Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Benkum: Nneɛma a wɔde fi Switzerland abɛkyɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Germany, 1946; nifa: Ahenni Asa a wɔresan asi bere a ɛpo twiw faa asase so wɔ Japan, 2011

ƆFÃ 6

Mmoa a Yɛde Ma Ahenni No​—Adan a Yesisi Som Wom ne Mmoa a Yɛde Ma Afoforo

Mmoa a Yɛde Ma Ahenni No​—Adan a Yesisi Som Wom ne Mmoa a Yɛde Ma Afoforo

ƐDA bi a wokɔɔ mo Ahenni Asa so no, na ɛte sɛ nea woayera. W’ani gye saa ɔdan no ho paa. Wokae paa sɛ woka ho bi na wosii ɔdan no mfe bi a atwam. Nanso, anigye a woanya wɔ Ahenni Asa no ho seesei no aboro so koraa, efisɛ saa bere yi de wɔde hɔ ayɛ baabi a nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm ato wɔn kogye mmoa. Ahum bi a etui nnansa yi maa nsu yiri sɛee nneɛma pii wɔ mo mpɔtam hɔ, na Baa Boayikuw no yɛɛ nhyehyɛe ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no benya nnuan, ntade, nsu pa, ne nneɛma foforo. Wɔahyehyɛ nneɛma a afoforo de abɛkyɛ no fɛfɛɛfɛ. Anuanom reba hɔ, wɔn nsa ka nea wohia, na wɔn mu pii nusu adan wɔn serew ma wɔrepopa wɔn anim.

Yesu kae sɛ ade titiriw a wɔde behu ne nkurɔfo ne sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho. ( Yoh. 13:​34, 35) Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw sɛnea Yehowa Adansefo da Kristofo dɔ adi bere a wɔresi adan ne bere a wɔde mmoa rema wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho. Ɔdɔ a ɛte saa a wɔda no adi no nyinaa yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ yɛte Yesu Ahenni nniso ase.

IN THIS SECTION

TI 18

Sɛnea Yenya Sika De Yɛ Ahenni Adwuma No

Ɛhe na wonya sika fi? Adwuma bɛn na wɔde yɛ?

TI 19

Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam

Adan a yɛsom wɔ mu no hyɛ Onyankopɔn anuonyam, nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia no kɛse.

TI 20

Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo

Yɛyɛ dɛn hu sɛ adwuma a yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ka ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no ho?