Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 15

Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom

Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom

NEA TI YI KA HO ASƐM

Sɛnea Kristo aboa n’akyidifo ma wɔapere ahwehwɛ sɛ wobegye wɔn atom wɔ mmara mu ne hokwan a wobenya de adi Onyankopɔn mmara so

1, 2. (a) Dɛn na edi adanse sɛ woyɛ Onyankopɔn Ahenni no muni? (b) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo pere sɛ wobenya ɔsom mu ahofadi?

 SO WOYƐ Onyankopɔn Ahenni no muni? Sɛ woyɛ Yehowa Dansefo nkutoo a, ɛnde woyɛ Ahenni no muni! Dɛn na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Ahenni no muni? Ɛnyɛ tumi krataa a wɔde tu kwan, anaa aban nkrataa foforo bi na ɛma woyɛ Ahenni no muni. Mmom no, ɔkwan a wofa so som Yehowa Nyankopɔn no na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Ahenni no muni. Ɛnyɛ wo gyidi nkutoo na ɛkyerɛ sɛ woresom Onyankopɔn nokware mu. Onyankopɔn Ahenni no mmara a wubedi so nso ka ho. Wɔ yɛn nyinaa fam no, ɔsom a yɛde ma Yehowa no fa biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetenam ho​—sɛnea yɛhwɛ yɛn mmusua, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ayaresa ho mpo ka ho.

2 Onyankopɔn Ahenni no ne ne mmara som bo ma yɛn paa, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa a wɔwɔ wiase a yɛte mu no bu hokwan a yɛanya sɛ Ahenni no mufo no. Aban ahorow bi de ayɛ wɔn botae sɛ wɔde nneɛma bi betwitware yɛn akwan mu anaasɛ wɔbɛbara yɛn koraa. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo di apere sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ahofadi de adi Mesia Ahenni no so Hene no mmara so. So eyi yɛ nwonwa? Dabi. Ná ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase bere a na wɔrekyerɛw Bible no di apere mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ahofadi de asom Yehowa.

3. Apere bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo dii wɔ Ɔhemmaa Ester bere so?

3 Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase wɔ Ɔhemmaa Ester bere so no pere pɛ wɔn nkwa. Dɛn ntia? Efisɛ na Ɔman Soafo Panyin Haman, a ɔyɛ otirimɔdenfo no aka akyerɛ Persia hene Ahasweros sɛ ɔmma wonkunkum Yudafo a wɔte ɔhene no asase so nyinaa efisɛ “wɔn mmara yɛ soronko koraa wɔ aman foforo de ho.” (Ester 3:​8, 9, 13) So Yehowa yii ne nsa fii n’asomfo no so? Dabi, Yehowa hyiraa mmɔden a Ester ne Mordekai bɔe de asɛm no kɔdan Persia hene sɛ ɔmmɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban no so.​—Ester 9:​20-22.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

4 Na nnɛ mmere mu nso ɛ? Sɛnea yehui wɔ nhoma yi ti dunan no, wiase atumfoɔ asɔre atia Yehowa Adansefo wɔ mmere bi mu. Wɔ saa ti yi mu no, yebesusuw akwan bi a aban ahorow a ɛte saa no afa so sɛ wobesiw yɛn kwan wɔ yɛn som ho no ho. Yebesusuw nneɛma abiɛsa yi ho: (1) yɛn ahyehyɛde no a wobegye atom, ne hokwan a yɛde bɛsom wɔ ɔkwan a yɛpɛ so, (2) ahofadi a yɛwɔ sɛ yɛpaw ayaresa a ɛne Bible nnyinasosɛm hyia, ne (3) hokwan a awofo wɔ sɛ wɔde Yehowa mmara tete wɔn mma. Wɔ emu biara mu no, yebehu sɛnea Mesia Ahenni no mufo anokwafo de akokoduru adi apere sɛ wɔbɛbɔ ɔman mma a wɔyɛ no ho ban, ne sɛnea wɔahyira wɔn mmɔdenbɔ no so.

Yedii Apere Hwehwɛe sɛ Wobegye Yɛn Atom Wɔ Mmara Mu na Yɛanya Ahofadi Ahorow Bi

5. Sɛ wogye nokware Kristofo tom wɔ mmara mu a, mfaso bɛn na wonya?

5 So ehia sɛ nnipa aban gye yɛn tom wɔ mmara mu ansa na yɛatumi asom Yehowa? Dabi, nanso sɛ wogye yɛn tom wɔ mmara mu a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛma yetumi hyiam wɔ yɛn ankasa Ahenni Asa ne Nhyiam Asa so, yetintim Bible ho nhoma na yɛkra bi, na yɛka asɛmpa no kyerɛ ɔmanfo wɔ baabiara a yenhyia ɔhaw biara. Wɔ aman pii so no, wɔagye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu na wɔwɔ ahofadi a wɔde som sɛnea ɔsom afoforo a wɔagye wɔn atom wɔ mmara mu resom no. Nanso, bere a aban ahorow bi annye yɛn antom wɔ mmara mu anaa wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma bi besiw yɛn kwan no, dɛn na yɛyɛe?

