Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 4

Yehowa Maa Ne Din So

Yehowa Maa Ne Din So

NEA TI YI KA HO ASƐM

Onyankopɔn nkurɔfo maa ne din so sɛnea ɛfata

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Wiase Foforo Nkyerɛase no ama Onyankopɔn din so?

 BENADA anɔpa bi, December 2, 1947, bere a na wim atɛm dinn na owia apue no, anuanom a wɔasra wɔn kakraa bi a wɔwɔ Betel a ɛwɔ Brooklyn, New York, fii adwuma kɛse bi ase. Ná adwuma no yɛ den, nanso wɔkɔɔ so yɛɛ saa adwuma no mfe 12. Awiei koraa no, wowiee Bible nkyerɛase foforo no fã a etwa to no Kwasida, March 13, 1960. Asram abiɛsa akyi, June 18, 1960 no, Onua Nathan Knorr yii Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase no po a etwa to no adi kyerɛɛ anuanom a na wɔwɔ nhyiam ase wɔ Manchester, England, ma wɔn ani gyei. Ɔkasafo no kaa asɛm a na ɛda atiefo no nyinaa koma so. Ɔkae sɛ: ‘Ɛnnɛ yɛ anigye da ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa!’ Ade titiriw biako a ɛwɔ nkyerɛase foforo no mu a ɛmaa wɔn ani gyei paa ne Onyankopɔn din a wɔde dii dwuma mpɛn pii no.

Woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm​—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Teokrase Nkɔso Nhyiam ase wɔ afe 1950 mu (Benkum: Yankee Stadium, New York City; nifa: Ghana)

2 Onyankopɔn din no nni Bible nkyerɛase pii mu. Nanso, Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no ko tiaa mmɔden a na Satan abɔ sɛ ɔbɛpopa Onyankopɔn din afi nnipa adwenem no. Wiase Foforo Nkyerɛase a woyii no adi saa da no nnianim nsɛm no kae sɛ: “Ade a ɛda nsow kɛse wɔ saa nkyerɛase yi ho ne sɛ, ɛde Onyankopɔn din ahyehyɛ faako a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ.” Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn din Yehowa no pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye paa sɛ saa nkyerɛase yi ama yɛn soro Agya, Yehowa, din so!

3. (a) Dɛn na yɛn nuanom hui wɔ nea Onyankopɔn din kyerɛ ho? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte Exodus 3:​13, 14 ase dɛn? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Nea Onyankopɔn Din Kyerɛ” no.)

3 Mfe bi a atwam no, na ntease a Bible Asuafo no wɔ ne sɛ Onyankopɔn din no kyerɛ “Mene nea mene.” (Ex. 3:​14, Akuapem Twi Bible) Enti, Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 1, 1926 no kae sɛ: “Obi a ɔnnan obiara, . . . Obi a onni mfiase ne awiei.” Nanso, bere a anuanom a wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase ase no fii wɔn adwuma no ase no, na Yehowa aboa ne nkurɔfo ma wɔahu sɛ ɛnyɛ nea ne din no kyerɛ ara ne sɛ ɔnnan obiara, na mmom nea ɛsen saa koraa no, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw na ɔma ɛbam. Wobehui sɛ nea edin Yehowa kyerɛ ankasa ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ ɔno na ɔbɔɔ amansan yi ne emu nnipa ne abɔfo nyinaa, na ɔkɔ so ma n’apɛde ne n’atirimpɔw yɛ hɔ. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛma Onyankopɔn din so, na ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ma wɔama so?

Onyankopɔn Din a Yɛbɛtew Ho

4, 5. (a) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew” a, na dɛn na yɛresrɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛtew ne din ho, na bere bɛn na ɔbɛyɛ saa?

4 Yehowa pɛ sɛ yɛma ne din so. Nokwasɛm ne sɛ, n’atirimpɔw paa ne sɛ ɔbɛtew ne din ho. Yehu eyi wɔ Yesu adesrɛ a edi kan wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu no. Yesu kae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Sɛ yɛrebɔ saa mpae no a, na dɛn na yɛresrɛ?

