Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 9

Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba​—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’

Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba​—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’

NEA TI YI KA HO ASƐM

Yehowa ama Ahenni no ho nokware aba no anyin

1, 2. (a) Dɛn nti na Yesu asuafo no adwenem yɛɛ wɔn nãã? (b) Otwa adwuma bɛn na na Yesu reka ho asɛm?

 ASUAFO no adwenem ayɛ wɔn nãã. Ná Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” Wɔhwɛɛ baabi a na Yesu de ne nsa akyerɛ no, nanso wɔanhu mfuw a ahoa, na mmom nea ɛnhoae​—atoko a efifii nkyɛe. Ɛbɛyɛ sɛ wodwinnwen ho sɛ: ‘Aka asram dodow bi ansa na otwa bere adu. Enti, otwa adwuma bɛn na ɔreka ho asɛm yi?’​—Yoh. 4:35.

2 Nanso, na ɛnyɛ nnɔbae ankasa a wotwa ho asɛm na na Yesu reka. Mmom no, na Yesu de saa bere no rekyerɛ n’asuafo no nneɛma abien a ɛho hia a ɛfa honhom fam otwa adwuma ho​—otwa adwuma a ɛfa nnipa ho. Ɛyɛ nneɛma abien bɛn? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, momma yensusuw asɛm no ho nkɔ akyiri kakra.

Ɔma Wɔkɔyɛɛ Adwuma, Ɔhyɛɛ Bɔ sɛ Wɔn Ani Begye

3. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yesu kae sɛ: ‘Mfuw no ahoa sɛ wotwa’? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Dɛn na Yesu kae de kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu?

3 Yesu ne n’asuafo no bɔɔ saa nkɔmmɔ yi wɔ afe 30 Y.B. mu awiei, wɔ beae bi a ɛbɛn Samariafo kurow a wɔfrɛ no Sikar. Bere a Yesu asuafo no kɔɔ kurow no mu no, ɔno de, ɔtenaa abura bi ho kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔbea bi. Ntɛm ara na ɔbea no hui sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no ho hia. Bere a asuafo no san baa baabi a Yesu wɔ no, ɔbea no yɛɛ ntɛm kɔɔ Sikar kurow no mu kɔkaa anwonwasɛm a wate no kyerɛɛ wɔn. Asɛm a ɔbea no kɔkae no kanyan kurow no mufo kɛse, na nnipa pii yɛɛ ntɛm baa Yesu nkyɛn wɔ abura no ho. Ebetumi aba sɛ bere a Yesu hui sɛ Samariafo pii fi mfuw no akyi nohoa reba no na ɔkaa asɛm a edi hɔ yi: ‘Monhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.’ a Afei, nea ɛbɛyɛ na Yesu ama wɔate ase sɛ honhom fam otwa adwuma ho asɛm na ɔreka na ɛnyɛ nnɔbae ankasa a wotwa no, ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: ‘Nea otwa no reboaboa aba ano ama daa nkwa.’​—Yoh. 4:​5-30, 36.

4. (a) Nneɛma abien a ɛfa otwa adwuma no ho bɛn na Yesu kaa ho asɛm? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

4 Honhom fam otwa adwuma no ho nneɛma abien a ɛho hia bɛn na Yesu kaa ho asɛm? Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ntɛm so. Bere a Yesu kae sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa’ no, na ɔreka akyerɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ adwuma. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ama n’asuafo no ahu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ntɛm so no, ɔtoaa so sɛ: “Nea otwa no regye akatua.” Nokwasɛm ne sɛ, na otwa adwuma no afi ase dedaw​—enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase koraa! Nea ɛto so abien, na adwumayɛfo no ani begye. Yesu kae sɛ wɔn a wogu aba no ne wɔn a wotwa no “ani begye.” ( Yoh. 4:​35b, 36) Sɛnea ebia Yesu ankasa ani gyei bere a ohui sɛ ‘Samariafo pii agye no adi’ no, saa ara na na n’asuafo no nso ani begye kɛse bere a wofi wɔn kra nyinaa mu yɛ otwa adwuma no. ( Yoh. 4:​39-42) Saa asɛm a esii wɔ asomafo no bere so no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn nnɛ efisɛ ɛma yehu nea ɛrekɔ so bere a yɛreyɛ honhom fam otwa adwuma a ɛsen biara no. Bere bɛn na otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no fii ase? Henanom na wɔreyɛ saa adwuma no bi? Dɛn na afi mu aba?

