Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 19

Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam

Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam

NEA TI YI KA HO ASƐM

Adan a yɛresisi wɔ wiase nyinaa no boa Ahenni adwuma no

1, 2. (a) Dɛn na Yehowa asomfo fi bere tenten ayɛ? (b) Dɛn na ɛho hia Yehowa kɛse?

 YEHOWA asomfo anokwafo fi bere tenten asisi adan de ahyɛ ne din anuonyam. Sɛ nhwɛso no, Israelfo de anigye boae ma wosii ntamadan no, na woyii wɔn yam de ɛho nneɛma mae.​—Ex. 35:​30-35; 36:​1, 4-7.

2 Ɛnyɛ nneɛma a yɛde sisi adan no titiriw na Yehowa bu no sɛ ɛhyɛ ne din anuonyam, na saa ara nso na ɛnyɛ nneɛma no na ɛho hia no kɛse. (Mat. 23:​16, 17) Akyɛde a ɛsɔ Yehowa ani na ɛhyɛ no anuonyam sen biara ne ɔsom a n’asomfo de ma no, a nea ɛka ho bi ne sɛnea wofi wɔn pɛ mu de nsi yɛ ne som adwuma no. (Ex. 35:​21; Mar. 12:​41-44; 1 Tim. 6:​17-19) Saa asɛm yi ho hia paa. Dɛn ntia? Efisɛ yebetumi asisi adan nnɛ, nanso ɔkyena na enni hɔ. Sɛ nhwɛso no, ntamadan no ne asɔrefie no nni hɔ bio. Ɛwom sɛ saa adan no nni hɔ bio de, nanso Yehowa da so ara kae ayamye a n’asomfo anokwafo no daa no adi ne adwumaden a wɔyɛe no.​—Monkenkan 1 Korintofo 15:​58; Hebrifo 6:10.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

3 Yehowa asomfo a wɔwɔ yɛn bere yi so nso ayɛ adwumaden asisi adan a yehyiam som. Na nea yɛnam yɛn hene Yesu Kristo akwankyerɛ so ayɛ no yɛ nwonwa paa! Ɛda adi sɛ, Yehowa ahyira yɛn adwuma so. (Dw. 127:1) Wɔ saa ti yi mu no, yebesusuw adwuma a yɛayɛ ne sɛnea ahyɛ Yehowa anuonyam no mu kakraa bi ho. Yebetie anuanom bi a wɔaboa ma yɛayɛ saa adwuma yi no nso anom nsɛm.

Ahenni Asa Ahorow a Yesisi

4. (a) Dɛn nti na yehia adan pii a yebehyia mu asom? (b) Dɛn nti na wɔakeka baa dwumadibea ahorow bi abom? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Yesisi Baa Dwumadibea De Di Yɛn Ahiade a Ɛsakra Ho Dwuma” no.)

4 Sɛnea yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 16 no, Yehowa hwehwɛ sɛ yehyiam som no. (Heb. 10:​25) Asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ no hyɛ yɛn gyidi den, na ɛsan nso ma anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no yɛ kɛse. Bere a nna a edi akyiri yi rekɔ n’awiei no, Yehowa ama asɛnka adwuma no rekɔ anim ntɛmntɛm. Ɛno nti, afe biara nnipa ɔpehaha pii sen yuu ba n’ahyehyɛde no mu. ( Yes. 60:​22) Bere a Ahenni no manfo redɔɔso no, na ɛho abehia kɛse sɛ yesisi nhoma tintimbea a yɛde betintim Bible ho nhoma. Yɛsan nso hia adan pii a yebehyiam asom.