5 Sɛnea yesuaa ho ade wɔ nhoma yi Ti 1 no, adesrɛ abiɛsa a ɛwɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho no mu biako ne “Wo din ho ntew.” Abien a aka no ne: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ.” (Mat. 6:​10) Enti, sɛnea yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma n’Ahenni no mmra na n’apɛde nyɛ hɔ no, saa ara nso na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔntew ne din ho. Ɔkwan bi so no, yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ biribi mfa nyi ahohorabɔ biara a wɔde aba ne din so fi bere a wɔtew atua wɔ Eden no mfi hɔ. Dɛn na Yehowa bɛyɛ de abua saa mpaebɔ no? Ɔka sɛ: “Mɛtew me din kɛse a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu . . . no ho.” (Hes. 36:​23; 38:​23) Yehowa bɛtew ne din ho ma abɔde nyinaa ahu wɔ bere a wayi abɔnefosɛm afi hɔ wɔ Harmagedon no.

6. Dɛn na yebetumi ayɛ de atew Onyankopɔn din ho?

6 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa ama n’asomfo nso anya hokwan atew ne din ho. Nanso, yɛrentumi mma Onyankopɔn din nyɛ kronkron nsen sɛnea ɛte no. Ɛyɛ kronkron dedaw. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi atew ho? Yesaia kae sɛ: “Asafo Yehowa, ɔno na mummu no kronkron.” Na Yehowa ankasa kaa ne nkurɔfo ho asɛm sɛ: “Wɔbɛtew me din ho . . . , na wobesuro Israel Nyankopɔn.” ( Yes. 8:​13; 29:​23) Enti, yɛtew Onyankopɔn din ho bere a yebu edin no sɛ ɛyɛ soronko na ɛkorɔn sen edin biara, bere a yegye onii a edin no gyina hɔ ma no no tom, ne bere a yɛboa afoforo ma wogye edin no tom sɛ ɛyɛ kronkron no. Yɛda no adi paa sɛ yɛwɔ osuro pa ne nidi soronko ma Onyankopɔn din no bere a yegye Yehowa tom sɛ yɛn Sodifo na yefi yɛn koma nyinaa mu tie no no.​—Mmeb. 3:1; Adi. 4:11.

Wosiesiee Wɔn De Onyankopɔn Din Too Wɔn So na Wɔmaa So

7, 8. (a) Dɛn nti na bere bi twaam ansa na Onyankopɔn nkurɔfo tumi de ne din too wɔn ho so? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho seesei?

7 Efi afe 1870 mfe no mu na Onyankopɔn asomfo de Onyankopɔn din adi dwuma wɔ wɔn nhoma ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban a ɛbae August 1879 ne Songs of the Bride a ɛyɛ dwom nhoma a wotintimii wɔ saa afe no ara mu no de edin Yehowa dii dwuma. Nanso, ɛte sɛ nea ansa na Yehowa rema kwan ma ne nkurɔfo de ne din kronkron no ato wɔn ho so no, ɔhwɛe sɛ wɔfata ansa na ɔrema kwan ma wɔayɛ saa. Dɛn na Yehowa yɛe de siesiee saa Bible Asuafo no ma wɔfatae sɛ wɔbɛfa ne din ato wɔn ho so?

8 Sɛ yɛsan susuw nea ɛkɔɔ so wɔ afe 1800 mfe no awiei ne afe 1900 mfe no mfiase ho a, yehu sɛnea Yehowa maa ne nkurɔfo nyaa nokwasɛm a ɛho hia a ɛfa ne din ho no ho ntease a edi mũ. Momma yensusuw saa nokwasɛm yi mu abiɛsa ho nhwɛ.

