɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no, na woresrɛ sɛ saa nneɛma pa a wɔahyɛ ho bɔ no mmra.

10 Yehu pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni a Yesu kaa ho asɛm wɔ mpaebɔ ho nhwɛso no mu no nnya ‘mmae.’ Yebetumi aka saa, efisɛ nnipa nniso ahorow da so ara redi tumi, na wiase foforo a trenee te mu no nso nnya mmae. Nanso, asɛmpa bi wɔ hɔ. Wɔde Onyankopɔn Ahenni no asi hɔ, na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu. Nanso, saa bere yi de, momma yensusuw bere a na wɔde Ahenni no besi hɔ ne bere a ɛbɛba sɛnea Yesu kaa ho asɛm no ho.

Bere Bɛn na na Wɔde Onyankopɔn Ahenni no Besi Hɔ?

11. Dɛn na Yesu ka faa Onyankopɔn Ahenni a na wɔde besi hɔ no ho?

11 Ɛmfa ho sɛ na Yesu asuafo binom rehwɛ Ahenni no kwan no, Yesu kae sɛ, wɔremfa Ahenni no nsi hɔ wɔ asomafo no bere so. (Aso. 1:6) Momma yensusuw mfatoho abien a Yesu yɛe a ɛsono emu biara no ho nhwɛ; ɔyɛɛ mfatoho no wɔ mfe abien ntam.

12. Ɔkwan bɛn so na awi ne nwura bɔne ho mfatoho no ma yehu sɛ wɔamfa Ahenni no ansi hɔ wɔ asomafo no bere so?

12 Awi ne nwura bɔne ho mfatoho no. (Monkenkan Mateo 13:​24-30.) Bere a Yesu maa saa mfatoho yi bɛyɛ afe 31 Y.B. mu mfiase no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no. (Mat. 13:​36-43) Asɛntitiriw a ɛwɔ mfatoho no mu ne ne nkyerɛase ni: Ná Ɔbonsam begu nwura bɔne (atoro Kristofo) wɔ awi (“Ahenni mma no,” anaa Kristofo a wɔasra wɔn) no mu wɔ asomafo no wu akyi. Ná wɔbɛma awi ne nwura bɔne no nyinaa abom anyin akodu otwa bere a ɛyɛ “wiase nhyehyɛe awiei” no. Sɛ otwa bere no fi ase a, na wɔbɛboaboa nwura bɔne no ano. Ɛno akyi no, wɔbɛboaboa awi no nso ano. Enti mfatoho no ma yehu sɛ na wɔremfa Ahenni no nsi hɔ wɔ asomafo no bere so, na mmom na wɔde besi hɔ wɔ otwa bere no mfiase. Sɛnea ɛkɔbae no, otwa bere no fii ase wɔ afe 1914 mu.

13. Mfatoho bɛn na Yesu de kyerɛe sɛ sɛ ɔsan kɔ soro a, ɛnyɛ amonom hɔ ara na wɔde no besi ade so sɛ Mesia Ahenni no so Hene?

13 Mmɛnnaa ho mfatoho no. (Monkenkan Luka 19:​11-13.) Yesu maa saa mfatoho yi wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a na ɔnam kwan so rekɔ Yerusalem nea etwa to koraa no. Ná wɔn a wɔretie no no mu binom susuw sɛ sɛ wodu Yerusalem pɛ a, ɔde Ahenni no besi hɔ. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ateɛ saa adwene a wokura no na wama wɔahu sɛ ɛbɛkyɛ paa ansa na wɔde Ahenni no asi hɔ no, ɔde ne ho totoo “ɔdehye bi” a otuu “kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye tumi” ho. a Wɔ Yesu fam no, na ‘asase a ɛwɔ akyirikyiri’ no yɛ ɔsoro. Ɛhɔ na na ɔbɛkɔ akogye tumi sɛ Ɔhene afi n’Agya hɔ. Nanso, na Yesu nim sɛ sɛ ɔsan kɔ soro a, ɛnyɛ amonom hɔ ara na wɔde no besi ade so sɛ Mesia Ahenni no so Hene. Mmom no, na ɔbɛtena Onyankopɔn nsa nifa atwɛn akosi bere a wɔahyɛ no. Nea ɛkɔbae ne sɛ, ɔtwɛnee mfehaha pii.​—Dw. 110:​1, 2; Mat. 22:​43, 44; Heb. 10:​12, 13.

Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni no Bɛba?

14. (a) Bere a Yesu asomafo no mu baanan bisaa no asɛm no, mmuae bɛn na ɔde maa wɔn? (b) Dɛn na Yesu nkɔmhyɛ a abam no ma yehu fa ne mmae no ne Ahenni no ho?

14 Aka nna kakra ma wɔakum Yesu no, n’asomafo no mu baanan bisaa no sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3; Mar. 13:4) Yesu de nkɔmhyɛ bi a ɛfa nneɛma pii ho a ɛwɔ Mateo ti 24 ne 25 na ɛmaa saa asɛm no ho mmuae. Yesu kaa nneɛma pii a ebesisi wɔ wiase nyinaa ho asɛm. Ná saa nneɛma a ebesisi no bɛyɛ bere bi a wɔfrɛ no Yesu “mmae” ho sɛnkyerɛnne. Sɛ Yesu mmae no fi ase a, saa bere no ara na wɔde Ahenni no besi hɔ; na ne mmae no nso bɛba awiei bere a Ahenni no redi asase nyinaa so no. Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ nkɔm a Yesu hyɛe no fii ase nyaa mmamu wɔ afe 1914 mu. b Enti, saa afe no na Yesu mmae no fii ase, na saa bere no ara nso na wɔde Ahenni no sii hɔ.

15, 16. Henanom na asɛm “saa awo ntoatoaso yi” fa wɔn ho?

15 Nanso, bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba koraa? Yesu ankyerɛ bere pɔtee a ɛbɛba. (Mat. 24:​36) Nanso, ɔkaa biribi a ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ abɛn pɛɛ. Yesu kae sɛ, Ahenni no bɛba bere a “saa awo ntoatoaso yi” ahu sɛ nkɔmhyɛ no ho sɛnkyerɛnne no abam no. (Monkenkan Mateo 24:​32-34.) Henanom na asɛm “saa awo ntoatoaso yi” no fa wɔn ho? Momma yensusuw Yesu asɛm yi ho yiye.

16 “Saa awo ntoatoaso yi.” So wɔn a wonnye nni ho asɛm na na ɛwɔ Yesu adwenem? Dabi. Momma yensusuw nnipa a na ɔrekasa kyerɛ wɔn no ho nhwɛ. Yesu kaa saa nkɔmhyɛ yi ho asɛm kyerɛɛ n’asomafo no mu kakraa bi a na ‘wɔaba ne nkyɛn kokoam’ no. (Mat. 24:3) Ná ɛrenkyɛ na wɔde honhom kronkron asra asomafo no. Afei nso, hyɛ nsɛm a na wɔresusuw ho no nsow. Ansa na Yesu reka “saa awo ntoatoaso yi” ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ enya fefɛw na eyiyi nhaban ara pɛ a, munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ wabɛn apon ano.” Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no na na wobehu nneɛma a wɔhyɛɛ ho nkɔm no na wɔate ase sɛ Yesu ‘abɛn apon ano’ no, na ɛnyɛ wɔn a wonnye nni no. Enti, bere a Yesu kaa “saa awo ntoatoaso yi” ho asɛm no, na n’akyidifo a wɔasra wɔn no ho asɛm na ɛwɔ n’adwenem.

17. Nsɛm “awo ntoatoaso” ne “eyinom nyinaa” no kyerɛ dɛn?

17 ‘Ɛrentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛba mu.’ Ɔkwan bɛn so na saa asɛm no bɛbam? Ansa na yɛbɛma saa asɛm yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma abien bi: nea “awo ntoatoaso” ne “eyinom nyinaa” no kyerɛ. Wɔtaa de asɛm “awo ntoatoaso” di dwuma de ka nnipa a ɛsono mfe a wɔadi a wɔtena ase wɔ bere pɔtee bi mu ho asɛm. Awo ntoatoaso nyɛ tenten pii, na ɛba awiei. (Ex. 1:6) Asɛm “eyinom nyinaa” no fa nneɛma a Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ebesisi wɔ ne mmae mu no nyinaa ho​—efi ne mmae no mfiase wɔ afe 1914 mu kosi “ahohiahia kɛse” no mu.​—Mat. 24:21.

