Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 2

Wɔawo Ahenni no Wɔ Soro

Wɔawo Ahenni no Wɔ Soro

NEA TI YI KA HO ASƐM

Sɛnea Onyankopɔn siesiee ne nkurɔfo maa Ahenni no awo

1, 2. Ade titiriw a ebi nsii da bɛn na na ɛrebesi wɔ wiase, na dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa anhu nea ɛkɔɔ so no?

 SO WOASUSUW sɛnea asetena bɛyɛ bere a nsakrae kɛse bi reba ho pɛn? Nnipa pii asusuw ho. Nanso, susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Sɛ na wote ase saa bere no a, so anka w’ankasa wubehu nneɛma atitiriw a ɛkɔfaa saa nsakrae no bae no? Ebia anka worenhu. Nneɛma a ɛma wotu aban ahorow gu a wɔakyerɛw ho nsɛm pii wɔ abakɔsɛm nhoma mu no taa kɔ so a ɔmanfo nhu ho hwee. Ɔkwan bi so no, nsɛm pii wɔ abakɔsɛm mu a ɔmanfo ante ho asɛm ansa na ɛresisi. Wosisii nsɛm a ɛte saa ho ­gyinae wɔ aban adwumayɛbea ahorow, ahemfie, anaa abankɛse mu. Nanso, nsakrae a ɛte saa no ka nnipa ɔpepem pii asetena.

2 Na ade titiriw a ebi nsii da a na ɛrebesi wɔ wiase no nso ɛ? Saa ade no aka nnipa ɔpepem pii asetena. Nanso, bere a ɛrekɔ so no, onipa biara anhu. Nea yɛreka ho asɛm yi fa Onyankopɔn Ahenni no​—Mesia nniso no​—awo a ɛkɔɔ so wɔ soro no ho. Ɛyɛ nniso a wɔahyɛ ho bɔ fi bere tenten a ebeyi wiase nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi nyinaa afi hɔ nnansa yi ara. (Monkenkan Daniel 2:​34, 35, 44, 45.) Esiane sɛ nnipa anhu saa awo soronko yi nti, so yebetumi aka sɛ Yehowa de ho asɛm siee adesamma anaa? Anaasɛ odii kan siesiee n’asomfo anokwafo maa saa awo no? Momma yɛnhwɛ.

‘Meresoma Me Bɔfo Adi M’anim Abesiesie Kwan Mu’

3-5. (a) Hena ne “apam bɔfo” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Malaki 3:1 no? (b) Dɛn na na ɛbɛkɔ so ansa na “apam bɔfo” no aba asɔrefie hɔ?

3 Efi tete na Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ obesiesie ne nkurɔfo ama Mesia Ahenni no awo. Momma yensusuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Malaki 3:⁠1 no ho nhwɛ. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Hwɛ, meresoma me bɔfo adi m’anim abesiesie kwan mu. Na Awurade nokwafo a morehwehwɛ no ne apam bɔfo a mo ani agyina no no bɛba n’asɔrefie hɔ mpofirim.’

4 Wɔ yɛn bere yi so no, bere bɛn na Yehowa, “Awurade nokwafo” no bɛhwɛɛ wɔn a wɔsom wɔ honhom fam asɔrefie a ɛwɔ asase so adiwo hɔ no? Nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa ne “apam bɔfo” no na ɛbɛbom aba. Hena ne apam bɔfo no? Ɛnyɛ obiara sɛ Mesia Ahenni no so Hene, Yesu Kristo! (Luka 1:​68-73) Ná Ɔhene a wɔde no asi ade so foforo no bɛba abɛhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so no na wayiyi wɔn mu fĩ.​—1 Pet. 4:17.

5 Nanso, na hena ne ‘ɔbɔfo’ foforo a wodii kan kaa ne ho asɛm wɔ Malaki 3:1 no? Ná saa ɔbɔfo yi bedi kan aba ansa na Mesia Ahenni no so Hene no aba. So obi ‘siesiee kwan mu’ maa Mesia Ahenni no so Hene no ansa na afe 1914 reba?

6. Henanom na wɔyɛɛ adwuma sɛ ‘ɔbɔfo’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm a odii kan besiesiee Onyankopɔn nkurɔfo maa nneɛma a na ɛda wɔn anim no?

6 Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho abakɔsɛm a ɛka koma a yɛbɛka ho asɛm wɔ nhoma yi mu nyinaa no mu. Saa abakɔsɛm yi ma yehu sɛ, wɔ afe 1800 mfe no awiei mu hɔ no, na anokwafo kuw ketewa biako bi na wɔreda wɔn ho adi sɛ wɔn nkutoo ne nokware Kristofo wɔ wiase a atoro Kristosom ahyɛ mu mã no mu. Ná wɔfrɛ saa kuw no Bible Asuafo. Wɔn a na wodi wɔn anim​—Charles T. Russell ne ne mfɛfo​—no yɛɛ adwuma ankasa sɛ ‘ɔbɔfo’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ maa Onyankopɔn nkurɔfo, na wosiesiee wɔn maa nea na ɛda wɔn anim no. Momma yensusuw akwan anan a ‘ɔbɔfo’ yi faa so siesiee wɔn no ho nhwɛ

Wɔsom Wɔ Nokware Mu

7, 8. (a) Wɔ afe 1800 mfe no mu no, henanom na wɔma yehui sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro? (b) Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn na C. T. Russell ne ne mfɛfo no kae sɛ ɛyɛ atoro?