9, 10. (a) Dɛn nti na Ɔwɛn-Aban ahorow a wodii kan tintimii no mu nsɛm twee adwene sii Yesu so kɛse? (b) Efi afe 1919 reba no, nsakrae bɛn na ɛbae, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Sɛnea Ɔwɛn-Aban no Ama Onyankopɔn Din So” no nso.)

9 Nea edi kan, Yehowa asomfo benyaa sɛnea Onyankopɔn din ho hia no ho adwene a ɛfata. Ná saa Bible Asuafo anokwafo no bu agyede nhyehyɛe no sɛ ɛno ne Bible nkyerɛkyerɛ titiriw. Ɛno nti Ɔwɛn-Aban no twee adwene sii Yesu so mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, afe a edi kan a wotintim nsɛmma nhoma no, mpɛn dodow a ɛbɔɔ Yesu din no boro Yehowa de so mpɛn du. Bere a March 15, 1976, Ɔwɛn-Aban no reka Bible Asuafo no mfiase ho asɛm no, ɛkae sɛ, Bible Asuafo no de “nidi a ɛboro so” maa Yesu din no. Nanso, bere bi akyi no, Yehowa boaa wɔn ma wohuu sɛnea Bible de Onyankopɔn din di dwuma kɛse. Saa asɛm no kaa Bible Asuafo no koma dɛn? Saa Ɔwɛn-Aban no ara kae sɛ, efi afe 1919 reba titiriw na “wofii ase de nidi kɛse maa Yehowa, Mesia no soro Agya” no. Nokwasɛm ne sɛ, efi afe 1920 besi 1929 no, Ɔwɛn-Aban no de Onyankopɔn din dii dwuma bɛboro mpɛn 6,500!

10 Bere a yɛn nuanom de Yehowa din dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so no, wɔdaa no adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn din no. Sɛnea Mose a ɔtenaa ase tete yɛe no, wɔn nso fii ase ‘bɔɔ Yehowa din.’ (Deut. 32:3; Dw. 34:3) Sɛnea Yehowa ahyɛ bɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, ɔno nso huu ɔdɔ a wɔdaa no adi wɔ ne din ho no, na ɔdom wɔn.​—Dw. 119:​132; Heb. 6:10.

11, 12. (a) Wɔ afe 1919 akyi bere tiaa bi no, nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ yɛn nhoma ahorow mu? (b) Dɛn na na Yehowa retwe ne nkurɔfo adwene asi so, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa?

11 Nea ɛto so abien, nokware Kristofo tee adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ase yiye. Wɔ afe 1919 akyi bere tiaa bi no, anuanom a wɔasra wɔn a na wodi asafo no anim no hwehwɛɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mu. Ɛno akyi no, wɔyɛɛ nsakrae wɔ nsɛm a wɔde ba yɛn nhoma ahorow mu no mu. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ saa nsakrae a wɔyɛe no yɛ ‘aduan a wɔde mae wɔ bere a ɛsɛ mu’?​—Mat. 24:45.

12 Ansa na afe 1919 reba no, na Ɔwɛn-Aban no mfaa Yesaia asɛm a edi hɔ no ho nkyerɛkyerɛmu mmae da. Yesaia kae sɛ: “Yehowa . . . asɛm ni: ‘Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no.’ ” (Monkenkan Yesaia 43:​10-12.) Nanso, wɔ afe 1919 akyi bere tiaa bi no, wofii ase twee adwene sii saa Bible mu asɛm no so wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Wɔhyɛɛ wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wonni ne ho adanse no. Nokwarem no, efi afe 1925 besi afe 1931 mu nkutoo no, wosusuw Yesaia ti 43 no ho wɔ Ɔwɛn-Aban ahorow 57 mu, na emu biara kyerɛe sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no fa nokware Kristofo ho. Ɛda adi pefee sɛ, wɔ saa mfe no mu no, na Yehowa retwe n’asomfo adwene asi adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ so. Dɛn ntia? Ɔkwan bi so no, na ɛbɛma ‘wɔasɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔfata’ anaa. (1 Tim. 3:​10) Ansa na Bible Asuafo no betumi de Onyankopɔn din ato wɔn ho so ma afata no, na ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa hu sɛ wɔn nnwuma da no adi sɛ wɔyɛ n’adansefo ankasa.​—Luka 24:​47, 48.

13. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no ma wohuu asɛm a ɛho hia sen biara a na ɛsɛ sɛ wɔma obiara hu no?

13 Nea ɛto so abiɛsa, Yehowa nkurɔfo behuu sɛnea ɛho hia sɛ wɔtew Onyankopɔn din ho. Wɔ afe 1920 mfe no mu no, wobehui sɛ asɛm a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ wɔma obiara hu ne Onyankopɔn din a wɔbɛtew ho. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no ma wohuu saa nokwasɛm titiriw no? Momma yensusuw nhwɛso abien ho nhwɛ. Dɛn paa nti na Onyankopɔn gyee Israelfo fii Egyptfo nsam? Yehowa kae sɛ: “Na nnipa abɔ me din asase nyinaa so.” (Ex. 9:​16) Na dɛn nti na bere a Israelfo tew Yehowa so atua no ohuu wɔn mmɔbɔ? Yehowa san kae sɛ: ‘Mebɔɔ me din ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho rengu fĩ wɔ aman no anim.’ (Hes. 20:​8-10) Dɛn na Bible Asuafo no sua fii saa kyerɛw nsɛm no ne Bible mu nsɛm foforo mu?

14. (a) Bere a eduu afe 1920 mfe no awiei no, na dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo abehu? (b) Ntease a emu dɔ a Bible Asuafo no nyae no kaa asɛnka adwuma no dɛn? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Ade Titiriw Nti a Yɛka Asɛm No” nso.)

14 Bere a eduu afe 1920 mfe no awiei no, na Onyankopɔn nkurɔfo ate asɛm a Yesaia aka bɛyɛ mfe 2,700 a atwam no ase. Yesaia kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wudii wo man anim maa wo din ho baa nyam.”Yes. 63:​14) Bible Asuafo no behui sɛ Onyankopɔn din a wɔbɛtew ho no ne ade a ɛho hia titiriw, na ɛnyɛ nkwa a wɔn ankasa benya. ( Yes. 37:​20; Hes. 38:​23) Wɔ afe 1929 mu no, Prophecy nhoma no bɔɔ saa nokwasɛm no mua sɛ: “Yehowa din a wɔbɛtew ho no ne ade a ɛho hia sen biara a ɛda abɔde nyinaa anim.” Saa ntease foforo yi san hyɛɛ Onyankopɔn asomfo nkuran sɛ wonni Yehowa ho adanse, na wonyi ahohorabɔ biara a aba ne din so no mfi hɔ.

15. (a) Eduu afe 1930 mfe no mu no, na dɛn na yɛn nuanom ahu? (b) Ná bere bɛn na adu?

15 Eduu afe 1930 mfe no mfiase no, na yɛn nuanom ahu sɛnea Onyankopɔn din ho hia, ate adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ase yiye, na na wɔanya sɛnea ɛho hia sɛ wɔtew Onyankopɔn din ho no ho ntease ankasa. Afei, na bere adu sɛ Yehowa ma kwan ma n’asomfo fa ne din to wɔn ho so. Momma yensusuw nsɛm bi a esisii wɔ bere bi a atwam ho na yenhu nea ɛyɛe a etumi baa saa.

Yehowa Yii ‘Nnipa Bi Maa Ne Din’

16. (a) Ɔkwan titiriw bɛn na Yehowa fa so ma ne din so? (b) Tete no, henanom na Onyankopɔn dii kan de ne din too wɔn so?

