Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 10

Ɔhene no Tew Ne Nkurɔfo Ho Wɔ Honhom Fam

Ɔhene no Tew Ne Nkurɔfo Ho Wɔ Honhom Fam

NEA TI YI KA HO ASƐM

Nea enti a Yesu atew n’akyidifo ho wɔ honhom fam ne ɔkwan a wafa so ayɛ saa

1-3. Bere a Yesu hui sɛ wɔregu asɔrefie no ho fĩ no, dɛn na ɔyɛe?

 NÁ Yesu wɔ obu kɛse ma Yerusalem asɔrefie no efisɛ na onim nea wɔyɛ wɔ hɔ. Asɔrefie hɔ ne beae titiriw a na wofi bere tenten asom nokware Nyankopɔn no wɔ asase so. Nanso, na ɛnsɛ sɛ efĩ ne nkekae biara ba ɔsom a wɔde ma Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no ho. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu tee nka bere a ɔbaa asɔrefie hɔ Nisan 10, 33 Y.B. mu na ohui sɛ wɔregu asɔrefie no ho fĩ no. Dɛn na na ɛrekɔ so wɔ hɔ?​—Monkenkan Mateo 21:​12, 13.

2 Ná aguadifo apoobɔfo ne sikasesafo a wɔwɔ Amanaman mufo Abangua a ɛwɔ asɔrefie hɔ no de hokwan a wɔanya no resisi Onyankopɔn asomfo a wɔaba rebɛbɔ afɔre ama Yehowa no. a Yesu “kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ ade nyinaa fii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafo no apon . . . butubutuwii.” (Momfa ntoto Nehemia 13:​7-9 ho.) Yesu kasa tiaa saa mmarima adifudepɛfo a na wɔde n’Agya fie adan “adwowtwafo atɛwee” no. Yesu nam nea ɔyɛe yi so kyerɛe sɛ ɔwɔ obu ma asɔrefie no ne nea wɔyɛ wɔ hɔ no. Ná ɛsɛ sɛ wɔma ɔsom a wɔde ma n’Agya no ho tew!

3 Mfehaha pii akyi, bere a wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Mesia Ahenni no so Hene no, ɔsan bɛtew asɔrefie bi ho​—ɛno fa obiara a ɛnnɛ ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so no ho. Asɔrefie bɛn na ɔtew ho saa bere no?

Sɛnea Woyiyii “Lewifo Mu Fĩ”

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na woyiyii Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no mu fĩ na wɔtew wɔn ho fi afe 1914 besi afe 1919 mfiase? (b) So Onyankopɔn nkurɔfo a woyiyii wɔn mu fĩ de tew wɔn ho no baa awiei? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, bere a wɔde Yesu sii ahengua so wɔ afe 1914 no, ɔne n’Agya bɛhwɛɛ honhom fam asɔrefie no​—nhyehyɛe a wɔayɛ a yɛnam no som nokware Nyankopɔn no. b Nea efii asɔrefie hɔ a wɔbɛhwɛe no mu bae ne sɛ, Ɔhene no hui sɛ ehia sɛ woyiyi Kristofo a wɔasra wɔn, “Lewifo” no, mu fĩ na wɔtew wɔn ho. (Mal. 3:​1-3) Efi afe 1914 besi afe 1919 mfiase no, Yehowa, Ɔnanfo no, maa ne nkurɔfo faa sɔhwɛ ahorow ne ahokyere pii mu, na ɔnam so yiyii wɔn mu fĩ de tew wɔn ho. Anigyesɛm ne sɛ, bere a wɔn a wɔasra wɔn no fii sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den no mu fii no, na wɔn ho atew, na na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtaa Mesia Ahenni no so Hene no akyi!

5 So Onyankopɔn nkurɔfo a woyiyii wɔn mu fĩ de tew wɔn ho no baa awiei? Dabi. Wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, Yehowa nam Mesia Ahenni no so Hene no so akɔ so aboa Yesu akyidifo ma wɔn ho atew sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so atena honhom fam asɔrefie hɔ. Wɔ nhoma yi ti abien a edi hɔ no, yebehu sɛnea wɔatew wɔn ho wɔ abrabɔ fam ne nsakrae ahorow nso a wɔayɛ wɔ ahyehyɛde no mu. Nanso, nea edi kan no, momma yensusuw honhom fam ahotew ho. Sɛ yesusuw nea Yesu ayɛ​—nea aniwa hu ne nea aniwa nhu​—de aboa n’akyidifo ma wɔn ho atew wɔ honhom fam no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den.