7 Sɛ saa Bible Asuafo no resua ade a, na wɔbɔ mpae hwehwɛ akwankyerɛ; wogye nokware nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no tom, wɔboaboa ano, na afei wotintim. Wɔ mfehaha pii mu no, na Kristoman te honhom fam sum mu; na wɔn nkyerɛkyerɛ pii fi abosonsom mu. Ná wɔn nkyerɛkyerɛ titiriw paa ne ɔkra a enwu da. Nanso, wɔ afe 1800 mfe mu hɔ no, nnipa kakraa bi a na wɔwɔ koma pa a na wɔresua Bible no tweetwee saa nkyerɛkyerɛ no mu, na wohui sɛ ennyina Onyankopɔn Asɛm no so. Henry Grew, George Stetson, ne George Storrs kyerɛw ho nsɛm na wɔde akokoduru kae sɛ ɛyɛ atoro nkyerɛkyerɛ a efi Satan hɔ. Adwuma a wɔyɛe no boaa C. T. Russell ne ne mfɛfo no kɛse akyiri yi.

8 Bible Asuafo a na wɔyɛ kakraa bi no hui sɛ, Kristoman nkyerɛkyerɛ foforo a ɛfa ɔkra a enwu da ho no nso ntɔ asom na ɛyɛ atoro. Ɛho nhwɛso bi ni: Wɔkyerɛkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro, na Onyankopɔn yɛ abɔnefo kra a enwu da ayayade daa wɔ hellgya mu. Russell ne ne mfɛfo no de akokoduru kasa tiaa saa atoro nkyerɛkyerɛ no wɔ nhoma, nhomawa, nkratawa, ne ɔkasa pii a wɔmae na wotintimii wɔ atesɛm nkrataa mu no mu.

9. Dɛn na Ɔwɛn-Aban no kae a ɛkyerɛ sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro?

9 Bible Asuafo no ma ɛbɛdaa adi nso sɛ, Baasakoro nkyerɛkyerɛ a nnipa pii bu no sɛ ɛyɛ kronkron no yɛ atoro. Wɔ afe 1887 mu no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ ɛsono Yehowa ɛnna ɛsono yɛn Awurade Yesu, na ɛma yehu abusuabɔ ankasa a ɛda wɔn ntam.” Afei asɛm no toaa so kaa sɛnea ɛyɛ nwonwa paa sɛ nnipa dodow no ara agye “nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro no atom. Wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, Onyankopɔn baasa na wɔbom yɛ biako, na bere koro no ara Onyankopɔn biako no yɛ baasa. Na sɛnea nnipa dodow no ara agye saa nkyerɛkyerɛ no atom no ma yehu sɛ, na asɔre no ada hatee ma ɔtamfo no de atoro nkyerɛkyerɛ abɛhyɛ ne mu mã.”

10. Bere bɛn na Ɔwɛn-Aban no kae sɛ afe 1914 yɛ afe titiriw?

10 Edin a na ɛda nsɛmma nhoma no so ne Zion’s Watch ­Tower and Herald of Christ’s Presence, na ɛno ma yehu sɛ na nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kristo mmae ho no ho hia akyerɛwfo no paa. Anokwafo a wɔasra wɔn a na wɔboa ma wɔkyerɛw nsɛmma nhoma no hui sɛ “mmere ason” a ɛwɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no fa bere a Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛfa Mesia Ahenni no ho bɛbam no ho. Wɔ afe 1870 mfe no mu tɔnn na wɔkae sɛ afe 1914 na mmere ason no bɛba awiei. (Dan. 4:​25; Luka 21:​24) Ɛwom sɛ yɛn nuanom a na wɔwɔ hɔ saa bere no anhu nneɛma a na ebesisi saa afe titiriw no mu nyinaa de, nanso wɔkaa Bible mu nokware a na wonim no ho asɛm kɔɔ akyiri, na yɛanya so mfaso de besi nnɛ.

11, 12. (a) Henanom na Onua Russell de nea ɔkyerɛkyerɛe no ho anuonyam maa wɔn? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ adwuma a Russell ne ne mfɛfo yɛe mfe bi ansa na afe 1914 reba no so?

11 Russell anaa anokwafo a na wɔka ne ho no mu biara annye saa Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm a wohui no ho anuonyam amma ne ho. Russell de anuonyam no bi maa afoforo a na wɔadi n’anim no. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔde ho anuonyam no maa Yehowa Nyankopɔn a ɔkyerɛ ne nkurɔfo nea ɛsɛ sɛ wohu ne bere a ɛsɛ sɛ wohu no. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa hyiraa mmɔden a Russell ne ne mfɛfo no bɔe sɛ wobeyiyi nokware no afi atoro mu no so. Mfe bi akyi no, wɔtwee wɔn ho fii Kristoman ho koraa bɛyɛɛ soronko.

