Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 11

Abrabɔ Fam Ahotew​—Ɛda Onyankopɔn Kronkronyɛ Adi

Abrabɔ Fam Ahotew​—Ɛda Onyankopɔn Kronkronyɛ Adi

NEA TI YI KA HO ASƐM

Sɛnea Ɔhene no akyerɛkyerɛ n’asomfo ma wɔde Onyankopɔn asɛm bɔ wɔn bra

Wo de, twa ho mfonini wɔ w’adwene mu sɛ worehyɛn Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no adiwo hɔ

1. Dɛn na Hesekiel hui a ɛma yɛn ho dwiriw yɛn?

 SƐ WUHUU ade a odiyifo Hesekiel hui bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no bi a, anka wobɛyɛ dɛn? Twa ho mfonini hwɛ: Wokɔɔ asɔrefie kɛse bi a emu hyerɛn paa mu. Ɔbɔfo hoɔdenfo bi wɔ hɔ a odii w’anim de wo kyinkyin asɔrefie nwonwaso no mu! Afei wufii ase sɛ woreforo ntrapoe ason a ɛkɔ apon akɛse abiɛsa no biako ano. Apon akɛse a ɛwɔ hɔ no maa wo ho dwiriw wo. Apon akɛse no tenten bɛyɛ mita 30. Bere a wuduu asɔrefie no abrannaa no so no, wuhuu awɛmfo mpia wɔ hɔ. Wɔayeyɛ adum no fɛfɛɛfɛ te sɛ mmedua.​—Hes. 40:​1-4, 10, 14, 16, 22; 41:20.

2. (a) Dɛn na asɔrefie ho anisoadehu no gyina hɔ ma? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na yebetumi asua afi nneɛma a ɛwɔ asɔrefie no abrannaa no so mu?

2 Eyi yɛ honhom fam asɔrefie no ho anisoadehu. Hesekiel kaa asɔrefie no ho asɛm kɔɔ akyiri ara ma enti ɛho nsɛm nkutoo na ɛwɔ ne nkɔmhyɛ nhoma no ti 40 kosi 48. Saa asɔrefie yi gyina hɔ ma nhyehyɛe a wɔayɛ a yɛnam so de ɔsom kronn ma Yehowa. Biribiara a ɛwɔ asɔrefie no ho no fa yɛn ankasa som a yɛde ma wɔ nna a edi akyiri yi mu ho. a Apon akɛse a ɛkorɔn no gyina hɔ ma dɛn? Ɛkae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a yɛnam so som no wɔ nokware no mu no ma wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn asɛm a ɛkorɔn na ɛho tew no hyia. Asɔrefie no adum a wɔayɛ no sɛ mmedua no mpo si asɛm koro no ara so dua, efisɛ wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde mmedua gyina hɔ ma adetrenee. (Dw. 92:​12) Na awɛmfo mpia no nso kyerɛ dɛn? Ɛda adi pefee sɛ, wɔn a wonni Onyankopɔn asɛm so no rennya kwan mfa saa nkwa kwan fɛfɛ a yɛnam so de ɔsom kronn ma Onyankopɔn no so.​—Hes. 44:9.

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔkɔ so tew Kristo akyidifo ho?

3 Ɔkwan bɛn so na Hesekiel anisoadehu yi anya mmamu? Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 2 no, efi afe 1914 besi afe 1919 mfiase no, Yehowa maa Kristo hyɛɛ da nanee ne nkurɔfo yiyii wɔn mu fĩ. So woyiyii wɔn mu fĩ no wiee saa bere no? Dabida! Wɔ mfe ɔha a atwam no nyinaa mu no, Kristo akɔ so ahwɛ ma n’akyidifo de Yehowa mmara a ɛyɛ kronkron no abɔ wɔn bra. Enti, ehia sɛ wɔkɔ so ara yiyi n’akyidifo no mu fĩ. Dɛn ntia? Efisɛ wiase a ɔbrasɛe wom yi ara na Kristo reboaboa n’akyidifo no ano afi mu, ɛnna Satan nso rebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛtwetwe Kristo akyidifo no asan akɔ ɔbrasɛe dontori no mu. (Monkenkan 2 Petro 2:​20-22.) Momma yɛnhwehwɛ nneɛma abiɛsa a wɔde nkakrankakra atew nokware Kristofo ho afi ho no mu. Nea edi kan no, yebesusuw abrabɔ fam ahotew ho, ɛno akyi no, yebesusuw nhyehyɛe titiriw bi a wɔyɛe a na ɛbɛboa ma asafo no ho atew ho, na afei yɛasusuw abusua nhyehyɛe ho.

