Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwom 146

Moayɛ Ama Me

Moayɛ Ama Me

Twe bi:

(Mateo 25:34-40)

  1. Wɔde anigye som, wɔyɛ nguan foforo.

    Wɔafa Onyankopɔn mma no adamfo.

    Wɔbɔ mmɔden biara

    boa Yesu nuanom no.

    Kristo no nso fa no sɛ wɔyɛ ma no.

    (NNYESOƆ)

    “Mahu sɛ modɔ wɔn, enti modɔ me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.

    Ɔsom a moasom wɔn no nti moasom me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn, moayɛ ama me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.”

  2. “Mo na mowɔ me nkyɛn, ɔkɔm ne sukɔm mu,

    mo na moasom me m’ahohia nyinaa mu.”

    Wɔbɛbisa Kristo sɛ,

    da bɛn asɛm ni?

    Ɔbɛka asɛm a ɛka koma yi:

    (NNYESOƆ)

    “Mahu sɛ modɔ wɔn, enti modɔ me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.

    Ɔsom a moasom wɔn no nti moasom me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn, moayɛ ama me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.”

  3. “Moayɛ adwuma pa, moadi me nokware;

    mo ne me nuanom ayɛ adetrenee.”

    Ɔhene no bɛma

    nguan fof’ro no nhyira.

    Ɔbɛma wɔatena asase so daa.

    (NNYESOƆ)

    “Mahu sɛ modɔ wɔn, enti modɔ me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.

    Ɔsom a moasom wɔn no nti moasom me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn, moayɛ ama me.

    Nea moyɛɛ maa wɔn no, moayɛ ama me.”