“Montew Mo Ho”

6. Ɔkwan bɛn so na ahyɛde a Yehowa de maa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no boa yɛn ma yehu nea honhom fam ahotew kyerɛ?

6 Dɛn ne honhom fam ahotew? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛm yi ho mmuae no, momma yɛnhwɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon a na aka kakra ma wɔafi hɔ wɔ afeha ɛto so asia A.Y.B. mu no. (Monkenkan Yesaia 52:​11.) Nea enti paa a na saa Yudafo no resan akɔ wɔn kurom Yerusalem ne sɛ, na wɔresan akosi asɔrefie no na wɔasan de nokware som asi hɔ. (Esra 1:​2-4) Ná Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo gyaw Babilon som mu biribiara wɔ wɔn akyi. Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ ɔmaa wɔn ahyɛde ahorow pii: “Mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew,” “mumfi ne mu,” na “montew mo ho.” Ɛnsɛ sɛ wɔde atoro som mu nneyɛe frafra Yehowa som a ɛho tew no mu de gu ho fĩ. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka? Sɛ yɛn ho bɛtew wɔ honhom fam a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho koraa fi atoro som nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe biara ho.

7. Henanom na Yesu nam wɔn so aboa ne nkurɔfo ma wɔn ho atew wɔ honhom fam?

7 Bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene no, ankyɛ koraa na ɔpaw akoa nokwafo ne ɔbadwemma no wɔ afe 1919 mu, na ɔnam wɔn so aboa n’akyidifo ma wɔn ho atew wɔ honhom fam. Ɛnyɛ den sɛ obi behu saa akoa yi. (Mat. 24:​45) Eduu saa afe no, na Bible Asuafo no atew wɔn ho afi atoro som nkyerɛkyerɛ pii ho. Ne nyinaa akyi no, na ɛho hia sɛ wɔtwe wɔn ho fi nneɛma bi ho na ama wɔn ho akɔ so atew wɔ honhom fam. Kristo nam n’akoa nokwafo no so akyerɛkyerɛ n’akyidifo nkakrankakra ma wɔahu afahyɛ ne nneyɛe bi a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho. (Mmeb. 4:​18) Momma yensusuw eyi mu bi ho nhwɛ.

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya?

8. Dɛn na na Bible Asuafo no fi bere tenten ahu afa Buronya ho, nanso dɛn na na wonnya nhui?

8 Ná Bible Asuafo no fi bere tenten ahu sɛ Buronya fi abosonsom mu, na wɔanwo Yesu nso wɔ December 25. Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1881 no kae sɛ: “Abosonsomfo pii bɛyɛɛ Kristofo. Nanso, na edin kristofo no da wɔn so kɛkɛ, efisɛ abosonsomfo asɔfo no ara na wɔbɛyɛɛ kristofo asɔfo, na wɔde kristosom mu din ahorow totoo abosonsomfo nnapɔnna so, na na Buronya yɛ saa nnapɔnna no mu biako.” Wɔ afe 1883 no, asɛm bi puei wɔ Ɔwɛn-Aban mu a n’asɛmti ne “Bere Bɛn na Wɔwoo Yesu?” Saa asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔwoo Yesu bɛyɛ October mfiase. c Nanso, saa bere no, Bible Asuafo no anhu sɛ ɛho hia sɛ wogyae Buronya di. Betel abusua a ɛwɔ Brooklyn no mpo annyae di. Nanso, wɔ afe 1926 akyi no, nneɛma fii ase sesae. Dɛn ntia?

9. Dɛn na Bible Asuafo no behui wɔ Buronya ho?

9 Bere a Bible Asuafo no tɔɔ wɔn bo ase yɛɛ Buronya ho nhwehwɛmu no, wobehui sɛ baabi a efi ne nneyɛe a ɛbatabata ho no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam koraa. Asɛm bi puei wɔ The Golden Age a ɛbaa December 14, 1927 mu a n’asɛmti ne “Baabi a Buronya Fi.” Asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Buronya yɛ abosonsomfo afahyɛ, na anigyede ne ahonisom nkutoo na ɛhyɛ ho nkuran. Ɛkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛnyɛ Kristo na ɔkae sɛ yenni Buronya, na ɛkaa ho asɛm pefee sɛ: “Esiane sɛ wiase no ne emu nnipa, ne Ɔbonsam ani gye Buronyadi ho na wɔpɛ sɛ ɛkɔ so nti . . . yehu pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa som no di saa afahyɛ no.” Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ, Betel abusua no anni Buronya saa December no, na wɔanni bio de besi nnɛ!