5. Dɛn nti na edin Ahenni Asa no fata? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ New Light Asɔredan” no nso.)

5 Bible Asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no abakɔsɛm mfiase pɛɛ na wohui sɛ ɛho hia sɛ wɔn ankasa nya adan a wobehyiam asom Yehowa. Ɛte sɛ nea wosii adan a yehyiam som a edi kan no mu biako wɔ West Virginia, U.S.A., wɔ afe 1890 mu. Eduu afe 1930 mfe no mu no, na Yehowa nkurɔfo asisi asa ahorow anaa wɔasiesie pii, nanso na wonnya mfaa edin pɔtee bi ntoo adan a yehyiam som no so. Wɔ afe 1935, bere a Onua Rutherford kɔɔ Hawaii nsrahwɛ no, na wɔresi asa bi aka baa dwumadibea foforo a wɔresi no ho. Bere a wobisaa Onua Rutherford sɛ wɔbɛfrɛ saa asa no dɛn no, obuae sɛ: “Esiane sɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma na yɛreyɛ nti, munnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛfrɛ no ‘Ahenni Asa’?” (Mat. 24:​14) Ná ɛnyɛ saa asa yi nkutoo na wɔbɛfrɛ no Ahenni Asa, na mmom na wɔde saa din no bɛtoto adan a Yehowa nkurɔfo hyiam som wɔ wiase nyinaa no mu dodow no ara so.

6, 7. Mfaso bɛn na afi Ahenni Asa a wosisi no ntɛmntɛm no mu aba?

6 Eduu afe 1970 mfe no mu no, ná ɛho abehia kɛse sɛ wosisi Ahenni Asa pii. Ɛno nti, anuanom a wɔwɔ United States nyaa ɔkwampa a wɔbɛfa so de nna kakraa bi asisi Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ a yebetumi ahyiam wɔ so asom. Eduu afe 1983 no, na wɔasisi Ahenni Asa a ɛte saa bɛyɛ 200 wɔ United States ne Canada. Nea ɛbɛyɛ na anuanom atumi ayɛ saa adwuma yi no, wofii ase hyehyɛɛ ɔmantam adansi boayikuw ahorow. Saa nhyehyɛe yi maa adwuma no kɔɔ so yiye ma enti wɔ afe 1986 no, Akwankyerɛ Kuw no gye toom, na eduu afe 1987 no, na Ɔmantam Adansi Boayikuw 60 na ɛwɔ United States. a Eduu afe 1992 no, na wɔahyehyɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no bi wɔ Argentina, Australia, France, Germany, Japan, Mexico, South Africa, ne Spain. Nokwarem no, esiane sɛ adwumaden a anuanom a wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa no yɛ no ka ɔsom kronn ho nti, ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran.

7 Saa Ahenni Asa a wosisi no ntɛmntɛm no adi adanse kɛse wɔ mmeae a wosisii no. Sɛ nhwɛso no, asɛmti bi baa atesɛm krataa bi a ɛwɔ Spain mu sɛ “Gyidi Tutu Mmepɔw.” Bere a atesɛm krataa no reka Ahenni Asa bi a wosii wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Martos mu ho asɛm no, ebisae sɛ: “Dɛn na ama atuhoamafo a wofi [Spain] amantam ahorow mu afi wɔn pɛ mu atwa kwan aba Martos abesi ɔdan ntɛm so, asi no yiye, na nneɛma akɔ so wɔano wɔano saa wɔ wiase a pɛsɛmenkominya ahyɛ mu ma yi mu?” Atesɛm krataa no faa Ɔdansefo bi a watu ne ho ama anom asɛm de buaa saa asɛm yi sɛ: “Nea ama atumi aba saa ne sɛ, yɛyɛ nkurɔfo a Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn.”

