Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 7

Akwan a Yɛfa so Ka Asɛm No​—Akwan a Yɛafa so Aka Asɛm no Akyerɛ Nkurɔfo

Akwan a Yɛfa so Ka Asɛm No​—Akwan a Yɛafa so Aka Asɛm no Akyerɛ Nkurɔfo

NEA TI YI KA HO ASƐM

Onyankopɔn nkurɔfo afa akwan ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipadɔm

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akasa akyerɛ nnipadɔm bi? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo asuafo anokwafo adi ne nhwɛso akyi, na dɛn ntia?

 NÁ NNIPAKUW bi atwa Yesu ho ahyia wɔ ɔtare bi ho, nanso ɔforoo ɔkorow bi, na ɔtwe kɔɔ akyiri kakra. Dɛn ntia? Ná onim sɛ mframa a ɛwɔ nsu no so no bɛma ne nne agyigye kɛse ma nnipadɔm no atumi ate ne nsɛm no yiye.​—Monkenkan Marko 4:​1, 2.

2 Aka mfe bi ma wɔawo Ahenni no ne Ahenni no awo akyi no, Kristo asuafo anokwafo dii ne nhwɛso akyi, na wɔfaa abɛɛfo akwan so maa nnipa pii tee Ahenni no ho asɛmpa no. Bere a Onyankopɔn nkurɔfo hui sɛ mmere redan na mfiridwuma renya nkɔanim no, wɔkɔɔ so hwehwɛɛ akwan foforo a wɔbɛfa so aka asɛm no wɔ Ɔhene no akwankyerɛ ase. Yɛpɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi ansa na awiei no aba. (Mat. 24:​14) Ɛmfa ho mmeae a nkurɔfo te no, momma yensusuw akwan bi a yɛafa so aka asɛm no akyerɛ wɔn no ho nhwɛ. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua gyidi a wɔn a wɔtrɛw asɛmpa no mu wɔ Bible Asuafo no mmere so daa no adi no.

Akwan a Yɛfa so Ka Asɛm no Kyerɛ Nnipadɔm

3. Dɛn nti na atesɛm nkrataa a na yɛde di dwuma no hyɛɛ wɔn a wɔn ani nnye nokware no ho no abufuw?

3 Atesɛm nkrataa. Ná Onua Russell ne ne mfɛfo no atintim Ɔwɛn-Aban no fi afe 1879 mu, na na wɔnam so de Ahenni no ho asɛm akɔma nnipa pii. Nanso, aka mfe du ma afe 1914 aba no, ɛyɛɛ te sɛ nea Kristo ma wɔyɛɛ nsakrae wɔ akwan a wɔfa so ka asɛmpa no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛte. Saa nsakrae no fii ase wɔ afe 1903 mu. Saa afe no, Ɔbenfo E. L. Eaton a ɔkasa ma Protestantfo asɔfokuw bi a ɛwɔ Pennsylvania no ka kyerɛɛ Charles Taze Russell sɛ, ɔne no nhyia mu na obiara nkyerɛ n’adwene wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ahorow bi ho. Eaton kae wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Russell no mu sɛ: “Misusuw sɛ sɛ yehyiam wɔ baguam na yɛn mu biara kyerɛ n’adwene wɔ nsɛm a yɛn adwene nhyia wɔ ho no ho a, . . . ɔmanfo ani begye ho kɛse.” Russell ne ne mfɛfo no nso nyaa adwene sɛ ɔmanfo ani begye ho, enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde nea ɛbɛkɔ so no nyinaa bɛba atesɛm krataa a agye din a wɔfrɛ no The Pittsburgh Gazette no mu. Nnipa pii ani begyee saa nsɛm a na wɔde ba atesɛm krataa no mu no ho, na nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu ho nkyerɛkyerɛmu a Russell de mae no kaa nkurɔfo koma araa ma atesɛm krataa no kae sɛ wobetintim Russell kasa ahorow no dapɛn biara. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm no hyɛɛ wɔn a na wɔn ani nnye nokware no ho no abufuw!

Eduu afe 1914 no, na atesɛm nkrataa bɛboro 2,000 na wotintim Bible mu ɔkasa ahorow a Russell ma no

4, 5. Su bɛn na Russell daa no adi, na dɛn na wɔn a wɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no betumi ayɛ de asuasua no?

