Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 22

Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

NEA TI YI KA HO ASƐM

Ahenni no bɛma Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa adesamma ne asase ho nyinaa abam

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den sɛ yebegye adi sɛ Paradise bɛba ampa? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no mu ayɛ den?

 ONUA nokwafo bi aba asafo nhyiam ase a wabrɛ. Ná n’adwumam panyin bi a ɔyɛ nhyɛ ateetee no saa da no, n’abusua a ɔrehwɛ wɔn ho dadwen ahyɛ no so, na yare bi a abɔ ne yere nso agyaw no adwinnwen. Bere a wofii ase too dwom a wɔde fii dwumadi no ase no, ne koma tɔɔ ne yam, na n’ani gyei sɛ ɔne ne nuanom ahyiam wɔ Ahenni Asa so. Ná dwom no fa anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena Paradise no ho, na na emu nsɛm no ka sɛ ontwa saa anidaso no ho mfonini wɔ n’adwenem na ɔmfa no sɛ ɔwɔ hɔ bi. N’ani gye saa dwom no ho paa, na bere a ɔne n’abusua reto no, anidaso nsɛm a ɛwom no kyekyee ne werɛ.

2 So woate nka saa pɛn? Yɛn mu dodow no ara ate nka saa pɛn. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, nhyehyɛe dedaw yi mu asetena betumi ama ayɛ den ama yɛn paa sɛ yebegye adi sɛ Paradise bɛba ampa. Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na wiase yi mu asetena nte sɛ paradise koraa. (2 Tim. 3:1) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagye adi sɛ yɛn anidaso no bɛbam ankasa? Bio nso, yɛyɛ dɛn hu ankasa sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi adesamma nyinaa so nnansa yi ara? Momma yensusuw Yehowa nkɔmhyɛ bi a ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no huu ne mmamu kakraa bi no ho nhwɛ. Ɛno akyi no, yebesusuw sɛnea saa nkɔmhyɛ no ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛtete saa renya mmamu seesei no ho. Afei, bere a saa nkɔmhyɛ ahorow no ahyɛ yɛn gyidi den no, yɛde yɛn adwene besi nneɛma a sɛ saa nkɔmhyɛ no bam a yebenya daakye no so.

Sɛnea Yehowa Dii Ne Bɔhyɛ so Tete Mmere Mu

3. Bɔhyɛ bɛn na ɛkyekyee Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no werɛ?

3 Wo de, twa sɛnea na Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no asetena te no ho mfonini hwɛ. Wɔwoo wɔn awofo ne wɔn mu pii wɔ nkoasom mu, na na asetena mu yɛ den. Na esiane sɛ na wɔwɔ Yehowa mu gyidi nti, Babilonfo no dii wɔn ho fɛw. (Dw. 137:​1-3) Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de ne nkurɔfo aba wɔn asase so; na na ɛno ne anidaso koro pɛ a Yudafo anokwafo no de mfe pii ahwɛ kwan. Yehowa kae sɛ ɔbɛma saa asase no so asetena ayɛ anigye. Ɔde Yuda asase a na wɔbɛsan asiesie so no mpo totoo Eden turo a na ɛyɛ paradise no ho! (Monkenkan Yesaia 51:3.) Onyankopɔn hyɛɛ saa bɔ ahorow no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo benya awerɛhyem, na amma wɔn adwenem anyɛ wɔn nãã. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa? Momma yensusuw nkɔmhyɛ ahorow pɔtee bi ho nhwɛ.

