Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 20

Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo

Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo

NEA TI YI KA HO ASƐM

Ɔdɔ a Kristofo da no adi bere a atoyerɛnkyɛm asi

1, 2. (a) Ahokyere bɛn na Kristofo a na wɔwɔ Yudea no kɔɔ mu? (b) Ɔdɔ bɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Yudea no?

 ƆKƆM sii Yudea bɛyɛ afe 46 Y.B. mu. Ná aduan ho ayɛ den, na na Kristo asuafo a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ no nni sika a wɔde bɛtɔ aduan a ne bo ayɛ den no. Ná ɔkɔm rekum wɔn. Nanso, na ɛrenkyɛ na Yehowa aboa wɔn wɔ ɔkwan bi so a na Kristo asuafo biara nnyaa bi saa da. Dɛn na na ɛrebesi?

2 Ná Kristofo a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no rehu amane, enti ɛkaa Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne wɔn a wɔyɛ Amanaman mufo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no koma ma wogyigyee ntoboa sɛ wɔde rekɔma wɔn mfɛfo asomfo no. Wowiei no, wɔpaw anuanom mpanyimfo baanu, Barnaba ne Saul, somaa wɔn sɛ wɔmfa ntoboa no nkɔma asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 11:​27-30; 12:​25.) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔdɔ a anuanom a wɔwɔ Antiokia daa no adi no kaa anuanom a wɔwɔ Yudea a na wɔakɔ ahokyere mu no koma!

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ da so ara suasua nhwɛso a tete Kristofo a na wɔwɔ Antiokia no yɛe no? Ma ɛho nhwɛso. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Adwuma Kɛse a Edi Kan Wɔ Yɛn Bere Yi So” no nso.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

3 Saa asɛm a esii wɔ asomafo no bere so no ne kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛka sɛnea Kristofo a wɔte wiase no fã bi de nneɛma kɔboaa Kristofo a wɔte baabi foforo no ho asɛm. Ɛnnɛ, yesuasua nhwɛso a yɛn nuanom a na wɔwɔ Antiokia no yɛe no. Sɛ yɛte sɛ atoyerɛnkyɛm anaa sɔhwɛ bi ato yɛn nuanom wɔ baabi a, yɛkɔboa wɔn. a Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛ mmoa a yɛde ma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no nso ka ɔsom adwuma a yɛyɛ ho no, momma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa bi a ɛfa ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo ho no ho nhwɛ: Dɛn nti na yebu adwuma a yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma? Saa adwuma no botae ne dɛn? Mfaso bɛn na yenya fi so?

Nea Enti a Adwuma a Yɛde Boa Afoforo no Yɛ “Ɔsom Kronn”

4. Kristofo som adwuma ho asɛm bɛn na Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no?

4 Paulo kae wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no mu sɛ Kristofo som adwuma no wɔ afã abien. Ɛwom sɛ Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no de, nanso emu nsɛm no fa Kristo “nguan foforo” a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho. ( Yoh. 10:​16) Ɔsom adwuma no fã biako yɛ “mpata som adwuma,” na ɛno ne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. (2 Kor. 5:​18-20; 1 Tim. 2:​3-6) Ɔsom adwuma no fã a aka yɛ adwuma a yɛde boa yɛn mfɛfo asomfo. Nea na Paulo reka ho asɛm ankasa ne ‘ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo’ no. (2 Kor. 8:4) Wɔkyerɛɛ nsɛm “mpata som adwuma” ne ‘ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo’ no nyinaa ase fii Hela asɛmfua di·a·ko·niʹa mu. Dɛn nti na saa asɛm yi ho hia?

5. Dɛn nti na ɛfata sɛ Paulo frɛɛ adwuma a yɛde boa afoforo no ɔsom adwuma?

5 Hela asɛmfua a Paulo de kaa adwuma a wɔde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn ho asɛm no, ɛno ara na ɔde kaa ɔsom adwuma afoforo a wɔyɛ wɔ Kristofo asafo no mu ho asɛm. Ná wadi kan aka sɛ: “Ɔsom adwuma gu ahorow, nanso Awurade koro na ɔwɔ hɔ; na dwumadi gu ahorow, . . . Nanso honhom koro pɛ no ara na edi dwuma yi nyinaa.” (1 Kor. 12:​4-6, 11) Nokwasɛm ne sɛ, Paulo kyerɛe sɛ ɔsom adwuma ahorow a yɛyɛ wɔ asafo no mu nyinaa yɛ “ɔsom kronn.” b (Rom. 12:​1, 6-8) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ohui sɛ ɛfata sɛ ɔde ne bere no bi ‘kɔsom akronkronfo no’!​—Rom. 15:​25, 26.