6. Asɛnnennen bɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Australia hyiae wɔ afe 1940 mfe no mfiase?

6 Australia. Wɔ afe 1940 mfe no mfiase no, amrado a na ɔwɔ Australia no nyaa adwene sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ “tia” ɔko a wɔde wɔn ho ahyɛ mu no. Enti wɔbaraa yɛn som no. Ná Adansefo no ntumi nhyiam anaa wontumi nka asɛmpa no wɔ baguam, wɔtoo Betel mu, na wogyee Ahenni Asa ahorow nso fii yɛn nsam. Ná etia mmara sɛ obi bekura Bible ho nhoma a yɛyɛ no bi. Bere a Adansefo a wɔwɔ Australia yɛɛ wɔn adwuma no wɔ sum ase mfe dodow bi akyi no, awiei koraa no, wonyaa ahotɔ. Wɔ June 14, 1943 no, Asɛnnibea Kɛse a ɛwɔ Australia no maa aban no yii ne nsa fii yɛn so.

7, 8. Ka sɛnea anuanom a wɔwɔ Russia apere sɛ wobenya ɔsom mu ahofadi wɔ mfe pii mu no ho asɛm.

7 Russia. Komunis aban no de ne nsa too Yehowa Adansefo so mfe pii, nanso awiei koraa no, wɔde yɛn hyɛɛ mmara ase wɔ afe 1991 mu. Bere a kan Soviet Union no gui no, Russia Man no gyee yɛn toom wɔ mmara mu wɔ afe 1992 mu. Nanso, ankyɛ koraa na sɛnea na yɛn dodow rekɔ anim ntɛmntɛm no ho asɛm fii ase haw yɛn atamfo binom​—titiriw Russia Ortodɔks Asɔre no. Efi afe 1995 besi afe 1998 no, na wɔn a wɔsɔre tia Yehowa Adansefo no de sobo anum abɔ yɛn sɛ yɛyɛ nsɛmmɔnedifo. Emu biara mu no, kwaadubɔfo no annya adanse biara a ɛkyerɛ sɛ yɛadi mfomso bi. Afei yɛn atamfo no san de asɛm no kɔɔ asɛnnibea wɔ afe 1998 mu. Bere a edi kan a wodii asɛm no, Adansefo no dii nkonim, nanso wɔn a wɔsɔre tia yɛn no annye atemmu no antom, na bere a wɔde asɛm no kɔdan asɛnnibea foforo no, wobuu Adansefo no fɔ wɔ May 2001 mu. Wɔsan fii ase dii asɛm no bio wɔ October mu wɔ saa afe no ara mu na wobuu atɛn wɔ afe 2004 mu sɛ wontwa Adansefo no din a wɔde ahyɛ mmara mu wɔ Moscow no mu na wɔmfa wɔn nsa nto wɔn adwuma no so.

8 Ɛno akyi no, ɔtaa ahorow fii ase. (Monkenkan 2 Timoteo 3:​12.) Wɔteetee Adansefo no, na wɔhwee wɔn. Wogyee wɔn som ho nhoma; na wɔma ɛyɛɛ den paa sɛ wobenya tumi krataa asisi adan anaasɛ wobenya adan a wobegye atua ho ka asom wom. Hwɛ sɛnea yɛn nuanom tee nka bere a na wɔrehyia nsɛnnennen a ɛte saa no! Ná Adansefo no de asɛm no akɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no wɔ afe 2001, na wɔsan de ho nsɛm foforo kɔmaa Asɛnnibea no wɔ afe 2004. Europa Asɛnnibea no sii asɛm no ho gyinae wɔ afe 2010. Asɛnnibea no hui pefee sɛ esiane sɛ Russiafo nnye ɔsom afoforo ntom nti na wɔabara Adansefo no, na wɔkyerɛe sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi agyina so agye atemmu a asɛnnibea nketewa no de mae no atom, efisɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Adansefo binom ayɛ bɔne. Asɛnnibea no san hui sɛ, nea enti a wɔbaraa Adansefo no ne sɛ na aban no pɛ sɛ wogye hokwan a wɔde ama wɔn wɔ mmara mu no fi wɔn nsam. Gyinae a Asɛnnibea no sii no ma ɛbɛdaa adi sɛ Adansefo no da so ara wɔ ɔsom mu ahofadi. Ɛwom sɛ Russia atumfoɔ bi amfa Europa Asɛnnibea no atemmu no anyɛ adwuma de, nanso saa nkonimdi no ama Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ ɔman no mu no anya akokoduru kɛse.

Titos Manoussakis (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9-11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Greece apere sɛ wobenya ɔsom mu ahofadi a ɛbɛma wɔahyiam na wɔasom, na dɛn na afi mu aba?