4. Dɛn na Yehowa yɛe de maa Yudafo no nyaa awerɛhyem sɛ wobenya ahobammɔ wɔ wɔn asase so?

4 Ahobammɔ. Ɛnyɛ paradise asase ankasa na na saa nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom mu no bɛsan akɔ so, na mmom asase bi a ɛwɔ akyirikyiri a na ada mpan mfe 70, asase bi a na wɔn mu dodow no ara nkɔɔ so da. Saa bere no, na agyata, mpataku, asebɔ, ne nkekaboa foforo abu so wɔ Palestina asase no so. Ebia, abusua ti bi bedwinnwen ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn abɔ me yere ne me mma ho ban? Na mɛyɛ dɛn abɔ me nguan ne m’anantwi nso ho ban?’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ obi bedwinnwen saa nsɛm yi ho. Afei, momma yɛnsan nsusuw Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:​6-9 no ho nhwɛ, na yɛnhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no kyekyee wɔn werɛ. (Monkenkan.) Yehowa de anwensɛm a ɛyɛ dɛ yi maa wɔn a na wɔwɔ nkoasom mu no ma wonyaa awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ wɔne wɔn nyɛmmoa ho ban. Ná nwura a gyata bɛwe no kyerɛ sɛ, ɔrenkyere Yudafo no anantwi bio. Ná ɛnsɛ sɛ anokwafo no suro saa nkekaboa no. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ asɛmmɔne biara rento ne nkurɔfo wɔ Yuda asase a na wɔasan asiesie so no so, na saa ara nso na na asɛmmɔne biara rento wɔn wɔ sare so ne kwae mu mpo.​—Hes. 34:25.

5. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛboaa Yudafo a na wofi nkoasom mu reba wɔn asase so no ma wonyaa ahotoso sɛ Yehowa bɛma wɔanya aduan ma abu wɔn so?

5 Aduan bebu so. Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a na wobetumi adwinnwen ho. Ebi ne sɛ, ‘So metumi anya m’abusua ano aduan wɔ asase a yɛresan akɔ so no so? Ɛhe na yɛbɛtena? So menya adwuma bi ayɛ wɔ hɔ, na ɛhɔ adwuma bɛyɛ papa asen adwumaden a yɛn wuranom hyɛ yɛn ma yɛyɛ wɔ nkoasom mu no?’ Yehowa nam nkɔmhyɛ ahorow so ma wonyaa saa nsɛmmisa no nso ho mmuae. Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo a wɔyɛ osetie no bɔ sɛ ɔbɛma osu atɔ ne bere mu ama wɔn; ɛno nti, asase no bɛma “aduan sɔkyee.” ( Yes. 30:​23) Ɛdefa baabi a na Yehowa nkurɔfo bɛtena ne adwuma a wɔbɛyɛ ho de, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni.” ( Yes. 65:​21, 22) Nokwasɛm ne sɛ, ná asetena bɛyɛ anigye ama wɔn wɔ akwan pii so asen bere a na wɔyɛ nkoa wɔ Babilonfo abosonsomfo no asase so no. Na wɔn haw ahorow a emu yɛ den paa a ɛma wɔkɔɔ nkoasom mu no nso ɛ? Dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ ho?

6. Yare bɛn na na abɔ Onyankopɔn nkurɔfo no bere tenten, na ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ wɔn a na wofi nkoasom mu resan aba wɔn asase so no?

6 Honhom fam apɔwmuden. Ná Onyankopɔn nkurɔfo no yare wɔ honhom fam anaa wɔne n’abusuabɔ asɛe bere tenten ansa na wɔrekɔ nkoasom mu. Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa ne nkurɔfo no ho asɛm sɛ: “Eti mũ no nyinaa yare, na koma mũ no nyinaa ayɛ mmerɛw.” ( Yes. 1:5) Ná wɔyɛ anifuraefo ne asotifo wɔ honhom fam, efisɛ wɔkɔɔ so sisiw wɔn aso wɔ Yehowa afotu ho, na wɔkatakataa wɔn ani wɔ akwankyerɛ a ɔde maa wɔn no ho. ( Yes. 6:​10; Yer. 5:​21; Hes. 12:2) Sɛ wɔn a na wofi nkoasom mu reba no nso yɛ saa ara a, na ahobammɔ bɛn na wobenya? So na wɔn nso renhwere Yehowa anim dom? Hwɛ sɛnea na Yehowa bɔhyɛ yi yɛ awerɛkyekye: “Saa da no, asotifo bɛte nhoma no mu nsɛm, na anifuraefo befi kusuuyɛ ne esum mu ahu ade.” ( Yes. 29:​18) Nokwarem no, na Yehowa bɛsa ne nkurɔfo a wateɛ wɔn so ma wɔanu wɔn ho no yare wɔ honhom fam. Sɛ wɔkɔ so ma wɔn aso yɛ mmerɛw na wɔyɛ osetie a, na ɔbɛma wɔn akwankyerɛ ne nimdeɛ a ɛbɛma wɔanya nkwa.