6. (a) Sɛnea Paulo kaa ho asɛm no, dɛn nti na adwuma a yɛde boa afoforo no ka yɛn som ho? (b) Ka sɛnea yɛyɛ adwuma a yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn wɔ wiase nyinaa nnɛ no ho asɛm. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Sɛ Atoyerɛnkyɛm Bi Si A!.”)

6 Paulo boaa Korintofo no ma wohuu nea enti a adwuma a wɔde boa afoforo no ka wɔn som adwuma ne ɔsom a wɔde ma Yehowa no ho. Momma yɛnhyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae yi nsow: Kristofo boa afoforo efisɛ ‘wɔbrɛ wɔn ho ase ma Kristo ho asɛmpa no.’ (2 Kor. 9:​13) Esiane sɛ Kristofo pɛ sɛ wɔde Kristo nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra nti, wɔboa wɔn mfɛfo asomfo. Paulo kae sɛ, ayamye a Kristofo da no adi kyerɛ wɔn nuanom no yɛ “Onyankopɔn adom a ɛboro so.” (2 Kor. 9:​14; 1 Pet. 4:​10) Enti, bere a Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1, 1975 reka yɛn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu a yɛbɛboa wɔn ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso ankasa sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo ani sɔ saa ɔsom adwuma yi.” Nokwarem no, adwuma a yɛde boa afoforo no yɛ ɔsom kronn fã titiriw.​—Rom. 12:​1, 7; 2 Kor. 8:7; Heb. 13:16.

Adwuma a Yɛde Boa Afoforo no Wɔ Botae Ankasa

7, 8. Dɛn ne ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo no botae a edi kan? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Adwuma a yɛde boa afoforo no botae ne dɛn? Paulo maa saa asɛm no ho mmuae wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no mu. (Monkenkan 2 Korintofo 9:​11-15.) Wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no, Paulo sii botae atitiriw abiɛsa a sɛ yɛde yɛn ho hyɛ “ɔsom a wɔde ma yi”​—adwuma a yɛde boa afoforo no​—mu a yedu ho no so dua. Momma yensusuw ho mmiako mmiako.

8 Nea edi kan, ɔsom adwuma yi hyɛ Yehowa anuonyam. Momma yɛnhyɛ mpɛn dodow a Paulo twee ne nuanom adwene kɔɔ Yehowa Nyankopɔn so wɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ atifi hɔ mu no nsow. Ɔsomafo no twee wɔn adwene kɔɔ nsɛm bi te sɛ “ama Onyankopɔn anya aseda” ne “aseda pii a wɔde ma Onyankopɔn” no so. (Nkyekyɛm 11, 12) Ɔkaa sɛnea adwuma a Kristofo de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ma “wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam” na wɔkamfo “Onyankopɔn adom a ɛboro so” no ho asɛm. (Nkyekyɛm 13, 14) Paulo de ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo no ho asɛm no baa awiei sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn.”​—Nkyekyɛm 15; 1 Pet. 4:11.

9. Ɔkwan bɛn so na adwuma a yɛde boa afoforo no betumi asesa adwene a ebinom wɔ? Ma ɛho nhwɛso.

9 Sɛnea Paulo yɛe no, ɛnnɛ Onyankopɔn asomfo nso bu adwuma a wɔde boa afoforo no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya a wɔde hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma ne nkyerɛkyerɛ nso ho ba nyam. (1 Kor. 10:​31; Tito 2:​10) Nokwarem no, adwuma a yɛde boa afoforo no taa boa paa ma nnipa binom yi adwene a ɛnteɛ a wɔanya wɔ Yehowa ne n’Adansefo ho no fi hɔ. Nhwɛso bi ni: Ná ɔbea bi a ɔte beae bi a ahum kɛse bi tui akyerɛw asɛn ne pon anim sɛ: “Yehowa Adansefo​—Mommma Ha.” Afei, da koro, ohuu atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo bi sɛ wɔresiesie ofie bi a asɛe a ɛne ne fie di nhwɛanim. Ɔde nna bi hwɛɛ nkurɔfo a wɔde anigye reyɛ adwuma no, na ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ nnipa kõ. Bere a ohui sɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no yɛ Yehowa Adansefo no, ne ho dwiriw no, na ɔkae sɛ, “Manya mo ho adwemmɔne kwa.” Dɛn na ɔyɛe? Oyii asɛm a na wakyerɛw asɛn ne pon anim no fii hɔ.

