Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 5

Ɔhene no Maa Hann Hyerɛn Ahenni no So

Ɔhene no Maa Hann Hyerɛn Ahenni no So

NEA TI YI KA HO ASƐM

Onyankopɔn nkurɔfo behuu Ahenni no ho nokwasɛm atitiriw bi a ɛfa wɔn a wobedi tumi wɔ mu, wɔn a ebedi wɔn so, ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de di Ahenni no nokware no ho

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔkwankyerɛfo pa?

 FA NO sɛ wo ne nnipa bi akɔ nsrahwɛ wɔ kurow bi a ɛso yɛ fɛ mu, na ɔkwankyerɛfo bi a onim kurom hɔ yiye na odi mo anim de mo rehwehwɛ hɔ. Munnim kurom hɔ, enti moawɛn mo aso retie asɛm biara a ɔkwankyerɛfo no reka no. Esiane sɛ mo ho repere mo nti, mudu baabi a na morebisa nneɛma bi a ɛwɔ kurow no mu a munnya nhui ho asɛm. Nanso, sɛ mubisa ɔkwankyerɛfo no a, ɔnka hwee, na mpɛn pii no, ɔtwɛn kosi bere a moreyɛ abɛn ade a morebisa ho asɛm no ansa na waka ho asɛm. Bere rekɔ so no, sɛnea ɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu ma emu da hɔ no ma mo ani gye ne ho kɛse, efisɛ ɔka nneɛma a mopɛ sɛ muhu no ho asɛm kyerɛ mo wɔ bere a ɛfata mu.

2 Tebea a nokware Kristofo wom no te sɛ nsrahwɛfo no pɛpɛɛpɛ. Yɛde ahopere resua kurow bi a ɛyɛ fɛ sen biara ho ade. Saa “kurow a ɛwɔ fapem ankasa” no ne Onyankopɔn Ahenni no. (Heb. 11:​10) Bere a Yesu wɔ asase so no, n’ankasa kyerɛɛ n’akyidifo no kwan, na ɔboaa wɔn ma wonyaa Ahenni no ho nimdeɛ a emu dɔ. So obuaa Ahenni no ho nsɛm a wobisaa no no nyinaa, na ɔkaa ho nsɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ? Dabi. Ɔkae sɛ: “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei.” ( Yoh. 16:​12) Esiane sɛ Yesu yɛ ɔkwankyerɛfo pa sen biara nti, wanka nsɛm a n’asuafo no ntumi nsoa anaa wɔnte ase ankyerɛ wɔn da.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu akɔ so akyerɛkyerɛ nnipa anokwafo Onyankopɔn Ahenni no ho ade? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

3 Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 16:​12 no wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu. Wɔ ne wu akyi no, na ɔbɛyɛ dɛn akɔ so akyerɛkyerɛ nnipa anokwafo ma wɔahu Onyankopɔn Ahenni no? Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: ‘Nokware no honhom no bɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.’ ( Yoh. 16:​13) Yebetumi de honhom kronkron atoto ɔkwankyerɛfo a ɔwɔ abotare ho. Yesu nam honhom no so na ɔkyerɛkyerɛ ade biara a ehia sɛ n’akyidifo hu wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho, na ɔyɛ saa wɔ bere a ɛfata mu.

4 Momma yensusuw sɛnea Yehowa honhom kronkron akɔ so akyerɛ Kristofo anokwafo kwan ma wɔanya Ahenni no ho nimdeɛ pii no ho. Nea edi kan, yebesusuw nea ɛma yebehuu bere a Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi no ho. Ɛno akyi no, yebesusuw wɔn a wobedi tumi wɔ Ahenni no mu ne wɔn a Ahenni no bedi wɔn so ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn no ho. Nea etwa to, yebehu nea ɛmaa Kristo akyidifo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔakɔ so adi Ahenni no nokware no yiye.

Sɛnea Wobehuu Afe Titiriw No

5, 6. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na na Bible Asuafo no kura wɔ bere a wɔde Ahenni no besi hɔ ne otwa bere no ho? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ saa adwene a ɛnteɛ no ma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã sɛ ɛnyɛ Yesu na na ɔrekyerɛ n’akyidifo kwan?