7. Ɔkwan bɛn so na ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo a na wɔwɔ nkoasom mu no baa mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛno hyɛ yɛn gyidi den?

7 So Yehowa dii ne bɔhyɛ ahorow no so? Nsɛm a esisii no ma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Wohyiraa Yudafo a wɔsan baa wɔn asase so no ma wonyaa ahobammɔ ne honhom fam ahoɔden, na nneɛma buu wɔn so pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na aman a wɔatwa Yehowa nkurɔfo ho ahyia no ho yɛ den, na na wɔdɔɔso sen wɔn koraa, nanso Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo no ho ban fii wɔn ho. Nkekaboa antɔre Yudafo no nyɛmmoa ase. Nokwasɛm ne sɛ, paradise ho bɔ ahorow a adiyifo te sɛ Yesaia, Yeremia, ne Hesekiel hyɛɛ ho nkɔm no mmamu kakraa bi pɛ na saa Yudafo no hui​—nanso Onyankopɔn nkurɔfo no huu nkɔmhyɛ no mmamu a na wohia saa bere no maa wɔn ani gyei. Sɛ yesusuw nea Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo saa bere no ho a, ɛbɛma yɛn gyidi mu ayɛ den kɛse. Sɛ bere a saa nkɔmhyɛ ahorow no nyaa mmamu kakra no nkurɔfo no ani gyei a, ɛnde sɛ enya ne mmamu kɛse a, yɛbɛte nka dɛn? Momma yensusuw nea Yehowa ayɛ ama yɛn nnɛ no ho nhwɛ.

Sɛnea Yehowa Afi Ase Ama Ne Bɔhyɛ Ahorow Rebam Wɔ Yɛn Bere Yi So

8. “Asase” bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nnɛ?

8 Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo nyɛ ɔman biako, na saa ara nso na wɔn nyinaa nte ɔman biako mu. Mmom no, Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ honhom fam man, “Onyankopɔn Israel.” (Gal. 6:​16) Wɔn ahokafo a wɔyɛ “nguan foforo” no akɔka wɔn ho wɔ wɔn honhom fam “asase” a ɛte sɛ ɔman no so, na wɔde biakoyɛ resom Yehowa Nyankopɔn wɔ hɔ. Enti, Yehowa som ne ade titiriw wɔ wɔn asetena mu. ( Yoh. 10:​16; Yes. 66:8) Na “asase” bɛn na Yehowa de ama yɛn? Ɛyɛ honhom fam paradise. Ɛhɔ na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa Eden asetena ho no renya mmamu kɛse wɔ honhom fam. Momma yensusuw nkɔmhyɛ no mmamu no bi ho nhwɛ.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:​6-9 no renya mmamu nnɛ? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asomdwoe?

9 Ahobammɔ. Yehu biakoyɛ ne asomdwoe ho asɛm a ɛyɛ anigye wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:​6-9 no mu. Asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wuram mmoa ne nnipa ne wɔn afieboa ntam. So saa asɛm no anya mmamu nnɛ wɔ honhom fam? Yiw! Wɔakyerɛ nea enti a mmoa a wɔte saa no renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio no wɔ nkyekyɛm 9. Ɛka sɛ: “Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” So “Yehowa ho nimdeɛ” tumi ma mmoa sesa wɔn su? Dabi, mmom no, nnipa na sɛ wɔba behu Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na wosuasua sɛnea ɔyɛ n’ade asomdwoe mu no a, wɔsesa wɔn su ahorow. Ɛno nti, sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam paradise no mu nnɛ a, yetumi hu saa nkɔmhyɛ no mmamu a ɛma akomatɔyam no. Esiane sɛ Kristo akyidifo no wɔ Ahenni nniso no ase nti, wɔresua sɛ wɔbɛtow su ahorow a ɛyɛ hu te sɛ mmoa de no agu, na wɔne wɔn nuanom a wɔne wɔn resom Onyankopɔn no atena asomdwoe ne biakoyɛ mu.