Adan a Wosisi Wɔ Aman a Wonni Sika Pii So

8. Wɔ afe 1999 no, nhyehyɛe foforo bɛn na Akwankyerɛ Kuw no penee so, na dɛn ntia?

8 Bere a afeha a ɛto so 20 reba awiei no, nnipa pii baa Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ aman a anuanom a wɔwɔ hɔ nni sika pii no mu. Ná asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no ayɛ nea wobetumi biara asisi adan a wohyia wom. Nanso, wɔ aman bi so no, sɛ wɔde Ahenni Asa toto asɔredan ahorow a ɛwɔ hɔ no ho a, na Ahenni Asa no nyɛ fɛ koraa, enti na nkurɔfo nnya anuanom ho adwempa, na na wodi wɔn ho fɛw mpo. Nanso, efi afe 1999 no, Akwankyerɛ Kuw no penee nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔasisi Ahenni Asa ntɛmntɛm wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no so. Wɔde ntoboa a anuanom a wɔwɔ aman a wɔwɔ sika pii mu yii no kɔboae sɛnea ɛbɛyɛ a ‘nneɛma bɛkyɛ pɛpɛɛpɛ.’ (Monkenkan 2 Korintofo 8:​13-15.) Anuanom mmarima ne mmea a wofi aman foforo so tuu wɔn ho mae kɔboaa adwuma no.

9. Adwuma bɛn na na ɛte sɛ nea ɛyɛ kɛse boro so, nanso dɛn na yetumi yɛe?

9 Mfiase no, na ɛte sɛ nea adwuma no boro yɛn so. Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua wɔ afe 2001 mu daa no adi sɛ na wohia Ahenni Asa bɛboro 18,300 wɔ aman 88 a wonnyaa nkɔso pii mu. Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn honhom ne yɛn hene Yesu Kristo taa yɛn akyi nti, adwuma biara nni hɔ a yɛrentumi nyɛ. (Mat. 19:​26) Bɛyɛ mfe 15 ntam, efi afe 1999 besi afe 2013 no, na Onyankopɔn nkurɔfo nam saa nhyehyɛe yi so asisi Ahenni Asa 26,849. b Yehowa gu so rehyira asɛnka adwuma no so, enti bere a eduu afe 2013 no, na yɛda so ara hia Ahenni Asa bɛyɛ 6,500 wɔ saa aman no mu, na seesei ɛsɛ sɛ yesisi ɔhaha pii afe biara.

Ahenni Asa ahorow a wosisi wɔ aman a wonni sika pii so wɔ ne nsɛnnennen

10-12. Ɔkwan bɛn so na Ahenni Asa a yɛasisi no ahyɛ Yehowa din anuonyam?

10 Ɔkwan bɛn so na saa Ahenni Asa foforo a wɔasisi no ahyɛ Yehowa din anuonyam? Baa dwumadibea a ɛwɔ Zimbabwe no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ yesi Ahenni Asa foforo a, nnipa a wɔba asafo nhyiam no dodow taa bu bɔ ho wɔ ɔsram biako mu.” Wɔ aman pii so no, ɛte sɛ nea nkurɔfo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ yɛn kosi sɛ wobehu sɛ yɛanya ɔdan a ɛfata a yehyia mu som. Enti sɛ yenya si Ahenni Asa bi pɛ a, ɛnkyɛ na ayɛ mã, ná ɛho abehia sɛ yesi foforo. Wɔ ne nyinaa mu no, ɛnyɛ adan no fɛ nko na ɛtwetwe nkurɔfo ba Yehowa nkyɛn, na mmom Kristofo dɔ a wɔn a wɔresisi asa no da no adi no nso tumi sesa adwene a nkurɔfo wɔ wɔ n’ahyehyɛde no ho no. Momma yensusuw nhwɛso kakra bi ho nhwɛ.

11 Indonesia. Bere a ɔbarima bi a na ɔrehwɛ Ahenni Asa bi a wɔresi hui sɛ adwumayɛfo no nyinaa yɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama no, ɔkae sɛ: “Saa nkurɔfo yi, mo ho yɛ nwonwa! Ɛwom sɛ munnnye akatua de, nanso mahu sɛnea mo mu biara fi ne koma nyinaa mu de anigye yɛ adwuma no. Minnye nni sɛ nyamesom ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ɛte sɛ mo de yi!”