10. (a) Buronya ho nsɛm bɛn na wɔde mae wɔ December 1928 mu? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Buronya, Baabi a Efi ne Nea Enti a Wodi” no nso.) (b) Dɛn na wɔyɛe de twee Onyankopɔn nkurɔfo adwene sii nnapɔnna ne afahyɛ ahorow a ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mu no so? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Wohuu Baabi a Nnapɔnna ne Afahyɛ Afoforo Fi” no.)

10 Afe a edi hɔ no, Bible Asuafo no san nyaa baabi a Buronya fi ho nsɛm pii. Wɔ December 12, 1928 no, Onua Richard H. Barber, a na ɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti hɔ no maa ɔkasa bi wɔ radio so, na ɛbɛdaa adi pefee sɛ, baabi a Buronya fi nyɛ papa. Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ akwankyerɛ a emu da hɔ a akoa nokwafo no de mae no ho? Bere a Onua Charles Brandlein reka bere a ɔne n’abusua gyaee Buronya di ho asɛm no, ɔkae sɛ: “So na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegyae saa abosonsom nneyɛe no? Dabida! . . . Ná ɛte sɛ nea yɛhyɛ atade bi a nneɛma akeka mu na yɛaworɔw atow agu.” Bere a Onua Henry A. Cantwell, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo reka nsakrae a anuanom yɛe ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yɛn ani gyei sɛ yetumi twee yɛn ho fii biribi a ɛte saa ho de daa no adi sɛ yɛdɔ Yehowa.” Ná Kristo akyidifo anokwafo no ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia sɛ wɔyɛ na ama wɔagyae afahyɛ a efi abosonsom mu no. d​—Yoh. 15:​19; 17:14.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛtaa Mesia Ahenni no so Hene no akyi?

11 Hwɛ nhwɛso pa ara a saa Bible Asuafo anokwafo no ayɛ ama yɛn! Sɛ yedwinnwen nhwɛso a wɔyɛe no ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ akoa nokwafo no ma yɛn akwankyerɛ a, dɛn na meyɛ wɔ ho? So mekyerɛ ho anisɔ, na migye tom de nea misua no bɔ me bra?’ Sɛ yɛyɛ aso tie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no a, yɛda no adi sɛ yɛtaa Mesia Ahenni no so Hene a ɔnam akoa nokwafo no so rema yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no akyi.​—Aso. 16:​4, 5.

So Ɛsɛ sɛ Kristofo De Mmeamudua Di Dwuma?

Mmeamudua ne abotiri ahyɛnsode no (Hwɛ nkyekyɛm 12 ne 13)

12. Wɔ mfe pii mu no, adwene bɛn na na Bible Asuafo no wɔ wɔ mmeamudua ho?

12 Wɔ mfe pii mu no, na Bible Asuafo no bu mmeamudua sɛ Kristofo ahyɛnsode a asɛm biara nni ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wogye di sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom mmeamudua, efisɛ na wonim sɛ abosonsom yɛ bɔne. (1 Kor. 10:​14; 1 Yoh. 5:​21) Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ afe 1883 mu tɔnn no kae pefee sɛ “Onyankopɔn kyi abosonsom biara.” Nanso, mfiase no, na Bible Asuafo no adwene yɛ wɔn sɛ mfomso biara nni ho sɛ wɔde mmeamudua bedi dwuma wɔ ɔkwampa so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na wɔde anigye bɔ mmeamudua ne abotiri baagye no sɛ ahyɛnsode. Ná wosusuw sɛ sɛ wɔbɔ saa baagye no na wodi nokware kosi owu mu a, wobenya nkwa abotiri. Efi afe 1891 no, wɔde mmeamudua ne abotiri ahyɛnsode yi too Ɔwɛn-Aban no anim.

13. Mmeamudua a wɔde di dwuma ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na Kristo akyidifo no nyae? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Wɔkyerɛkyerɛɛ Dwuma a Wɔde Mmeamudua Di Mu Nkakrankakra” no nso.)

