Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 21

Onyankopɔn Ahenni Beyi N’atamfo Afi Hɔ

Onyankopɔn Ahenni Beyi N’atamfo Afi Hɔ

NEA TI YI KA HO ASƐM

Nsɛm a ebesisi akosi sɛ Harmagedon ko no bɛba

1, 2. (a) Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn Hene no redi tumi fi afe 1914? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ saa ti yi mu?

 NNEƐMA a Onyankopɔn Ahenni no ayɛ wɔ n’atamfo mfinimfini a yɛasusuw ho no ahyɛ yɛn gyidi den. (Dw. 110:2) Yɛn Hene no atete asɛmpakafo pii a woyi wɔn yam ka asɛm no. Watew n’akyidifo ho ayiyi wɔn mu wɔ honhom fam ne abrabɔ fam. Na mmɔden a Ahenni no atamfo abɔ sɛ wɔde mpaapaemu bɛba yɛn mu nyinaa akyi no, biakoyɛ wɔ yɛn mu wɔ wiase nyinaa nnɛ. Eyinom ne nneɛma foforo pii a Ahenni no ayɛ a yɛasusuw ho no ama yɛanya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ yɛn Hene no redi tumi wɔ Ahenni no atamfo mfinimfini fi afe 1914.

2 Ahenni no bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii nnansa yi ara. ‘Ɛbɛba abebubu’ n’atamfo ‘ma wɔasã.’ (Mat. 6:​10; Dan. 2:​44) Nanso, nsɛm akɛse foforo besisi ansa na saa bere no aba. Ɛyɛ nsɛm bɛn? Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bi bɛma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae. Momma yɛnhwehwɛ saa nkɔmhyɛ ahorow no bi mu nhwɛ nsɛm bi a ɛrebesisi.

Nea Ebedi “Ɔsɛe” a Ɛbɛba “Mpofirim” no Anim

3. Asɛm a ebedi kan asi bɛn na yɛretwɛn?

3 Asomdwoe ho asɛm a wɔbɛka. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw krataa akɔma Tesalonikafo no, ɔkaa asɛm a ebedi kan asi a yɛrehwɛ kwan no ho asɛm. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:​2, 3.) Wɔ saa krataa no mu no, Paulo kaa “Yehowa da” a ebefi ase bere a wɔatow ahyɛ “Babilon Kɛse” no so ho asɛm. (Adi. 17:5) Nanso, aka kakra ma Yehowa da no afi ase no, amanaman no bɛka sɛ, “Asomdwoe ne dwoodwoo!” Ebia wɔbɛka saa asɛm yi pɛnkoro pɛ anaasɛ ɛbɛyɛ asɛm a wɔbɛka no mpɛn pii ma obiara ate. So nyamesom akannifo no bɛka bi? Esiane sɛ wɔyɛ wiase no fã nti, ebia wɔbɛka amanaman no ho aka sɛ, “Asomdwoe wɔ hɔ!” ( Yer. 6:​14; 23:​16, 17; Adi. 17:​1, 2) Asomdwoe ne dwoodwoo ho asɛm a wɔbɛka no bɛma yɛahu sɛ Yehowa da no rebefi ase. Onyankopɔn Ahenni no atamfo ‘rentumi nguan ɔkwan biara so.’

4. Sɛ yɛte nkɔm a Paulo hyɛ faa asomdwoe ne dwoodwoo ho asɛm a wɔbɛka no ase a, mfaso bɛn na yebenya?

4 Sɛ yɛte saa nkɔmhyɛ yi ase a, mfaso bɛn na yebenya? Paulo kae sɛ: “Munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim.” (1 Tes. 5:​3, 4) Bere a nnipa dodow no ara nnim nea nsɛm a ɛresisi seesei kyerɛ no, yɛn de yenim. Ɔkwan bɛn paa na saa asomdwoe ne dwoodwoo ho nkɔmhyɛ yi bɛfa so abam? Ɛno de, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ so wɔ wiase no mu. Enti, “momma yɛnwɛn na yɛn ani nna hɔ.”​—1 Tes. 5:6; Sef. 3:8.