Onua Russell ne ne mfɛfo no kaa Bible mu nokware no ho asɛm denneennen

12 Adwuma a saa mmarima anokwafo no yɛe mfe bi de kyerɛkyerɛɛ nokware no ansa na afe 1914 reba no yɛ nwonwa ankasa! Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 1, 1917 no kaa nea efii adwuma a wɔyɛe saa bere no mu bae no ho asɛm sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii ade wɔn ho afi ehu a hellgya ne atoro nkyerɛkyerɛ foforo de ahyɛ wɔn mu no ho . . . Nokware no a wofii ase kaa ho asɛm bɛboro mfe aduanan ni no mu retrɛw nkakrankakra, na emu bɛkɔ so atrɛw akosi sɛ ebedu wiase nyinaa; na ɛwom sɛ nokware no atamfo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ Nokware no agu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentrɛw nkɔ asase nyinaa so de, nanso ɛrenyɛ yiye.”

13, 14. (a) Dɛn na ‘ɔbɔfo’ no yɛe de siesiee kwan mu maa Mesia Ahenni no so Hene no? (b) Dɛn na yebetumi asua afi yɛn nuanom a wɔtenaa ase bɛboro mfe ɔha a atwam ni no hɔ?

13 Momma yensusuw eyi ho nhwɛ: Sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo nnim nsonsonoe a ɛda Yesu ne n’Agya Yehowa ntam a, so anka wobetumi asiesie wɔn ho ama Kristo mmae no? Dabida! Afei nso, sɛ na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ obiara benya nkwa a owu nnim, na ɛnyɛ nnipa kakraa bi a wodi Kristo anammɔn akyi na wobenya saa akyɛde a ɛsom bo no a, ɛnde na anka wonsiesiee wɔn ho; saa ara nso na sɛ wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn yɛ nkurɔfo ayayade daa wɔ hellgya mu a, anka na wonsiesiee wɔn ho! Akyinnye biara nni ho sɛ, “ɔbɔfo” no siesiee kwan mu maa Mesia Ahenni no so Hene no!

14 Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Dɛn na yebetumi asua afi yɛn nuanom a wɔtenaa ase bɛboro mfe ɔha a atwam ni no hɔ? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm no a yɛbɛkenkan na yɛasua no daa no ho. (Yoh. 17:⁠3) Bere a honhom fam kɔm rekum saa wiase a ahonyade agye wɔn adwene no, momma yɛnkɔ so mma honhom fam aduan ho akɔnnɔ a yɛwɔ no mu nyɛ den bere nyinaa!​—Monkenkan 1 Timoteo 4:15.

“Mumfi Ne Mu, Me Man”

15. Dɛn na Bible Asuafo no de nkakrankakra behui? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

15 Bible Asuafo no kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi asɔre ahorow a ɛwɔ wiase no ho. Wɔ afe 1879 mu no, Ɔwɛn-Aban no kaa “Babilon asɔre” no ho asɛm. So Pope anaa Roma Katolek Asɔre no ho asɛm na na ɛreka? Ná Protestant asɔre ahorow no aka mfehaha pii sɛ Babilon a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no gyina hɔ ma Katolek Asɔre no. Nanso, Bible Asuafo no de nkakrankakra behui sɛ Asɔre ahorow a ɛwɔ Kristoman mu no nyinaa ka “Babilon” a ɛwɔ yɛn bere yi so no ho. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn nyinaa kyerɛkyerɛ atosɛm a yɛadi kan aka ho asɛm no. Bere kɔɔ so no, wɔkaa nea ɛsɛ sɛ nnipa komapafo a wɔwɔ Babilon asɔre ahorow mu yɛ ho asɛm pefee wɔ yɛn nhoma ahorow mu.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Millennial Dawn Po III no ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi atoro som ho, na dɛn nso na Ɔwɛn-Aban no kae? (b) Dɛn na amma nkurɔfo amfa kɔkɔbɔ a ɛte saa a wodii kan de mae no aniberesɛm? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

16 Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1891 mu no, Millennial Dawn Po III no kaa sɛnea Onyankopɔn apo Babilon a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho asɛm sɛ: “Wɔapo Kristoman mu asɔre ahorow no nyinaa.” Ɛtoaa so kae sɛ “saa bere yi yɛreka akyerɛ wɔn a wonnye Babilon atoro nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe ntom no nyinaa sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi ne ho.”

17 Wɔ afe 1900 mu no, Ɔwɛn-Aban a ɛbae January no de afotu maa wɔn a na wɔn din da so wɔ Kristoman asɔre ahorow mu a na wɔde nsɛm yiyi wɔn ho ano no. Asɛm a na wɔtaa ka ne sɛ, “Magye nokware no atom paa, enti mentaa nkɔ asɔre.” Ɛtoaa so bisae sɛ: “So ɛyɛ papa sɛ obi de ne nan biako besi Babilon na ɔde biako asi abɔnten? So eyi ne osetie a ɛsɛ sɛ yɛyɛ . . . na ama Onyankopɔn agye yɛn atom na yɛasɔ n’ani? Dabida. Bere a [asɔre ba] no de ne ho rekɔhyɛ asɔre no mu no, ɔne asɔre no yɛɛ apam wɔ baguam, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so di nhyehyɛe biara a ɛwɔ saa apam no mu no so kosi sɛ . . . ɔbɛka wɔ baguam sɛ wagyae asɔre no anaasɛ watwa ne din afi mu.” Bere rekɔ so no, wɔkaa eyi ho asɛm denneennen. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo pae mu ka sɛ wɔatwe wɔn ho afi atoro som ho koraa.

18. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ nkurɔfo fi Babilon Kɛse no mu?

18 Sɛ wɔansi saa kɔkɔbɔ a ɛne sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Babilon Kɛse no ho so dua mpɛn pii a, so anka Kristo a wɔde no asi ade so foforo sɛ Ɔhene no benya nnipakuw bi a wɔasiesie wɔn​—asomfo a wɔasra wɔn​—wɔ asase so? Dabida! Efisɛ Kristofo a wɔade wɔn ho afi Babilon nkɛntɛnso ase nkutoo na wobetumi asom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:​24) So yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso asi yɛn bo sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi atoro som ho? Momma yɛnkɔ so ntie ahyɛde a edi so yi: “Mumfi ne mu, me man”!​—Monkenkan Adiyisɛm 18:4.

Nhyiam a Yɛyɛ De Som

19, 20. Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban no hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wonhyiam na wɔnsom?

19 Bible Asuafo no kyerɛkyerɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo sɛ baabiara a wohyiam na wɔsom a ɛbɛyɛ yiye no, wɔnyɛ no saa. Wɔ nokware Kristofo fam no, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi atoro som ho. Ɛho hia sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nokware som mu nso. Efi bere a wotintim Ɔwɛn-Aban no ara pɛ na wɔhyɛɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran sɛ wonhyiam na wɔnsom. Sɛ nhwɛso no, wɔ July 1880 mu no, Onua Russell kaa akwan a otutu kɔmaa ɔkasa ahorow ho asɛm, na ɔkyerɛɛ sɛnea nhyiam pii a wɔyɛe no ahyɛ nkurɔfo nkuran. Afei, ɔhyɛɛ wɔn a wɔkenkan Ɔwɛn-Aban no nkuran sɛ wɔnkyerɛw nkɔso a wɔrenya no ho asɛm mfa mmena wɔn, na wɔde saa nsɛm no bi bɛba Ɔwɛn-Aban no mu. Dɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Momma yɛn nyinaa nhu . . . sɛnea Awurade rehyira mo no; sɛ́ ebia mugu so ne wɔn a mo ne wɔn wɔ gyidi koro no hyiam anaa.”

Charles Russell ne Bible Asuafo kuw bi wɔ Copenhagen, Denmark, 1909

20 Wɔ afe 1882 mu no, asɛm bi puee Ɔwɛn-Aban no mu a na n’asɛmti ne, “Momma Yenhyiam.” Asɛm no de afotu maa Kristofo sɛ “wonhyiam nsua ade, na wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran na wɔnhyehyɛ wɔn ho den.” Ɛkae sɛ: “Enhia sɛ mubenya obi a onim nhoma anaa ɔwɔ ɔdom akyɛde soronko bi wɔ mo mu. Obiara mfa ne Bible, krataa, ne kyerɛwdua mmra mmɛboaboa Bible mu nsɛm pii ano sɛnea obetumi . . . ma ɛmmoa no. W’ankasa paw w’asɛmti; bɔ mpae hwehwɛ Honhom no akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte ase; afei kenkan ho ade, dwinnwen ho, fa kyerɛwsɛm toto kyerɛwsɛm ho, na sɛ woyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ honhom kronkron bɛboa wo ma woahu nokware no.”

21. Nhwɛso bɛn na asafo a na ɛwɔ Allegheny, Pennsylvania no yɛe wɔ nhyiamkɔ ne nsrahwɛ adwuma no ho?

21 Ná Bible Asuafo no adwumayɛbea ti wɔ Allegheny, Pennsylvania, U.S.A. Ná wɔn a wɔwɔ hɔ no yɛ nhwɛso pa. Ná wohyiam sɛnea afotusɛm a honhom no ma wɔkyerɛwee wɔ Hebrifo 10:​24, 25 no kyerɛ sɛ wɔnyɛ no. (Monkenkan.) Mfe pii akyi no, onua bi a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Charles Capen kaa sɛnea na ɔkɔ saa nhyiam no bi bere a na ɔyɛ abarimaa no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meda so ara kae kyerɛw nsɛm a na wɔakyerɛkyerɛw wɔ Asafo nhyiam asa no afasu ho no mu biako. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ, ‘Mo Wura yɛ biako, ɔne Kristo; na mo nyinaa moyɛ anuanom.’ Me werɛ mfii saa kyerɛwsɛm no da. Yehowa nkurɔfo mu de, yenni asɔfo ɛnna yenni asɔremma.” (Mat. 23:⁠8) Onua Capen san kaa nhyiam a ɛka koma, nkuran a na wɔhyehyɛ wɔn ho, ne mmɔden a na Onua Russell bɔ de srasra obiara a ɔwɔ asafo no mu no ho asɛm.

22. Anokwafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nkuranhyɛ a wɔde maa wɔn sɛ wɔnkɔ Kristofo nhyiam no ho, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

22 Anokwafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no suasuaa nhwɛso pa a anuanom yɛe no, na wodii akwankyerɛ a wɔde maa wɔn no akyi. Wɔtew asafo ahorow wɔ amantam bi te sɛ Ohio ne ­Michigan, ne afei Amerika Atifi fam nyinaa ne aman foforo so. Wo de, susuw ho hwɛ: Sɛ wɔantete nnipa a wɔyɛ anokwafo ma wɔante afotusɛm a honhom no ma wɔkyerɛwee a ɛkyerɛ sɛ wonhyiam na wɔnsom no ase a, so anka wobenya nnipa bi a wɔasiesie wɔn yiye ama Kristo mmae no? Dabida! Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam daa. Ɛnsɛ sɛ yɛma nhyiam pa yɛn ti so da, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no hyɛ yɛn yɔnko gyidi den.

Nsi a Wɔde Ka Asɛm No

23. Asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban no kae a ɛkyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa yɛ nokware no ho asɛmpakafo?

23 Bible Asuafo no kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo. Wɔ afe 1885 mu no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Momma yɛnkae sɛ obiara a wɔasra no no, wɔasra no sɛ ɔnka asɛmpa no (Yes. 61:⁠1), wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsom adwuma no.” Ɔwɛn-Aban bi a ɛbae wɔ afe 1888 mu no de afotu yi mae sɛ: “Yenim yɛn adwuma pefee . . . Sɛ yebu yɛn ani gu so na yɛanyɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anihafo, na yɛrekyerɛ sɛ yɛmfata hokwan kɛse a wɔde ama yɛn no.”

24, 25. (a) Asɛm no a Russell ne ne mfɛfo no hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnka akyi no, dɛn bio na wɔyɛ de boaa wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na obi a ɔyɛɛ colporteur adwuma no bi kaa adwuma a ɔyɛe “bere a na kar nnɔɔso” no ho asɛm?

24 Ɛnyɛ asɛm no nko na Onua Russell ne ne mfɛfo no hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnka. Wɔsan nso tintim kratawa bi a wɔfrɛ no Bible Students’ Tracts, na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Old Theology Quarterly. Wɔde saa nkratawa yi maa nkurɔfo a na wɔkenkan Ɔwɛn-Aban no sɛ wɔnkyekyɛ mma ɔmanfo.

Ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So asɛnka adwuma no ne adwuma titiriw wɔ m’asetena mu?’

25 Ná wɔfrɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama de wɔn bere nyinaa reyɛ asɛnka adwuma no colporteurfo, anaa akwampaefo. Ná Charles Capen a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nso de ne bere nyinaa reyɛ asɛnka adwuma no. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Asase mfonini (map) a United States Aban Asoɛe a Ɛhwɛ Asase Ho Nsɛm So de maa me no boaa me ma meyɛɛ asasesin a wɔde maa me wɔ Pennsylvania no mu adwuma. Ná akwan a ɛwɔ ɔmantam no mu nyinaa wɔ saa asase mfonini yi so, na ɛma mitumi nantew twaa kwan kɔɔ ɔmantam no mu baabiara. Ɛtɔ mmere bi a na mede nnansa twa kwan kyinkyin nkuraase kɔkyerɛw nkurɔfo a wɔpɛ Studies in the Scriptures nhoma ahorow no bi din, na ɛno akyi no, na mikogye teaseɛnam tua ho ka de nhoma no gu mu kɔkyekyɛ ma wɔn. Mpɛn pii no, sɛ ade sã a na meda akuafo nkyɛn. Saa bere no na kar nnɔɔso.”

Obi a ɔyɛ colporteur. Hwɛ nkyerɛwee “Chart of the Ages” a ɛwɔ teaseɛnam no nkyɛn mu no

26. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ asɛnka adwuma no na ama wɔasiesie wɔn ama Kristo nniso no? (b) Nsɛm bɛn na ehia paa sɛ yebisa yɛn ho?

26 Akyinnye biara nni ho sɛ, na egye akokoduru ne nsi na ama obi atumi ayɛ asɛnka adwuma no saa bere no. Sɛ wɔankyerɛkyerɛ nokware Kristofo no ma wɔanhu sɛnea asɛnka adwuma no ho hia a, so anka wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔasiesie wɔn ama Kristo nniso no? Dabida! Anyɛ yiye koraa no, na saa adwuma no ne adwuma titiriw a wɔbɛyɛ wɔ Kristo mmae no mu. (Mat. 24:​14) Ná ɛsɛ sɛ wosiesie Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔde nkwagye adwuma yi yɛ wɔn adwuma titiriw wɔ wɔn asetena mu. Ɛnnɛ, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So asɛnka adwuma no ne adwuma titiriw wɔ m’asetena mu? So mede nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ saa adwuma no pii?’

Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!

27, 28. Dɛn na ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoade bi mu, na dɛn na Satan ne n’adaemone no yɛe wɔ Ahenni no awo no ho?