9 Greece. Wɔ afe 1983 no, Titos Manoussakis gyee ɔdan bi wɔ Heraklion a ɛwɔ Crete tuaa ho ka sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa Adansefo kuw kakraa bi betumi ahyiam wɔ hɔ na wɔasom. (Heb. 10:​24, 25) Nanso, ankyɛ koraa na Ortodɔks sɔfo bi de asɛm no kɔtoo polisifo anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma Adansefo no hyiam wɔ saa dan no mu som. Dɛn ntia? N’asɛm ara ne sɛ, ɛsono Adansefo no gyidi ɛnna ɛsono Ortodɔks Asɔre no de! Aban kwaadubɔfo no de Titos Manoussakis ne Adansefo foforo baasa a wɔwɔ kurom hɔ kɔɔ asɛnnibea sɛ wɔadi nsɛmmɔne. Wɔbɔɔ wɔn ka san de wɔn guu afiase asram abien. Esiane sɛ Adansefo no yɛ Onyankopɔn Ahenni no mufo anokwafo nti, wohui sɛ atɛn a asɛnnibea no abu no tiatia ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom biara a wɔpɛ mu no so, enti wɔde asɛm no kɔdan asɛnnibea ahorow a ɛwɔ ɔman no mu, na akyiri yi, wɔde kɔdan Europa Asɛnnibea no.

10 Afei, wɔ afe 1996 no, Europa Asɛnnibea no buu atɛn bi ma ɛyɛɛ wɔn a wɔsɔre tia nokware som no nwonwa. Asɛnnibea no hui sɛ, “wɔ Greecefo mmara mu no, Yehowa Adansefo ka ɔsom ahorow a ‘ɔman no gye tom’ no ho,” enti gyinae a asɛnnibea nketewa no sii no “betumi ama ɔsom mu ahofadi a Adansefo no wɔ no abɔ wɔn.” Asɛnnibea no san hui sɛ ɛnyɛ Greece aban no na “ɛbɛkyerɛ sɛ nea ɔsom bi mufo gye di anaasɛ ɔkwan a wɔfa so da wɔn gyidi adi no nam mmara kwan so anaasɛ ɛnte saa.” Wɔdanee nsɛm a na wɔadi atia Adansefo no, na wɔde ɔsom mu ahofadi a wɔwɔ no san maa wɔn!

11 So saa nkonimdi no maa asɛm no to twae wɔ Greece anaa? Awerɛhosɛm ne sɛ, amma saa koraa. Wɔ afe 2012 no, wobuaa asɛm a ɛte saa ara bi wɔ Kassandreia, Greece; wɔde bɛyɛ mfe 12 na edii asɛm no. Wɔ saa asɛm yi mu de, na ɔsɔretia no fi Ortodɔks sɔfo bi hɔ. Ɔman Agyinatu Bagua, a ɛyɛ Greece man no asɛnnibea kɛse no buu Onyankopɔn nkurɔfo bem. Wɔkae wɔ gyinae a wosii no mu sɛ Greecefo ankasa amanyɔ mmara no ma ɔsom mu ahofadi ho kwan, na wɔbɔɔ asɛm a wɔtaa ka sɛ Yehowa Adansefo nka ɔsom a ɔman no gye tom ho no gui. Asɛnnibea no kae sɛ: “Obiara nim ‘Yehowa Adansefo’ nkyerɛkyerɛ, enti wogye wɔn som no tom wɔ ɔman yi mu.” Anuanom a wɔwɔ asafo ketewa a ɛwɔ Kassandreia no ani agye sɛ seesei wotumi hyiam na wɔsom wɔ wɔn ankasa Ahenni Asa so.

12, 13. Wɔ France no, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔsɔre tia yɛn no abɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛfa mmara so de ɔhaw aba’ yɛn so, na dɛn na afi mu aba?

12 France. Anifere kwan a nnipa a wɔsɔre tia Onyankopɔn asomfo afa so no bi ne sɛ, ‘wɔnam mmara so de ɔhaw ba.’ (Monkenkan Dwom 94:​20.) Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔ afe 1995 mu hɔ no, mpanyimfo a wɔhwɛ towtua so wɔ France no fii ase hwehwɛɛ Association Les Témoins de Jéhovah (ATJ), a ɛyɛ mmara kwan so ahyehyɛde a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ France no sikasɛm mu. Ɔsoafo a ɔhwɛ ɔman no sikasɛm so no ma yehuu nea enti ankasa a wɔrehwehwɛ Adansefo no sikasɛm mu no sɛ: “Nhwehwɛmu no betumi ama wɔagyina mmara so abara wɔn dwumadi anaasɛ wɔabu wɔn fɔ sɛ wɔadi nsɛmmɔne . . . , na sɛ ɛba saa a, ahyehyɛde no rentumi nyɛ wɔn adwuma yiye anaasɛ ɛbɛma wɔagyae adwuma a wɔreyɛ wɔ yɛn man yi mu no koraa.” Ɛwom sɛ wɔanhu biribi bɔne biara wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu de, nanso wotwaa tow kɛse maa ATJ no sɛ wontua. Sɛ anuanom gye toom na wotuaa saa tow no a, nea anka ɛbɛba ara ne sɛ wobegu baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no na wɔatɔn adan no de atua tow kɛse a wɔatwa ama wɔn no. Ná asɛm no ano yɛ den, nanso Onyankopɔn nkurɔfo ampa abaw. Adansefo no kaa ɔkwammɔne a wɔde wɔn refa so no ho asɛm denneennen, na awiei koraa no, wɔde asɛm no kɔdan Europa Asɛnnibea no wɔ afe 2005 mu.