Yɛn Hene no Di Otwa Adwuma a Ɛsen Biara no Anim

5. Hena na odi otwa adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no anim, na ɔkwan bɛn so na anisoadehu a Yohane nyae no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma no ntɛm so?

5 Wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, Yehowa daa no adi sɛ ɔde otwa adwuma bi a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa a ɛfa nnipa ho ahyɛ Yesu nsa sɛ onni anim. (Monkenkan Adiyisɛm 14:​14-16.) Wɔ saa anisoadehu yi mu no, wɔkaa Yesu ho asɛm sɛ ɔbɔ abotiri na okura kantankrankyi. ‘Sika abotiri a ɛbɔ Yesu ti’ no kyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔhene a ɔredi tumi. ‘Kantankrankyi nnamnam a okura wɔ ne nsam’ no ma yehu sɛ ɔyɛ Otwafo. Asɛm a Yehowa nam ɔbɔfo bi so kae sɛ ‘asase no so nneɛma abere sɛ wotwa’ no si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ntɛm so. Nokwasɛm ne sɛ, “dɔn adu sɛ wotwa”​—enti ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase koraa! Yesu dii ahyɛde a Onyankopɔn de mae sɛ “tow wo kantankrankyi” no so, na ɔtow ne kantankrankyi no de twaa asase so nneɛma, kyerɛ sɛ, otwaa nnipa a wɔwɔ asase so. Saa anisoadehu a ɛka koma yi kae yɛn bio sɛ ‘mfuw no ahoa sɛ wotwa.’ So saa anisoadehu yi boa yɛn ma yehu bere a otwa adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no fii ase? Yiw, ɛma yehu!

6. (a) Bere bɛn na “otwabere” no fii ase? (b) Bere bɛn ankasa na wofii ase ‘twaa asase so nneɛma’ no? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Esiane sɛ anisoadehu a Yohane nyae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm ti 14 no kyerɛ sɛ na Yesu a ɔne Otwafo no bɔ abotiri (nkyekyɛm 14) nti, ɛda adi sɛ wɔ afe 1914 no, na wɔde no asi agua so sɛ Ɔhene dedaw. (Dan. 7:​13, 14) Ɛno akyi no, wɔmaa Yesu ahyɛde sɛ omfi otwa adwuma no ase (nkyekyɛm 15). Saa ara na Yesu kae sɛ nneɛma bɛkɔ so nnidiso nnidiso wɔ ne mfatoho a ɛfa awi anaa ayuo a wobetwa ho no mu, na ɔde baa awiei sɛ: “Otwa bere no ne wiase nhyehyɛe awiei.” Enti, otwa bere no ne wiase nhyehyɛe yi awiei no nyinaa fii ase wɔ bere koro mu​—afe 1914. Otwa adwuma no ankasa fii ase akyiri yi wɔ “otwabere” no mu. (Mat. 13:​30, 39) Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, yetumi hu sɛ Yesu fii ase dii ade sɛ Ɔhene mfe bi akyi ansa na otwa adwuma no refi ase. Nea edi kan, efi afe 1914 besi afe 1919 mfiase no, Yesu tew n’akyidifo a wɔasra wɔn no ho. (Mal. 3:​1-3; 1 Pet. 4:​17) Afei, wofii ase ‘twaa asase so nneɛma’ no wɔ afe 1919 mu. Yesu antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔmaa akoa nokwafo a na wapaw no foforo no boaa yɛn nuanom ma wohuu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no ntɛm so. Momma yensusuw nea efii mu bae no ho nhwɛ.

7. (a) Nhwehwɛmu a wɔyɛe bɛn na ɛboaa anuanom ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no ntɛm so? (b) Dɛn na wɔhyɛɛ yɛn nuanom nkuran sɛ wɔnyɛ?