12 Ukraine. Ɔbea bi a na ɔtaa fa baabi a wɔresi Ahenni Asa bi hui sɛ adwumayɛfo no bɛyɛ Yehowa Adansefo, na ɔdan no nso bɛyɛ Ahenni Asa. Ɔkae sɛ: “Me nuabea bi a wabɛyɛ Ɔdansefo na ɔkaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ me. Bere a mihuu sɛnea moresi ɔdan yi no, me nso misii gyinae sɛ mede me ho bɛbɔ saa honhom fam abusua yi. Mahu sɛ moda ɔdɔ adi.” Saa ɔbea yi penee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, na ɔbɔɔ asu wɔ afe 2010 mu.

13, 14. (a) Dɛn na woasua afi asɛm a awarefo bi kae bere a wɔhwɛɛ Ahenni Asa bi a na wɔresi no mu? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa ma asa a wokɔ nhyiam wɔ so no ahyɛ Yehowa din anuonyam?

13 Argentina. Awarefo bi kɔɔ onua bi a ɔrehwɛ ma wɔasi Ahenni Asa bi nkyɛn. Okunu no kae sɛ, “Yɛde yɛn ani adi sɛnea moresi ɔdan no akyi paa, na . . . yɛayɛ yɛn adwene sɛ yebesua Onyankopɔn ho ade wɔ saa dan yi mu.” Afei, obisae sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aba nhyiam wɔ ha?” Awarefo no penee so sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua, nanso wɔkae sɛ sɛ wɔbɛma kwan ma wɔn abusuafo nso asua bi de a, ɛnde wobesua. Anuanom de anigye penee wɔn abisade no so.

14 Ebia wonka ho bi na wosii Ahenni Asa a mokɔ nhyiam wɔ so no, nanso wubetumi ayɛ pii de aboa ma asa no ahyɛ Yehowa din anuonyam. Nea wubetumi ayɛ no bi ne sɛ, wode anigye bɛto nsa afrɛ wo Bible asuafo, wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, ne ɔmanfo ma wɔne wo akɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa no so. Wowɔ hokwan nso sɛ wobɛboa ma wɔasiesie asa a muhyiam som no so. Sɛ woyɛ wo nhyehyɛe yiye a, wubetumi ayi ntoboa ma wɔde asiesie Ahenni Asa a wokɔ so anaasɛ wubetumi ayi ma wɔde asisi adan a wɔsom wom wɔ wiase no afã bi. (Monkenkan 1 Korintofo 16:2.) Saa adwuma yi nyinaa de ayeyi brɛ Yehowa din.

Adwumayɛfo a ‘Wotu Wɔn Ho Ma Koraa’

15-17. (a) Henanom na wɔyɛ adan a yesisi no ho adwuma kɛse? (b) Dɛn na woasua afi nsɛm a awarefo bi a wɔaboa ma wɔasisi adan wɔ aman ahorow so aka no mu?

15 Sɛ wɔresi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow a, anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ mpɔtam hɔ no na wɔyɛ adwuma no fã kɛse no ara. Nanso, mpɛn pii no, anuanom mmarima ne mmea a wofi aman foforo so a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ boa wɔn. Saa anuanom a wɔatu wɔn ho ama no mu binom atoto wɔn nneɛma yiye ma enti wotumi kɔ aman foforo so de adapɛn dodow bi kɔboa ma wosisi adan. Afoforo nso atu wɔn ho ama de mfe pii reboa ma wɔasisi adan, na sɛ wosi biako wie a na wɔkɔ nea edi hɔ no so.