13 Wɔ June 30, 2011 no, Asɛnnibea no de wɔn atemmu too gua. Wɔkae sɛ, ɔsom mu ahofadi a ɛwɔ Ɔman no mu nti, sɛ ɛnyɛ asɛm bi a emu yɛ duru paa a, ɛnsɛ sɛ wɔhwehwɛ ɔsom bi gyidi anaa ɔkwan a wɔfa so da wɔn gyidi adi mu hwɛ sɛ mmara ma kwan anaa. Asɛnnibea no san kae sɛ: “Tow a wɔatwa ama wɔn no . . . remma ahyehyɛde no nnya sika koraa, na ɛno remma emufo no nnya nneɛma a wɔde bɛyɛ wɔn som adwuma no.” Atemmufo a wɔtenaa asɛm no so wɔ Asɛnnibea hɔ no nyinaa buu Yehowa Adansefo bem! Awiei koraa no, Yehowa nkurɔfo ani gyei sɛ France aban no de tow a na wɔagye afi ATJ no hɔ no san brɛɛ wɔn na wɔde nsiho kaa ho. Na wɔn ani san gyei sɛ woyii nsa a na wɔde ato baa dwumadibea no so sɛnea Asɛnnibea no kae no.

Wubetumi abɔ mpae daa ama yɛn nuanom mmarima ne mmea a atɛnkyea nti seesei wɔrehu amane no

14. Dɛn na wo nso wubetumi ayɛ de aboa ma wɔanya ɔsom mu ahofadi?

14 Sɛnea Ester ne Mordekai a wɔtenaa ase tete no yɛe no, saa ara na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pere sɛ wobenya ahofadi de asom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. (Ester 4:​13-16) So wubetumi ayɛ biribi de aboa? Yiw. Wubetumi abɔ mpae daa ama yɛn nuanom mmarima ne mmea a atɛnkyea nti seesei wɔrehu amane no. Mpaebɔ a ɛte saa no wɔ tumi kɛse paa a ebetumi aboa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔakɔ ahokyere mu na wɔrehyia ɔtaa no. (Monkenkan Yakobo 5:​16.) So Yehowa tie mpaebɔ a ɛte saa? Nkonim a yɛadi wɔ asɛnnibea no da no adi pefee sɛ otie!​—Heb. 13:​18, 19.

Yɛwɔ Hokwan sɛ Yɛpaw Ayaresa a Ɛne Yɛn Gyidi Hyia

15. Nneɛma bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo susuw ho wɔ mogya a wɔde ma ho?

15 Sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 11 no, wɔde akwankyerɛ a emu da hɔ a egyina Kyerɛwnsɛm so ama Onyankopɔn Ahenni no mufo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa mogya nni dwuma wɔ ɔkwammɔne so sɛnea ɛnnɛ yɛtaa hu no. (Gen. 9:​5, 6; Lev. 17:​11; monkenkan Asomafo Nnwuma 15:​28, 29.) Ɛwom sɛ yennye mogya de, nanso yɛpɛ sɛ yɛn ankasa ne yɛn adɔfo nya ayaresa a edi mũ bere tenten a ayaresa a ɛte saa mmu Onyankopɔn mmara so no. Wɔ aman pii so no, asɛnnibea akɛse a ɛwɔ hɔ no agye atom sɛ nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wogyina wɔn ahonim ne wɔn som mu gyidi so gye ayaresa bi tom anaasɛ wɔpo. Nanso, wɔ aman bi so no, Onyankopɔn nkurɔfo ahyia eyi ho nsɛm a emu yɛ den paa. Momma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

16, 17. Dɛn na ɛmaa onuawa bi a ɔwɔ Japan ho dwiriw no wɔ ɔkwan bi a wɔfaa so saa no yare no ho, na ɔkwan bɛn so na Yehowa tiee ne mpaebɔ?

16 Japan. Ná ehia sɛ wɔyɛ Misae Takeda, ɔbea warefo a wadi mfe 63 a ɔwɔ Japan no oprehyɛn kɛse bi. Esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no muni nokwafo nti, ɔmaa oduruyɛfo no hui pefee sɛ ɔmpɛ mogya wɔ n’ayaresa mu. Nanso, asram bi akyi no, ne ho dwiriw no sɛ ɔtee sɛ bere a wɔreyɛ no oprehyɛn no wɔmaa no mogya. Onuawa Takeda tee nka sɛ wɔadaadaa no ayɛ no bɔne, enti ɔde nnuruyɛfo no ne ayaresabea no kɔɔ asɛnnibea wɔ June 1993 mu. Ná ɔbea a ɔmpɛ ne ho asɛm na ɔkasa brɛoo yi gyidi mu yɛ den. Ɛwom sɛ na n’ahoɔden so atew de, nanso ogyinaa adaka mu de dɔnhwerew biako ne akyi kasae akokoduru so kyerɛɛ nnipa a na wɔahyɛ asɛnnibea hɔ mã no. Aka ɔsram biako ma wawu no, ɔsan kɔɔ asɛnnibea hɔ. So yɛn ani nnye akokoduru ne gyidi a ɔdaa no adi no ho? Onuawa Takeda kae sɛ bere nyinaa na ɔsrɛ Yehowa sɛ onhyira ne mmɔdenbɔ no so, na na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa betie ne mpaebɔ no. So ɛbaa saa?