7 Ɔwɛn-Aban no kae wɔ July 1920 mu sɛ: “Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ama ada adi sɛ wɔde hokwan kɛse bi ama asafo no sɛ wɔnka ahenni no ho asɛm.” Sɛ nhwɛso no, Yesaia nkɔmhyɛ no boaa anuanom ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm no wɔ wiase nyinaa. ( Yes. 49:6; 52:7; 61:​1-3) Ɔkwan a na wɔbɛfa so ayɛ adwuma a ɛte saa de, na wonnim, nanso wonyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bebue ɔkwan bi ama wɔn. (Monkenkan Yesaia 59:1.) Bere a anuanom behui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no ntɛm so no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho ka asɛm no. Dɛn na anuanom yɛe wɔ ho?

8. Wɔ afe 1921 no, nokwasɛm abien a ɛfa asɛnka adwuma no ho bɛn na yɛn nuanom tee ase?

8 Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1921 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afe yi nneɛma akɔ yiye paa sen afe biara; na nnipa dodow no ara na wɔate nokware no ho asɛm wɔ afe 1921 mu sen afe biara a abɛsen kɔ.” Nsɛmma nhoma no de kaa ho sɛ: “Nanso, adwuma pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. . . . Momma yɛmfa anigye koma nyɛ.” Yesu kaa nokwasɛm abien a ɛfa asɛnka adwuma no ho kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no ntɛm so, na adwumayɛfo no ani begye. Momma yɛnhwɛ sɛnea anuanom tee saa nokwasɛm abien no ase.

9. (a) Wɔ afe 1954 no, asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban no ka faa otwa adwuma no ho, na dɛn ntia? (b) Nkɔso bɛn na yɛanya wɔ adawurubɔfo dodow mu wɔ mfe 50 a atwam no mu? (Hwɛ akontaabu pon a n’asɛmti ne “ Nkɔso a Aba Wɔ Wiase Nyinaa” no.)

9 Wɔ afe 1930 mfe no mu, bere a anuanom tee ase sɛ nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no betie Ahenni no ho asɛm no, wɔyeree wɔn ho yɛɛ asɛnka adwuma no kɛse. ( Yes. 55:5; Yoh. 10:​16; Adi. 7:9) Dɛn na efii mu bae? Wɔ afe 1934 no, na nnipa a wɔreka Ahenni no ho asɛm no yɛ 41,000, nanso eduu afe 1953 no na wɔn dodow akodu 500,000! Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1, 1954 no kaa no yiye sɛ: “Ɛyɛ Yehowa honhom ne tumi a ɛwɔ n’Asɛm no mu na ayɛ otwa adwuma kɛse a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no.” b​—Sak. 4:6.

 

NKƆSO A ABA WƆ WIASE NYINAA

Ɔman

1962

1987

2013

Australia

15,927

46,170

66,023

Brazil

26,390

216,216

756,455

France

18,452

96,954

124,029

Italy

6,929

149,870

247,251

Japan

2,491

120,722

217,154

Mexico

27,054

222,168

772,628

Nigeria

33,956

133,899

344,342

Philippines

36,829

101,735

181,236

U.S. of America

289,135

780,676

1,203,642

Zambia

30,129

67,144

162,370

 

BIBLE ADESUA AHOROW NKƆANIM

1950

234,952

1960

646,108

1970

1,146,378

1980

1,371,584

1990

3,624,091

2000

4,766,631

2010

8,058,359

Wɔde Mfatoho a Emu Da Hɔ Fann Kyerɛkyerɛɛ Nea Ebefi Otwa Adwuma no Mu Aba Mu

10, 11. Wɔ sinapi aba ho mfatoho no mu no, aba no nyin ho nsɛm bɛn na wosii so dua?

10 Yesu hyɛɛ nea ɛrefi otwa adwuma no mu aba no ho nkɔm too hɔ fann wɔ Ahenni no ho mfatoho a ɔyɛe no mu. Momma yensusuw sinapi aba ne mmɔkaw ho mfatoho no ho nhwɛ. Ne titiriw no, yɛde yɛn adwene besi sɛnea saa nkɔmhyɛ no renya mmamu wɔ awiei bere yi mu no so.

