Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 8

Nnwinnade a Yɛde Ka Asɛm No​—Nhoma a Wɔyɛ Ma Yɛde Ka Asɛm no Wɔ Wiase Nyinaa

Nnwinnade a Yɛde Ka Asɛm No​—Nhoma a Wɔyɛ Ma Yɛde Ka Asɛm no Wɔ Wiase Nyinaa

NEA TI YI KA HO ASƐM

Yehowa ma yɛkɔ so nya nnwinnade a yɛde bɛkyerɛkyerɛ ankorankoro a wofi aman, mmusua, ne kasa biara mu

1, 2. (a) Wɔ asomafo no bere so no, dɛn na ɛmaa asɛmpa no trɛw kɔɔ Roma Ahemman no mu nyinaa? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa taa yɛn akyi? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Asɛmpa no Wɔ Kasa Bɛboro 670 Mu” no nso.)

 AHƆHO a na wɔaba Yerusalem no tee nsɛm bi a ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn. Ná Galileafo no reka aman foforo so kasa frenkyemm, na na asɛm a wɔreka no aka wɔn atiefo no koma paa. Ná asuafo no nam anwonwakwan so reka kasa ahorow wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu​—eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn taa wɔn akyi. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:​1-8, 12, 15-17.) Nnipa a wofi mmeaemmeae tee asɛmpa no saa da no, na ɛno akyi no, ɛtrɛw kɔɔ Roma Ahemman no mu nyinaa.​—Kol. 1:23.

2 Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nka kasa ahorow wɔ anwonwakwan so. Nanso, wɔkyerɛ Ahenni no ho asɛm ase kɔ kasa bɛboro 670 mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛm no wɔ kasa ahorow pii mu asen asomafo no bere so. (Aso. 2:​9-11) Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ nhoma pii wɔ kasa pii mu ma Ahenni no ho asɛm no adu asase so baabiara. a Eyi nso yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nam Ɔhene Yesu Kristo so rekyerɛ asɛnka adwuma no kwan. (Mat. 28:​19, 20) Afei yɛrebesusuw nnwinnade kakra a yɛde ayɛ asɛnka adwuma no bɛboro mfe 100 ni no ho. Bere a yɛresusuw ho no, momma yɛnhwɛ ɔkwan a Ɔhene no afa so atete yɛn nkakrankakra ama yɛahu sɛnea yɛbɛkyerɛ ankorankoro ho anigye, ne sɛnea waboa yɛn ma yetumi de Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ afoforo no nso.​—2 Tim. 2:2.

Ɔhene no Boa N’asomfo Ma Wogu Nokware Aba No

3. Dɛn nti na yɛde nnwinnade ahorow yɛ asɛnka adwuma no?

3 Yesu de “ahenni no ho asɛm” no totoo aba ho, ɛnna ɔde onipa koma totoo dɔte ho. (Mat. 13:​18, 19) Sɛnea okuafo tumi de nnwinnade ahorow funtum asase na osiesie so gu aba no, saa ara na Yehowa asomfo de nnwinnade pii adi dwuma de asiesie nnipa ɔpepem pii koma ma wɔatie Ahenni no ho asɛm no. Nnwinnade no bi wɔ hɔ a yɛde yɛɛ asɛnka adwuma no kosii bere bi. Na nnwinnade bi te sɛ nhoma ne nsɛmma nhoma de, yɛakɔ so de ayɛ asɛnka adwuma no abesi nnɛ. Yɛnam nnwinnade bi te sɛ radio anaa atesɛm nkrataa a yɛkaa ho asɛm wɔ ti ason no mu so kaa asɛm no kyerɛɛ nnipadɔm. Nanso, nnwinnade a yɛrebɛka ho asɛm wɔ saa ti yi mu de, aboa Ahenni adawurubɔfo ma wɔakɔ nkurɔfo nkyɛn ankasa akɔka asɛm no akyerɛ wɔn.​—Aso. 5:​42; 17:​2, 3.