Sɛnea Ahohiahia Kɛse no Befi Ase

5. Dɛn na ebefi “ahohiahia kɛse” no ase?

5 Wɔbɛtow ahyɛ nyamesom so. Momma yɛnkae sɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ enya ba sɛ wɔreka sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Sɛnea sɛ anyinam pae a, aprannaa di akyi pɛɛ no, saa ara na ‘ɔsɛe a ɛbɛba mpofirim’ no bedi “asomdwoe ne dwoodwoo!” a wɔbɛka no akyi pɛɛ. Nneɛma bɛn na wɔbɛsɛe no? Nea edi kan koraa no, wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” no, wiase atoro som ahemman a wɔsan frɛ no “aguaman no.” (Adi. 17:​5, 6, 15) Kristoman ne atoro som ahyehyɛde afoforo nyinaa a wɔbɛsɛe wɔn na ebefi “ahohiahia kɛse” no ase. (Mat. 24:​21; 2 Tes. 2:8) Saa asɛm yi a ebesi no bɛyɛ nnipa pii nwonwa. Dɛn ntia? Efisɛ enkosi sɛ ɔsɛe no bɛba no, na aguaman no da so ara bu ne ho sɛ ɔyɛ “ɔhemmaa” a ‘ɔrenhu awerɛhow da.’ Nanso, mpofirim ara obehu sɛ na ɔredaadaa ne ho. Wobeyi no afi hɔ ntɛm ara te sɛ nea asi “da koro pɛ.”​—Adi. 18:​7, 8.

6. Hena anaa dɛn na ɛbɛtow ahyɛ “Babilon Kɛse” no so?

6 Hena anaa dɛn na ɛbɛtow ahyɛ “Babilon Kɛse” no so? Ɛyɛ “akekaboa” a ɔwɔ “mmɛn du” no. Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ saa akekaboa yi ne Amanaman Nkabom no. Mmɛn du no gyina hɔ ma amammui tumidifo nyinaa a wɔwɔ hɔ nnɛ a wogyina saa “akekaboa kɔkɔɔ” no akyi no. (Adi. 17:​3, 5, 11, 12) Dɛn paa na wɔde bɛyɛ aguaman no? Aman a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no bɛfa aguaman no ho nneɛma nyinaa, adi ne nam, na “wɔde ogya ahyew no pasaa.”​—Monkenkan Adiyisɛm 17:​16. a

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:​21, 22 no nyaa mmamu wɔ asomafo no bere so, na mmamu bɛn na ebenya daakye?

7 Wobetwa nna no so. Yɛn Hene no ama yɛahu nea ebesi wɔ ahohiahia kɛse no mu. Yesu kae sɛ: “Wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.” (Monkenkan Mateo 24:​21, 22.) Bere a Roma asraafo tow hyɛɛ Yerusalem so wɔ afe 66 Y.B. mu no, Yehowa ‘twaa nna no so’ maa asɛm a Yesu kae no nyaa mmamu ketewaa bi. (Mar. 13:​20) Nna no a wotwaa so no maa Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no nyaa nkwa. Ɛnde, dɛn na ebesi wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu wɔ wiase nyinaa? Sɛ Amanaman Nkabom no tow hyɛ nyamesom so a, Yehowa nam yɛn Hene no so ‘betwa nna no so’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe nokware som nka atoro som ho. Enti, sɛ wɔsɛe atoro nyamesom ahyehyɛde nyinaa pasaa a, ɛbɛka nokware som biako pɛ. (Dw. 96:5) Afei, momma yensusuw nsɛm a ebesisi bere a ahohiahia kɛse no fã yi aba awiei no ho nhwɛ.

Nsɛm a Ebesisi Akosi sɛ Harmagedon Bɛba

8, 9. Anwonwade bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka ho asɛm no, na dɛn na nkurɔfo bɛyɛ wɔ nea wobehu no ho?

8 Nkɔm a Yesu hyɛ faa nna a edi akyiri ho no ma yehu sɛ nsɛntitiriw bi besisi akosi sɛ Harmagedon bɛba. Nsɛm abien a edi kan a yebesusuw ho no wɔ Mateo, Marko, ne Luka Nsɛmpa no mu.​—Monkenkan Mateo 24:​29-31; Mar. 13:​23-27; Luka 21:​25-28.