5 Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, Bible Asuafo no de mfe pii kae sɛ afe 1914 bɛyɛ afe titiriw a Bible nkɔmhyɛ benya mmamu. Saa bere no, na wogye di sɛ Kristo mmae no afi ase wɔ afe 1874 mu, na ofii ase dii tumi wɔ soro wɔ afe 1878 mu, nanso October 1914 mu na na Ahenni no befi ase adi tumi ankasa. Ná wosusuw sɛ otwa adwuma no befi ase afe 1874 akosi afe 1914, na ɛbɛkɔ akowie sɛ wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no ano akɔ soro. Saa adwene a ɛnteɛ a na anokwafo no kura nti, so yɛn adwenem yɛ yɛn nãã sɛ ɛnyɛ honhom kronkron so na na Yesu nam rekyerɛ wɔn kwan?

6 Ɛnte saa koraa! Momma yɛnsan nsusuw mfatoho a yɛde fii saa ti yi ase no ho nhwɛ. So nsrahwɛfo no ho a na ɛrepere wɔn sɛ wobehu nneɛma bi ne nsɛm a na wɔrebisabisa no kyerɛ sɛ wonnye nni sɛ ɔkwankyerɛfo no betumi de wɔn akyinkyin kurom hɔ anaa? Dabida! Saa ara na ɛwom sɛ, ɛtɔ mmere bi a Onyankopɔn nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wobehu Yehowa atirimpɔw bi mu ansa na bere adu sɛ honhom kronkron bɛma wɔahu saa nsɛm no de, nanso ɛda adi sɛ Yesu na odi wɔn anim. Enti, nnipa a wɔyɛ anokwafo ma kwan ma wɔteɛteɛ wɔn, na wɔbrɛ wɔn ho ase yɛ nsakrae wɔ adwene a wokura ho.​—Yak. 4:6.

7. Honhom fam hann bɛn na woyii no adi kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo?

7 Wɔ afe 1919 akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo nyaa honhom fam hann anaa n’asɛm mu nimdeɛ pii. (Monkenkan Dwom 97:​11.) Wɔ afe 1925 mu no, wotintim asɛntitiriw bi wɔ Ɔwɛn-Aban no mu a na asɛmti ne “Ɔman no Awo.” Ɛde nkyerɛkyerɛmu a edi mũ a egyina Kyerɛwnsɛm so mae de kyerɛe sɛ wɔwoo Mesia Ahenni no wɔ afe 1914 mu. Eyi maa nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn ɔsoro bea a na ɔbɛwo a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 12 no baa mu. a Asɛm no kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɔtaa ne amanehunu a Yehowa asomfo hyiae wɔ ɔko no mu no di adanse pefee sɛ wɔatow Satan afi soro aba asase so, na “ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”​—Adi. 12:12.

8, 9. (a) Ɛyɛɛ dɛn na wobehui sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ɛho hia paa? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

8 Ahenni no ho hia dɛn? Wɔ afe 1928 mu no, Ɔwɛn-Aban no fii ase sii so dua sɛ, Ahenni no ho hia koraa sen nkwagye a yɛnam agyede no so benya no. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa nam Mesia Ahenni no so na ɔbɛtew ne din ho, ɔnam so bɛma obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, na ɔnam so bɛma n’atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no nyinaa abam.

9 Henanom na wɔne Kristo bedi ade wɔ saa Ahenni no mu? Henanom na wɔbɛtena asase so ma Ahenni no adi wɔn so? Na adwuma bɛn na Kristo akyidifo bɛyɛ?

Wɔde Adwene Sii Wɔn a Wɔasra Wɔn no So Wɔ Otwa Adwuma no Mu

10. Ntease bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo fi bere tenten anya wɔ 144,000 no ho?

10 Mfe pii ansa na afe 1914 reba no, na nokware Kristofo ahu dedaw sɛ Kristo akyidifo anokwafo 144,000 na wɔne no bedi ade wɔ soro. b Saa Bible Asuafo no hui sɛ nnipa a wɔn dodow yɛ 144,000 ankasa na wɔbɛkɔ soro, na wofii ase paw wɔn wɔ asomafo no bere so.