Abrabɔ Fam Ahotew Mu Nsakrae a Wɔayɛ De Besi Nnɛ

4, 5. Dɛn na Satan de adi dwuma bere tenten ni, na dɛn na afi mu aba?

4 Abrabɔ pa ho hia Yehowa nkurɔfo bere nyinaa. Ɛno nti, wɔakɔ so agye ho akwankyerɛ a emu da hɔ yiye no atom. Momma yensusuw ɛho nhwɛso kakraa bi ho nhwɛ.

5 Nna mu ɔbrasɛe. Yehowa yɛɛ nna mu nkitahodi maa awarefo sɛ ade a ɛho tew na ɛho wɔ nyam. Nanso, nea Satan ani gye ho ne sɛ ɔbɛsɛe akyɛde a ɛsom bo yi, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma abɛyɛ biribi a ɛho ntew, na ɔde asɔ Yehowa nkurɔfo ahwɛ ma wɔayɛ ade a Onyankopɔn ani nnye ho. Satan faa saa kwan no so nyaa Yehowa nkurɔfo pii wɔ Balaam bere so, na wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɔde saa kwan no redi dwuma kɛse sen bere biara.​—Num. 25:​1-3, 9; Adi. 2:14.

6. Ntanka bɛn na wotintimii wɔ Ɔwɛn-Aban mu, na ɔkwan bɛn so na ɛbɔɔ anuanom ho ban, na dɛn nti na akyiri yi wogyaee ka? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

6 Nea ɛbɛyɛ na wɔako atia nea Satan reyɛ no, wotintim ntam bi wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 15, 1908 mu a na anuanom bɛka de akyerɛ sɛ wobedi nokware. Ntam no mu nsɛm bi ne sɛ: “Baabiara a mewɔ biara no, sɛnea me ne ɔbea anaa ɔbarima bɛyɛ yɛn ade wɔ baguam no saa ara na mɛyɛ wɔ kokoam bere nyinaa.” b Ɛwom sɛ na ɛnyɛ nhyɛ sɛ obiara bɛka saa ntam no de, nanso nnipa pii kae, na wɔde wɔn din mae sɛ wontintim wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Mfe bi akyi no, wobehui paa sɛ, ɛwom sɛ saa ntam yi boaa nnipa pii saa bere no de, nanso ɛbɛyɛɛ te sɛ amanne bi kɛkɛ; enti wogyaee ntam no ka. Nanso, wɔkɔɔ so de abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a ɛwɔ saa ntanka no mu no yɛɛ adwuma bere nyinaa.

7. Wɔ afe 1935 no, ɔhaw bɛn na Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm, na asɛm bɛn na wɔsan sii so dua?

7 Satan kɔɔ so miaa ne ntua no mu. Ɔwɛn-Aban a ɛbae March 1, 1935 no kaa ɔhaw bi a na ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu ho asɛm fann. Ɛda adi sɛ, na ebinom susuw sɛ asɛnka adwuma a wɔyɛ nti, ɛho nhia sɛ wɔde Yehowa asɛm bɔ wɔn bra wɔ kokoam. Ɔwɛn-Aban no kaa no pen sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara kae sɛ, ɛnyɛ nea wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ ara ne sɛ yɛbɛkɔ asɛnka. Yehowa adansefo yɛ Yehowa ananmusifo, na wɔwɔ asɛyɛde sɛ wobegyina Yehowa ne n’ahenni no ananmu wɔ ɔkwan a ɛfata so.” Afei asɛm no toaa so de aware ne nna ho afotu a emu da hɔ pefee mae, na ɛboaa Onyankopɔn nkurɔfo ma ‘woguanee aguamammɔ.’​—1 Kor. 6:18.

8. Dɛn nti na Ɔwɛn-Aban no akɔ so asi nea Hela asɛmfua a ɛkyerɛ nna mu ɔbrasɛe no kyerɛ ankasa so dua mpɛn pii?

8 Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde asɛmfua por·neiʹa gyina hɔ ma nna mu ɔbrasɛe. Wɔ nnansa yi mfe mu no, Ɔwɛn-Aban no akɔ so akyerɛkyerɛ nea saa asɛmfua no kyerɛ ankasa mu mpɛn pii. Saa asɛmfua no nkyerɛ ɔbarima ne ɔbea nna nkutoo. Mmom no, por·neiʹa kyerɛ nna mu nneyɛe pii a ɛmfata, a aniwude a wɔyɛ wɔ mmeae a wosi tuutuu nyinaa ka ho. Eyi nti, wɔabɔ Kristo akyidifo ho ban afi nna mu ɔbrasɛe a nnipa pii de wɔn ho ahyɛ mu wɔ nnɛ wiase yi mu no ho.​—Monkenkan Efesofo 4:​17-19.