17 Bere a Onuawa Takeda wui akyi mfe abiɛsa no, Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Japan no buu no bem​—wogye toom sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔmaa no mogya bere a na wakyerɛ pefee sɛ ɔmpɛ no. Wɔ atemmu a wɔde mae wɔ February 29, 2000 no, wɔkae sɛ, wɔ nsɛm a ɛte saa mu no “ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma onipa no sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ.” Ɛnnɛ, Adansefo a wɔwɔ Japan tumi nya ayaresa a wonsuro sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ama wɔn mogya. Nea ama aba saa ne sɛ, Onuawa Takeda sii ne bo sɛ ɔbɛpere apɛ ahofadi a ɛbɛma wanya ayaresa a ɛne n’ahonim a ɔde Bible atete no no hyia.

Pablo Albarracini (Hwɛ nkyekyɛm 18 kosi 20)

18-20. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan no wɔ Argentina no gye toom sɛ obi wɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ aduruyɛ ho akwankyerɛ krataa a ɛremma wɔmma no mogya? (b) Ɛdefa mogya a wɔde ma ho no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kristo tumidi?

18 Argentina. Dɛn na Ahenni no mufo betumi ayɛ de asiesie wɔn ho bere a ɛho abehia sɛ wosi ayaresa bi ho gyinae nanso ebia ebedu saa bere no na wɔatɔre mum no? Yebetumi de mmara kwan so krataa ahyɛ yɛn ho, na ɛno bɛkasa ama yɛn sɛnea Pablo Albarracini yɛe no. Wɔ May 2012 no, anka akorɔmfo regye ne ho nneɛma, na wɔtotow no tuo mpɛn pii. Wɔde no kɔtoo ayaresabea a na watɔre mum ma enti na ɔrentumi nkyerɛ n’adwene wɔ mogya a wɔde ma ho. Nanso saa bere no, na aduruyɛ ho akwankyerɛ kratasin bi a wahyehyɛ de ne nsa ahyɛ ase bɛboro mfe anan no hyɛ ne ho. Ɛwom sɛ na ogyina owu ne nkwa nkwanta a na nnuruyɛfo no bi te nka sɛ sɛ obenya nkwa a, gye sɛ wɔma no mogya de, nanso na nnuruyɛfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nea ɔpɛ ama no. Nanso, Pablo papa a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no kɔɔ asɛnnibea kogyee tumi krataa a wobegyina so ama ne ba no mogya.

19 Ntɛm ara na mmaranimfo a ogyinaa mu maa Pablo yere no nso de asɛm no kɔdan asɛnnibea. Ankyɛ koraa na saa asɛnnibea no bɔɔ asɛnnibea ketewa no asɛm gui, na wɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wodi akwankyerɛ a ɔyarefo no akyerɛw wɔ krataa so no so. Pablo papa de asɛm no kɔdan Argentina Asɛnnibea Kunini no. Nanso, Asɛnnibea Kunini no “annya biribiara a wobegyina so aka sɛ bere a [Pablo rehyehyɛ aduruyɛ ho krataa a ɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ mogya no], na n’adwenem nna hɔ, na na onnim nea ɔreyɛ.” Asɛnnibea no kae sɛ: “Onipa biara a wanyin na n’adwenem da hɔ betumi adi kan akyerɛw n’ayaresa ho nsɛm ato hɔ, na obetumi agye aduruyɛ bi atom anaa wapo . . . Ɛsɛ sɛ oduruyɛfo a ɔrehwɛ ɔyarefo no di akwankyerɛ a ɔde ama no so.”

So woahyehyɛ w’ankasa kratasin (mogya kratasin) a aduruyɛ ho akwankyerɛ wɔ so no?

20 Seesei Onua Albarracini ho atɔ no koraa. Ɔne ne yere nyinaa ani agye sɛ na wahyehyɛ aduruyɛ ho krataa no. Ɔnam kratasin ketewa a ɛho hia yi a ɔhyehyɛe so akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no. So wo ne w’abusua nso ahyehyɛ mo de?

April Cadoreth (Hwɛ nkyekyɛm 21 kosi 24)

21-24. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Canada Asɛnnibea Kunini no sii gyinae titiriw bi wɔ mogya a wɔde ma mmofra ho? (b) Ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi betumi ahyɛ mmofra a wɔsom Yehowa no nkuran?

21 Canada. Mpɛn pii no, asɛnnibea ahorow de hokwan ma awofo ma wɔkyerɛ ayaresa a eye ma wɔn mma. Mmere bi wɔ hɔ mpo a asɛnnibea ahorow bi asi gyinae sɛ sɛ ɛba aduruyɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma mmofra a wonnya nnii mfe 16 no. Saa pɛpɛɛpɛ na esii wɔ April Cadoreth asɛm no mu. Bere a April dii mfe 14 no, mogya pii nwini guu ne mu ma ɔkɔdaa ayaresabea. Asram kakraa bi ansa na ɔrekɔda ayaresabea no, na wahyehyɛ Advance Medical Directive (mogya kratasin) no a akwankyerɛ a ɛwɔ so ne sɛ sɛ asiane bi to no mpofirim mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔma no mogya. Oduruyɛfo a na ɔrehwɛ April no buu n’ani guu ayaresa a na waka sɛ ɔpɛ no so, na ɔkɔɔ asɛnnibea kogyee tumi krataa a obegyina so ama no mogya. Wɔhyɛɛ April maa no mogya ntoa abiɛsa. Akyiri yi, April kae sɛ nea oduruyɛfo no yɛe no te sɛ nea wato no mmonnaa.