9 Anwonwade a ɛbɛda adi wɔ soro. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe fam.” Eyi kyerɛ sɛ, nkurɔfo renhwehwɛ akwankyerɛ mfi nyamesom akannifo no nkyɛn bio. So asɛm a Yesu kae yi kyerɛ nso sɛ anwonwade ankasa bɛda adi wɔ soro? Ebetumi aba saa. ( Yes. 13:​9-11; Yoel 2:​1, 30, 31) Nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ nea wobehu no ho? Wɔn ho ‘bɛyeraw’ wɔn efisɛ “wɔrenhu nea wɔnyɛ.” (Luka 21:​25; Sef. 1:​17) Nokwarem no, “ehu ne nneɛma a ɛreba asase so no bɛma” Onyankopɔn Ahenni no atamfo​—efi ‘ahene so kosi nkoa so’​—“atotɔ piti” na wɔaguan ahwehwɛ hintabea. Nanso, wɔrennya hintabea a ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi Ɔhene no abufuw no ho.​—Luka 21:​26; 23:​30; Adi. 6:​15-17.

10. Atɛn bɛn na Yesu bebu, na dɛn na Onyankopɔn Ahenni no akyitaafo ne wɔn a wɔsɔre tia no no bɛyɛ?

10 Atemmusɛm. Afei, Onyankopɔn Ahenni no atamfo nyinaa behu biribi a ɛbɛma wɔn ho ahoyeraw wɔn kɛse. Yesu kae sɛ: “Wobehu sɛ onipa Ba no nam omununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.” (Mar. 13:​26) Saa anwonwade yi bɛma yɛahu sɛ Yesu aba rebebu atɛn. Yesu kaa atɛn a obebu saa bere no ho asɛm kɔɔ akyiri wɔ nna a edi akyiri ho nkɔmhyɛ yi ara mu. Yehu saa asɛm no wɔ nguan ne mmirekyi ho mfatoho no mu. (Monkenkan Mateo 25:​31-33, 46.) Wobebu Onyankopɔn Ahenni no akyitaafo anokwafo no atɛn sɛ wɔyɛ “nguan,” na ‘wɔbɛma wɔn ti so,’ efisɛ wobehu sɛ wɔn “gye rebɛn.” (Luka 21:​28) Nanso, wobebu wɔn a wɔsɔre tia Ahenni no atɛn sɛ wɔyɛ “mmirekyi,” na ‘wɔde awerɛhow bɛbobɔ wɔn kokom,’ efisɛ wobehu sɛ wɔrebɛkɔ “daa ɔsɛe mu.”​—Mat. 24:​30; Adi. 1:7.

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae bere a yɛresusuw nsɛm a ɛrebesisi ho no?

11 Sɛ Yesu bu “amanaman nyinaa” atɛn wie a, nsɛm foforo bi besisi ansa na Harmagedon ko no afi ase. (Mat. 25:​32) Yebesusuw saa nsɛm no mu abien ho: Onyankopɔn nkurɔfo a Gog bɛtow ahyɛ wɔn so ne wɔn a wɔasra wɔn no a wɔbɛboaboa wɔn ano. Bere a yɛresusuw saa nsɛm abien no ho no, momma yɛnkae sɛ Onyankopɔn Asɛm no nka bere pɔtee a saa nsɛm no besisi. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ansa na nea edi kan no bɛkɔ n’awiei no, na nea di hɔ no aba.

12. Ɔko a emu yɛ den bɛn na Satan de bɛba Ahenni no so?

12 Wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo a wɔaka ne nguan foforo a wɔka wɔn ho no so. (Monkenkan Hesekiel 38:​2, 11.) Saa ntua a Satan de bɛba Ahenni a ɛredi tumi no so no bɛyɛ ntua a etwa to wɔ ɔko a ɔde aba wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no so fi bere a wɔpam no fii soro no. (Adi. 12:​7-9, 17) Ne titiriw no, efi bere a wofii ase boaboaa wɔn a wɔasra wɔn no ano baa Kristofo asafo a wɔasan de asi hɔ mu no, Satan ayɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɛe nkɔso a wɔrenya wɔ Onyankopɔn som mu no, nanso wadi nkogu. (Mat. 13:​30) Sɛ wɔsɛe atoro nyamesom ahyehyɛde ahorow no nyinaa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn nkurɔfo te baabi a “wonni ɔfasu, na adaban ne apon mpo wonni bi.” Sɛ ɛba saa a, Satan behu sɛ wanya hokwan kɛse bi. Obepiapia ne nkurɔfo a wɔn tirim yɛ den no ma wɔatow ahyɛ Ahenni no akyitaafo no so.