10 Sɛ nhwɛso no, yɛasusuw nea enti a Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu ho wɔ nhoma yi mu. Yɛahu Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a enti Onyankopɔn nkurɔfo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu ne ɔtaa a ama wɔahyia no nso. Wɔ saa wiase a basabasayɛ ahyɛ mu mã yi mu no, so ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛwɔ nnipadɔm bi a sɛ wohunahuna wɔn sɛ wobekum wɔn mpo a, wɔremfa wɔn ho nhyɛ basabasayɛ biara mu? Hwɛ sɛnea eyi yɛ adanse a edi mũ koraa sɛ Mesia Ahenni no so Hene no manfo wɔ asomdwoe te sɛ nea Yesaia kaa ho asɛm no! Yesu kae sɛ ɔdɔ a n’akyidifo bɛdodɔ wɔn ho no na wɔde behu wɔn. ( Yoh. 13:​34, 35) Wɔ asafo no mu no, Kristo nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de nkakrankakra rekyerɛkyerɛ nokware Kristofo nyinaa ma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, wɔwɔ ɔdɔ, na wodwo.​—Mat. 24:​45-47.

11, 12. Ɔkɔm bɛn na ɛrekum nnipa a wɔwɔ wiase no, nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa ama ne nkurɔfo aduan pii?

11 Aduan bebu so. Honhom fam kɔm rekum nnipa a wɔwɔ wiase no mu no. Bible bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni: ‘Hwɛ, nna bi reba a mɛma ɔkɔm aba asase no so; ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na mmom Yehowa asɛm ho kɔm.’ ” (Amos 8:​11) Onyankopɔn Ahenni no manfo no nso, so ɔkɔm de wɔn anaa? Yehowa hyɛɛ nsonsonoe a ɛbɛda ne nkurɔfo ne n’atamfo ntam no ho nkɔm sɛ: “Me nkoa bedidi, na mo de, ɔkɔm bɛde mo. Hwɛ, me nkoa benya biribi anom, na mo de, mo menewam bɛwo. Hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewu.” ( Yes. 65:​13) So woahu saa asɛm no mmamu?

12 Yɛn de, yenya honhom fam aduan pii bere nyinaa te sɛ asubɔnten a emu redɔ na emu retrɛw no. Bere a honhom fam kɔm de nnipa a wɔwɔ wiase no, yɛn de, wɔma yɛn honhom fam aduan pii. Ebi ne Bible ho nhoma ahorow, nsɛm a wɔakyere agu mpaawa so ne video ahorow, asafo nhyiam ne nhyiam akɛse a yɛkɔ, ne nsɛm a wɔde gu yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ no. (Hes. 47:​1-12; Yoel 3:​18) So ɛnyɛ wo anigye sɛ wuhu aduan pii a Yehowa hyɛɛ ho bɔ no wɔ w’asetenam da biara da? So wudidi wɔ Yehowa pon so daa?

Yɛn asafo ahorow no boa yɛn ma yedidi, yenya ahobammɔ, ne ahoɔden wɔ honhom fam

13. Ɔkwan bɛn so na woahu ɛbɔ a Yehowa hyɛe sɛ anifuraefo aniwa bebue na asotifo aso ate asɛm no mmamu?