22 April ne n’awofo de asɛm no kɔɔ asɛnnibea sɛ wonni mma wɔn. Mfe abien akyi no, asɛm no koduu Canada Asɛnnibea Kunini no anim. Ɛwom sɛ April anni bem wɔ ɔman no amanyɔ mmara mu de, nanso Asɛnnibea no ma wotuaa ɛka biara a ɔbɔe wɔ asɛm no ho maa no, na wɔhyɛɛ mmara sɛ ɔno ne mmofra foforo a wonnya nnii mfe 16 wɔ hokwan sɛ wɔn ankasa paw ayaresa a wɔpɛ. Asɛnnibea no kae sɛ: “Wɔ ayaresa mu no, ɛsɛ sɛ wɔma mmofra a wonnya nnii mfe 16 no kwan ma wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ayaresa pɔtee bi ho de kyerɛ sɛ wɔte nea wɔreyɛ no ase.”

23 Saa asɛm yi boae ma Asɛnnibea Kunini no de hokwan a mmofra a wonnya nnii mfe 16 nanso wɔn adwenem abue wɔ no hyɛɛ amanyɔ mmara mu. Ansa na Asɛnnibea no rebu saa atɛn no, na Canada asɛnnibea bi betumi ama ayaresabea bi kwan ma wɔasa abofra a onnya nnii mfe 16 yare, bere a wosusuw sɛ saa ayaresa no betumi aboa abofra no. Nanso, wɔ saa atemmu yi akyi no, Asɛnnibea bi rentumi nhyɛ sɛ wɔmfa ayaresa bi mma mmofra a wonnya nnii mfe 16 gye sɛ wodi kan hwɛ sɛ mmofra no adwene mu dɔ na wɔn ankasa te ayaresa a wɔde rema wɔn no ase ansa.

“Sɛ mekae sɛ meka ho bi na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam ama Satan ayɛ ɔtorofo a, ɛma m’ani gye ankasa”

24 So biribi pa bi fii mfe abiɛsa a wɔde dii akɔneaba wɔ asɛnnibea no mu bae? April ka sɛ, “Biribi pa fii mu bae!” Seesei April yɛ ɔkwampaefo a ɔte apɔw, na ɔka sɛ: “Sɛ mekae sɛ meka ho bi na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam ama Satan ayɛ ɔtorofo a, ɛma m’ani gye ankasa.” April asɛm no ma yehu sɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no nso betumi ada akokoduru adi asisi gyinae de akyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no mufo anokwafo.​—Mat. 21:16.

Awofo Wɔ Hokwan sɛ Wɔde Yehowa Mmara Tete Wɔn Mma

25, 26. Sɛ awarefo gyae aware a, asɛm bɛn na ɛtɔ mmere bi a ɛsɔre?

25 Yehowa de asɛyɛde ama awofo sɛ wɔmfa ne mmara ntete wɔn mma. (Deut. 6:​6-8; Efe. 6:4) Saa adwuma no yɛ den, nanso sɛ ɛba sɛ awofo no gyae aware a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Ebetumi aba sɛ awofo no mu biara wɔ ɔkwan soronko a ɔpɛ sɛ ɔfa so tete mmofra no. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo no ani begye ho paa sɛ ɔbɛtete mmofra no ma wɔabɔ wɔn bra sɛ Kristofo, nanso ebia ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no ne no renyɛ adwene. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo no hu sɛ ɛwom sɛ aware no mu atetew de, nanso abusuabɔ a ɛda ɔwofo ne ɔba ntam no de, emu ntetewee.

26 Ebia ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no de asɛm no bɛkɔ asɛnnibea sɛnea ɛbɛyɛ a asɛnnibea no begye abofra no anaa mmofra no ama no na watumi de ne som atete wɔn. Asɛm a ebinom ka ne sɛ, sɛ wɔtete abofra bi ma ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo a, ebetumi ahaw no. Ebia wɔbɛka sɛ ɛremma mmofra no nni awoda ne afahyɛ ahorow, na sɛ ayaresa ho asɛm bi sɔre mpofirim a, wɔremma wɔn mogya a etumi “gye nkwa” no. Anigyesɛm ne sɛ, asɛnnibea pii dwen nea ɛbɛboa abofra no ho kɛse sen sɛ wɔbɛka sɛ ɔwofo bi som betumi ahaw abofra no. Momma yɛnhwɛ eyi ho nhwɛso ahorow bi.

27, 28. Dɛn na Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Ohio no kae wɔ ntetee a wɔkyerɛ sɛ sɛ wɔde ma abofra bi ma ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo a ebetumi ahaw no no ho?