4 Ankyɛ koraa na atesɛm nkrataa pii ani begyee ho sɛ wobetintim Russell kasa ahorow no. Eduu afe 1908 no, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ wotintim Bible mu ɔkasa no wɔ “atesɛm nkrataa dubiako mu daa.” Nanso, anuanom bi a wonim atesɛm nkrataa tintim ho adwuma de nyansahyɛ bi maa Russell sɛ, sɛ oyi Asafo adwumayɛbea no fi Pittsburgh kɔ kurow a agye din mu a, atesɛm nkrataa pii betintim ne nsɛm a egyina Bible so no. Bere a Russell susuw saa afotu yi ne nsɛm foforo nso ho no, oyii adwumayɛbea no kɔɔ Brooklyn, New York, wɔ afe 1909 mu. Dɛn na efii mu bae? Bere a wotu kɔɔ hɔ asram kakraa bi akyi no, atesɛm nkrataa bɛyɛ 400 na na wotintim Russell kasa ahorow no, na na pii bɛka ho bere nyinaa. Eduu bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu no, na atesɛm nkrataa bɛboro 2,000 na wotintim ɔkasa ahorow a Russell ma, na na wotintim wɔ kasa ahorow anan mu!

5 Asuade titiriw bɛn na yenya fi nea Russell yɛe no mu? Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔama wɔn tumi wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nnɛ no bɔ mmɔden suasua Russell ahobrɛase no bi. Ɔkwan bɛn so? Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae titiriw bi a, susuw afotu a afoforo de ma wo no ho.​—Monkenkan Mmebusɛm 15:22.

6. Ɔkwan bɛn so na nokware no a wotintimii wɔ atesɛm nkrataa mu no kaa obi?

6 Ahenni no ho nokwasɛm a wotintimii wɔ saa atesɛm nkrataa no mu no sesaa nkurɔfo abrabɔ. (Heb. 4:​12) Nnipa pii a wodii kan huu nokware no wɔ atesɛm nkrataa mu no mu biako ne Onuawa Ora Hetzel a ɔbɔɔ asu wɔ afe 1917 mu no. Ora ka sɛ, “Mewaree akyi no, mekɔsraa me maame wɔ Rochester, Minnesota. Bere a miduu hɔ no, mihui sɛ me maame retwitwa nsɛm bi afi atesɛm krataa bi mu. Ná ɛyɛ ɔkasa ahorow a Russell ama. Me maame kaa nneɛma a wasua afi ɔkasa ahorow no mu kyerɛɛ me.” Ora gyee nokware no ho asɛm a ɔtee no toom, na ɔde mfe bɛyɛ aduosia kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm bere nyinaa.

7. Dɛn nti na wɔn a na wodi ahyehyɛde no anim no san susuw atesɛm nkrataa a wɔde di dwuma no ho?

7 Wɔ afe 1916 no, nneɛma atitiriw abien bi maa wɔn a wodi ahyehyɛde no anim no san susuw atesɛm nkrataa a wɔfa so trɛw asɛmpa no mu no ho. Nea edi kan no, Ɔko Kɛse a na ɛrekɔ so saa bere no ma ɛyɛɛ den sɛ wobenya nneɛma a wɔde tintim nhoma. Wɔ afe 1916 no, atesɛm nkrataa adwumayɛbea a ɛwɔ Britain baa dwumadibea no de nsɛnnennen a wɔrehyia ho amanneɛbɔ mae sɛ: “Seesei, atesɛm nkrataa bɛyɛ 30 pɛ na wotintim Bible mu ɔkasa ahorow no. Esiane sɛ nkrataa bo rekɔ so yɛ den nti, ɛrenkyɛ, atesɛm nkrataa no dodow so betumi atew koraa.” Nea ɛto so abien ne Onua Russell a owui wɔ October 31, 1916 no. Enti, Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ December 15, 1916 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Seesei a Onua Russell afi mu yi, yebegyae Bible mu ɔkasa a yɛde ba atesɛm nkrataa mu no koraa.” Ɛwom sɛ saa kwan a yɛfa so ka asɛm no baa awiei de, nanso akwan foforo te sɛ “Photo-Drama of Creation” no maa asɛmpa no mu kɔɔ so trɛwee kɛse.