27 Awiei koraa no, afe 1914 a ɛyɛ afe titiriw no dui. Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ saa ti yi mfiase no, onipa biara anhu anigyesɛm a ɛkɔɔ so wɔ soro no. Nanso, ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a ɛkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Twa saa asɛm yi ho mfonini hwɛ: Yohane huu “sɛnkyerɛnne kɛse bi” wɔ soro. Ohuu Onyankopɔn “bea”​—Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛwɔ soro a emufo yɛ abɔfo​—no sɛ ɔnyem, na ɔwoo ɔbabarima. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ, saa sɛnkyerɛnne kwan so ɔbabarima yi na “ɔde dade poma bɛyɛn aman nyinaa” nnansa yi ara no. Nanso, bere a wɔwoo abofra no, ‘wohwim no kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ n’ahengua ho.’ Na ɛnne kɛse bi fi soro kae sɛ: “Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagye ne n’ahoɔden ne n’ahenni ne ne Kristo no tumi aba.”​—Adi. 12:​1, 5, 10.

28 Ɛda adi sɛ, Mesia Ahenni no awo na Yohane nyaa ho anisoadehu no. Ná saa awo no yɛ anigye paa, nanso ɛnyɛ obiara na n’ani gyei. Satan ne n’adaemone ne abɔfo anokwafo a Mikael anaa Kristo di wɔn anim no koe. Dɛn na efii ɔko no mu bae? Yɛkenkan sɛ: “Wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”​—Adi. 12:​7, 9.

Wɔ afe 1914 mu no, Bible Asuafo no fii ase huu sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Kristo aba n’Ahenni mu a aniwa nhu no

29, 30. Bere a wɔwoo Mesia Ahenni no, nsakrae bɛn na ɛbae (a) wɔ asase so? (b) wɔ soro?

29 Bere tenten ansa na afe 1914 reba no, Bible Asuafo no kae sɛ amanehunu bere bi befi ase wɔ saa afe titiriw no mu. Nokwasɛm ni, nneɛma a na wɔreka sɛ ebesisi no baa mu pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛɛ wɔn ankasa mpo nwonwa. Sɛnea anisoadehu a Yohane nyae no ma yehu no, na Satan befi ase anya nkɛntɛnso kɛse wɔ adesamma so saa bere no. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adi. 12:​12) Wiase ko a edi kan no bae wɔ afe 1914 mu, na Kristo mmae no ho sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔredi tumi sɛ ɔhene no fii ase nyaa mmamu wɔ wiase nyinaa. Ná wiase yi “nna a edi akyiri” no afi ase.​—2 Tim. 3:1.

30 Nanso, na anigye wɔ soro. Ná wɔapam Satan ne n’adaemone no afi hɔ koraa. Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu, momma mo ani nnye!” (Adi. 12:​12) Bere a na ɔsoro hɔ atew na wɔde Yesu asi ade so sɛ Ɔhene no, afei de na Mesia Ahenni no ayɛ krado sɛ ebedi ama Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asase so. Ná dɛn na Ahenni no bɛyɛ? Sɛnea yehui wɔ saa ti yi mfiase no, na Kristo a ɔne “apam bɔfo” no bedi kan ayɛ adwuma sɛ ɔnanfo a ɔbɛtew Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ asase so. Ná dɛn na ɛno de bɛba?

Sɔhwɛ Bere

31. Nkɔm bɛn na Malaki hyɛ faa bere a wɔde bɛtew asafo no ho no ho, na ɔkwan bɛn so na eyi fii ase nyaa mmamu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

31 Malaki hyɛɛ nkɔm sɛ sɛ wɔba beyiyi Onyankopɔn nkurɔfo mu fĩ a, nneɛma mu bɛyɛ den ama wɔn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Da a ɔbɛba no, hena na obetumi atintim, na sɛ oyi ne ho adi a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛba te sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo samina.” (Mal. 3:⁠2) Hwɛ sɛnea saa asɛm no baa mu pɛpɛɛpɛ! Efi afe 1914 no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so no hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den, na wɔkɔɔ ahokyere mu mpɛn pii. Bere a Wiase Ko I no rekɔ so no, Bible Asuafo no mu pii hyiaa ɔtaa a emu yɛ den, na wɔde wɔn guu afiase na wɔyɛɛ wɔn ayayade.

32. Afe 1916 akyi no, ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɔree wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu?

32 Ɔhaw ahorow sɔree wɔ ahyehyɛde no mu ankasa nso. Wɔ afe 1916 mu no, Onua Russell wui bere a na wadi mfe 64 pɛ, na eyi maa Onyankopɔn nkurɔfo pii ho dwiriw wɔn. Bere a owui no, ɛbɛdaa adi sɛ ne nhwɛso pa nti, na ebinom de wɔn werɛ ahyɛ ne mu dodo. Ɛwom sɛ na Onua Russell ani nnye ho sɛ wɔde nidi a ɛte saa bɛma no de, nanso na nnipa pii reyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔresom no. Nnipa pii adwene yɛɛ wɔn sɛ ne wu no ama nokware a na wɔreyi no adi nkakrankakra no atɔ nsu mu, na ebinom nso ko tiaa mmɔden a na wɔrebɔ sɛ wɔbɛma adwuma no anya nkɔso no denneennen. Saa su no ka ho bi na ɛmaa ebinom wae fii nokware no ho na ɛde mpaapaemu baa ahyehyɛde no mu no.

33. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a na Onyankopɔn nkurɔfo rehwɛ kwan a amma mu no sɔɔ wɔn gyidi hwɛe?

33 Nneɛma a na nkurɔfo rehwɛ kwan a amma mu no nso bɛyɛɛ sɔhwɛ. Ɛwom sɛ na Ɔwɛn-Aban no aka pefee sɛ Amanaman Mmere no bɛba awiei wɔ afe 1914 mu de, nanso na anuanom nnim nneɛma a ebesisi saa afe no. (Luka 21:​24) Ná wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔ afe 1914 mu no, Kristo bɛfa ayeforo kuw a wɔasra wɔn no akɔ soro ma wɔne no akodi ade wɔ hɔ. Saa anidaso no amma mu. Bere a afe 1917 rekɔ awiei no, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ mfe 40 a wɔde reyɛ otwa adwuma no bɛba awiei wɔ afe 1918 mfiase. Nanso, asɛnka adwuma no amma awiei. Saa afe no twaam a na anuanom gu so reyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Nsɛmma nhoma no kae sɛ otwa adwuma no ankasa de, wɔawie, na bere a aka no yɛ nea wɔde resesaw nnɔbae no ase. Nanso, nneɛma a na Yehowa nkurɔfo rehwɛ kwan a amma mu nti, wɔn mu pii gyaee Yehowa som.

34. Sɔhwɛ a emu yɛ den bɛn na ɛsɔree wɔ afe 1918 mu, na dɛn nti na na Kristoman susuw sɛ Onyankopɔn nkurɔfo “awu”?

34 Sɔhwɛ a emu yɛ den paa sɔree wɔ afe 1918 mu. Wɔkyeree J. F. Rutherford a na wabesi C. T. Russell ananmu redi Onyankopɔn nkurɔfo anim ne anuanom foforo baason a na asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no nso. Wobuu wɔn ntɛnkyea sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase mfe pii wɔ Atlanta, Georgia, U.S.A. Bere a ɛbaa saa no, na ɛte sɛ nea adwuma a Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ no atɔ nsu mu. Kristoman mu asɔfo pii dii eyi ho ahurusi. Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ “akannifo” no a wɔde wɔn agu afiase, adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no a wɔato mu, ne asɛnka adwuma no a wɔasɔre atia wɔ Amerika ne Europa no nti, saa Bible Asuafo a wɔhaw adwene no “awu,” na wɔn ho nyɛ hu bio. (Adi. 11:​3, 7-​10) Nanso, amma saa!

Wɔsan Kanyan Wɔn Ho!

35. Dɛn nti na Yesu maa kwan maa n’akyidifo hyiaa nsɛnnennen, na dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn?

35 Ná wɔn a wɔtan nokware no nnim sɛ Yehowa atena ase saa bere no reyɛ n’adwuma “sɛ nea ɔnan dwetɛ yi mu fĩ” nti na Yesu ama kwan ma ne nkurɔfo refa saa ahokyere no mu no. (Mal. 3:⁠3) Ná Yehowa ne ne Ba no nyinaa nim sɛ wɔn a wɔyɛ anokwafo no befi saa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den no mu afi a wɔayiyi wɔn mu, atew wɔn ho ma wɔabɛyɛ nkurɔfo a wɔfata koraa sɛ wɔyɛ Ɔhene no adwuma. Efi afe 1919 mfiase no, ɛbɛdaa adi sɛ na Onyankopɔn honhom ayɛ nea ne nkurɔfo atamfo no susuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye no. Wɔsan kanyan anokwafo no! (Adi. 11:​11) Saa bere no, ɛda adi sɛ Kristo maa nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne titiriw bi nyaa mmamu. Ɔpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no​—mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn a na wobedi ne nkurɔfo anim ama wɔn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no.​—Mat. 24:​45-47.

36. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo resan akanyan wɔn ho wɔ ne som mu?

36 Woyii Onua Rutherford ne wɔn a wɔka ne ho no fii afiase wɔ March 26, 1919. Ankyɛ koraa na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ September mu wɔ saa afe no mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe a na wɔde betintim nsɛmma nhoma a ɛto so abien a na wɔbɛfrɛ no The Golden Age no. Wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi kaa Ɔwɛn-Aban no ho, na ɛno de, wɔyɛe sɛ wɔmfa nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Saa afe no ara mu na wotintim Bulletin a ɛnnɛ wɔfrɛ no Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka adesua nhoma no nea edi kan koraa, na akɔ so aboa asɛnka adwuma no fi bere a wotintimii no. Efi afe 1919 reba na wosii so dua kɛse sɛ obiara mfa ne ho nhyɛ afie afie asɛnka adwuma no mu.