16 Ɔkwan titiriw a Yehowa fa so ma ne din so ne sɛ ɔpaw nnipa bi wɔ asase so de ne din to wɔn so. Afe 1513 A.Y.B. mu akyi no, Israelfo na wɔbɛyɛɛ Yehowa nkurɔfo. ( Yes. 43:​12) Nanso, wɔanni apam a Onyankopɔn ne wɔn yɛe no so, na wɔhweree saa abusuabɔ soronko no wɔ afe 33 Y.B. mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yehowa ‘danee n’ani baa amanaman no so yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din.’ (Aso. 15:​14) Wɔbɛfrɛɛ saa nkurɔfo a wɔapaw wɔn foforo no “Onyankopɔn Israel,” wɔyɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn a wofi aman ahorow so.​—Gal. 6:16.

17. Dɛn na Satan tumi yɛe?

17 Wɔ bɛyɛ afe 44 Y.B. mu no, wɔbɛfrɛɛ Kristo asuafo no “Kristofo wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase.” (Aso. 11:​26) Mfiase no, na saa din no da nsow, efisɛ sɛ wɔka sɛ Kristofo a, na nokware Kristofo nkutoo na adwene kɔ wɔn so. (1 Pet. 4:​16) Nanso, sɛnea Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no ma yehu no, Satan ma wotumi de edin a ɛda nsow a ɛne Kristofo no frɛɛ atoro Kristofo nyinaa nso. Enti, wɔ mfehaha pii mu no, na wonhu nsonsonoe a ɛda nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam no yiye. Nanso, bere a “otwabere” no fii ase wɔ afe 1914 mu no, nneɛma fii ase sesae. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, abɔfo fii ase yiyii atoro Kristofo no fii nokware Kristofo no mu.​—Mat. 13:​30, 39-41.

18. Dɛn na ɛmaa yɛn nuanom hui sɛ ehia sɛ wonya edin foforo?

18 Bere a wɔpaw akoa nokwafo no wɔ afe 1919 mu no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wohuu adwuma a na ɔde ahyɛ wɔn nsa no. Ntɛm ara na wohui sɛ afie afie asɛnka no ma wɔda nsow wɔ atoro Kristofo no ho. Bere a wonyaa saa ntease no, ankyɛ koraa na wohui sɛ edin “Bible Asuafo” no mma wɔnna nsow yiye. Na ɛnyɛ wɔn botae titiriw ara ne sɛ wobesua Bible no, na mmom sɛ wobedi Onyankopɔn ho adanse na wɔahyɛ ne din anuonyam na wɔama ne din so. Sɛ ɛte saa a, ɛnde edin bɛn na na ɛbɛfata adwuma a wɔreyɛ no? Wonyaa saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ afe 1931 mu.

Nhyiam dwumadi nhyehyɛe krataa, 1931

19, 20. (a) Mpaemuka a ɛyɛ anigye bɛn na wɔyɛe wɔ nhyiam bi ase wɔ afe 1931 mu? (b) Yɛn nuanom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ edin foforo a yenyae no ho?

19 Wɔ July 1931 no, Bible Asuafo bɛyɛ 15,000 kɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Columbus, Ohio, U.S.A. Bere a anuanom huu nkyerɛwde akɛse abien, J ne W a na wɔatintim wɔ ɔmantam nhyiam no dwumadi nhyehyɛe no anim no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Wodwinnwen ho sɛ, ‘Saa nkyerɛwde yi kyerɛ dɛn?’ Ebinom ka sɛɛ; na afoforo nso aka sɛɛ. Afei, Kwasida, July 26 no, Onua Joseph Rutherford de mpaemuka bi too gua a na asɛm a tumi wom yi ka ho sɛ: “Yɛpɛ sɛ wɔfrɛ yɛn Yehowa adansefo (Jehovah’s witnesses, wɔ Borɔfo mu).” Saa bere no, atiefo no nyinaa behui sɛ saa nkyerɛwde a na wonhu nea ɛkyerɛ no gyina hɔ ma Yehowa Adansefo, edin a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a egyina Yesaia 43:​10 so.