8. Nnwuma bɛn na wɔyɛe wɔ “Photo-Drama of Creation” no ho?

8 Sini a wɔde di adanse. Russell ne ne mfɛfo no de mfe bɛyɛ abiɛsa na ɛyɛɛ “Photo-Drama of Creation” no ho adwuma, na woyii no adi wɔ afe 1914 mu. (Mmeb. 21:5) Ná Drama no yɛ ade foforo koraa. Ná ɛyɛ sini a nnipa ne mmoa kekã wɔn ho wom na wɔte wɔn nne nnyigyei, na na mfonini a ɛnkeka ne ho nso wom. Nnipa ɔhaha pii na wɔyɛɛ nsɛm a esisii wɔ Bible mu no ho ɔyɛkyerɛ ahorow ma wotwaa ho mfonini, na wotwaa mmoa nso mfonini kaa ho. Amanneɛbɔ bi a ɛbae wɔ afe 1913 mu no kae sɛ, “Sini no fã a ɛfa Noa ho a nnipa ne mmoa a wɔwom kekã wɔn ho na yɛte wɔn nne nnyigyei no de, wɔkɔɔ mmoa yɛmmea kɛse bi na wokotwaa mmoa pii mfonini de yɛe.” Nanso, sini no mu mfonini a ɛnkekã ne ho no de, mfoniniyɛfo a wɔwɔ London, New York, Paris, ne Philadelphia na wɔde wɔn nsa yɛɛ emu biara.

9. Dɛn nti na wɔde sika ne bere pii yɛɛ “Photo-Drama” no?

9 Dɛn nti na wɔde sika ne bere pii yɛɛ “Photo-Drama” no? Tirimbɔ bi a wɔyɛe wɔ afe 1913 nhyiam ahorow ase no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ade a agye Amerikafo adwene kɛse ne atesɛm nkrataa mu mfonini ahorow a ebi yɛ asereseresɛm ne sini ahorow a emu nnipa ne mmoa kekã wɔn ho no. Sɛnea ɔmanfo no ani agye saa nneɛma no ho kɛse ne sɛnea ama wɔate nneɛma ase wɔ akwan ahorow so no ama yɛahu sɛ ɛfata koraa sɛ yɛn a yɛyɛ asɛmpakafo a yɛde Bible kyerɛkyerɛ no de sini a emu nnipa ne mmoa kekã wɔn ho ne nea ɛnkekã ne ho bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.”

Atifi: Afiri a wɔde yi “Photo-Drama” no; ase hɔ: “Photo-Drama” no mu mfonini

10. Woyii “Photo-Drama” no kɔɔ akyiri koduu he?

10 Wɔ afe 1914 mu no, da biara na woyi “Photo-Drama” no wɔ nkurow 80 mu. Nnipa bɛyɛ ɔpepem awotwe na wɔhwɛɛ bi wɔ United States ne Canada. Saa afe no ara mu no, woyii “Photo-Drama” no wɔ Australia, Britain, Denmark, Finland, Germany, New Zealand, Norway, Sweden, ne Switzerland. Wɔsan yɛɛ saa sini yi foforo a na emu mfonini nnɔɔso; woyii mfonini no fã a nnipa ne mmoa a wɔwom kekã wɔn ho no fii mu, na na woyi wɔ nkurow nketewa mu. Ná wɔfrɛ sini no fã yi “Eureka Drama.” Ná ɛho ka nnɔɔso, na na ɛnyɛ den nso sɛ wode betu kwan. Eduu afe 1916 no, na wɔakyerɛ “Photo-Drama” no anaa “Eureka Drama” no ase kɔ Armeniafo, Dano-Norwegiafo, Francefo, Germanfo, Greecefo, Italiafo, Polandfo, Spainfo, ne Swedenfo kasa mu.

Wɔ afe 1914 no, woyii “Photo-Drama” no wɔ asa ahorow a nnipa ahyɛ so mã so

11, 12. Ɔkwan bɛn so na “Photo-Drama” no kaa aberante bi koma, na nhwɛso bɛn na ɔyɛe?

11 “Photo-Drama” a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Francefo kasa mu no kaa Charles Rohner, a na wadi mfe 18 no koma paa. Charles kae sɛ, “Woyii wɔ me kurom​—Colmar, Alsace, a ɛwɔ France. Mfiase pɛɛ na m’ani gyee Bible mu nokware a emu da hɔ a wɔdaa no adi no ho.”