13 Ná mmeamudua ne abotiri ahyɛnsode no som bo ma Bible Asuafo no. Nanso, bere a afe 1920 mfe no rekɔ awiei no, wɔkyerɛkyerɛɛ Kristo akyidifo ma wobenyaa mmeamudua a wɔde di dwuma no ho ntease nkakrankakra. Bere a Onua Grant Suiter a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni reka nea ɛkɔɔ so wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ afe 1928, wɔ Detroit, Michigan, U.S.A., ase ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔ nhyiam no ase no, wɔmaa anuanom behui sɛ mmeamudua ne abotiri ahyɛnsode no yɛ ade a ɛho nhia na ɛsan nso yɛ akyide.” Mfe kakra a edi hɔ no, wɔde mmeamudua ho nkyerɛkyerɛmu pii mae. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde mmeamudua di dwuma wɔ Onyankopɔn som a efĩ ne nkekae biara nnim no mu.

14. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yɛe wɔ mmeamudua ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde maa wɔn nkakrankakra no ho?

14 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo nyaa mmeamudua ho nkyerɛkyerɛmu nkakrankakra no, dɛn na wɔyɛe wɔ ho? So wɔkɔɔ so de mmeamudua ne abotiri ahyɛnsode a na wɔn ani gye ho paa no dii dwuma? Bere a Lela Roberts, a ɔde mfe pii som Yehowa reka eyi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Bere a yebehuu nea mmeamudua kyerɛ no, anyɛ yɛn den koraa sɛ yɛbɛtow agu.” Onuawa nokwafo foforo a wɔfrɛ no Ursula Serenco, nso kaa sɛnea anuanom pii tee nka wɔ asɛm no ho sɛ: “Yebehui sɛ, ade a bere bi na yebu no sɛ egyina hɔ ma yɛn Awurade wu ne Kristofo agyiraehyɛde no yɛ abosonsomfo agyiraehyɛde ankasa. Sɛnea Mmebusɛm 4:​18 kyerɛ no, yɛn ani gyei sɛ na hann no rekɔ so hyerɛn kɛse wɔ ɔkwan no so.” Ná Kristo akyidifo anokwafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ nneyɛe a ɛho ntew a ɛwɔ atoro som mu no mu!

15, 16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma Yehowa honhom fam asɔrefie adiwo a ɛwɔ asase so no ho atew?

15 Ɛnnɛ, yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa ara. Yegye tom sɛ Kristo nam n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so reboa ne nkurɔfo ma wɔn ho atew wɔ honhom fam. Enti, sɛ wɔnam honhom fam aduan a wɔde ma yɛn so twe yɛn adwene si atoro som afahyɛ ahorow, wɔn nneyɛe, anaa wɔn amanne bi so a, ɛsɛ sɛ yetie na yɛyɛ ho biribi ntɛm ara. Sɛnea yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ Kristo mmae mfiase no yɛe no, saa ara na yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma Yehowa honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ asase so no ho atew.

16 Wɔ nna a edi akyiri yi nyinaa mu no, Kristo asan reyɛ adwuma bi a ɔnam so rebɔ asafo ahorow a Yehowa nkurɔfo wom ho ban afi nnipa bi a wobetumi ama yɛn ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn som mu no ho. Ɔkwan bɛn na wafa so ayɛ saa? Momma yɛnhwɛ.

Sɛnea Woyiyi ‘Abɔnefo Fi Treneefo Mu’

17, 18. Wɔ asau ho mfatoho no mu no, dɛn na nea edidi so yi kyerɛ? (a) asau a wogyaa gu po mu, (b) ‘mpataa ahorow pii a woyi’ (d) mpataa papa a wɔboaboa ano gu ade mu, ne (e) mpataa a enye a wɔtow gu.

17 Ɔhene Yesu Kristo ma n’ani kɔ so kũ asafo ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo wom wɔ wiase nyinaa no ho. Kristo ne abɔfo no reyɛ mpaapaemu adwuma bi wɔ akwan bi so a yentumi nte ase nwie. Yesu kaa saa adwuma yi ho asɛm wɔ asau ho mfatoho no mu. (Monkenkan Mateo 13:​47-50.) Saa mfatoho no ase ne dɛn?