Wɔreyɛ gramafon ne akasam wɔ Toronto, Canada

4, 5. Dwuma bɛn na na wɔde nsɛm a wɔakyere agu gramafon mpaawa so no di, na ɔhaw bɛn na na wohyia wɔ ho?

4 Ɔkasa a wɔakyere agu apaawa so. Efi afe 1930 besi afe 1940 mfe no mu no, na adawurubɔfo bɔ Bible mu ɔkasa a wɔakyere agu mpaawa so wɔ gramafon nketewa so kyerɛ nkurɔfo. Ná nsɛm a ɛwɔ mpaawa no mu biara so nnu simma anum. Ɛtɔ mmere bi a, na nsɛm a ɛwɔ mpaawa no so no kura nsɛmti ntiantiaa bi te sɛ, “Baasakoro,” “Ahodwiragya,” ne “Ahenni.” Ɔkwan bɛn na na wɔfa so bɔ mpaawa no? Onua Clayton Woodworth, Jr., a ɔbɔɔ asu wɔ afe 1930 mu wɔ United States no kae sɛ: “Ná mede gramafon a ɛte sɛ adaka ketewa kɔ asɛnka. Ná ɛsɛ sɛ mede paane si apaawa no ano pɛɛ na ama atumi abɔ yiye. Enti sɛ midu ɔpon bi ano na mibue adaka no so de paane no si apaawa no ano wie a, afei na mabɔ ɔpon ano dɔn no. Sɛ ofiewura no pue ba a, na meka sɛ, ‘Mewɔ asɛm bi a ɛho hia a mepɛ sɛ wutie.’ ” Dɛn na na nkurɔfo yɛ? Onua Woodworth ka sɛ: “Mpɛn pii no, na nkurɔfo tie me. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔka wɔn pon tom a wontie. Mmere bi nso wɔ hɔ a na wosusuw sɛ meretɔn gramafon.”

Eduu afe 1940 no, na wɔakyere ɔkasa ahorow bɛboro 90 agu mpaawa so, na na wɔayɛ mpaawa no bɛboro ɔpepem biako

5 Eduu afe 1940 no, na wɔakyere ɔkasa ahorow bɛboro 90 agu mpaawa so, na na wɔayɛ mpaawa no bɛboro ɔpepem biako. John E. Barr, a saa bere no na ɔreyɛ akwampae adwuma wɔ Britain a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no kae sɛ: “Efi afe 1936 besi afe 1945 no, na mede gramafon kɔ asɛnka daa. Nokwasɛm ne sɛ, saa bere no sɛ mekɔ asɛnka na ebi nkura me a, na minhu nea menyɛ. Na ɛhyɛ nkuran paa sɛ wobɛte Onua Rutherford kasa bere a wugyina ɔpon bi ano no; na ɛte sɛ nea n’ankasa gyina hɔ. Ne nyinaa mu no, na gramafon a yɛde kɔ asɛnka no mma yentumi nkyerɛkyerɛ yiye, na na asɛm no ntumi nka nkurɔfo koma.”

6, 7. (a) Mfaso bɛn na ɛwɔ adansedi nkratasin a na wɔde kɔ asɛnka no so, na ɔhaw bɛn na na wohyia wɔ ho? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de ‘n’asɛm hyɛɛ yɛn ano’?

6 Adansedi nkratasin. Efi afe 1933 no, wɔhyɛɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa adansedi nkratasin nni dwuma wɔ afie afie asɛnka adwuma mu. Adansedi kratasin no tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita 7.6, na ne tenten yɛ sɛntimita 12.7. Ná Bible mu asɛm tiawa ne Bible ho nhoma bi a wɔaka ho asɛm a wobetumi de bi ama ofiewura no na ɛwɔ so. Sɛ ɔdawurubɔfo no kɔ ofiewura no nkyɛn a, nea na ɔyɛ ara ne sɛ ɔde kratasin no bɛma no na waka akyerɛ no sɛ ɔnkenkan. Lilian Kammerud a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Puerto Rico ne Argentina no kae sɛ: “Ná m’ani gye adansedi kratasin a yɛde kɔ asɛnka no ho paa.” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛe sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nyinaa na na yetumi di adanse yiye. Enti ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ mɛkɔ nkurɔfo nkyɛn.”