27 United States. Wɔ afe 1992 no, Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Ohio no tenaa asɛm bi a wɔde bɛtoo wɔn anim no so. Ná agya bi a ɔnyɛ Ɔdansefo asɛm ne sɛ sɛ wɔtete ne babarima ma ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo a ɛbɛhaw ne ba no. Ná asɛnnibea ketewa no agye agya no asɛm no atom de abofra no ama no. Asɛnnibea no maa ɛna no a wɔfrɛ no Jennifer Pater no kwan sɛ obetumi akɔsra abofra no, nanso wɔhyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ “ɔde Yehowa Adansefo gyidi anaa wɔn ho asɛm biara kyerɛkyerɛ abofra no.” Ná asɛm a asɛnnibea ketewa no aka no kyerɛ nneɛma pii, efisɛ na ebetumi akyerɛ sɛ Onuawa Pater ntumi mfa Bible mu asɛm anaa abrabɔ pa ho nsɛm a ɛwom no nkyerɛkyerɛ ne babarima a wɔfrɛ no Bobby no! Sɛ wohwɛ a, ɛna no bɛte nka dɛn? Asɛm no maa Jennifer yɛɛ basaa, nanso onyaa abotare, na ogyaee asɛm no mu maa Yehowa. Ɔkae sɛ, “Yehowa annyaw me da.” Yehowa ahyehyɛde no boaa Jennifer mmaranimfo no ma wɔde asɛm no kɔdan Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Ohio no.

28 Asɛnnibea yi annye gyinae a asɛnnibea ketewa no sii no antom, na wɔkae sɛ “awofo wɔ hokwan titiriw sɛ wɔtete wɔn mma, na wɔwɔ hokwan nso sɛ wɔka wɔn som ne abrabɔ pa ho nsɛm kyerɛ wɔn.” Asɛnnibea no kae sɛ sɛ wɔannya biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo gyidi betumi apira abofra no na ahaw n’adwene a, ɛnde asɛnnibea no nni hokwan sɛ wogyina ɔwofo bi som so gye hokwan a ɔwɔ sɛ ɔtete ne ba no fi ne nsam. Asɛnnibea no annya adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no gyidi betumi apira abofra no anaa ɛbɛhaw n’adwene.

Asɛnnibea pii abu awofo a wɔyɛ Kristofo bem sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔtete wɔn mma

29-31. Dɛn nti na wogyee onuawa bi a ɔwɔ Denmark babea fii ne nsam, na gyinae bɛn na Denmark Asɛnnibea Kunini no sii wɔ asɛm no ho?

29 Denmark. Saa ara na Anita Hansen nso hyiaa ɔhaw koro no ara bere a ne kunu dedaw de asɛm kɔtoo asɛnnibea bi anim sɛ wonnye ne ba a wadi mfe ason a wɔfrɛ no Amanda mma no no. Ɛwom sɛ ɔmansin asɛnnibea no gyee abofra no maa Onuawa Hansen wɔ afe 2000 mu de, nanso bere a Amanda papa de asɛm no kɔdan asɛnnibea kɛse no, wɔbɔɔ atemmu a ɔmansin asɛnnibea no de mae no gui ma wogyee abofra no maa agya no. Asɛm a asɛnnibea kɛse no gyinaa so ne sɛ, esiane sɛ ɛsono awofo baanu no mu biara som na wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma ho nti, abofra no papa no na ɔfata paa sɛ ɔkyerɛ ɔsom a ɛsɛ sɛ wɔtete abofra no wom. Nea asɛm yi kyerɛ ara ne sɛ, esiane sɛ Onuawa Hansen yɛ Yehowa Dansefo nti, ɔmfata sɛ ɔtete Amanda!

30 Bere a na Onuawa Hansen refa saa ateetee yi nyinaa mu no, ɛtɔ mmere bi a na n’abaw mu abu araa ma onhu asɛm a ɔnka wɔ ne mpaebɔ mu. Ɔkae sɛ, “Nanso, asɛm a ɛwɔ Romafo 8:​26 ne 27 no maa me koma tɔɔ me yam paa. Bere nyinaa na mete nka sɛ Yehowa nim asɛm a mepɛ sɛ meka. Onyii n’ani mfii me so da, na ɔboa me bere nyinaa.”​—Monkenkan Dwom 32:8; Yesaia 41:10.

31 Onuawa Hansen de asɛm no kɔdan Denmark Asɛnnibea Kunini no. Bere a Asɛnnibea no de atemmu no reto gua no, wɔkae sɛ: “Sɛ yɛresi gyinae wɔ ɔwofo a ɔfata sɛ ɔtete abofra ho a, nea ɛbɛboa abofra no titiriw paa na ɛsɛ sɛ yegyina so yɛ saa.” Asɛnnibea no san kae sɛ, nea ɛsɛ sɛ yegyina so si gyinae wɔ ɔwofo a ɔfata sɛ ɔtete abofra ho no ne sɛnea wɔn mu biara di ɔhaw bi a ɛsɔre ho dwuma, na ɛnyɛ Yehowa Adansefo “nkyerɛkyerɛ ne wɔn gyidi” so. Asɛnnibea no hui sɛ Onuawa Hansen ne ɔwofo a ɔfata sɛ ɔtete Amanda, enti bere a wɔsan de Amanda maa no sɛ ɔnhwɛ no no, ne koma tɔɔ ne yam paa.