11. Ɛyɛɛ dɛn na wɔn a wɔbɛyɛ Kristo ayeforo no de nkakrankakra behuu adwuma a wɔbɛyɛ wɔ asase so no?

11 Nanso, adwuma bɛn na na wɔde ahyɛ wɔn a wɔbɛyɛ Kristo ayeforo no nsa wɔ bere a wɔda so wɔ asase so no? Wohui sɛ Yesu asi asɛnka adwuma no so dua, na wakyerɛ sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no wɔ otwabere no mu. (Mat. 9:​37; Yoh. 4:​35) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, bere bi na wogye di sɛ otwabere no bedi mfirihyia 40, na wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no ano akɔ soro bere a saa mfe no reba awiei no. Nanso, bere a mfirihyia 40 no twaam a adwuma no amma awiei no, na ɛsɛ sɛ wɔde nkyerɛkyerɛmu foforo ma. Seesei, yenim sɛ otwa adwuma no​—bere a wobeyiyi awi no afi nwura bɔne no mu, kyerɛ sɛ, wobeyi nokware Kristofo a wɔasra wɔn no afi atoro Kristofo mu no​—fii ase wɔ afe 1914 mu. Afei, na bere adu sɛ wɔboaboa wɔn a wɔbɛkɔ soro a wɔaka no ano!

Afe 1914 na wofii otwa adwuma no ase (Hwɛ nkyekyɛm 11)

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun du ne mmɛnnaa ho no anya mmamu wɔ nna a edi akyiri yi mu?

12 Efi afe 1919 reba no, Kristo kɔɔ so kyerɛɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no kwan ma wɔhyɛɛ asɛnka adwuma no ho nkuran kɛse. Ɔde saa adwuma no mae wɔ asomafo no bere so. (Mat. 28:​19, 20) Ɔsan nso kyerɛɛ su ahorow a n’akyidifo a wɔasra wɔn no behia na ama wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no. Ɔkwan bɛn so? Wɔ Yesu mfatoho bi a ɛfa mmaabun du ho mu no, ɔkyerɛe sɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bɛkɔ ayeforohyia apontow kɛse a ɛbɛkɔ so wɔ soro, bere a wɔbɛka Kristo ne ‘n’ayeforo’ a wɔyɛ 144,000 no abom no bi a, ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔkɔ so wɛn wɔ Onyankopɔn som mu. (Adi. 21:2) Afei nso, wɔ mmɛnnaa no ho mfatoho no ho mu no, Yesu kyerɛe sɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no de nsi bɛyɛ asɛnka adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no.​—Mat. 25:​1-30.

13 Wɔ mfe ɔha a atwam no, wɔn a wɔasra wɔn no ada no adi sɛ wɔn ani da hɔ na wɔyɛ nsi. Saa a wɔayɛ nti, wobenya akatua ɔkwan biara so! Nanso, so 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no mufo a wɔaka no nkutoo na wɔbɛboaboa wɔn ano wɔ otwa adwuma kɛse no mu?

Wɔboaboaa Wɔn a Ahenni no Bedi Wɔn So Wɔ Asase So no Ano!

14, 15. Akuw anan bɛn na The Finished Mystery nhoma no kaa wɔn ho asɛm?

14 Ná mmarima ne mmea anokwafo fi bere tenten abɔ mmɔden paa sɛ wobehu “nnipakuw kɛse” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:​9-14 no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, bere a aka kakra ma Kristo ada saa nnipakuw kɛse no adi no, nsɛm a wɔka faa wɔn ho no yɛ soronko koraa wɔ nokware a emu da hɔ a yɛahu nnɛ, na yɛn ani gye ho no ho.