12 Eyi nti, Charles bɔɔ asu wɔ afe 1922 mu, na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Nnwuma a wodii kan de hyɛɛ ne nsa no mu biako ne sɛ ɔbɛboa ma wɔayi “Photo-Drama” no akyerɛ nkurɔfo wɔ France. Bere a Charles reka nnwuma a wɔde maa no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔde nnwuma pii hyɛɛ me nsa a ebi ne sɛ memmɔ sanku, menhwɛ sika so, na mensan nhwɛ nhoma so. Wɔsan maa me adwuma sɛ menhwɛ mma atiefo nyɛ komm ansa na wɔafi dwumadi no ase. Ná yɛkyekyɛ nhoma nso bere a yɛregye yɛn ahome no. Afei na yɛde asa no fã bi hyɛ onua anaa onuawa biara a ɔwɔ hɔ nsa. Ná wɔn mu biara kura nhoma pii a ɔkyekyɛ ma atiefo a wɔwɔ ɔfã a wɔde ahyɛ ne nsa no. Afei nso, na apon a nhoma ayɛ so mã sisi asa no kwan biara ano.” Wɔ afe 1925 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Charles sɛ ɔmmɛsom wɔ Betel wɔ Brooklyn, New York. Wɔ hɔ no, wɔma odii nnwontofo a wɔwɔ radio adwumayɛbea a na wɔabue no foforo a wɔfrɛ no WBBR no anim. Sɛ yesusuw nhwɛso a Onua Rohner yɛe no ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So mayɛ krado sɛ megye dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ me nsa a ɛbɛma Ahenni nkrasɛm no mu atrɛw no atom?’​—Monkenkan Yesaia 6:8.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na wɔnam radio so trɛw asɛmpa no mu? (Hwɛ nnaka a nsɛmti ne “ Dwumadi Ahorow a Ɛkɔɔ so Wɔ WBBR” ne “ Nhyiam Titiriw Bi” no nso.)

13 Radio. Wɔ afe 1920 mfe no mu no, “Photo-Drama” dwumadi no fii ase kɔɔ fam, na radio bɛyɛɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so trɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu. Wɔ April 16, 1922 no, Onua Rutherford maa ɔkasa wɔ radio so wɔ Metropolitan Opera House a ɛwɔ Philadelphia, Pennsylvania. Ná eyi yɛ ɔkasa a ɛho hia paa. Nnipa bɛyɛ 50,000 na wotiee ne kasa a asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no. Ɛno akyi, wɔ afe 1923 no, wotiee nhyiam ase kasa wɔ radio so nea edi kan koraa. Wɔn a wodi ahyehyɛde no anim no sii gyinae sɛ, ɛyɛ papa sɛ yebebue yɛn ankasa radio adwumayɛbea de aka radio adwumayɛbea ahorow a wotua ho ka no ho. Enti, wobuee bi wɔ Staten Island, New York, na wɔtoo din WBBR; February 24, 1924, ne da a edi kan a wɔkasae wɔ so.

Wɔ afe 1922 no, nnipa bɛyɛ 50,000 na wotiee ɔkasa a asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no

14 Bere a Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1, 1924 no rekyerɛkyerɛ nea enti a wobuee WBBR no mu no, ɛkae sɛ: “Yegye di sɛ radio yɛ adwinnade a etu mpɔn sen biara na ɛho ka nso nnɔɔso koraa a yebetumi afa so atrɛw nokware no mu a yennya mfa nnii dwuma.” Afei ɛde kaa ho sɛ: “Sɛ Awurade pɛ sɛ yebue radio adwumayɛbea ahorow de trɛw nokware no mu a, n’ankasa bɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya sika de ayɛ saa.” (Dw. 127:1) Eduu afe 1926 no, na Yehowa nkurɔfo wɔ radio adwumayɛbea ahorow asia. Ná emu abien wɔ United States​—WBBR wɔ New York, ɛnna nea wɔfrɛ no WORD no bɛn Chicago. Ná anan a aka no wɔ Canada amantam​—Alberta, British Columbia, Ontario, ne Saskatchewan​—mu.

15, 16. (a) Asɔfo a na wɔwɔ Canada no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ dawuru a na yɛrebɔ wɔ radio so no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ radio so ne afie afie asɛnka adwuma no boa maa adwuma no kɔɔ so?

15 Kristoman mu asɔfo tee Bible mu nokware no ho dawuru a na yɛrebɔ wɔ radio so wɔ baabiara no. Albert Hoffman, a na onim adwuma a yɛyɛ wɔ radio adwumayɛbea a ɛwɔ Saskatchewan, Canada no kae sɛ: “Nnipa pii behuu Bible Asuafo no [sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no]. Wɔnam radio so dii adanse kɛse kosii afe 1928 mu. Saa bere no, asɔfo no hyɛɛ aban mpanyimfo ma wogyee Bible Asuafo no radio adwumayɛbea a ɛwɔ Canada nyinaa ho tumi krataa fii wɔn nsam.”

