Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Onuawa bi a ɔwɔ Alabama, U.S.A., rebɔ ɔkasa bi a Onua Rutherford mae a wɔakyere agu apaawa so, wɔ afe 1930 mfe no awiei; nifa: Switzerland

ƆFà1

Ahenni no Ho Nokware​—Honhom Fam Aduan a Wɔde Ma

Ahenni no Ho Nokware​—Honhom Fam Aduan a Wɔde Ma

WOAHU sɛ wo Bible suani bi ate kyerɛwsɛm bi a wo ne no akenkan ase ma n’ani agye. Afei ɔtɔ ne bo ase bisa wo sɛ: “So nea Bible aka yi kyerɛ sɛ yebetumi atena ase daa wɔ Paradise wɔ asase yi so?” Onua a wo ne no rekɔ asɛnka no serew kakra, na ɔka sɛ, “Dɛn na Bible no kae?” Bible suani no ho dwiriw no ma ɔwosow ne ti ka sɛ, “Ɛyɛ me nwonwa paa sɛ wɔnkaa saa asɛm yi nkyerɛɛ yɛn da!” Eyi ma wokae sɛ asɛm koro no ara na ɔkae bere a edi kan koraa a ohui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa wɔ adapɛn kakra a atwam no.

So woate sɛ obi reka asɛm a ɛte saa pɛn? Onyankopɔn nkurɔfo pii ate asɛm a ɛte saa pɛn. Biribiara nni hɔ a yebetumi de atoto akyɛde a ɛsom bo a wɔde ama yɛn no ho​—nokware no ho nimdeɛ no! Wo de, susuw ho hwɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo nsa kaa saa akyɛde no? Yebesusuw saa asɛmmisa yi ho wɔ ɔfã yi mu. Sɛnea wɔaboa Onyankopɔn nkurɔfo nkakrankakra ma wɔabɛte nokware no ase no yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa. Bɛyɛ mfe ɔha ni, Onyankopɔn Ahenni no so Hene, Yesu Kristo, rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔde nokware no akyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo.

IN THIS SECTION

TI 3

Yehowa Da N’atirimpɔw Adi

Mfiase no, so na Mesia Ahenni no ka Onyankopɔn atirimpɔw ho? Ɔkwan bɛn so na Yesu ma yehuu Ahenni no?

TI 4

Yehowa Maa Ne Din So

Dɛn na Ahenni no atumi ayɛ wɔ Onyankopɔn din ho? Dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ de atew Yehowa din ho?

TI 5

Ɔhene no Maa Hann Hyerɛn Ahenni no So

Hu Onyankopɔn Ahenni no, wɔn a wobedi tumi wɔ Ahenni no mu ne wɔn a Ahenni no bedi wɔn so ne nea yɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi Ahenni no nokware no yiye.