11 Sinapi aba ho mfatoho no. Ɔbarima bi koduaa sinapi aba. Enyin bɛyɛɛ dua maa nnomaa bɛtenaa so. (Monkenkan Mateo 13:​31, 32.) Sɛnea aba no nyinii ho nsɛm bɛn na wɔasi so dua wɔ mfatoho yi mu? (1) Sɛnea enyin bɛyɛɛ kɛse no yɛ nwonwa. “Asase so aba nyinaa mu nea esua koraa” no nyin bɛyɛɛ dua a “eyiyi nkorata akɛse.” (Mar. 4:​31, 32) (2) Awerɛhyem wɔ hɔ sɛ ebenyin. “Sɛ wodua [aba no] a, enyin.” Yesu anka sɛ, “Ebia ebenyin.” Ɔkaa no pen sɛ: “Enyin.” Biribiara rentumi nsiw ne nyin kwan. (3) Nnomaa kɔtena dua a ɛrenyin no nwini ase. “Ewim nnomaa nya ne nwini ase tena.” Ɔkwan bɛn so na saa nkyerɛkyerɛmu abiɛsa yi fa honhom fam otwa adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no ho?

12. Ɔkwan bɛn so na sinapi aba ho mfatoho no fa otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no ho? (Hwɛ akontaabu pon a n’asɛmti ne “ Bible Adesua Ahorow Nkɔanim” no.)

12 (1) Sɛnea enyin: Mfatoho no fa sɛnea Ahenni asɛm no ne Kristofo asafo no nya nkɔso no ho. Efi afe 1919 reba no, wɔaboaboa adwumayɛfo a wɔyɛ nsi a wɔreyɛ otwa adwuma no ano aba Kristofo asafo a wɔasan de asi hɔ no mu. Saa bere no, na adwumayɛfo no sua, nanso wɔn dodow kɔɔ anim ntɛmntɛm. Nokwarem no, efi afe 1900 mfe no mfiase mu de besi nnɛ no, wɔn dodow akɔ anim ma ayɛ nwonwa. ( Yes. 60:​22) (2) Awerɛhyem: Biribiara ntumi nsiw nkɔanim a Kristofo asafo no renya no kwan. Ɛmfa ho ɔhaw a ɛte sɛ abotan a Onyankopɔn atamfo de ba aba ketewaa no so no, akɔ so anyin, na apia abotan, anaa ɔhaw no nyinaa agu nkyɛn. ( Yes. 54:​17) (3) Atenae: “Ewim nnomaa” a wɔkɔtena dua no ase no gyina hɔ ma nnipa komapafo ɔpepem pii a wofi aman bɛyɛ 240 mu a wɔatie Ahenni no ho asɛm na wɔaba Kristofo asafo no mu no. (Hes. 17:​23) Wonya honhom fam aduan, ɔhome, ne ahobammɔ wɔ asafo no mu.​—Yes. 32:​1, 2; 54:13.

Sinapi aba ho mfatoho no ma yehu sɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no nya baabi tena, na wonya ahobammɔ (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

13. Onyin ho nsɛm bɛn na wɔasi so dua wɔ mmɔkaw ho mfatoho no mu?

13 Mmɔkaw ho mfatoho no. Ɔbea bi de mmɔkaw kakra fraa esiam pii mu ma esiam no nyinaa kawee. (Monkenkan Mateo 13:​33.) Onyin ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na wɔasi so dua wɔ mfatoho yi mu? Momma yensusuw emu abien ho. (1) Onyin de nsakrae ba. Mmɔkaw no trɛwee ‘kosii sɛ esiam no nyinaa kawee.’ (2) Onyin de ntrɛwmu ba. Mmɔkaw no maa “esiam susukora akɛse abiɛsa” no nyinaa kawee. Ɔkwan bɛn so na saa nkyerɛkyerɛmu abien yi fa honhom fam otwa adwuma a ɛrekɔ so nnɛ no ho?

14. Ɔkwan bɛn so na mmɔkaw ho mfatoho no fa otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no ho?

14 (1) Nsakrae: Mmɔkaw no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛm no, na esiam pii no gyina hɔ ma adesamma. Sɛnea sɛ wɔde mmɔkaw fra esiam a, ɛma esiam no sakra no, saa ara na sɛ nkurɔfo tie Ahenni no ho asɛm no a, ɛma wɔsakra wɔ wɔn koma mu. (Rom. 12:2) (2) Ntrɛwmu: Mmɔkaw no a ɛtrɛwee no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛm a wɔtrɛw mu no. Mmɔkaw no fa esiam no nyinaa mu kosi sɛ ɛbɛfra ne nyinaa. Saa ara na Ahenni no ho asɛm no atrɛw ‘kɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Mfatoho no ho nkyerɛkyerɛmu yi nso ma yehu sɛ Ahenni no ho asɛm no mu bɛtrɛw akɔ aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ mpo mu, ɛwom sɛ ebia nnipa a wɔwɔ hɔ mu dodow no ara renhu yɛn sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no wɔ baguam de.

15. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:​5, 22 no anya mmamu? (Hwɛ nnaka a nsɛmti ne “Yehowa na Ɔma Ɛyɛɛ Yiye” wɔ kratafa 93, ne “ Sɛnea ‘Nea Osua’ no Adan ‘Ɔman Kɛse.”)

15 Bere a na aka bɛyɛ mfe 800 ma Yesu ama saa mfatoho no, Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ baabi a honhom fam otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no bɛkɔ akodu ne anigye a otwa adwuma no de bɛba ho nkɔm too hɔ wɔ ɔkwan bi so a yɛn werɛ remfi da. c Yehowa kaa nkurɔfo a wobefi “akyirikyiri” aba n’ahyehyɛde mu ho asɛm. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ “ɔbea” a ɛnnɛ ogyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Wubehu na woahyerɛn, na wo koma behuruw adi ahurusi, efisɛ po mu ahonyade nyinaa bɛba wo nkyɛn, na aman ahode bɛyɛ wo dea.” ( Yes. 60:​1, 4, 5, 9) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi abam! Ɛnnɛ, Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom no no redi ahurusi sɛ wɔahu sɛ Ahenni no ho adawurubɔfo kakraa bi a na wɔwɔ wɔn aman mu no abɛyɛ mpempem pii.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yehowa Asomfo Nyinaa Ani Gye

16, 17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘nea ogu ne nea otwa no ani gye’? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Nea Ɛyɛe a Nkratawa Abien Bi Kaa Nnipa Baanu Koma wɔ Amazon” no nso.)

16 Wobɛkae sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: ‘Nea otwa no reboaboa aba ano ama daa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a nea ogu ne nea otwa ani begye.’ ( Yoh. 4:​36) Ɔkwan bɛn so na ‘yɛn ani gye’ wɔ otwa adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no mu? Yɛn ani gye wɔ akwan pii so. Momma yensusuw emu abiɛsa ho nhwɛ.

17 Nea edi kan, yɛn ani gye sɛ yehu sɛ Yehowa nsa wɔ adwuma no mu. Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm no a, na aba no ara na yɛregu no. (Mat. 13:​18, 19) Sɛ yɛboa obi ma ɔbɛyɛ Kristo suani a, na yɛretwa aba. Sɛ yɛn nyinaa hu sɛnea Yehowa ama Ahenni no aba no ‘afifi ayɛ tenten’ no a, ɛyɛ yɛn nwonwa, na yɛn ani gye kɛse. (Mar. 4:​27, 28) Aba a yegu no bi mfifi ntɛm, enti afoforo na wotwa. Ebia woanya osuahu bi a ɛte sɛ Joan de no bi pɛn. Joan yɛ Kristoni bea a ɔwɔ Britain a ɔbɔɔ asu mfe 60 ni. Ɔkae sɛ: “Mahyia nnipa bi ma wɔaka akyerɛ me sɛ me na miduaa aba no wɔ wɔn komam bere a mekaa asɛm no kyerɛɛ wɔn mfe bi a atwam no. Akyiri yi, Adansefo foforo ne wɔn suaa Bible no a na minnim, na wɔboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. Ɛyɛ me anigye sɛ aba a miduae no fifii, na afoforo twae.”​—Monkenkan 1 Korintofo 3:​6, 7.

18. Ade a ɛsɛ sɛ ɛma yenya anigye bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 3:8?

18 Nea ɛto so abien, sɛ yɛkae asɛm a Paulo kae no a, yɛkɔ so yɛ adwumayɛfo a yɛwɔ anigye. Ɔkae sɛ: “Wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.” (1 Kor. 3:8) Adwuma a obi yɛ na wɔhwɛ ho ma no akatua, na ɛnyɛ nea efi adwuma no mu ba no. Hwɛ sɛnea saa asɛm yi hyɛ wɔn a wɔka asɛm no wɔ nsasesin a nkurɔfo ntaa ntie asɛm no wom no nkuran! Wɔ Onyankopɔn ani so no, Ɔdansefo biara a ofi ne koma nyinaa mu regu aba no ‘sow aba pii’ ma enti, ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye.​—Yoh. 15:8; Mat. 13:23.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:​14 no fa anigye a yebenya ho? (b) Sɛ yɛn ankasa ntumi mmoaa obi mma ɔmmɛyɛɛ osuani mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