16 Ɛmfa ho sɛ wɔtotoo yɛn radio adwumayɛbea a ɛwɔ Canada nyinaa mu no, wɔkɔɔ so maa Bible mu ɔkasa wɔ radio adwumayɛbea a wotua ho ka no so. (Mat. 10:​23) Nea ɛbɛyɛ na nnipa pii atie ɔkasa ahorow no, wɔde radio adwumayɛbea ahorow a yetua sika ma wɔbɔ Bible mu nokware no ho dawuru no din baa Ɔwɛn-Aban ne The Golden Age (a seesei wɔfrɛ no Nyan!) no mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ adawurubɔfo kɔ afie afie asɛnka a wɔbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔatie ɔkasa ahorow no wɔ radio adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ wɔn mpɔtam no so. Dɛn na efii mu bae? Bulletin a ɛbae wɔ Jan­uary 1931 no kae sɛ: “Radio so dwumadi no ahyɛ anuanom nkuran paa wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Yɛn nsa aka amanneɛbɔ pii wɔ Betel sɛ nkurɔfo atie ɔkasa a yɛma wɔ radio so no, na esiane Bible mu ɔkasa a Onua Rutherford ma wɔ radio so no nti, wɔayɛ krado paa sɛ wobegye nhoma a yɛde ma wɔn no.” Bulletin no kaa ɔkasa ahorow a wɔma wɔ radio so ne afie afie adwuma no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akwan abien a etu mpɔn a Awurade ahyehyɛde no nam so retrɛw asɛmpa no mu.”

17, 18. Ɛwom sɛ nneɛma sesae de, nanso ɔkwan bɛn so na wɔkɔɔ so de radio dii dwuma?

17 Wɔ afe 1930 mfe no mu no, wɔsɔre tiaa dwumadi a yɛyɛ wɔ radio so tua ho ka no. Enti, ɛrekɔ afe 1937 awiei no, Yehowa nkurɔfo sakraa ɔkwan a wɔfa so ka asɛm no mu ma ɛne sɛnea na nneɛma rekɔ so no hyiae. Wogyaee ɔkasa ahorow a na wɔma wɔ radio so tua ho ka no, na wɔde wɔn adwene sii afie afie asɛnka no so kɛse. a Eyi nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so de radio dii dwuma kɛse de trɛw Ahenni no ho asɛm no mu kɔɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri ne mmeae a ɛyɛ den sɛ wɔbɛka asɛm no. Sɛ nhwɛso no, efi afe 1951 besi afe 1991 no, wɔkɔɔ so bɔɔ Bible mu ɔkasa wɔ radio adwumayɛbea bi a ɛwɔ West Berlin, Germany, so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔwɔ kan East Germany no bɛte Ahenni no ho asɛm no. Efi afe 1961 ne ɛno akyi bɛboro mfe aduasa no, wɔde simma 15 kaa Bible mu nokware no ho asɛm dapɛn biara wɔ ɔman no radio so wɔ Suriname a ɛwɔ Amerika Anafo fam no. Efi afe 1969 besi 1977 no, ahyehyɛde no kyeree Bible mu nsɛmti bɛboro 350 a wɔakyerɛkyerɛ mu guu mpaawa so de yɛɛ dwumadi bi wɔ radio so a na wɔato din “Kyerɛw Nyinaa Ye.” Wɔbɔɔ saa dwumadi yi ho dawuru wɔ radio adwumayɛbea 291 so wɔ amantam 48 mu wɔ United States. Wɔ afe 1996 no, na wɔyɛ dwumadi bi a wɔato din “Wo Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” dapɛn biara wɔ radio adwumayɛbea bi a ɛwɔ Apia a ɛyɛ ɔman a wɔfrɛ no Samoa a ɛwɔ South Pacific ahenkurow mu no so.

18 Bere a afeha a ɛto so 20 reba n’awiei no, na radio nyɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so trɛw asɛmpa no mu bio. Nanso, mfiridwuma ho nimdeɛ foforo puei a ama asɛmpa no atumi adu nnipa pii nkyɛn sen bere biara.

19, 20. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo ayɛ jw.org, na adepa bɛn na afi mu aba? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ JW.ORG” no nso.)