Asau no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛm a wɔreka akyerɛ adesamma a wɔte sɛ po no (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18 “Asau a wɔagyaa agu po mu.” Asau no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛm a wɔreka akyerɛ adesamma a wɔte sɛ po no. ‘Mpataa ahorow pii a woyi.’ Asɛmpa no twetwe nnipa ahorow nyinaa bi​—wɔn a wɔbɔ mmɔden bɛyɛ nokware Kristofo, ne afoforo pii a wofi ase kyerɛ asɛm no ho anigye nanso wɔnyere wɔn ho mmɛyɛ nokware Kristofo no. e Wɔboaboa ‘papa no ano gu ade mu.’ Wɔreboaboa nnipa komapafo ano agu asafo ahorow a ayɛ te sɛ ade a wɔboaboa mpataa ano gu mu​—baabi a wobetumi de ɔsom a ɛho tew ama Yehowa. Wɔtow mpataa a ‘enye no’ gu. Wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, Kristo ne abɔfo no reyiyi “abɔnefo afi treneefo mu.” f Ne saa nti, wɔmma wɔn a wonni koma pa, kyerɛ sɛ, wɔn a ebia wɔmpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som mu gyidi anaa wɔn nneyɛe bi a ɛnyɛ papa ho no kwan mma wɔntena asafo no mu ngu ho fĩ. g

19. Wote nka dɛn wɔ nea Kristo reyɛ ama Onyankopɔn nkurɔfo ho atew na efĩ biara amma nokware som mu no ho?

19 So ɛnyɛ anigye sɛ yɛabehu sɛ yɛn Hene, Yesu Kristo, rebɔ wɔn a wɔhyɛ n’ase no ho ban? So ɛnsan nyɛ awerɛkyekye sɛ yɛabehu sɛ nsi a ɔde tew nokware som ne nokware asomfo ho wɔ asomafo no bere so bere a na ɔretew asɔrefie no ho no, saa nsi koro no ara na ɔde retew yɛn ho nnɛ? Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ Kristo ahwɛ ama Onyankopɔn nkurɔfo ho atew wɔ honhom fam, na wayi efĩ biara afi nokware som mu! Nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛtaa Ɔhene no ne n’Ahenni no akyi ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi atoro som mu biribiara ho.

a Ná ɛsɛ sɛ Yudafo a wofi nkurow foforo so aba asɔrefie hɔ no de sika a wodi wɔ Yerusalem na etua asɔrefie afe afe tow no, na na sikasesafo no gye sika ansa na wɔasesa ama wɔn. Afei nso, ebia na ahɔho no bɛtɔ mmoa a wɔde bɛbɔ afɔre no. Yesu frɛɛ aguadifo no “adwowtwafo,” efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nneɛma no bo yɛ den dodo.

b Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so som no wɔ honhom fam asɔrefie kɛse no adiwo wɔ asase so.

c Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, Yesu a wɔkyerɛ sɛ wɔwoo no awɔw bere mu ne “kyerɛwtohɔ a ɛfa nguanhwɛfo a saa bere no na wɔrehwɛ wɔn mmoa wɔ wuram no nhyia.”​—Luka 2:8.

d Onua Frederick W. Franz kyerɛwee wɔ ne krataa bi mu wɔ November 14, 1927 mu sɛ: “Afe yi, yɛrenni Buronya. Betel abusua no asi gyinae sɛ yɛrenni Buronya bio.” Asram kakraa bi akyi no, Onua Franz kae wɔ krataa a ɔkyerɛwee wɔ February 6, 1928 no mu sɛ: “Awurade de nkakrankakra retew yɛn ho afi Babilon a ɛyɛ Ɔbonsam ahyehyɛde no nkekae ho.”

e Wo de, susuw nhwɛso yi ho hwɛ. Wɔ afe 2013 no, yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 7,965,954, na nnipa 19,241,252 na wɔbaa Kristo wu Nkaedi a yɛyɛ no afe afe no ase.

f Ɛsono nea mpataa papa a wɔreyiyi afi mpataa a enye mu no kyerɛ, ɛnna ɛsono nea nguan ne mmirekyi a wɔbɛpaapae wɔn mu no nso kyerɛ. (Mat. 25:​31-46) Nguan ne mmirekyi a wɔbɛpaapae wɔn mu, anaa atemmu a etwa to no bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu. Enkosi saa bere no, nnipa a wɔte sɛ mpataa a enye no betumi akɔ Yehowa nkyɛn ma wɔaboaboa wɔn ano akɔ asafo ahorow a ayɛ te sɛ ade a wɔboaboa mpataa ano gu mu no mu.​—Mal. 3:7.

g Awiei koraa no, wɔbɛtow mpataa a enye no agu sɛnkyerɛnne kwan so ogya mu, a ɛkyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba wɔn so.