9, 10. (a) Abrabɔ bɛn na Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm wɔ afe 1935 mu? (b) Nsɛm a ɛfata bɛn na Bible no ka fa mmosã a wɔnom ho?

9 Asabow. Ɔwɛn-Aban a ɛbae March 1, 1935 no san kaa abrabɔ foforo bi ho asɛm: “Wɔahyɛ no nsow nso sɛ bere a ebinom nam asɛnka mu anaasɛ wɔreyɛ nnwuma foforo wɔ asafo no mu no, na wɔanom [mmosã]. Bere bɛn na Kyerɛwnsɛm no ma kwan sɛ yebetumi anom nsã? So ɛbɛyɛ papa sɛ obi bɛnom nsã ma aka adwuma a ɔreyɛ wɔ Awurade ahyehyɛde no mu no?”

10 Eyi ho mmuae a wɔde mae no ma yenya nkyerɛkyerɛmu a ɛfata a Onyankopɔn Asɛm no de ma wɔ mmosã ho. Bible no nkasa ntia nsã ne mmosã foforo a wɔnom no sɛnea ɛfata, nanso ɛkasa tia asabow denneennen. (Dw. 104:​14, 15; 1 Kor. 6:​9, 10) Ɛdefa nsã a wɔnom de yɛ Onyankopɔn som adwuma ho de, wofi bere tenten de Aaron mma a Onyankopɔn kunkum wɔn bere a wɔde ogya foforo bi a wɔmmaa ho kwan bɔɔ afɔre wɔ Onyankopɔn afɔremuka so no ayɛ kɔkɔbɔ ama Onyankopɔn asomfo. Asɛm yi akyi bere tiaa bi no, kyerɛwtohɔ no ma yehu nea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa saa mmarima no yɛɛ ade a ɛmfata yi, efisɛ Onyankopɔn de mmara bi mae a na ɛbara asɔfo no nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã bere a wɔreyɛ Onyankopɔn som adwuma no. (Lev. 10:​1, 2, 8-11) Saa nnyinasosɛm a Kristo akyidifo di so nnɛ no ma wɔhwɛ yiye sɛ wɔrennom mmosã bere a wɔreyɛ Onyankopɔn som adwuma no.

11. Asadweam ho nkyerɛkyerɛmu pii bɛn na wɔde ama Onyankopɔn nkurɔfo?

11 Wɔ mfe kakra a atwam mu no, wɔasan de asadweam ho nkyerɛkyerɛmu pii ama Kristo akyidifo. Ɔsadweam yɛ obi a ɔnom nsã da biara ma ne nom ka ne hɔ. Esiane honhom fam aduan a wɔde ma wɔ ne bere mu nti, wɔaboa nnipa pii ma wɔadi saa ɔhaw no so ma wɔrebɔ wɔn bra sɛnea ɛfata. Wɔaboa nnipa pii ma wɔagyae asabow koraa. Ɛnsɛ sɛ obiara ma asanom bebrebe gu n’anim ase, ɛsɛe n’abusua, na nea enye koraa no, ɛma hokwan a ɔwɔ sɛ ɔde ɔsom kronn ma Yehowa no bɔ no.

“Ɛrentumi mma sɛ yebehu yɛn Awurade sɛ tawa wusiw agye ne ho anaa ɔde biribi a ɛho ntew rehyɛ n’anom.”​—C. T. Russell