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛko ama ne nkurɔfo?

13 Hesekiel kaa nea ebesi no ho asɛm. Ɔhyɛɛ Gog ho nkɔm sɛ: “Wubefi wo tenabea wɔ atifi fam akyirikyiri aba, wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafodɔm kɛse, asraafodɔm bebree. Wobɛba me man . . . so te sɛ omununkum abɛkata asase no so.” (Hes. 38:​15, 16) Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ ntua a ɛte sɛ nea biribiara ntumi nsiw no kwan yi ho? Yehowa ka sɛ, “M’abufuw bɛdɛw . . . Mɛma nkrante aba no so.” (Hes. 38:​18, 21; monkenkan Sakaria 2:8.) Yehowa bɛko ama n’asomfo a wɔwɔ asase so no. Saa ɔko no ne Harmagedon.

14, 15. Sɛ Satan tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, asɛm foforo bɛn na ebesi?

14 Ansa na yebesusuw sɛnea Yehowa bɛko ama ne nkurɔfo wɔ Harmagedon ho no, momma yenni kan nsusuw asɛm foforo bi a ɛho hia ho. Bere a Satan bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so denneennen ne bere a Yehowa begye ne nkurɔfo wɔ Harmagedon no mu hɔ na saa asɛm yi besi. Sɛnea yehui wɔ nkyekyɛm 11 no, asɛm a ɛto so abien no ne wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔbɛboaboa wɔn ano no.

15 Wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no ano. Mateo ne Marko nyinaa kyerɛw asɛm a Yesu ka faa “wɔn a wɔapaw wɔn”​—Kristofo a wɔde honhom asra wɔn​—no ho sɛ wɔn ano a wɔbɛboaboa no nso ka nsɛm a ebesisi ansa na Harmagedon aba no ho. (Hwɛ nkyekyɛm 7.) Bere a Yesu reka n’ankasa ho asɛm sɛ Ɔhene no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔbɛsoma abɔfo ma wɔabɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, fi asase ano kosi ɔsoro nohoa.” (Mar. 13:​27; Mat. 24:​31) Anoboaboa bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ ha yi? Ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no nsɔano a etwa to a ɛbɛba bere a aka bere tiaa bi ma ahohiahia kɛse no afi ase no ho asɛm na na ɔreka. (Adi. 7:​1-3) Mmom no, na Yesu reka asɛm bi a ebesi wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu ho asɛm. Enti, ɛda adi sɛ ɛyɛ bere a Satan atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no mu na wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no ano akɔ soro.

16. Dwuma bɛn na wɔn a wɔasra wɔn a wɔanya owusɔre no bedi wɔ Harmagedon ko no mu?

16 So wɔbɛboaboa nkaefo a wɔasra wɔn no ano awie ansa na Harmagedon aba? Bere a wɔbɛboaboa wɔn ano no ma yehu sɛ wɔn nyinaa bɛkɔ soro ansa na Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon no afi ase. Sɛ nnipa 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no kɔ soro a, wɔbɛma wɔn tumi na wɔaka Yesu ho ma wɔde “dade poma” asɛe Onyankopɔn Ahenni no atamfo nyinaa. (Adi. 2:​26, 27) Afei, abɔfo a wɔwɔ tumi ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔanya owusɔre no bedi Kristo a ɔyɛ Ɔhene Kofoni no akyi, bere a ɔne n’atamfo a wɔyɛ “asraafodɔm” a wɔrebɛtow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so rekɔko no. (Hes. 38:​15) Sɛ saa ɔko a emu yɛ den no fi ase a, na ɛkyerɛ sɛ Harmagedon ko no afi ase!​—Adi. 16:16.

Ahohiahia Kɛse no Awiei Koraa

Harmagedon ko no afi ase!