19 Nea ɛto so abiɛsa, yɛn ani gye sɛ adwuma a yɛreyɛ no ma nkɔmhyɛ ba mu. Momma yensusuw mmuae a Yesu de maa n’asomafo no bere a wobisaa no asɛm bi no ho nhwɛ. Wobisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ saa sɛnkyerɛnne no fã bi ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. So asuafoyɛ adwuma no ho asɛm na na ɔreka? Dabi. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:​3, 14) Enti, Ahenni no ho asɛm a yɛka, a ɛyɛ aba a yegu no yɛ sɛnkyerɛnne no fã. Ɛno nti, sɛ yɛreka Ahenni no ho asɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ yentumi mmoaa obi ma ɔmmɛyɛɛ osuani mpo a, “adanse” de, yetumi di. d Nokwasɛm ne sɛ, sɛ nkurɔfo tie asɛm a yɛka no oo, sɛ wɔantie oo, yɛboa ma Yesu nkɔmhyɛ no bam, na yenya hokwan som sɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Hwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye!

“Efi Owiapuei Kosi Owiatɔe”

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Malaki 1:​11 no renya mmamu? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ otwa adwuma no mu, na dɛn ntia?

20 Wɔ asomafo no bere so no, Yesu boaa n’asomafo no ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ otwa adwuma no ntɛm so. Efi afe 1919 reba no, Yesu aboa n’asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔn nso ahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ otwa adwuma no ntɛm so. Ama Onyankopɔn asomfo ayere wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, obiara anaa biribiara rentumi nsiw otwa adwuma no kwan. Sɛnea odiyifo Malaki hyɛɛ ho nkɔm no, ɛnnɛ, wɔreyɛ asɛnka adwuma no ‘fi owiapuei kosi owiatɔe.’ (Mal. 1:​11) Nokwarem no, efi owiapuei kosi owiatɔe, ɛmfa ho baabi a wɔn a wogu aba no ne wɔn a wotwa no te wɔ asase so no, wɔbom yɛ adwuma no, na wɔbom gye wɔn ani. Na efi owiapuei kosi owiatɔe​—anɔpa kosi anwummere, anaa da mũ no nyinaa​—no, yɛyɛ adwuma no ntɛm so.

21 Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo kakraa bi a na wɔwɔ hɔ bɛyɛ mfe 100 a atwam ni no anya nkɔanim ma wɔabɛyɛ “ɔman kɛse” no a, nokwasɛm ne sɛ, anigye ma yɛn ‘koma huruw’ na edi ahurusi. ( Yes. 60:​5, 22) Momma saa anigye no ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa a ɔne “otwa adwuma Wura no” nkanyan yɛn mu biara mma yɛnkɔ so nyɛ yɛn fam de mfa nwie otwa adwuma a ɛsen biara no!​—Luka 10:2.

a Ebetumi aba sɛ asɛm a Yesu ka faa ‘mfuw a ahoa’ ho no fa ntade fitafitaa a ebia na Samariafo a Yesu hui sɛ wɔreba ne nkyɛn no hyehyɛ no ho.

b Nea ɛbɛyɛ na woahu nea ɛkɔɔ so wɔ saa mfe no ne mfe pii a edii akyiri mu no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan Jehovah’s Witnesses​—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 425-520. Ɛhɔ na ɛka otwa adwuma a wɔyɛe fi afe 1919 besi 1992 no ho asɛm.

c Sɛ wopɛ sɛ wunya saa nkɔmhyɛ a emu nsɛm yɛ anigye yi ho nsɛm pii a, hwɛ Yesaia Nkɔmhyɛ No​—Hann Ma Adesamma Nyinaa II nhoma no kratafa 303-320.

d Ná Bible Asuafo a wodi kan no nim saa nokwasɛm titiriw no dedaw. Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 15, 1895 no kae sɛ: “Sɛ yetumi boaboa awi kakraa bi ano a, yebetumi adi nokware no ho adanse pii. . . . Yɛn nyinaa betumi aka asɛmpa no bi.”