12. Adwene bɛn na na Kristo akyidifo wɔ wɔ tawanom ho ansa na nna a edi akyiri no mpo refi ase?

12 Tawanom. Kristo akyidifo fii ase kasa tiaa tawanom ansa na nna a edi akyiri no mpo refi ase. Mfe bi a atwam no, onuabarima bi a n’ani afi a wɔfrɛ no Charles Capen, kaa bere a edi kan a ɔne Charles Taze Russell hyiae wɔ afeha a ɛto so 19 awiei mu no ho asɛm. Ná Capen a saa bere no wadi mfe 13 ne ne nuanom mmarima baasa gyina atrapoe a ɛwɔ Bible House wɔ Allegheny, Pennsylvania, no so. Bere a Russell sian wɔn ho no, obisaa wɔn sɛ: “Mmerante, morenom sigaret anaa? Mete sigaret pampan wɔ ha.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔnnom sigaret. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ma wohuu n’adwene wɔ sigaretnom ho. Wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ August 1, 1895 mu no, Onua Russell kaa 2 Korintofo 7:1 ho asɛm sɛ: “Minnye nni sɛ Kristoni bi betumi anom tawa wɔ ɔkwan biara so ma ɔno ankasa anya so mfaso anaasɛ ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. . . . Ɛrentumi mma sɛ yebehu yɛn Awurade sɛ tawa wusiw agye ne ho anaa ɔde biribi a ɛho ntew rehyɛ n’anom.”

13. Abrabɔ fam ahotew ho asɛm bɛn na wɔde mae wɔ afe 1973 mu?

13 Wɔ afe 1935 no, Ɔwɛn-Aban no frɛɛ tawa sɛ “ahaban bɔne,” na ɛde kaa ho sɛ, obiara nni hɔ a sɛ odi tawa anaa ɔnom bi a obetumi akɔ so ayɛ Betel abusua no muni anaa wayɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no nanmusini sɛ ɔkwampaefo anaa ɔhwɛfo kwantufo. Wɔ afe 1973 no, wɔde abrabɔ fam ahotew ho nkyerɛkyerɛmu foforo mae. Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 1 no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yehowa Dansefo biara nni hɔ a obetumi akɔ so anya gyinabea pa wɔ asafo no mu bere a ɔnom sigaret anaa odi tawa. Ɛyɛ nneyɛe a edi awu, egu onipa ho fĩ, na ɛnkyerɛ ɔdɔ. Enti afei na wobetu wɔn a wɔmpɛ sɛ wogyae tawadi anaa tawanom no afi asafo no mu. c Kristo tuu anammɔn foforo bi a ɛho hia paa de tew n’akyidifo ho saa bere no.

14. Dɛn na Onyankopɔn asɛm ka fa mogya ho, na ɛyɛɛ dɛn na mogya a wɔde ma buu so?

14 Mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so. Wɔ Noa bere so no, Onyankopɔn kae sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi bedi mogya. Ɔsan sii saa asɛm no so dua wɔ Mmara a ɔde maa Israelfo no mu, na saa ara na ɔka kyerɛɛ Kristofo asafo no sɛ “wɔntwe wɔn ho mfi . . . mogya ho.” (Aso. 15:​20, 29; Gen. 9:4; Lev. 7:​26) Wɔ ɛnnɛ bere yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan afa ɔkwan bi so ama nnipa pii abu wɔn ani agu Onyankopɔn asɛm so. Nnuruyɛfo fii ase de mogya maa nkurɔfo wɔ afeha a ɛto so 19 mu, nanso efi bere a wobehui sɛ mogya gu ahorow no, wofii ase de maa nkurɔfo wɔ baabiara. Wɔ afe 1937 no, wofii ase twee mogya de siee baabi a wɔkora mogya so wɔ ayaresabea ahorow mu, nanso Wiase Ko II no na ɛma wɔde mogya maa nnipa pii. Ankyɛ na mogya a wɔde ma nkurɔfo buu so wɔ wiase nyinaa.

15, 16. (a) Dɛn na Yehowa Adansefo yɛe wɔ mogya a wɔde ma ho? (b) Mmoa bɛn na wɔde ama Kristo akyidifo wɔ mogya a wɔde ma ne nnuru a wɔde si mogya ananmu ho, na dɛn na afi mu aba?

15 Afe 1944 mu tɔnn na Ɔwɛn-Aban no kyerɛe sɛ mogya a wɔde ma yɛ ɔkwan foforo ankasa a wɔfa so di mogya. Afe a edi hɔ no, wosii nea Kyerɛwnsɛm no ka fa mogya a wɔde ma ho no so dua, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu ma emu daa hɔ fann. Eduu afe 1951 no, wotintim nsɛmmisa ne mmuae a ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔatumi akyerɛkyerɛ mogya ho nsɛm mu akyerɛ nnuruyɛfo. Ɛmfa ho sɛ wodii Kristo akyidifo ho fɛw, wɔsɔre tiaa wɔn, na wɔtaa wɔn mpɛn pii mpo no, wɔde akokoduru gyinaa pintinn wɔ wiase nyinaa. Nanso, Kristo kɔɔ so maa n’asafo no de mmoa a ne nkurɔfo hia maa wɔn. Wɔtɔɔ wɔn bo ase yɛɛ nhwehwɛmu nyaa nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri, na wogyinaa so tintim nhomawa ne nsɛm foforo.