17. Asɛm bɛn na ɛbɛto “mmirekyi” no wɔ Harmagedon ko no mu?

17 Atemmu. Harmagedon ko no na ɛde ahohiahia kɛse no bɛba awiei. Saa bere no, Yesu bɛyɛ adwuma foforo bi aka n’adwuma ho. “Amanaman nyinaa” Temmufo a ɔbɛyɛ akyi no, ɔbɛsan nso ayɛ Ɔbrafo ama amanaman no, kyerɛ sɛ, obekunkum nnipa a wadi kan abu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ “mmirekyi” no. (Mat. 25:​32, 33) Yɛn Hene no de “nkrante tenten nnamnam bi . . . bɛbobɔ amanaman no.” Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔte sɛ mmirekyi nyinaa​—efi “ahene” so kosi “nkoa” so​—‘bɛkɔ daa ɔsɛe mu.’​—Adi. 19:​15, 18; Mat. 25:46.

18. (a) Nneɛma bɛkɔ so dɛn ama “nguan” no? (b) Dɛn na Yesu bɛyɛ de awie ne nkonimdi no?

18 Hwɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ so yiye ama wɔn a Yesu buu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ “nguan” no! Sɛ́ anka Satan asraafodɔm a wɔte sɛ “mmirekyi” no betwiw afa “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ “nguan” a wonni ahobammɔ no so no, nguan no benya nkwa wɔ wɔn atamfo ntua no mu, na ‘wobefi ahohiahia kɛse no mu.’ (Adi. 7:​9, 14) Afei, bere a Yesu adi nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no atamfo nyinaa so nkonim na wayi wɔn afi hɔ no, ɔbɛtow Satan ne n’adaemone no agu amoa donkudonku no mu. Wɔbɛka wɔn ahyɛ amoa no mu; wɔbɛyɛ te sɛ nea wɔawu a wontumi nyɛ hwee mfirihyia apem.​—Monkenkan Adiyisɛm 6:2; 20:​1-3.

Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho

19, 20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de asuade ahorow a ɛwɔ Yesaia 26:​20 ne 30:​21 no ayɛ adwuma?

19 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiesie yɛn ho ama nsɛm a ɛyɛ hu a ɛrebesisi no? Ɔwɛn-Aban no kae mfe bi a atwam sɛ: “Osetie a obi bɛyɛ na ɛbɛma wanya nkwa.” Dɛn nti na ɛte saa? Yebenya mmuae no wɔ kɔkɔbɔ bi a Yehowa de maa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ tete Babilon no mu. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Babilon, nanso na dɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ de siesie wɔn ho ma nea na ɛrebesi no? Yehowa kae sɛ: “Me man, monkɔ mo mpia mu na monto mu. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” ( Yes. 26:​20) Hyɛ adeyɛ nsɛm a ɔde dii dwuma no nsow: “monkɔ,” “monto mu,” “momfa mo ho nsie”​—ne nyinaa yɛ akwankyerɛ, na ɛyɛ ahyɛde nso. Ná Yudafo a wobedi saa ahyɛde no so bɛhyɛ wɔn afie mu, wɔremmɛn asraafo a wɔadi nkonim a na wɔnenam mmɔnten so no. Enti, na nkwa a wobenya no gyina osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa akwankyerɛ no so. b

20 Dɛn na yebetumi asua fi saa asɛm yi mu? Sɛnea na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no yɛ no, sɛ yɛn nso yebenya nkwa wɔ nsɛm a ɛrebesisi no mu a, gye sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ so. ( Yes. 30:​21) Wɔnam asafo no so na wɔde akwankyerɛ a ɛte saa ma yɛn. Enti, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebefi yɛn komam ayɛ osetie adi akwankyerɛ a wɔde rema yɛn no so. (1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛyɛ osetie nnɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa ama yɛn sɛ yebefi yɛn pɛ mu ayɛ saa daakye, na ama yɛn Agya, Yehowa, ne yɛn Hene, Yesu abɔ yɛn ho ban. (Sef. 2:3) Sɛ Onyankopɔn bɔ yɛn ho ban saa a, ɛbɛma yɛn ankasa ahu sɛnea Onyankopɔn Ahenni no beyi n’atamfo afi hɔ koraa no. Eyi bɛyɛ ade a yɛn werɛ remfi da!

a Ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ “Babilon Kɛse” no sɛe no fa nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔbɛsɛe no no ho titiriw, na ɛnyɛ sɛ wobekunkum nyamesomfo nyinaa. Enti, nnipa a wɔwɔ Babilon mu no mu dodow no ara benya nkwa wɔ saa ɔsɛe no mu, na ɛno akyi pɛɛ no, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nyamesom ho sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Sakaria 13:​4-6 no.