13 Honhom fam apɔwmuden. Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔn ani afura na wɔn aso asiw wɔ honhom fam. (2 Kor. 4:4) Nanso, Kristo resa mmerɛwyɛ ne yare ahorow wɔ wiase nyinaa. So woahu anifuraefo a wɔn aniwa abue ne asotifo a wɔn aso ate asɛm pɛn? Sɛ woahu sɛ nkurɔfo abenya Onyankopɔn Asɛm no mu nokware nimdeɛ ma wɔagyae nyamesom mu atosɛm a bere bi wodii akyi ma wɔbɛyɛɛ anifuraefo ne asotifo wɔ nokware no ho no a, ɛnde na woahu saa bɔhyɛ yi mmamu: “Saa da no, asotifo bɛte nhoma no mu nsɛm, na anifuraefo befi kusuuyɛ ne esum mu ahu ade.” ( Yes. 29:​18) Afe biara, nnipa ɔpehaha pii nya honhom fam ayaresa a ɛte saa wɔ wiase nyinaa. Sɛ onipa biako fi Babilon Kɛse no mu na ɔne yɛn bɛsom wɔ yɛn honhom fam paradise no mu a, ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔhyɛ no anya mmamu!

14. Adanse ahorow bɛn na sɛ yedwinnwen ho a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den?

14 Yɛahu adanse a edi mũ wɔ saa nhoma yi ti biara mu a ɛkyerɛ sɛ Kristo de n’akyidifo aba honhom fam paradise mu wɔ awiei bere yi mu. Momma yɛnkɔ so nnwinnwen nhyira pii a yɛrenya wɔ saa paradise no mu nnɛ no ho. Sɛ yɛyɛ saa a, gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛbɛba daakye mu no mu bɛkɔ so ayɛ den kɛse.

“W’ahenni Mmra”

15. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ asase bɛdan paradise?

15 Ɛyɛ Yehowa atirimpɔw fi teteete sɛ ɔbɛma asase nyinaa adan paradise. Ɔde Adam ne Hawa kɔtenaa paradise turo mu, na ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã na wɔnhwɛ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa so. (Gen. 1:​28) Sɛ́ anka Adam ne Hawa bedi ahyɛde yi so no, wokodii Satan akyi tew atua, na wɔde wɔn asefo nyinaa kɔɔ sintɔ, bɔne, ne owu mu. Nanso, Onyankopɔn atirimpɔw ansesa. Sɛ Onyankopɔn ka asɛm a, ɛbam bere nyinaa. (Monkenkan Yesaia 55:​10, 11.) Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ Adam ne Hawa asefo bɛwo ahyɛ asase yi so mã na wɔadi so, na wɔahwɛ Yehowa abɔde a ɛwɔ asase a adan paradise so no so wɔ ɔdɔ mu. Ebedu saa bere no, na paradise asase so asetena ho nkɔmhyɛ ahorow a wodii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no anya ne mmamu koraa! Momma yensusuw nsɛm a edidi so yi ho nhwɛ.

16. Dɛn na Bible ka fa ahobammɔ a yebenya wɔ Paradise no ho?

16 Ahobammɔ. Awiei koraa no, anigyesɛm a ɛwɔ Yesaia 11:​6-9 no benya ne mmamu ankasa wɔ honam fam mpo. Asase so baabiara a mmarima, mmea, ne mmofra bɛkɔ no, wɔrensuro. Abɔde biara​—sɛ́ ɛyɛ onipa anaa aboa​—renhunahuna obiara. Wo de, twa bere a ɛbɛba sɛ asase yi nyinaa bɛyɛ wo fie, wubetumi aguare nsubɔnten, atare, ne ɛpo mu; adi mmepɔw so aforosian; akyinkyin sare so a asiane biara rento wo no ho mfonini hwɛ. Afei, sɛ ade sã nso a, worensuro. Saa bere no, asɛm a ɛwɔ Hesekiel 34:​25 no bɛbam ma Onyankopɔn nkurɔfo atumi ‘atena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu’ mpo.

17. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nneɛma a yehia ma abu so bere a Ahenni no redi asase nyinaa so tumi no?