19 Intanɛt. Eduu afe 2013 no, na nnipa a wɔboro ɔpepepem 2.7, kyerɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 40 na wɔkɔ Intanɛt so. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien na wonya Intanɛt wɔ mfiri ahorow te sɛ fon ne tablets so. Nnipa a wɔkɔ Intanɛt so wɔ wiase nyinaa no dodow rekɔ anim bere nyinaa. Nanso, Afrika paa na nnipa a wɔkɔ Intanɛt so no dodow rekɔ anim ntɛmntɛm. Nnipa a wotumi kɔ Intanɛt so wɔ Afrika no dodow boro ɔpepem 90. Saa nkɔso yi asesa akwan a nnipa pii fa so nya nsɛm no koraa.

20 Efi afe 1997 na Yehowa nkurɔfo fii ase de Intanɛt dii dwuma. Wɔ afe 2013 no, na kasa bɛyɛ 300 na ɛwɔ Intanɛt dwumadibea jw.org hɔ, na na nhoma a emu nsɛm gyina Bible so a ɛwɔ kasa bɛboro 520 mu a wobetumi atwe bi nso wɔ hɔ. Da biara da no, nnipa kɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ bɛboro mpɛn 750,000. Video ahorow a nkurɔfo hwɛ akyi no, ɔsram biara, wɔtwe nhoma bɛboro ɔpepem 3 mu nsɛm ne nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepem 4 mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a wɔbɔ tie nso, wɔtwe ɔpepem 22.

21. Dɛn na woasua afi Sina asɛm no mu?

21 Intanɛt dwumadibea yi abɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn kɛse a yɛnam so trɛw Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no mu, na ama asɛmpa no adu aman a wɔabara asɛnka adwuma no wɔ hɔ no mpo mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2013 mfiase no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sina huu jw.org a ɛyɛ yɛn Intanɛt dwumadibea no, na ɔfrɛɛ yɛn adwumayɛbea ti a ɛwɔ United States no bisaa nsɛm pii faa Bible ho. Dɛn nti na saa asɛm yi yɛ nwonwa? Sina yɛ Kramoni, na ɔte akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri wɔ ɔman bi a wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no denneennen wɔ hɔ mu. Esiane sɛ Sina frɛɛ adwumayɛbea ti no nti, wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe ma ɔne Ɔdansefo bi a ɔwɔ United States suaa ade mprenu dapɛn biara. Wɔnam Intanɛt video so na esuaa ade.

Ankorankoro a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Wɔn

22, 23. (a) So akwan ahorow a yɛafa so aka asɛm no akyerɛ nnipadɔm no abesi afie afie asɛnka no ananmu anaa? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔhene no ahyira yɛn adwuma no so?

22 Akwan a yɛafa so aka asɛm no akyerɛ nnipadɔm a emu bi ne atesɛm nkrataa, “Photo-Drama,” radio so dwumadi, ne Intanɛt dwumadibea no mu biara nni hɔ a na adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ yɛde besi afie afie asɛnka adwuma no ananmu. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nkurɔfo di nhwɛso a Yesu yɛe no akyi. Ɛnyɛ nnipadɔm nko na Yesu kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, na mmom odii ankorankoro nso adanse. (Luka 19:​1-5) Yesu tetee n’asuafo no nso ma wɔyɛɛ saa ara, na ɔkyerɛɛ wɔn asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka. (Monkenkan Luka 10:​1, 8-11.) Sɛnea yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 6 no, wɔn a wodi ahyehyɛde no anim no hyɛ Yehowa asomfo mu biara nkuran bere nyinaa sɛ, wɔnkɔ nkurɔfo nkyɛn nkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.​—Aso. 5:​42; 20:20.

23 Bɛyɛ mfe ɔha ni a wɔwoo Ahenni no, adawurubɔfo bɛboro ɔpepem 7.9 na wɔde nsi rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu akyerɛ afoforo. Akyinnye biara nni ho sɛ, Ɔhene no ahyira akwan ahorow a yɛafa so aka Ahenni no ho asɛm no so. Sɛnea yebehu wɔ nhoma yi ti a edi hɔ mu no, Ɔhene no asan nso ama yɛn nnwinnade a yɛde bɛtrɛw asɛmpa no mu akɔ aman, mmusuakuw, ne kasa nyinaa mu.​—Adi. 14:6.

a Wɔ afe 1957 no, wɔn a wodi asafo no anim no sii gyinae sɛ wɔbɛto yɛn radio adwumayɛbea biako a aka, WBBR, a na ɛwɔ New York no mu.