10, 11. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ yɛredu adwuma a yɛde boa afoforo no botae a ɛto so abien no ho? (b) Nhoma bɛn na ɛboa atoyerɛnkyɛm bere mu adwumayɛfo no? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Adwinnade Foforo a Wɔde Ama Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Aboafo” no.)

10 Nea ɛto so abien, yɛma yɛn mfɛfo asomfo “nya nea wɔpɛ boro so.” (2 Kor. 9:​12a) Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛma yɛn nuanom a wɔrehu amane no nsa aka wɔn ahiade na yɛaboa wɔn ma wɔafi amanehunu mu. Dɛn ntia? Efisɛ Kristofo asafo no mufo yɛ ‘nipadua biako,’ na “sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa a aka no nyinaa hu amane bi.” (1 Kor. 12:​20, 26) Enti, onuadɔ ne ayamhyehye kanyan anuanom pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wogyae biribiara a wɔreyɛ, na wɔyɛ ntɛm boaboa wɔn nnwinnade ano, na wɔkɔ baabi a atoyerɛnkyɛm bi asi kɔboa wɔn mfɛfo asomfo. ( Yak. 2:​15, 16) Sɛ nhwɛso no, bere a ɛpo twiw faa asase so wɔ Japan wɔ afe 2011 no, United States baa dwumadibea no kyerɛw krataa kɔmaa Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow a ɛwɔ United States no sɛ “wɔnhwɛ sɛ wobenya anuanom kakra a wɔfata” ma wɔakɔboa ma wɔasan asisi Ahenni Asa ahorow wɔ hɔ anaa. Dɛn na anuanom yɛe? Adapɛn kakraa bi ntam no, anuanom bɛyɛ 600 de wɔn din mae sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔboa​—na wɔkyerɛe sɛ wɔn ankasa de wɔn sika bɛfa wimhyɛn akɔ Japan! United States baa dwumadibea no kae sɛ: “Sɛnea anuanom gyee ɔfrɛ no so no maa yɛn ho dwiriw yɛn.” Bere a onua bi a ɔwɔ Japan bisaa onua bi a ofi ɔman foforo so nea enti a ɔrebɛboa no, ɔkae sɛ: “Yɛn nuanom a wɔwɔ Japan no yɛ ‘yɛn nipadua’ akwaa. Yɛte ɛyaw ne amane a wɔrehu no wɔ yɛn nipadua mu.” Ɔdɔ a efi komam ka atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo ma wɔde wɔn nkwa mpo to asiane mu boa wɔn mfɛfo asomfo. c​—1 Yoh. 3:16.

11 Wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso kyerɛ adwuma a yɛde boa afoforo no ho anisɔ. Nhwɛso bi ni, bere a atoyerɛnkyɛm bi sii wɔ Arkansas mantam mu wɔ U.S.A., wɔ afe 2013 no, atesɛm krataa bi kaa sɛnea atuhoamafo a wɔyɛ Adansefo no yɛɛ wɔn ade ntɛm so no ho asɛm sɛ: “Yehowa Adansefo ayɛ atuhoama ho nhyehyɛe yiye ma wotumi yɛ nkurɔfo mmoa wɔ ɔkwan a ɛfata so.” Nokwarem no, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, yɛma yɛn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu no “nya nea wɔpɛ.”

12-14. (a) Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yebedu adwuma a yɛde boa afoforo no botae a ɛto so abiɛsa no ho? (b) Nsɛm bɛn na anuanom aka a ɛma yehu sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho?

12 Nea ɛto so abiɛsa, yɛboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu ma wɔsan fi ase yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. Dɛn nti na eyi ho hia? Paulo kae sɛ, ɛbɛka wɔn a yɛboa wɔn no koma ma wɔde ‘aseda pii ama Onyankopɔn.’ (2 Kor. 9:​12b) Ɔkwampa a wɔn a wɔakɔ ahokyere mu betumi afa so ada Yehowa ase ne sɛ wɔbɛyɛ ntɛm asan ayɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. (Filip. 1:​10) Ɔwɛn-Aban no kae wɔ afe 1945 mu sɛ: “Paulo penee . . . ntoboa a na wogyigye no so efisɛ na ɛboa . . . anuanom Kristofo a wɔakɔ ahokyere mu no ma wɔn nsa ka honam fam nneɛma bi, na na etumi boa wɔn ma wonya ahoɔden, na wofi wɔn pɛ mu di Yehowa ho adanse kɛse.” Botae koro no ara na esi yɛn ani so nnɛ. Sɛ yɛn nuanom san fi ase yɛ asɛnka adwuma no a, ɛhyɛ wɔn ankasa ne wɔn afipamfo a wɔahaw no den.​—Monkenkan 2 Korintofo 1:​3, 4.