17 Nnuan pii. Wo de, twa bere a yɛrenhu nneɛma a edidi so yi ho mfonini hwɛ: ohia, nnipa a wonnya aduan pa nni, ɔkɔm, anaa nkurɔfo a aban anaa adɔe akuw bi na wɔma wɔn nsa ka wɔn ano aduan. Honhom fam aduan pii a Onyankopɔn nkurɔfo nya nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan biara so, Mesia Ahenni no so Hene no bɛma ne manfo aduan. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nhwɛso bi de kyerɛe sɛ obetumi ama bɔhyɛ a ɛte saa abam, efisɛ ɔde paanoo ne mpataa kakraa bi maa nnipa mpempem pii a na ɔkɔm de wɔn ma wodi mee. (Mat. 14:​17, 18; 15:​34-36; Mar. 8:​19, 20) Sɛ Onyankopɔn Ahenni redi asase nyinaa so a, nkɔmhyɛ ahorow a ɛte sɛ eyi benya mmamu wɔ honam fam: “Ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua so na w’asase so nnɔbae ama wo aduan sɔkyee. Na da no, wo mmoa benya asase tɛtrɛɛ adidi so.”​—Yes. 30:23.

18, 19. (a) Wote nka dɛn wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:​20-22 no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn nna “bɛyɛ sɛ dua nna”?

18 Ɛnnɛ, nnipa pii na wonni anidaso biara sɛ wobenya wɔn ankasa fie atena mu ama wɔn ho atɔ wɔn, anaasɛ wobenya adwuma a abotɔyam wom na mfaso wɔ so ayɛ. Wɔ saa nhyehyɛe bɔne yi mu no, nnipa bebree te nka sɛ wɔde bere pii yɛ adwumaden nanso wɔn ankasa anaa wɔn mmusua nnya so mfaso ahe biara, na mmom asikafo ne adifudepɛfo na wonya so mfaso kɛse. Wo de, twa sɛnea sɛ saa nkɔmhyɛ yi bam a nneɛma bɛkɔ so no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ: “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”​—Yes. 65:​20-22.

19 Yɛn nkwa nna a ‘ɛbɛyɛ sɛ dua nna’ no kyerɛ dɛn? Fa no sɛ wugyina dua kɛse bi ase redwinnwen mfe dodow a dua no adi ho. Ebetumi aba sɛ dua no besii hɔ bere tenten ansa na wɔrewo w’awofo nananom mpo. So saa asɛm yi remma wo ho nnwiriw wo? Wubetumi anya adwene sɛ sɛ wobɛkɔ so atena sintɔ mu sɛnea wote nnɛ yi a, ɛda adi sɛ, wubewu na dua a ɛte saa no da so si hɔ, na ɛbɛkɔ so asi hɔ bere tenteenten a biribiara renhaw no. Hwɛ sɛnea Yehowa fi ayamye mu ama yɛn awerɛhyem sɛ wɔ Paradise a ɛreba no mu no, yɛn ankasa nkwa nna bɛyɛ tenten ne nea asomdwoe wom! (Dw. 37:​11, 29) Yɛhwɛ kwan sɛ ebedu bere a owu nni hɔ bio no, nnua a etumi di mfe pii no mpo bɛyɛ yɛn ani so te sɛ sare a efifi na ɛhyew wɔ bere tiaa bi akyi no!

20. Ɔkwan bɛn so na Ahenni no manfo a wodi nokware no benya apɔwmuden ankasa?

20 Apɔwmuden. Ɛnnɛ, owu ne yare ka obiara ɛmfa ho baabi a ɔte. Ɔkwan bi so no, yɛn nyinaa yare​—owuyare a wɔfrɛ no bɔne aka yɛn. Kristo agyede afɔre no nkutoo na ebetumi asa yɛn yare. (Rom. 3:​23; 6:​23) Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu ne ne mfɛfo adedifo no bɛboa yɛn ma yɛanya saa afɔrebɔ no so mfaso koraa, na ɛde nkakrankakra beyi bɔne ho nkekae biara afi nnipa anokwafo so. Saa bere no, Yesaia nkɔmhyɛ no benya mmamu koraa sɛ: “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’ Wɔde asase no sofo bɔne befiri wɔn.” ( Yes. 33:​24) Wo de, twa bere a obiara ani remfura, aso rensiw, anaa ɔrenyɛ obubuafo bio no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. (Monkenkan Yesaia 35:​5, 6.) Yare biara nni hɔ a Yesu rentumi nsa​—sɛ́ ɛyɛ honam fam, adwenem, anaa nkate fam de no. Ahenni no manfo a wodi nokware no benya apɔwmuden ankasa!