Adansedi kratasin (Italiafo kasa)

7 Onua David Reusch, a ɔbɔɔ asu wɔ afe 1918 mu no kae sɛ: “Adansedi nkratasin no boaa anuanom, efisɛ wɔn mu kakraa bi na na wɔte nka sɛ wotumi di adanse yiye.” Nanso, na yehyia ɔhaw bi wɔ adansedi kratasin a yɛde kɔ asɛnka no ho. Onua Reusch kae sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a, na yehyia nnipa bi a wosusuw sɛ yentumi nkasa. Nokwasɛm ne sɛ, na yɛn mu pii ntumi mmue yɛn ano nka hwee. Nanso, na Yehowa resiesie yɛn sɛ n’asomfo ma yɛaka asɛm no akyerɛ ɔmanfo. Ná ɛrenkyɛ koraa na ɔde n’asɛm ahyɛ yɛn ano ma yɛde Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ wɔ afie afie mu. Teokrase Ɔsom Sukuu a wofii ase wɔ afe 1940 mfe no mu no na ɛboa ma yetumi yɛɛ eyi.”​—Monkenkan Yeremia 1:​6-9.

8. Dɛn na wubetumi ayɛ ama Kristo atete wo?

8 Nhoma ahorow. Efi afe 1914 no, Yehowa nkurɔfo ayɛ nhoma ahorow bɛboro 100 a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu. Nhoma no bi wɔ hɔ a wɔhyɛɛ da yɛe sɛ wɔmfa ntete adawurubɔfo ma wɔmmɛyɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn. Anna Larsen, a ɔwɔ Denmark, a wayɛ ɔdawurubɔfo bɛyɛ mfe 70 ni no ka sɛ: “Yehowa nam Teokrase Ɔsom Sukuu no ne nhoma ahorow a yɛde yɛ sukuu no so boaa yɛn ma yɛbɛyɛɛ adawurubɔfo a wotu mpɔn. Mekae sɛ, saa nhoma ahorow no mu nea edi kan ne Theocratic Aid to Kingdom Publishers a woyii no adi wɔ afe 1945 mu no. Ɛno akyi no, wotintim “Equipped for Every Good Work” nhoma no wɔ afe 1946 mu. Seesei yɛwɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso a wotintimii wɔ afe 2001 mu no.” Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa nam Teokrase Ɔsom Sukuu no ne nhoma ahorow a yɛde yɛ sukuu no so aboa yɛn paa ma ‘yɛafata sɛ asomfo.’ (2 Kor. 3:​5, 6) So woakyerɛw wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu? Sɛ worekɔ asafo nhyiam dapɛn biara a, so wode Ɔsom Sukuu nhoma no kɔ, na sɛ sukuu sohwɛfo no ka sɛ monkenkan asɛm bi wom a, so wubue mu di akyi? Sɛ woyɛ saa a, na worema Kristo atete wo ma woabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa.​—2 Kor. 9:6; 2 Tim. 2:15.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na nhoma boa yɛn ma yegu nokware aba no na yegugu so nsu?