15 Wɔ afe 1917 mu no, The Finished Mystery nhoma no kae sɛ “wɔn a wobenya nkwa wɔ Ɔsoro no yɛ kuw abien, na kuw abien nso na wobenya nkwa wɔ asase so.” Henanom na na wɔwɔ akuw anan a ɛsono nkwagye ho anidaso a wɔn mu biara wɔ no mu? Kuw a edi kan no ne 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no. Kuw a ɛto so abien no ne nnipakuw kɛse no. Saa bere no, na Bible Asuafo no susuw sɛ kuw a ɛto so abien no mufo no yɛ nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔda so ara wɔ Kristoman asɔre ahorow no mu no. Ná wogye di sɛ saa nkurɔfo no wɔ gyidi kakra nanso wɔn gyidi no mu nyɛ den a ɛbɛma wɔakura wɔn mudi mu pintinn. Enti, na wɔbɛma wɔn dibea a ɛba fam wɔ ɔsoro. Ɛdefa asase ho no, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ kuw a ɛto so abiɛsa no mufo no yɛ “anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba,” te sɛ Abraham, Mose, ne wɔn a wɔaka no, na wobedi kuw a ɛto so anan no mufo, a wɔyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa no so.

16. Honhom fam hann bɛn na epuei wɔ afe 1923 ne afe 1932 mu?

16 Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron kyerɛɛ Kristo akyidifo kwan ma wobenyaa ntease a yɛwɔ nnɛ no? Wɔnam honhom fam hann a wɔdaa no adi nkakrankakra so na enyaa saa ntease no. Afe 1923 mu tɔnn na Ɔwɛn-Aban no kaa kuw bi a wonni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro na mmom wɔbɛtena asase so wɔ Kristo nniso ase ho asɛm. Wɔ afe 1932 mu no, Ɔwɛn-Aban no kaa Yonadab ( Yehonadab) a ɔde ne ho kɔbɔɔ Israel hene Yehu a na Onyankopɔn asra no sɛ ɔnko ntia atoro som no ho asɛm. (2 Ahe. 10:​15-17) Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, nnipakuw bi wɔ hɔ nnɛ a wɔte sɛ Yonadab, na ɛde kaa ho sɛ, saa kuw yi na Yehowa “de wɔn betwa Harmagedon” ma wɔatena asase so ha.

17. (a) Honhom fam hann kɛse bɛn na epuei wɔ afe 1935 mu? (b) Nnipakuw kɛse no ho ntease foforo a nokware Kristofo nyae no kaa wɔn dɛn? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Asɛm a Ɛmaa Akomatɔyam Kɛse” no.)

17 Wɔ afe 1935 mu no, honhom fam hann kɛse bi puei. Wobehui wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Washington, D.C. no ase sɛ, nnipakuw kɛse no yɛ wɔn a wɔbɛtena asase so, na wɔn ara ne nguan a wɔwɔ Yesu mfatoho a ɛfa nguan ne mmirekyi ho mu no. (Mat. 25:​33-40) Nnipakuw kɛse no bɛka “nguan foforo” no ho. Wɔn na Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba.” ( Yoh. 10:​16) Bere a J. F. Rutherford a na ɔrema ɔkasa no kae sɛ: “Yɛsrɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no nsɔre nnyina hɔ no,” atiefo no mu fã kɛse no ara sɔree! Ɔkae sɛ: “Monhwɛ! Nnipakuw kɛse no!” Asɛm yi kaa nnipa pii koma paa, efisɛ afei de, na wɔabehu anidaso a wɔwɔ.

18. Henanom na Kristo akyidifo de wɔn adwene asi wɔn so wɔ asɛnka adwuma no mu, na dɛn na afi mu aba?

18 Efi saa bere no, Kristo akyerɛ ne nkurɔfo kwan ma wɔde wɔn adwene asi wɔn a wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo a wɔbɛboaboa wɔn ano ma wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu no so. Mfiase no, na ɛte sɛ nea nnipa a wɔreboaboa wɔn ano no nnɔɔso koraa. Bere bi, Onua Rutherford kae mpo sɛ: “Ɛte sɛ nea ‘nnipakuw kɛse’ no dodow renyɛ kɛse biara.” Nanso, seesei yenim sɛnea Yehowa ahyira otwa adwuma no so kɛse fi saa bere no! Yesu ne honhom kronkron aboa wɔn a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” a wɔka wɔn ho no ma wɔabɛyɛ “kuw biako” sɛnea Yesu kae no, na wɔabom resom wɔ “ɔhwɛfo biako” akwankyerɛ ase.

