Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Nhyiam a wɔyɛe wɔ abɔnten so wɔ London, England, 1945; nifa: Da koro nhyiam titiriw wɔ Malawi, Afrika, 2012

ƆFÃ 5

Ahenni no Nkyerɛkyerɛ​—Ntetee a Wɔde Ma Ɔhene no Asomfo

Ahenni no Nkyerɛkyerɛ​—Ntetee a Wɔde Ma Ɔhene no Asomfo

WODE anigye serew hwɛ ɔkasafo a ogyina asɛnka agua so no anim. Ɔyɛ aberante a ofi w’asafo mu, na eyi ne bere a edi kan a ɔrema ɔkasa wɔ nhyiam ase. Bere a woretie ne kasa no, wo ho dwiriw wo wɔ ntetee a Onyankopɔn nkurɔfo nya no ho. Wokae dwumadi a edi kan a saa aberante no yɛe wɔ mo asafo no asɛnka agua so no​—na seesei hwɛ nkɔso ara a wanya! Akwampaefo Ɔsom Sukuu a ɔkɔe no ama wanya nkɔso paa. Ɛnkyɛe koraa na ɔne ne yere kɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi. Bere a ɔmaa ɔkasa no kama wiei a worebɔ wo nsam no, wototo w’ani dwinnwen ntetee a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa nya no ho.

Bible hyɛɛ bere a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa bɛyɛ nnipa a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn’ ho nkɔm. ( Yes. 54:​13) Saa bere no ara mu na yɛte yi. Wɔnam yɛn nhoma ahorow, asafo nhyiam, amansin nhyiam, amantam nhyiam, ne sukuu ahorow a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe sɛ ensiesie yɛn mma wɔmfa yɛn nni dwuma ahorow bi wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu so na wɔkyerɛkyerɛ yɛn. Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw sɛnea saa ntetee ahorow yi nyinaa ma yenya adanse a edi mũ sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi nnɛ no ho.

IN THIS SECTION

TI 16

Nhyiam Ahorow a Yɛde Som

Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhyiam a yɛde som Yehowa no so mfaso kɛse?

TI 17

Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo

Ɔkwan bɛn so na teokrase sukuu ahorow aboa Ahenni no ho asomfo ma wɔatumi ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no?