9 Yehowa asan ama n’ahyehyɛde no ayɛ nhoma ahorow a ɛboa adawurubɔfo ma wɔkyerɛkyerɛ Bible mfitiase nsɛm mu. Nhoma a wɔfrɛ no Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no titiriw yɛ nhoma a na etu mpɔn paa. Wodii kan tintimii wɔ afe 1968 mu, na ɛboaa nkurɔfo ntɛm ara. Ahenni Som a ɛbae wɔ November 1968 mu no kae sɛ, “Wɔn a wɔrepɛ Nokware nhoma no bi no dɔɔso paa ma enti wɔ September no, wɔyɛɛ nhyehyɛe titiriw bi wɔ baabi a wotintim nhoma wɔ Asafo Ti wɔ Brooklyn no maa anuanom binom yɛɛ adwuma anadwo.” Asɛm no toaa so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eduu bere bi wɔ August mu no, na ɛsɛ sɛ wotintim Nokware nhoma no bɛboro ɔpepem biako ne fã na ama wɔn a wɔrepɛ bi no nyinaa nsa aka bi!” Eduu afe 1982 no, na wɔatintim bɛboro ɔpepem 100 wɔ kasa 116 mu. Bere a woyii Nokware nhoma no adi mfe 14 akyi, kyerɛ sɛ, efi afe 1968 besi afe 1982 no, na nhoma no aboa ma yɛanya nnipa bɛboro ɔpepem biako ma wɔabɛyɛ Ahenni no ho adawurubɔfo. b

10 Wɔ afe 2005 mu no, woyii nhoma foforo a ɛda nsow a yɛde sua Bible a n’asɛmti ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no adi. Ɛde besi saa bere yi wɔatintim bɛyɛ ɔpepem 200 wɔ kasa 256 mu! Dɛn na afi mu aba? Wɔ mfe ason pɛ akyi no, kyerɛ sɛ, efi afe 2005 besi afe 2012 no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 1.2 na wɔbɛyɛɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo. Saa bere no ara mu no, nnipa a yɛne wɔn sua Bible no dodow kɔɔ anim fi bɛyɛ ɔpepem 6 koduu bɛboro ɔpepem 8.7. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa rehyira mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebegu Ahenni ho nokware aba no na yɛagugu so nsu no so.​—Monkenkan 1 Korintofo 3:​6, 7.

11, 12. Sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no kyerɛ no, henanom na wɔyɛ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no ma wɔn?

11 Nsɛmma nhoma. Mfiase no, “nguankuw ketewa” no​—wɔn a ‘wɔka ɔsoro frɛ ho’ no​—titiriw na na wɔyɛ Ɔwɛn-Aban no ma wɔn. (Luka 12:​32; Heb. 3:1) Wɔ October 1, 1919 no, Yehowa ahyehyɛde no yii nsɛmma nhoma foforo bi adi. Wɔhyɛɛ da yɛɛ saa nsɛmma nhoma no sɛnea ɔmanfo ani begye ho. Bible Asuafo no ne ɔmanfo pii ani begyee saa nsɛmma nhoma no ho araa ma enti mfe pii mu no, na dodow a wogye no dɔɔso sen Ɔwɛn-Aban no koraa. Wodii kan too nsɛmma nhoma no din The Golden Age. Wɔ afe 1937 no, wɔsesaa ne din frɛɛ no Consolation. Afei, wɔ afe 1946 no, wɔbɛfrɛɛ no Awake!

12 Mfe pii a abɛsen kɔ no, wɔasesa ɔkwan a wɔfa so kyerɛw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no. Nanso, nea enti a wɔyɛe no de, ɛnsesae​—sɛ́ wɔde bɛbɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru na ama yɛanya Bible no mu gyidi. Ɛnnɛ, wɔyɛ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom ne nea wɔyɛ ma ɔmanfo. Wɔyɛ nea adesua nsɛm wom no ma “asomfo” no titiriw​—“nguankuw ketewa” no ne “nguan foforo” no. c (Mat. 24:​45; Yoh. 10:​16) Wɔyɛ ɔmanfo de no titiriw ma wɔn a wonnya nhuu nokware no nanso wɔwɔ obu ma Bible ne Onyankopɔn no. (Aso. 13:​16) Na wɔyɛ Nyan! nso ma wɔn a wonnim Bible mu, na wonni Yehowa, nokware Nyankopɔn no ho nimdeɛ no.​—Aso. 17:​22, 23.