Ná Onua Rutherford ntumi nhu sɛnea nnipakuw kɛse no dodow bɛyɛ (Efi benkum kɔ nifa: Nathan H. Knorr, Joseph F. Rutherford, ne Hayden C. Covington)

19. Dɛn na yebetumi ayɛ ma nnipakuw kɛse no dodow akɔ anim?

19 Nnipa anokwafo mu dodow no ara bɛtena Paradise wɔ asase so daa, na Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no adi wɔn so. So ɛnyɛ anigye sɛ yebedwinnwen sɛnea Kristo akyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo kwan ma wɔabenya daakye ho anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm no so ho? Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛka saa anidaso no ho asɛm akyerɛ afoforo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no! Nea ɛbɛyɛ na nnipakuw kɛse no dodow akɔ anim no, momma yɛmfa nsi nka asɛm no sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn kwan biara, na yɛnam so de ayeyi a ɛso bi nni ama Yehowa din!​—Monkenkan Luka 10:2.

Nnipakuw kɛse no dodow renya nkɔanim bere nyinaa

Nea Yɛbɛyɛ na Yɛakɔ So Adi Ahenni no Nokware

20. Nneɛma abiɛsa bɛn na ɛbom yɛ Satan ahyehyɛde no, na ɛfa nokware a Kristofo bedi ho dɛn?

20 Bere a na Onyankopɔn nkurɔfo gu so resua Ahenni no ho ade no, na ɛho hia paa nso sɛ wohu nea wɔyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wodi saa ɔsoro nniso no nokware. Eyi nti, wɔ afe 1922 mu no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, ahyehyɛde abien na ɛwɔ hɔ; Yehowa ahyehyɛde ne Satan ahyehyɛde. Nneɛma a ɛbom yɛ Satan ahyehyɛde no ne aguadi, nyamesom, ne amanyɔsɛm. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔtaa Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so akyi no de wɔn ho hyehyɛ Satan ahyehyɛde no afã biara mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so de twe wɔn ho fi Ahenni no ho. (2 Kor. 6:​17) Ɛno kyerɛ dɛn?

21. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na akoa nokwafo no de ama Onyankopɔn nkurɔfo wɔ aguadi ho? (b) Wɔ afe 1963 mu no, asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban no ka faa “Babilon Kɛse” no ho?

21 Akoa nokwafo no nam honhom fam aduan a wɔde ma yɛn no so ama yɛahu nsisi ne nyansakorɔn a ɛrekɔ so wɔ aguadi mu no, na wɔabɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ adedodowpɛ a abu so wɔ wiase no mu no ho. (Mat. 6:​24) Saa ara na yɛn nhoma ahorow akɔ so aka nyamesom a ɛno nso yɛ Satan ahyehyɛde no fã no ho asɛm. Wɔ afe 1963 mu no, Ɔwɛn-Aban no kaa no pefee sɛ, ɛnyɛ Kristoman nkutoo na ɛyɛ “Babilon Kɛse” no, na mmom atoro som a ɛwɔ wiase nyinaa na ɛbom yɛ Babilon Kɛse no. Enti, sɛnea yebehu ɛho nsɛm pii wɔ nhoma yi Ti 10 no, wɔaboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ aman ne mmusuakuw nyinaa mu ma ‘wɔafi Babilon Kɛse no mu,’ na wɔatew wɔn ho afi atoro som nneyɛe nyinaa ho.​—Adi. 18:​2, 4.

22. Wɔ Wiase Ko I no mu no, na Onyankopɔn nkurɔfo pii te asɛm a ɛwɔ Romafo 13:1 no ase dɛn?

22 Na Satan ahyehyɛde no fã a ɛno ne amanyɔsɛm no nso ɛ? So nokware Kristofo betumi de wɔn ho ahyehyɛ akodi ne akameakame a ɛkɔ so wɔ aman ahorow so no mu? Bere a Wiase Ko I no rekɔ so no, na ntease a Bible Asuafo no wɔ ne sɛ ɛnsɛ sɛ Kristo akyidifo kum wɔn yɔnko nnipa. (Mat. 26:​52) Nanso, anuanom pii tee asɛm a ɛwɔ Romafo 13:1 a ɛka sɛ yɛnyɛ osetie mma “atumfoɔ a wɔkorɔn” no ase sɛ wobetumi akɔ sraadi, ahyɛ asraafo ntade, na wɔakura akode mpo; nanso sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ wonkum wɔn atamfo a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔde tuo no kyerɛ wim.