32. Ɔkwan bɛn so na Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So abɔ awofo a wɔyɛ Adansefo no ho ban afi nnipa mu nyiyim ho?

32 Aman ahorow a ɛwɔ Europa. Sɛ ɛtɔ mmere bi na wɔde ɔwofo a ɔfata sɛ ɔtete abofra bi ho asɛm kɔ asɛnnibea kunini a ɛwɔ ɔman bi mu anim a, ɛto ntwa wɔ hɔ. Enti, nsɛm a ɛte saa akopue Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no anim. Wɔ nsɛm abien bi a Europa Asɛnnibea no dii mu no, wohui sɛ asɛnnibea nketewa ne akɛse a ɛwɔ aman bi mu no gyinaa nyamesom so na wobuaa nsɛm a ɛfa awofo a wɔyɛ Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ho. Europa Asɛnnibea no kyerɛe sɛ nea asɛnnibea ahorow no yɛe no yɛ nnipa mu nyiyim, na wɔaka sɛ “ɛnyɛ papa sɛ wobegyina ɔsom nkutoo so adi asɛm atia obi.” Ɛna bi a ɔyɛ Ɔdansefo a saa asɛm a Europa Asɛnnibea no kae no aboa no no kaa sɛnea ne koma atɔ ne yam no ho asɛm sɛ, “Ɛyɛ yaw paa sɛ wɔbɔɔ me sobo sɛ merepira m’ankasa me mma, bere a nea na mereyɛ ara ne sɛ mɛtete wɔn yiye​—sɛ́ mɛtete wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo.”

33. Ɔkwan bɛn so na awofo a wɔyɛ Adansefo betumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 4:5 no ayɛ adwuma?

33 Nokwasɛm ne sɛ, awofo a wɔyɛ Adansefo a Bible mu akwankyerɛ a wɔpɛ sɛ wɔde dua wɔn mma komam nti wɔde wɔn kɔ asɛnnibea no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ntease adi. (Monkenkan Filipifo 4:5.) Ɛwom sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ tete wɔn mma no de, nanso wogye tom sɛ ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no nso pɛ a, obetumi aboa ma wɔatete abofra no. Ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo bu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔbɛtete ne ba no aniberesɛm kodu he?

34. Ɔkwan bɛn so na awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya nea Yudafo no yɛe wɔ Nehemia bere so no so mfaso?

34 Nea esii wɔ Nehemia bere so no ma yenya asuade bi. Yudafo no yɛɛ adwumaden san too Yerusalem afasu no. Ná wonim sɛ ɔfasu no a wɔbɛto no bɛbɔ wɔn ankasa ne wɔn mmusua ho ban afi aman a wɔyɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no ho. Ɛno nti, Nehemia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monko mma mo nuanom ne mo mmabarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afie.” (Neh. 4:​14) Saa Yudafo no hui sɛ, na ɛfata sɛ wɔyere wɔn ho ko. Saa ara na ɛnnɛ, awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ nokware no mu. Wonim sɛ wɔde nneɛma a ɛmfata repuapua wɔn mma no wɔ sukuu mu ne mpɔtam a wɔte. Nneɛma bɔne a ɛte saa betumi afa nsɛm ho amanneɛbɔfo mpo so aba yɛn fie. Awofo, monkae bere nyinaa sɛ mfaso wɔ so paa sɛ morebɔ mmɔden ako ama mo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya baabi a ahobammɔ wɔ atena asom Onyankopɔn yiye.

Nya Ahotoso sɛ Yehowa Gyina Nokware Som Akyi

35, 36. Mfaso bɛn na afi hokwan a Yehowa Adansefo apere sɛ wobenya wɔ mmara mu no mu aba, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

35 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ahyira mmɔden a n’ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ rebɔ sɛ wɔbɛpere anya ahofadi a wɔde bɛsom no no so. Mpɛn pii no, bere a Onyankopɔn nkurɔfo repere sɛ wobenya hokwan wɔ mmara mu no, ama wɔatumi adi adanse a etu mpɔn wɔ asɛnnibea ne ɔmanfo nyinaa anim. (Rom. 1:8) Mfaso a Adansefo anya afi nkonim pii a wɔadi wɔ asɛnnibea mu akyi no, wɔama nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo nso ahu hokwan ahorow a wɔwɔ. Nanso, sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, yɛnyɛ nkurɔfo a yɛpere hwehwɛ nsakrae; na saa ara nso na ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebebu yɛn ho bem. Nea ɛsen ne nyinaa no, nea enti a Yehowa Adansefo de wɔn nsɛm akɔ asɛnnibea ahorow ne sɛ ɛbɛma wɔde nokware som asi hɔ na anya nkɔso.​—Monkenkan Filipifo 1:7.

36 Yɛn nuanom peree sɛ wobenya ahofadi de asom Yehowa, enti ɛnsɛ sɛ yebu asuade a yebetumi anya afi gyidi a wɔdaa no adi no mu no adewa da! Yɛn nso, momma yɛnkɔ so nni nokware, na yennya ahotoso sɛ Yehowa gyina yɛn akyi wɔ adwuma a yɛreyɛ no mu, na ɔbɛkɔ so ama yɛn ahoɔden a yɛde bɛyɛ n’apɛde.​—Yes. 54:17.