16 Wɔ afe 1979 no, asafo mu mpanyimfo bi fii ase kɔɔ ayaresabea ahorow kɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a yegyina so a enti yennye mogya ne nnuru foforo a wobetumi de asi mogya ananmu asa yare mu kyerɛɛ nnuruyɛfo. Wɔ afe 1980 no, wɔde saa dwumadi yi ho ntetee soronko maa asafo mu mpanyimfo wɔ nkurow 39 mu wɔ United States. Bere bi akyi no, Akwankyerɛ Kuw no penee so sɛ wɔntew Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw wɔ wiase nyinaa. Efi saa bere no, so mfaso bi afi nhyehyɛe yi mu aba? Ɛnnɛ, ayaresafo mpempem pii​—a nnuruyɛfo ne wɔn a wɔyɛ oprehyɛn ka ho​—tie ayarefo a wɔyɛ Adansefo no asɛm, na wɔpene so sa wɔn yare a wɔmma wɔn mogya. Ayaresabea pii na wɔresa nkurɔfo yare a wɔmma wɔn mogya, na nnuruyɛfo binom mpo gye tom sɛ ɛno ne ɔkwampa a eye sen biara a wɔfa so sa yare. So ɛnyɛ anigye sɛ yebesusuw akwan a Yesu afa so abɔ n’akyidifo ho ban afi mmɔden a Satan rebɔ sɛ obegu Yesu akyidifo ho fĩ ho anaa?​—Monkenkan Efesofo 5:​25-27.

Ayaresabea pii na wɔresa nkurɔfo yare a wɔmma wɔn mogya, na ebinom mpo gye tom sɛ ɛno ne ɔkwampa a eye sen biara a wɔfa so sa yare

17. Dɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ɔkwan a Kristo afa so retew n’akyidifo ho no?

17 Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So yɛn ani sɔ ɔkwan a Kristo afa so retew n’akyidifo ho na ɔretete yɛn ma yɛde Yehowa asɛm a ɛkorɔn no abɔ yɛn bra no anaa?’ Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, bere nyinaa Satan rehwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ama yɛabu yɛn ani agu abrabɔ pa so na ama watumi atwe yɛn afi Yehowa ne Yesu ho. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ako atia saa nkɛntɛnso no, Yehowa ahyehyɛde no fi ɔdɔ mu bɔ yɛn kɔkɔ bere nyinaa sɛ wiase no bra asɛe. Enti, momma yɛmma yɛn ani nna hɔ, yɛnyɛ osetie, na yɛmfa afotu pa a ɛte saa a wɔde ma yɛn no nyɛ adwuma ntɛm.​—Mmeb. 19:20.

Sɛnea Wɔbɛbɔ Asafo no Ho Ban Afi Ɔbrasɛe Ho

18. Dɛn na anisoadehu a Hesekiel nyae no ma yehu pefee fa wɔn a wɔhyɛ da bu Onyankopɔn asɛm so no ho?

18 Nsakrae a ɛto so abien a wɔyɛe wɔ abrabɔ fam ahotew ho no fa asafo no a wɔbɛma ɛho atew no ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ wɔn a wogye tom sɛ wɔde Yehowa asɛm bɛbɔ wɔn bra a wohyira wɔn ho so ma Onyankopɔn no nyinaa na wɔkɔ so kura wɔn mũdi mu. Akyiri yi, ebinom koma sesa na wɔhyɛ da bu mmara a wogye toom no so. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saafo no? Yebetumi ahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn no ho nhwɛso bi wɔ Hesekiel anisoadehu a ɛfa honhom fam asɔrefie a yɛasusuw ho wɔ saa ti yi mfiase no mu. Momma yɛnkae saa apon akɛse no. Ná awɛmfo mpia wɔ abrannaa no mu biara so. Ɛda adi pefee sɛ, na awɛmfo no bɔ asɔrefie no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a ‘wɔyɛ komam momonoto’ no renhyɛn mu. (Hes. 44:9) Eyi kae yɛn pefee sɛ, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Yehowa asɛm a ɛho tew no bɛbɔ wɔn bra nkutoo na wɔma wɔn kwan ma wɔde wɔn ho hyɛ nokware som mu. Saa ara na nnɛ, ɛnyɛ obiara na onya hokwan a yɛwɔ sɛ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo bom som no bi.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristo aboa n’akyidifo nkakrankakra ma wɔahu sɛnea wobedi wɔn a wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru no asɛm? (b) Nneɛma abiɛsa bɛn nti na wotu wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no?