13 Momma yentie wɔn a atoyerɛnkyɛm bi akyi wonyaa mmoa, na wɔsan fii ase de wɔn ho hyɛɛ asɛmpaka adwuma no mu ma ɛhyɛɛ wɔn den no nsɛm bi a wɔakeka. Onua bi kae sɛ: “Yɛn abusua no nyaa asɛnka a yɛkɔe no so mfaso paa. Bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyekye afoforo werɛ no, ɛmaa yɛn adwinnwen so tew kakra.” Onuawa bi kae sɛ: “Mede m’ani sii Onyankopɔn som adwuma so ma eyii m’adwene fii nneɛma pii a na asɛe no so. Ɛmaa me bo tɔɔ me yam.” Onuawa foforo nso kae sɛ: “Bere a na nneɛma pii boro yɛn ahoɔden so no, asɛnka adwuma no boaa m’abusua ma yɛde yɛn adwene sii anidaso a yɛwɔ no so. Anidaso a yɛwɔ wɔ wiase foforo no mu a yɛkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo no maa ahotoso a yɛwɔ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo no mu yɛɛ den.”

14 Onyankopɔn som no fã foforo a ɛsɛ sɛ yɛn mfɛfo asomfo a wɔakɔ ahokyere mu san fi ase ntɛm ne asafo nhyiam. Momma yensusuw asɛm a ɛtoo Onuawa Kiyoko a na aka kakra ma wadi mfe 60 no ho nhwɛ. Bere a ɛpo twiw faa asase so ma ɔhweree ne nneɛma nyinaa gye atade ne mpaboa a ɛhyɛ no no, na onhu nea ɔnyɛ. Saa bere no, asafo mu panyin bi ka kyerɛɛ no sɛ wɔbɛyɛ Kristofo nhyiam a wɔyɛ no daa no wɔ ne kar mu. Kiyoko kae sɛ: “Me ne asafo mu panyin bi ne ne yere, ne onuawa foforo tenaa kar no mu. Ná nhyiam no yɛ tiawa, nanso ɛmaa m’adwene fii atoyerɛnkyɛm a na asi no so ma ɛyɛɛ me nwonwa. Ɛmaa me koma tɔɔ me yam. Saa nhyiam no ma mihuu mfaso kɛse a ɛwɔ Kristofo fekubɔ so.” Bere a onuawa foforo reka asafo nhyiam ahorow a ɔkɔe bere a atoyerɛnkyɛm bi sii ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛno na ɛboaa me ma mitumi gyinaa asɛm no ano!”​—Rom. 1:​11, 12; 12:12.

Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo So Wɔ Mfaso Daa

15, 16. (a) Mfaso bɛn na na Kristofo a wɔwɔ Korinto ne mmeae foforo benya afi mmoa a wɔde ma afoforo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yenya adwuma a yɛde boa afoforo no so mfaso nnɛ?

15 Bere a Paulo reka ɔsom adwuma a yɛde boa afoforo ho asɛm akyerɛ Korintofo no, ɔsan nso kaa mfaso a Korintofo no ne Kristofo foforo a wɔbɛyɛ saa adwuma yi bi benya no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Wɔbɔ mpae ma mo, na wɔn [Kristofo a wɔyɛ Yudafo a wɔwɔ Yerusalem a wonyaa mmoa no] ani agyina mo efisɛ Onyankopɔn adom a ɛboro so no wɔ mo so.” (2 Kor. 9:​14) Nokwasɛm ne sɛ, ná ayamye a Korintofo no daa no adi no bɛka Kristofo a wɔyɛ Yudafo no koma ma wɔabɔ mpae ama wɔn nuanom Yudafo ne Amanaman mufo a wɔwɔ Korinto no, na na ɛbɛma ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn no mu ayɛ den.

