Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Onuawa bi a ɔyɛ colporteur reka asɛm no wɔ Korea, 1931; nifa: Ɛnnɛ, wɔreka asɛmpa no wɔ mum kasa mu wɔ Korea

ƆFÃ 2

Ahenni no Ho Asɛmpaka​—Wɔretrɛw Asɛmpa no Mu Kɔ Wiase Nyinaa

Ahenni no Ho Asɛmpaka​—Wɔretrɛw Asɛmpa no Mu Kɔ Wiase Nyinaa

ƐDA bi a woankɔ adwuma na woresiesie wo ho akɔ asɛnka no, wotee nka sɛ woabrɛ ma enti na woretwetwe wo ho kakra. Ɛyɛɛ wo sɛ sɛ wugye w’ahome saa anɔpa no a anka eye paa! Nanso, wobɔɔ asɛm no ho mpae, na woyɛɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ asɛnka. Saa da no, wo ne onuawa nokwafo bi a ne mfe akɔ anim na ɛkɔɔ asɛnka. Onuawa no boasetɔ ne ayamye a ɔdaa no adi kaa wo koma. Na bere a moreka asɛm no wɔ afie afie no, wokaee sɛ wo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa reka asɛnkoro no ara, na nhoma ahorow koro no ara na mo nyinaa de reyɛ adwuma, na ntetee koro no ara na mo nyinaa nya. Bere a wuduu fie no, wotee nka sɛ woanya ahoɔden. W’ani gyei paa sɛ woantena fie!

Seesei, asɛnka adwuma no ne adwuma titiriw a Kristofo reyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no akɔ akyiri wɔ nna a edi akyiri no mu. (Mat. 24:​14) Ɔkwan bɛn so na nkɔm a ɔhyɛe no abam? Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw nkurɔfo a wɔaboa paa wɔ asɛnka adwuma a Kristofo reyɛ no mu ho. Na saa ara nso na yebesusuw nnwinnade a wɔde adi dwuma ne akwan a wɔafa so aboa nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔabehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa no ho.

IN THIS SECTION

TI 6

Wɔn a Wɔka Asɛmpa No​—Asɛmpakafo a Wɔatu Wɔn Ho Ama Koraa

Dɛn nti na na Yesu wɔ ahotoso sɛ obenya akyitaafo a wɔatu wɔn ho ama wɔ nna a edi akyiri yi mu? Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ worehwehwɛ Ahenni no kan?

TI 7

Akwan a Yɛfa so Ka Asɛm No​—Akwan a Yɛafa so Aka Asɛm no Akyerɛ Nkurɔfo

Sua akwan foforo a Onyankopɔn nkurɔfo afa so aka asɛmpa no akyerɛ nnipa dodow biara a wobetumi ansa na awiei no aba no ho ade.

TI 8

Nnwinnade a Yɛde Ka Asɛm No​—Nhoma a Wɔyɛ Ma Yɛde Ka Asɛm no Wɔ Wiase Nyinaa

Ɔkwan bɛn so na nhoma a yɛkyerɛ ase no di adanse sɛ Yesu taa yɛn akyi? Nhoma a yetintim no ho nsɛm bɛn na ɛma wuhu sɛ Ahenni no wɔ hɔ ampa?

TI 9

Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba​—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’

Yesu kyerɛɛ n’asuafo no nneɛma abien a ɛho hia a ɛfa honhom fam otwa adwuma kɛse no ho. Ɔkwan bɛn so na saa nneɛma abien no fa yɛn ho nnɛ?