19 Wɔ afe 1892 no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ ɛyɛ “yɛn asɛyɛde sɛ yebetu Kristofo a wɔde wɔn nneyɛe anaa wɔn anom nsɛm kyerɛ sɛ wonnye ntom sɛ Kristo de ne ho mae sɛ agyede [a ɛfata] maa nnipa nyinaa no afi asafo no mu.” (Monkenkan 2 Yohane 10.) Wɔ afe 1904 no, The New Creation nhoma no kae sɛ, wɔn a wɔkɔ so bɔ brabɔne no yɛ ɔhaw kɛse ma asafo no. Saa bere no, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a na asafo mũ no nyinaa na “wɔbom di asɛm no.” Nanso, na saa nsɛm no ntaa nsi. Wɔ afe 1944 no, Ɔwɛn-Aban no kyerɛe sɛ asafo mu mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi nsɛm a ɛte saa wɔ asafo no mu. Wɔ afe 1952 no, wotintim akwankyerɛ a egyina Bible so wɔ Ɔwɛn-Aban mu a na wobegyina so adi nsɛm wɔ asafo no mu, na wosii ade titiriw a enti wotu wɔn a wonnu wɔn ho no so dua​—sɛ ɛbɛma asafo no ho atew.

20 Ɛno akyi mfe pii no, Kristo aboa n’akyidifo ma wɔahu sɛnea ɛsɛ sɛ wodi bɔne a emu yɛ duru ho nsɛm yiye. Wɔtete Kristofo mpanyimfo yiye ma wohu sɛnea wɔde atɛntrenee ne mmɔborɔhunu bedi nkurɔfo nsɛm de asuasua Yehowa. Anyɛ yiye koraa no, ɛnnɛ yɛahu nneɛma abiɛsa a enti wotu ɔbɔnefo a onnu ne ho fi asafo no mu: (1) sɛnea ahohorabɔ biara remma Yehowa din ho, (2) sɛnea ɛbɛbɔ asafo no ho ban na bɔne a emu yɛ duru angu asafo no ho fĩ, ne (3) sɛnea sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛbɛka ɔbɔnefo no koma ma wayɛ nsakrae.

21. Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde tu wɔn a wɔyɛ bɔne no aboa Onyankopɔn nkurɔfo?

21 So wuhu sɛnea nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde tu nkurɔfo no aboa Kristo akyidifo no nnɛ? Wɔ tete Israel no, na abɔnefo taa piapia ɔman no ma wɔyɛ bɔne, na ɛtɔ mmere bi mpo a na abɔnefo no dɔɔso sen wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so no. Enti, na ɔman no taa de ahohorabɔ ba Yehowa din so, na na ɛno ma wɔhwere n’anim dom. ( Yer. 7:​23-28) Nanso nnɛ, ɛnyɛ ɔman pɔtee bi na Yehowa ne wɔn di, na mmom ɔne mmarima ne mmea a wɔwɔ baabiara a wɔdɔ no na wɔsom no no na edi. Esiane sɛ woyi wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne no fi yɛn mu nti, ɛmma wɔmmɛyɛ nnwinnade a Satan nam so de ɔhaw foforo ba asafo no mu na asafo no ho angu fĩ. Ɛno nti, wonnya asafo no so nkɛntɛnso pii. Sɛ́ kuw no, ɛma yenya awerɛhyem sɛ yɛbɛkɔ so anya Yehowa anim dom. Momma yɛnkae sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” ( Yes. 54:​17) So yɛkɔ so boa asafo mu mpanyimfo a asɛyɛde a emu yɛ duru da wɔn so sɛ wodi wɔn a wɔyɛ bɔne nsɛm wɔ asafo no mu no?

Nea Ɔma Abusua Biara Nya Ne Din no a Yɛbɛkamfo No

22, 23. Dɛn nti na yɛn ani sɔ yɛn mfɛfo Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase no mu no, nanso adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ehia sɛ wosusuw abusua ho nsɛm ho yiye?