13. Dɛn na ɛka wo koma paa wɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no ho? (Munsusuw nsɛm a wɔahyehyɛ a n’asɛmti ne “ Nhoma Ahorow a Ɛwɔ Wiase Ho Kyerɛwtohɔ” no ho.)

13 Eduu afe 2014 mfiase no, na wotintim Nyan! no bɛboro ɔpepem 44 ne Ɔwɛn-Aban no nso bɛyɛ ɔpepem 46 ɔsram biara. Ná wɔkyerɛ Nyan! no ase kɔ kasa bɛyɛ 100 mu ne Ɔwɛn-Aban no nso wɔ kasa bɛboro 200 mu. Enti, abɛyɛ nsɛmma nhoma abien a wɔkyerɛ ase kɔ kasa pii mu na wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa sen nsɛmma nhoma foforo biara! Ɛwom, eyi ka koma paa de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Asɛmpa a Yesu kae sɛ wɔbɛka wɔ asase so nyinaa na ɛwɔ saa nsɛmma nhoma yi mu.​—Mat. 24:14.

14. Dɛn na yɛde nsi ahyɛ ho nkuran, na dɛn ntia?

14 Bible. Wɔ afe 1896 mu no, Onua Russell ne ne mfɛfo no sesaa adwumakuw a wɔde tintim nhoma no din de Bible bɛhyɛɛ mu ma wɔbɛfrɛɛ no Watch Tower Bible and Tract Society. Ná saa nsakrae no fata efisɛ Bible no ne adwinnade titiriw a wɔde trɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu bere nyinaa. (Luka 24:​27) Edin a ɛda adwumakuw a wɔde ahyɛ mmara ase yi so nti, Onyankopɔn nkurɔfo de nsi akyekyɛ Bible, na wɔahyɛ Bible a yɛbɛkenkan ho nkuran paa. Eyi ho nhwɛso ne sɛ, wɔ afe 1926 no, yɛde yɛn ankasa afiri tintim The Emphatic Diaglott, a ɛyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a Benjamin Wilson kyerɛɛ ase no. Efi afe 1942 no, yetintim King James Version mũ no nyinaa bɛyɛ 700,000 kyekyɛe. Eyi akyi mfe abien pɛ no, yefii ase tintim American Standard Version, a Yehowa din pue wom mpɛn 6,823 no. Eduu afe 1950 no, na yɛakyekyɛ bɛboro 250,000.

15, 16. (a) Dɛn na w’ani gye ho wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no ho? (Munsusuw adaka a n’asɛmti ne “ Bible Nkyerɛase a Ɛkɔ Ntɛmntɛm” no ho.) (b) Dɛn na wubetumi ayɛ ama Yehowa aka wo koma?

15 Woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm​—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ afe 1950 mu. Nanso, woyii Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase mũ no nyinaa adi wɔ afe 1961 mu. Saa nkyerɛase yi san de Yehowa din no hyɛɛ baabiara a ɛhyɛ wɔ mfitiase Hebri nkyerɛwee no mu de hyɛɛ no anuonyam. Onyankopɔn din no nso pue mpɛn 237 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Nea ɛbɛyɛ na Wiase Foforo Nkyerɛase no ayɛ papa na n’akenkan nso akɔ yiye no, wɔayɛ nsakrae mpɛn dodow bi wɔ saa nkyerɛase yi mu, na wɔayɛ nsakrae a ɛte saa bi nnansa yi ara wɔ afe 2013 mu. Eduu afe 2013 no, na wɔakyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa 121 mu, na na wɔatintim bɛboro ɔpepem 201.