37. Afe 1919 akyi no, dɛn na ebinom yɛe a na ɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ anokwafo?

37 Asɛnka adwuma no kɔɔ so yiyii Kristo akyidifo no mu, efisɛ na wɔn a wɔyɛ ahomaso ne ahantan wɔ wɔn mu no mpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma a nkurɔfo bu no sɛ ɛba fam no bi. Wɔn a na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no tew wɔn ho fii anokwafo no ho. Wɔ afe 1919 akyi no, ebinom a na wɔnyɛ anokwafo no bo fuwii, na wofii ase kekaa Yehowa asomfo anokwafo no ho nsɛmmɔne, wotwaa atoro too wɔn so, na wɔne wɔn a wɔsɔre tia anokwafo no mpo yɛɛ biako.

38. Dɛn na nkonim pii a Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so adi no ma yehu?

38 Nanso, ɔsɔretia a ɛte saa nyinaa akyi no, Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so no nyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu, na wɔn dodow kɔɔ anim. Efi saa bere no, nkɔso biara a wɔanya ne nkonim biara a wɔadi no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi! Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn mmoa ne ne nhyira a ɔnam ne Ba no ne Mesia Ahenni no so de ma a, anka nnipa a wɔtɔ sin rentumi nni nkonim pii wɔ Satan ne wiase bɔne yi so da!​—Monkenkan Yesaia 54:17.

Onua Rutherford maa ɔkasa bi a ɛka koma wɔ ɔmantam nhyiam bi ase bere a woyii no fii afiase asram kakraa bi akyi no

39, 40. (a) Nneɛma a yebehu wɔ nhoma yi mu no bi ne dɛn? (b) Mfaso bɛn na wubenya afi nhoma yi a wubesua mu?

39 Wɔ ti ahorow a edi hɔ mu no, yebesusuw nea Onyankopɔn Ahenni no ayɛ wɔ asase so fi bere a wɔwoo Ahenni no wɔ soro bɛyɛ mfe ɔha ni no ho. Wɔ nhoma yi fã biara mu no, wɔbɛka Ahenni adwuma a wɔayɛ wɔ asase so no fã pɔtee bi ho asɛm. Wɔ ti biara mu no, wɔde adaka a wɔde yɛ ntimũ aka ho a ɛbɛboa yɛn mu biara ma wahu sɛ Ahenni no wɔ hɔ ampa. Wɔ nhoma yi ti ahorow a etwa to mu no, yebesusuw nneɛma bi a yɛhwɛ kwan sɛ ebesisi bere a Ahenni no reba abɛsɛe wiase bɔne yi nnansa yi ara na ama asase adan paradise no ho. Sɛ wusua saa nhoma yi a, mfaso bɛn na wubenya?

40 Satan pɛ sɛ ɔsɛe gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no. Nanso, Yehowa pɛ sɛ ɔhyɛ wo gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ wo ho ban na ama woakɔ so ayɛ den. (Efe. 6:​16) Enti, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yere wo ho sua saa nhoma yi. Kɔ so bisa wo ho sɛ, ‘So migye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa?’ Dodow a wugye di nnɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa no, dodow no ara na ɛda adi sɛ wobɛkɔ mu bi, na wode nokwaredi ataa Ahenni no akyi denneennen, bere a obiara a ɔte ase behu sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa, na ɛredi tumi no!

Sɛ wopɛ sɛ wuhu Grew, Stetson, ne Storrs ho nsɛm pii a, hwɛ Jehovah’s Witnesses​—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 45-46.

Ɛwom sɛ wɔasesa edin a ɛda nsɛmma nhoma no so mpɛn pii fi bere a woyii no adi wɔ afe 1879 mu de, nanso yɛde edin Ɔwɛn-Aban na ebedi dwuma wɔ nhoma yi mu nyinaa.

Ɛwom sɛ Bible Asuafo no hui sɛ ɛho hia sɛ wɔtwe wɔn ho fi nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔafa wiase no nnamfo no ho de, nanso mfe pii mu no, na anuanom da so ara bu nnipa bi a wɔnyɛ Bible Asuafo, nanso wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi na wɔka sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no sɛ wɔn nuanom Kristofo.

Ade biako a amma wɔamfa kɔkɔbɔ a ɛte saa a wodii kan de mae no aniberesɛm ne sɛ na wosusuw sɛ saa asɛm no fa Kristo nguankuw ketewa​—nnipa 144,000​—no ho titiriw. Yebehu wɔ nhoma yi Ti 5 sɛ, ansa na afe 1935 reba no, na wosusuw sɛ nnipa pii a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow mu no nso ka “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:​9, 10 no ho, na na wosusuw sɛ wɔbɛma wɔayɛ kuw a ɛto so abien wɔ soro de atua wɔn ka sɛ awiei koraa no wobegyinaa Kristo afã.

Wɔ September 1920 mu no, wotintim The Golden Age (a seesei wɔfrɛ no Nyan!) titiriw bi. Ɛkaa ɔtaa a na emu bi ano yɛ den a wɔde baa anuanom so wɔ Canada, England, Germany, ne United States, bere a na ɔko no rekɔ so no ho nsɛm pii. Nanso, mfe bi ansa na wiase ko a edi kan no reba no, na ɔtaa a ɛte saa no ntaa nsisi.

Mfe pii no, na nguankuw ketewa no mufo titiriw na wɔyɛ Ɔwɛn-Aban no ma wɔn ma wosua.