23, 24. Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, na ntease bɛn na yɛwɔ wɔ Romafo 13:1 ho, na ntease a edi mũ paa bɛn na wɔboaa Kristo akyidifo no ma wonyae?

23 Bere a na Wiase Ko II rebobɔ ba wɔ afe 1939 mu no, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ ɔfã biara a Kristofo nni wɔ wiase no nsɛm mu no mu kɔɔ akyiri. Asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ akodi ne akameakame a ɛrekɔ so wɔ Satan wiase mu no mu koraa. Akwankyerɛ pa a ɛbae wɔ bere a ɛfata mu bɛn ara ni! Ɛno nti, Kristo akyidifo no anni mogyahwiegu pii a ɛkɔɔ so wɔ ɔko no mu no ho fɔ te sɛ amanaman no. Nanso, efi afe 1929 no, yɛn nhoma ahorow no fii ase kyerɛkyerɛɛ mu sɛ atumfoɔ a wɔkorɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Romafo 13:1 no mfa wiase sodifo no ho koraa, na mmom ɛfa Yehowa ne Yesu ho. Nanso, na yɛda so ara hia ɛho ntease a edi mũ.

24 Honhom kronkron kyerɛɛ Kristo akyidifo no kwan ma wonyaa ntease a ɛte saa wɔ afe 1962 mu. Saa bere no, wontintim nsɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ November 15 ne December 1 no mu de kyerɛkyerɛɛ Romafo 13:​1-7 no mu yiye. Afei, Onyankopɔn nkurɔfo bɛtee asɛm a na Yesu aka a nnipa pii nim no yiye a ɛfa atumfoɔ a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn ho no ase. Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Luka 20:​25) Seesei, nokware Kristofo te ase sɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no yɛ wiase atumfoɔ, na ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma wɔn. Nanso, wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn kodu baabi. Sɛ wiase atumfoɔ ka sɛ yɛnyɛ biribi a Yehowa Nyankopɔn mpɛ a, yɛyɛ yɛn ade te sɛ asomafo a wɔtenaa ase tete no. Wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:​29) Wɔ nhoma yi Ti 13 ne 14 no, yebesua nea enti a Onyankopɔn nkurɔfo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu ho ade pii.

Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛka daa nkwa ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo!

25. Dɛn nti na w’ani sɔ akwankyerɛ a honhom kronkron de ama yɛn ma yɛate Onyankopɔn Ahenni no ase no?

25 Wo de, susuw Ahenni no ho nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ Kristo akyidifo mfe ɔha a atwam ni no ho hwɛ. Yɛabehu bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro ne sɛnea Ahenni no ho hia no. Yɛahu anidaso abien a ɛwɔ hɔ ma nnipa anokwafo no yiye​—wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so. Na yenim nea yɛbɛyɛ de adi Onyankopɔn Ahenni no nokware ne ɔkwan a yɛbɛfa so abrɛ yɛn ho ase ama wiase atumfoɔ no sɛnea ɛfata. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ Yesu Kristo ankyerɛ akoa nokwafo a ɔwɔ asase so no kwan ma wante nokwasɛm ahorow yi ase amfa ankyerɛkyerɛ a, anka mɛyɛ dɛn ahu?’ Hwɛ nhyira ara a yɛanya sɛ Kristo ne honhom kronkron no rekyerɛ yɛn kwan!

a Ansa na saa bere no reba no, na wosusuw sɛ anisoadehu no fa ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ abosonsomfo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu ne Roma Katolek Asɔre no ntam no ho.

b Wɔ June 1880 mu no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ 144,000 no yɛ honam fam Yudafo a ebedu afe 1914 no na wɔabɛyɛ nokware Kristofo no. Nanso, wɔ afe 1880 awiei no, wotintim ntease foforo a wɔanya no, na ɛde besi nnɛ wɔnyɛɛ nsakrae kɛse biara wɔ saa ntease a wonyae no mu.