22 Nsakrae a ɛto so abiɛsa a Kristo akyidifo yɛe wɔ abrabɔ fam ahotew ho no fa aware ne abusua ho. Mfe a abɛsen kɔ mu no, so wɔayɛ nsakrae bi wɔ adwene a yɛwɔ wɔ abusua ho no mu? Yiw. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkenkan Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no ho asɛm a, ɛka yɛn koma, na ahofama a wɔdaa no adi no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Yɛn ani sɔ sɛnea wɔde ɔsom kronn dii kan wɔ wɔn asetena nyinaa mu no yiye paa. Nanso bere koro no ara mu no, yetumi hu pefee sɛ, na ehia sɛ wosusuw nneɛma ho yiye. Ɔkwan bɛn so?

23 Ná anuanom mmarima taa fi fie asram pii kɔyɛ asɛnka anaa ahwɛfo akwantufo adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔnhyɛ aware ho nkuran koraa sɛnea Kyerɛwnsɛm no yɛ no, na na wɔnka ɔkwan a wɔbɛfa so aboa Kristofo ma wɔn aware asɔ ho asɛm kɛse. So saa ara na ɛte wɔ Kristofo mu nnɛ? Ɛnte saa koraa!

Ɛnsɛ sɛ obi gyaw n’abusua asɛyɛde ahorow gu hɔ kɔyɛ Onyankopɔn som adwuma

24. Ɔkwan bɛn so na Kristo boaa n’akyidifo anokwafo ma wonyaa aware ne abusua ho adwene a ɛfata?

24 Ɛnnɛ, ɛnsɛ sɛ obi gyaw n’abusua asɛyɛde ahorow gu hɔ kɔyɛ Onyankopɔn som adwuma. (Monkenkan 1 Timoteo 5:8.) Afei nso, Kristo ahwɛ ma n’akyidifo anokwafo a wɔwɔ asase so no nsa ka aware ne abusua ho afotu a ɛfata a egyina Kyerɛwnsɛm so bere nyinaa. (Efe. 3:​14, 15) Wɔ afe 1978 no, woyii Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no adi. Bɛyɛ mfe 18 akyi no, woyii Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no nso adi. Bio nso, wɔde nsɛm pii a ɛbɛboa awarefo ma wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ayɛ adwuma wɔ wɔn abusua mu aba Ɔwɛn-Aban no mu.

25-27. Mfe a abɛsen kɔ mu no, ɔkwan bɛn so na wɔama mmofra a ɛsono mfe a wɔadi nsa aka nneɛma a wohia pii?

25 Na mmofra nso ɛ? Mfe a abɛsen kɔ mu no, wɔama wɔn nsa aka nneɛma a wohia no pii. Yehowa ahyehyɛde no fi bere tenten de nneɛma pa ama mmofra a ɛsono mfe a wɔadi, na nneɛma a bere bi na anka ɛkyɛ ansa na wɔanya bi no, seesei de, wɔde bi brɛ wɔn bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔde ɔfã bi a wɔtoo din “Mmofra Bible Adesua” baa The Golden Age no mu fi afe 1919 besii afe 1921. Ɛno akyi no, woyii The Golden Age ABC nhomawa no adi wɔ afe 1920 mu, na afei woyii Children nhoma no nso adi wɔ afe 1941 mu. Woyii Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, Your Youth​—Getting the Best out of It, ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no adi wɔ afe 1970 mfe no mu. Wɔ afe 1982 no, wofii ase tintim asɛm a wɔato din “Mmofra Bisa Sɛ” no wɔ Nyan! mu. Saa nsɛm no na wɔka boom de yɛɛ nhoma a wɔato din Questions Young People Ask​—Answers That Work no wɔ afe 1989 mu.

Wɔde anigye gyee Me Bible Adesua nhomawa no wɔ nhyiam yi ase wɔ Germany

26 Ɛnnɛ, yɛwɔ Young People Ask nhoma no apo abien a emu nsɛm no fa mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ ho, na wɔde saa nsɛm a egu so reba no gu yɛn Wɛbsaet hɔ wɔ jw.org. Yɛsan wɔ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no nso. Wɔde nneɛma pii nso agu yɛn Wɛbsaet hɔ ama mmofra. Ebi ne Bible mu nnipa a wɔayɛ wɔn mfonini wɔ nkrataa so, nneɛma a wɔde yɛ Bible adesua ma mmofra a wɔanyinyin ne mmofra nkumaa, aborɔme ahorow, video, Bible mu nsɛm a wɔayɛ no mfonini, ne Bible adesua a wɔayɛ ama mmofra a wonnii mfe abiɛsa no. Ɛda adi pefee sɛ, adwene a Kristo wɔ wɔ mmofra ho no nsesae fi bere a ɔyɛɛ mmofra atuu bere a na ɔwɔ asase so no. (Mar. 10:​13-16) Ɔpɛ sɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no hu sɛ wɔdɔ wɔn na wɔma wonya honhom fam aduan nso di mee.