16 Bere a ebinom kenkan Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ wɔn ankasa kurom kasa mu no, dɛn na wɔkae? Ɔbarima bi a ofi Nepal kae sɛ: “Ná ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛte Nepal Bible nkyerɛase dedaw no ase, efisɛ na emu nsɛm no yɛ den. Nanso seesei de, yetumi kenkan Bible no te ase yiye, efisɛ kasa a yɛka daa no na wɔde kyerɛɛ ase.” Bere a ɔbea bi a ɔwɔ Central African Republic fii ase kenkan Sango nkyerɛase no, nusu guu no, na ɔkae sɛ: “Emu nsɛm no aka me koma paa.” Sɛ yɛn mu biara kenkan Yehowa Asɛm no daa sɛnea ɔbea no yɛe no a, yebetumi ama Yehowa aka yɛn koma.​—Dw. 1:2; Mat. 22:​36, 37.

Yɛn Ani Sɔ Nnwinnade ne Ntetee a Yenya

17. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nnwinnade ne ntetee a woanya no, na sɛ woyɛ saa a, dɛn na ebefi mu aba?

17 So w’ani sɔ nnwinnade ne ntetee a Ɔhene Yesu Kristo de ama yɛn nkakrankakra no? So wugye bere kenkan nhoma a Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ no, na wode boa afoforo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wo nso wubetumi aka asɛm a Onuawa Opal Betler, a ɔbɔɔ asu October 4, 1914 kae no bi. Opal kae sɛ: “Mfe a abɛsen kɔ no, me ne me kunu [Edward] de gramafon ne adansedi nkratasin na edii adanse. Ná yɛde nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma yɛ asɛnka adwuma wɔ afie afie. Yɛyɛɛ ɔsatu, na yɛfaa mmɔnten so kyekyɛɛ mpaemuka nkratawa. Akyiri yi, wɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ne ɔkwan a yɛbɛfa so ne wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho asua Bible wɔ wɔn afie mu. Yɛde bere pii ayɛ asɛnka adwuma no, na yɛn ani agye nso.” Yesu hyɛɛ bɔ sɛ n’akyidifo de nsi begu aba, atwa, na wɔn ani agye. Nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ Opal betumi asi wɔn bo aka sɛ saa bɔhyɛ no yɛ nokware.​—Monkenkan Yohane 4:​35, 36.

18. Hokwan bɛn na yɛanya?

18 Ebia nnipa pii a wonnya mmɛyɛɛ Ɔhene no asomfo no besusuw sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nnipa a “wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.” (Aso. 4:​13) Nanso, hwɛ anwonwasɛm! Ɔhene no ama ne nkurɔfo a wɔyɛ mpapahwekwa no abɛyɛ wɔn a wotintim nhoma, kyerɛ nhoma ase kɔ kasa pii mu, na wɔkyekyɛ nhoma pii sen biara wɔ abakɔsɛm mu! Nea ehia paa no, Ɔhene no atete yɛn na wahyɛ yɛn nkuran ma yɛde nnwinnade no aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛne Kristo regu nokware aba no na yɛretwa asuafo!

a Mfe du a atwam nkutoo no, Yehowa nkurɔfo atintim Bible ho nhoma bɛboro ɔpepepem 20. Eyi akyi no, seesei nnipa bɛboro ɔpepepem 2.7 a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔkɔ Intanɛt so no tumi kɔ yɛn Intanɛt dwumadibea jw.org hɔ.

b Nhoma foforo a yɛde sua Bible a aboa adawurubɔfo ma wɔatumi akyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu na edidi so yi: The Harp of God (wotintimii wɔ afe 1921), “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” (wotintimii wɔ afe 1946), Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (wotintimii wɔ afe 1982), ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu (wotintimii wɔ afe 1995).

c Hwɛ asɛm “Hena Koraa Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No? a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 15, 2013 no nkyekyɛm 13. Ɛkyerɛkyerɛ ntease foforo a yɛanya wɔ wɔn a wɔyɛ “asomfo” no mu.