Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Onua bi a wɔakyere no sɛ ɔreka asɛmpa no wɔ Eindhoven, Netherlands, 1945; nifa: So mmara ma kwan sɛ wobɛka asɛmpa no wɔ baabi a wote no?

ƆFÃ 4

Ahenni no Nkonimdi​—Asɛmpa no a Wɔde Asi Hɔ Wɔ Mmara Kwan So

Ahenni no Nkonimdi​—Asɛmpa no a Wɔde Asi Hɔ Wɔ Mmara Kwan So

DA KORO bi a woreka asɛmpa no wɔ afie afie no, wotee sɛ abɛn bi rebɔ wɔ akyirikyiri. Afei na abɛn no ano reyɛ den. Bere a wufii ase sɛ wo ne ofiewura a odi hɔ rekasa no, onua a wo ne no wɔ asɛnka mu no adwene kɔɔ polisifo kar a abegyina hɔ no so. Polisini bi si fii kar no mu bae bebisaa mo sɛ, “Mone nnipa baanu a moreka Bible mu asɛm wɔ afie afie no? Nkurɔfo rekeka sɛ morehaw wɔn!” Wo ne no kasaa ahobrɛase mu sɛ moyɛ Yehowa Adansefo. Afei, dɛn na esii?

Asɛm a asi pɛn wɔ ɔman no mu na ɛbɛkyerɛ nea ebesi saa bere yi nso. Mfe pii a abɛsen kɔ no, ɔkwan bɛn so na aban a ɛwɔ ɔman a wote mu no ne Yehowa Adansefo adi? So ɔsom mu ahofadi wɔ ɔman no mu? Sɛ saa a, ebia nea ama aba saa no gyina mmɔden a yɛn nuanom Kristofo abɔ sɛ wɔde ‘anoyi bɛma wɔ asɛmpa no ho na wɔde asi hɔ wɔ mmara kwan so’ no so. (Filip. 1:7) Ɛmfa ho baabi a wote no, sɛ wudwinnwen nkonim a Yehowa Adansefo adi wɔ asɛnnibea no ho a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den. Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw nkonim ahorow a yɛadi a ɛyɛ nwonwa no bi ho. Saa nkonim no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Ahenni no wɔ hɔ ampa, sɛ ɛnte saa a, anka yɛn ankasa ntumi nni nkonim pii saa da!

IN THIS SECTION

TI 13

Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea

Atemmufo bi a wɔwɔ asɛnnibea akɛse mu wɔ yɛn bere yi so anya adwene a na tete Mmarakyerɛfo Gamaliel wɔ no bi.

TI 14

Yɛde Nokwaredi Gyina Onyankopɔn Nniso Nkutoo Akyi

Biribi a wɔnhwɛ kwan amene ɔsɔretia a ɛte sɛ “asubɔnten” a wɔde aba Yehowa Adansefo so esiane sɛ wonnyina ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu nti no.

TI 15

Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom

Onyankopɔn nkurɔfo apere sɛ wobenya hokwan a wɔde bedi mmara no so​—Onyankopɔn Ahenni no mmara.