21. Dɛn na ɛbɛba owu so, na dɛn nti na saa bɔhyɛ no kyekye wo werɛ?

21 Na owu a ɛyɛ bɔne akatua a yare taa de ba nso ɛ? Owu yɛ yɛn ‘tamfo a otwa to,’ ɔtamfo biako a bere tiaa bi na wama adesamma ayɛ mmɔbɔ no. (1 Kor. 15:​26) Nanso, so owu yɛ ɔtamfo a ne ho yɛ den wɔ Yehowa ani so? Momma yɛnhyɛ nkɔm a Yesaia hyɛe yi nsow. Ɔkae sɛ: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.” ( Yes. 25:8) So wubetumi atwa saa bere no ho mfonini wɔ w’adwenem? Wɔrenyɛ ayi bio, amusiei nni hɔ bio, na awerɛhow remma obiara ntew nusu bio! Nea ɛbɛba ne sɛ, anigye mmom na ɛbɛma yɛatew nusu bere a Yehowa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ awufo bɛsɔre aba nkwa mu bio abam no! (Monkenkan Yesaia 26:​19.) Saa bere no, ɛyaw pii a owu ama yɛadi no befi hɔ.

22. Sɛ Mesia Ahenni no yɛ Onyankopɔn apɛde wie wɔ asase so a, dɛn na ebesi?

22 Ebedu Mfirihyia Apem no awiei no, na Ahenni no awie Onyankopɔn apɛde wɔ asase so, na Kristo de tumidi no bɛma n’Agya. (1 Kor. 15:​25-28) Ebedu saa bere no, na adesamma ayɛ pɛ a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobegyina sɔhwɛ a etwa to a sɛ woyi Satan fi amoa donkudonku no mu a ɔde bɛba no ano. Ɛno akyi no, Kristo bɛpɛtɛw saa ɔwɔ bɔne no ne n’akyitaafo no nyinaa koraa. (Gen. 3:​15; Adi. 20:​3, 7-10) Nanso, wɔn a wofi wɔn komam dɔ Yehowa no nyinaa bɛhwɛ daakye a ɛyɛ anigye kwan. Ebia nsɛm foforo biara nni hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛatwa nea yɛrehwɛ kwan no ho mfonini yiye wɔ yɛn adwenem sen asɛm bi a ɛwɔ Bible no mu no. Saa asɛm no ka sɛ anokwafo benya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.”​—Rom. 8:21.

Ahenni no bɛma Yehowa bɔhyɛ a ɛfa adesamma ne asase ho no nyinaa abam

23, 24. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam ɔkwan biara so? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

23 Saa bɔhyɛ ahorow no nyɛ anidaso hunu, nsusuwii hunu, anaa adaeso bi. Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam ɔkwan biara so! Dɛn nti na yɛreka saa? Momma yɛnkae asɛm a Yesu kae a yesusuw ho wɔ nhoma yi ti a edi kan no mu no. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ Yehowa mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mat. 6:​9, 10) Onyankopɔn Ahenni nyɛ onipa bi nsusuwii kɛkɛ. Ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa! Ɛredi tumi wɔ soro seesei. Na mfe ɔha ni, ama Yehowa bɔhyɛ ahorow abam wɔ akwan bi so a yetumi hu no pefee wɔ Kristofo asafo no mu. Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba bedi asase yi nyinaa so tumi a, Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam!

24 Yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba. Yegye di sɛ ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ no bɛbam. Dɛn ntia? Efisɛ ONYANKOPƆN AHENNI REDI TUMI! Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ, ‘So Ahenni no redi me so tumi?’ Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmɔ yɛn bra seesei sɛ Ahenni no manfo anokwafo, na ama yɛanya Ahenni no nniso a ɛyɛ pɛ, na trenee wom no mu atena daa!