Timo ne Lina Lappalainen (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16 Amanaman ntam adansi adwuma wɔ ne nsɛnnennen, na nhyira nso wom. Sɛ nhwɛso no, Timo ne Lina, atutu akwan akɔ aman a ɛwɔ Asia, Europa, ne Amerika Anafo fam akosisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow. Timo ka sɛ, “Mfe 30 a atwam ni, sɛ mɛka a, mfe abien biara wɔde me kɔ baabi foforo.” Lina a ɔne Timo aware mfe 25 ni no ka sɛ: “Me ne Timo akɔsom wɔ aman ahorow du so. Egye bere ne ahoɔden pii na ama woatumi atena wim tebea foforo mu, asua kasa foforo, atumi adi aduan foforo, aka asɛm no wɔ asasesin foforo mu, na woafa nnamfo foforo.” c So biribi pa bi afi wɔn mmɔdenbɔ no mu aba? Lina ka sɛ, “Nsɛnnennen a yɛahyia no ama yɛanya nhyira kɛse. Wɔada Kristofo dɔ ne ahɔhoyɛ adi akyerɛ yɛn, na Yehowa ahwɛ yɛn wɔ ɔdɔ mu. Yɛasan nso ahu sɛ ɛbɔ a Yesu hyɛɛ n’asuafo wɔ Marko 10:​29, 30 no yɛ nokware. Yɛanya honhom fam anuanom mmarima, mmea, ne maamenom ɔhaha pii.” Timo ka sɛ, “Yɛn ani agye paa sɛ yɛde nimdeɛ a yɛanya no reyɛ adwuma a ɛho hia sen biara yi, na yɛreboa ma Ɔhene no adwuma no anya nkɔso.”

17 Darren ne Sarah a wɔaboa ma wɔasisi adan wɔ Afrika, Asia, Amerika Anafo fam, Amerika Mfinimfini fam, Europa, ne South Pacific no te nka sɛ mfaso a wɔanya no dɔɔso sen adwuma a wɔayɛ no. Ɛmfa ho nsɛnnennen a wɔahyia no, Darren ka sɛ: “Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ me ne anuanom a wofi wiase no afã pii abom ayɛ adwuma. Mahu sɛ Yehowa ho dɔ a yɛanya no ama yɛn nyinaa ayɛ biako.” Sarah ka sɛ: “Masua nneɛma pii afi anuanom mmarima ne mmea a wofi aman foforo so no hɔ! Nneɛma a saa anuanom yi de abɔ afɔre resom Yehowa no hyɛ me nkuran ma mekɔ so yɛ nea m’ahoɔden betumi biara.”

18. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:​1-3 no renya mmamu?

18 Ɔhene Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo behyia nsɛnnennen de, nanso ‘wobetu wɔn ho ama koraa’ ayɛ Ahenni adwuma no. (Monkenkan Dwom 110:​1-3.) Obiara a ɔreyɛ adwuma de aboa Ahenni no rema saa nkɔmhyɛ no anya mmamu. (1 Kor. 3:9) Baa dwumadibea adan, Nhyiam Asa ɔhaha pii, ne Ahenni Asa mpempem pii a wɔasisi wɔ wiase nyinaa no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa na ɛredi tumi seesei. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛreyɛ adwuma ama Ɔhene Yesu Kristo ma ɛde anuonyamhyɛ kɛse abrɛ Yehowa!

a Wɔ afe 2013 no, wogyee atuhoamafo bɛboro 230,000 toom sɛ wɔne Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow 132 nyɛ adwuma wɔ United States. Wɔ saa ɔman no mu no, afe biara saa boayikuw ahorow no hwɛ ma wosisi Ahenni Asa foforo bɛyɛ 75, na wɔboa ma wosiesie asa ahorow bɛyɛ 900.

b Ahenni Asa pii a wosisii a wɔamfa saa nhyehyɛe yi so no nka ho.

c Amanaman ntam asomfo ne atuhoamafo de wɔn bere pii yɛ adan a wɔresisi ho adwuma, nanso wɔboa asafo ahorow a wɔwom no wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ dapɛn awiei anaa anwummere.