18, 19. Yɛbɛte “saa awo ntoatoaso yi” ho asɛm a Yesu kae no ase dɛn, na dɛn na yebetumi aka?

18 Ɛnde, yɛbɛte “saa awo ntoatoaso yi” ho asɛm a Yesu kae no ase dɛn? Awo ntoatoaso no yɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu akuw abien a wɔtenaa ase wɔ bere koro mu. Kuw a edi kan no mufo yɛ wɔn a wohuu bere a sɛnkyerɛnne no fii ase baa mu wɔ afe 1914 mu, na kuw a ɛto so abien no mufo nso yɛ wɔn a wɔanhu bere a sɛnkyerɛnne no fii ase nanso wɔne kuw a edi kan no mufo tenaa ase wɔ bere bi mu no. Anyɛ yiye koraa no, wɔn a wɔwɔ kuw a ɛto so abien no mu binom bɛtena ase ahu ahohiahia a ɛreba no mfiase. Saa akuw abien yi yɛ awo ntoatoaso biako efisɛ wɔtenaa ase sɛ Kristofo a wɔasra wɔn wɔ bere bi mu. c

19 Dɛn na yebetumi aka? Yenim sɛ Yesu aba n’Ahenni tumi mu, na ɛho sɛnkyerɛnne ada adi pefee wɔ wiase nyinaa. Afei nso, yetumi hu sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo a wɔda so te ase a wɔka “saa awo ntoatoaso yi” ho no rebɔ nkwakoraa ne mmerewa; nanso wɔn nyinaa rensa mfi asase so ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Enti, yebetumi aka paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba nnansa yi ara abedi asase so tumi! Sɛ yehu mpae a Yesu kae sɛ yɛmmɔ sɛ, “W’ahenni mmra” no mmamu a, hwɛ anigye ara a yebenya!

20. Nneɛma a ɛho hia bɛn na yebesusuw ho wɔ saa nhoma yi mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

20 Mommma yɛn werɛ mmfi asɛm a Yehowa ankasa fi soro ka faa ne Ba no ho no da. Ɔkae sɛ: “Muntie no.” Yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no ani gye ho sɛ yebetie saa akwankyerɛ a Onyankopɔn de mae no. Asɛm biara a Yesu ka faa Onyankopɔn Ahenni no ho ne ɛho nkyerɛkyerɛmu biara a ɔde mae no ho hia yɛn paa. Nneɛma a ɛho hia a yebesusuw ho wɔ saa nhoma yi mu no yɛ nneɛma a Ahenni no ayɛ dedaw ne nea ɛbɛyɛ daakye. Wɔ ti a edi hɔ mu no, yebesusuw nsɛm a ɛka koma a esisii bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro no ho.

a Ebia mfatoho a Yesu mae no maa wɔn a na wɔretie no no kaee Archelaus a na ɔyɛ Herode Ɔkɛseɛ no ba no. Ansa na Herode rebewu no, ɔpaw Archelaus sɛ ɔno na obedi n’ade na wadi Yudea ne nsase foforo so tumi. Nanso, ansa na Archelaus betumi afi ase adi tumi no, na ɛsɛ sɛ otwa kwantenten kɔ Roma ma Augusto Kaesare gye no tom.

b Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 9.

c Sɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ kuw a edi kan no mu​—kyerɛ sɛ, wɔn a wɔde wɔn ani huu “awoko yaw mfiase” no wɔ afe 1914 mu​—nea otwa to wu a, obiara a wɔde honhom bɛsra no wɔ ɛno akyi no nka “saa awo ntoatoaso yi” ho.​—Mat. 24:8.