20 Atiefo no gyee saa mpaemuka no toom bɔɔ wɔn nsam bere tenteenten. Aman a ɛwɔ akyirikyiri tee anigye a wɔde bɔ gyee so wɔ Columbus no wɔ radio so! Ernest ne Naomi Barber a na wɔwɔ Australia kae sɛ: “Bere a wɔbɔ gyee so wɔ Amerika no, anuanom a wɔwɔ Melbourne nso sɔre gyinaa hɔ kɔɔ so bɔɔ wɔn nsam. Yɛn werɛ remfi da!” a

Wɔrema Onyankopɔn Din so Wɔ Wiase Nyinaa

21. Ɔkwan bɛn so na edin foforo no ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no kɛse?

21 Edin Yehowa Adansefo a Onyankopɔn nkurɔfo fae a egyina Kyerɛwnsɛm no so ma wonyaa ahoɔden foforo de yɛɛ asɛnka adwuma no. Awarefo bi a na wɔyɛ akwampaefo wɔ United States, Edward ne Jessie Grimes, a wɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus wɔ afe 1931 no bi no kae sɛ: “Bere a yɛrefi yɛn kurom akɔ no na yɛyɛ Bible Asuafo, nanso yɛresan aba no na yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛn ani gyei paa sɛ afei de na yɛanya edin a ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn Nyankopɔn no din anuonyam.” Saa nhyiam no akyi no, Adansefo binom faa ɔkwan foforo bi so hyɛɛ Onyankopɔn din anuonyam. Wɔde krataa bi a wɔakyerɛw asɛm bi wɔ so na na ɛda wɔn ho adi kyerɛ afiewuranom. Ná wɔakyerɛw krataa no so sɛ: “Meyɛ YEHOWA dansefo, na mereka YEHOWA yɛn Nyankopɔn no Ahenni ho asɛm.” Nokwarem no, Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei sɛ Yehowa din da wɔn so, na na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma nkurɔfo a wɔwɔ baabiara ahu nea edin no kyerɛ.​—Yes. 12:4.

“Bere a yɛrefi yɛn kurom akɔ no na yɛyɛ Bible Asuafo, nanso yɛresan aba no na yɛyɛ Yehowa Adansefo”

22. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo da nsow kɛse?

22 Mfe pii ni a Yehowa kaa yɛn nuanom a wɔasra wɔn no koma ma wɔfaa edin soronko no too wɔn ho so. Efi afe 1931 reba no, so Satan atumi ama Onyankopɔn nkurɔfo din no so akata? So watumi ayɛ ma nkurɔfo nhu nsonsonoe a ɛwɔ yɛne ɔsom afoforo ntam anaa? Dabida! Mmom no, ɛnnɛ paa na yɛada nsow kɛse sɛ Onyankopɔn adansefo. (Monkenkan Mika 4:5; Malaki 3:​18.) Nokwasɛm ne sɛ, wɔde Onyankopɔn din no nim yɛn araa ma nnɛ wobu obiara a ɔtaa bɔ Onyankopɔn din no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo. Ɛmfa ho sɛ atoro som abu so nnɛ no, entumi nkataa Yehowa som so, mmom no, nokware som ‘ase atim mmepɔw atifi.’ ( Yes. 2:2) Ɛnnɛ, wɔama Yehowa som ne ne din kronkron no so ampa.

23. Sɛnea Dwom 121:5 kyerɛ no, Yehowa ho nokwasɛm titiriw bɛn na ɛhyɛ yɛn den kɛse?

23 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ yɛn den sɛ yebehu sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban wɔ nhyɛso a Satan de ba yɛn so nnɛ ne nea ɔde bɛba daakye no ho! (Dw. 121:5) Ntease wom paa sɛ yɛbɛka asɛm a odwontofo no kae no bi sɛ: “Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa, ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.”​—Dw. 33:12.

a Hwɛ radio a wɔde dii dwuma saa no ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 7, kratafa 72-74.