16 Bere a Ɔwɛn-Aban a ɛbae December 1, 1945 reka mfaso a Paulo kae sɛ sɛ yɛyɛ adwuma de boa afoforo a wɔakɔ ahokyere mu a yebenya ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bi a wɔahyira wɔn ho so boa wɔn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu a, hwɛ nkabom ara a ɛde ba!” Anuanom a wɔyɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo nnɛ no nso hu sɛ saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Asafo mu panyin bi a ɔboaa wɔn a nsuyiri bi sɛee wɔn nneɛma no kae sɛ: “Adwuma a yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn a mede me ho hyɛɛ mu no maa mebɛn me nuanom kɛse sen bere biara.” Onuawa bi a wɔyɛɛ no mmoa de anisɔ kae sɛ, “Asase so Paradise a yebenya akyi no, ade a ɛsom bo ma yɛn paa ne abusuabɔ a yɛne yɛn nuanom wɔ.”​—Monkenkan Mmebusɛm 17:17.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 41:​13 no fa adwuma a yɛde boa afoforo no ho? (b) Ma nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea adwuma a yɛde boa afoforo no hyɛ Yehowa anuonyam na ɛsan hyɛ yɛne yɛn nuanom abusuabɔ mu den. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Atuhoamafo a Wofi Wiase Nyinaa Reboa Afoforo” no nso.)

17 Sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo kɔ baabi a asiane bi asi a, yɛn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu no hu sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ a edi hɔ yi yɛ nokware wɔ ɔkwan soronko so: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’ ” ( Yes. 41:​13) Bere a onuawa bi nyaa ne ti didii mu wɔ atoyerɛnkyɛm bi mu no, ɔkae sɛ: “Bere a mihuu sɛnea nneɛma asɛe no, metee nka sɛ m’anidaso asa, nanso Yehowa boaa me. Mmoa a minyae no boro m’adwene ne me ntease so.” Bere a atoyerɛnkyɛm bi sɛee beae bi no, asafo mu mpanyimfo baanu gyinaa wɔn asafo ahorow ananmu kyerɛwee sɛ: “Asasewosow no ama yɛahu amane kɛse, nanso Yehowa nam yɛn nuanom so aboa yɛn. Ná yɛakenkan adwuma a wɔde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho asɛm, nanso afei de, yɛn ankasa de yɛn aniwa hui.”

So Wubetumi Akɔboa?

18. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ adwuma a yɛde boa afoforo no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Ɛsesaa N’asetena” no nso.)

18 So wopɛ sɛ wunya anigye a ɛwɔ adwuma a yɛde boa afoforo mu no bi? Sɛ saa a, kae sɛ anuanom a wosisi Ahenni Asa no na wɔtaa paw wɔn sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo. Enti, ka kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo sɛ wopɛ sɛ wohyehyɛ ho akwammisa krataa no bi. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ adwuma a yɛde boa afoforo ho nimdeɛ no kae sɛ: “Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, nkɔ hɔ, gye sɛ Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu no ato nsa afrɛ wo ansa.” Sɛ ɛba saa a, adwuma a yɛde boa afoforo no kɔ so wɔano wɔano.

19. Ɔkwan bɛn so na atoyerɛnkyɛm bere mu adwumayɛfo boa kɛse ma ɛda adi sɛ yɛyɛ Kristo asuafo ampa?

19 Nokwasɛm ne sɛ, adwuma a yɛde boa afoforo no yɛ ɔkwan soronko a yɛfa so di ahyɛde a Kristo de mae sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho’ no so. Sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛyɛ Kristo asuafo ampa. ( Yoh. 13:​34, 35) Hwɛ sɛnea ɛnnɛ yɛanya adwumayɛfo pii a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔde nokwaredi taa Onyankopɔn Ahenni no akyi a wɔakɔ ahokyere mu no ma ɛde anuonyamhyɛ abrɛ Yehowa!

a Saa ti yi ka adwuma a yɛde boa yɛn mfɛfo asomfo ho asɛm. Nanso, mpɛn pii no, yɛboa wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso.​—Gal. 6:10.

b Paulo de di·aʹko·nos (ɔsomfo) dodow kabea na ɛkaa ‘asafo mu asomfo’ ho asɛm.​—1 Tim. 3:12.

c Hwɛ asɛm “Yɛn Gyidi Fifo a Wɔwɔ Bosnia a Yɛboa Wɔn,” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 1, 1994, kratafa 23-27 no.