27 Yesu san pɛ sɛ wɔbɔ mmofra ho ban fi asiane ho. Bere a nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bra asɛe koraa no, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa nso abu so. Eyi nti, wɔatintim nsɛm a ɛyɛ tẽẽ na emu da hɔ a ɛbɛboa awofo ma wɔabɔ wɔn mma ho ban afi saa nneyɛe bɔne yi ho. d

28. (a) Sɛnea asɔrefie no ho anisoade a Hesekiel hui no ma yehu no, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛde ɔsom kronn ama Yehowa? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

28 So ɛnyɛ anigye sɛ yebedwinnwen sɛnea Kristo akɔ so atew n’akyidifo ho, atete wɔn ma wɔde Yehowa asɛm a ɛkorɔn bɔ wɔn bra na wonya so mfaso? Momma yɛnsan nsusuw asɔrefie no ho anisoade a Hesekiel hui no ho bio. Kae apon akɛse no. Nokwarem no, saa asɔrefie no nyɛ honam fam de, na mmom honhom fam de. Nanso, so yehu sɛ ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa? Ɛnyɛ Ahenni Asa so a yɛbɛkɔ anaa Bible mu a yebebue anaa ɔpon bi a yɛbɛbom wɔ asɛnka mu na ɛkyerɛ sɛ yɛahyɛn asɔrefie hɔ. Ɛno yɛ nneɛma a yɛyɛ ma afoforo hu. Obi a ɔyɛ nyaatwom betumi ayɛ saa nneɛma yi bi bere a ontuu ne nan nsii Yehowa asɔrefie hɔ. Nanso, sɛ yɛreyɛ saa nneɛma yi na bere koro no ara yɛde Yehowa asɛm a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra, na yefi koma pa mu de ɔsom kronn ma a, ɛnde na yɛahyɛn kronkronbea a ɛsen biara​—nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛma yɛde ɔsom kronn ma Yehowa Nyankopɔn​—no mu! Momma yɛnkɔ so nkyerɛ hokwan a ɛsom bo a yɛanya yi ho anisɔ bere nyinaa. Momma yɛnkɔ so nyɛ nea yebetumi biara mfa Yehowa mmara a ɛteɛ no mmɔ yɛn bra mfa nna ne kronkronyɛ adi!

a Wɔ afe 1932 no, Vindication nhoma no Po 2 no dii kan kyerɛe sɛ, Bible mu nkɔmhyɛ a ɛka sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛsan akɔ wɔn asase so no nyaa mmamu wɔ yɛn bere yi so wɔ honhom fam Israel so, na ɛnyɛ honam fam Israel. Saa nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ wɔbɛsan de ɔsom kronn asi hɔ. Ɔwɛn-Aban a ɛbae March 1, 1999 no kyerɛɛ mu sɛ, asɔrefie a Hesekiel hui no yɛ asɔrefie a wɔbɛsan asi ho nkɔmhyɛ, ɛno nti ebenya mmamu titiriw wɔ honhom fam wɔ awiei bere yi mu.

b Ná saa ntanka no mma kwan sɛ ɔbarima ne ɔbea nkutoo bɛhyɛ dan mu gye sɛ wobue ɔpon no ano kakraa to hɔ​—anaasɛ gye sɛ wɔyɛ awarefo anaa abusuafo a wɔbɛn pɛɛ. Wɔ mfe pii mu no, na wɔkenkan saa ntam yi ma Betel abusua no tie wɔ Anɔpa Som a wɔyɛ no daa no ase.

c Tawa a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no bi ne sigaretnom, tawadi, anaasɛ wobedua de ayɛ saa nneɛma yi.

d Sɛ nhwɛso no, hwɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no ti 32; hwɛ Borɔfo Nyan! a ɛbae October 2007 no mu nsɛm a edi kan a asɛmti ne “Bɔ Wo Ho Ban!” no nso.