Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 1

Onyankopɔn De Amanneɛbɔ Mmienu Bi Too Dwa

Onyankopɔn De Amanneɛbɔ Mmienu Bi Too Dwa

LUKA 1:5-33

  • ƆBƆFO GABRIEL HYƐƐ NKƆM SƐ WƆBƐWO YOHANE SUBONI

  • GABRIEL KA KYERƐƐ MARIA SƐ ƆBƐWO YESU

Yɛfa Bible no nyinaa a, yɛbɛtumi aka sɛ ɛyɛ amanneɛbɔ anaa nkra a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Yɛn soro Agya no de ama yɛn sɛ yɛnkan na yɛmfa mu aba. Nanso ma yɛnhwɛ amanneɛbɔ mmienu bi a na obiara ntee bi da; wɔde too dwa mfe 2,000 ne akyiri ni. Ɔbɔfo bi a ne din de Gabriel na ɔde amanneɛbɔ no bae, na Bible kaa ne ho asɛm sɛ “deɛ ɔgyina Onyankopɔn anim.” (Luka 1:19) Bere bɛn na ɔbɔfo no de nkra a ɛho hia no too dwa?

Asɛm no sii bɛyɛ afe 3 A.Y.B. mu. Ɛhefa na Gabriel de nkra no too dwa? Nea ɛwom ne sɛ, na Yehowa sɔfo bi a yɛfrɛ no Sakaria ne ne yere Elisabet te Yudea kuro bi a ɛbɛn Yerusalem. Ná ɔne ne yere anyin paa nanso na wɔnni ba. Saa bere no, na adu Sakaria so sɛ ɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ; ɔwɔ aduhwam afɔremuka no anim ara na ɔbɔfo no bɛpuee ne so. Ɛhɔ na ɔbɔfo no kaa nkra no kyerɛɛ Sakaria.

Sɛnea ɔbɔfo no puee ne so prɛko pɛ no ma ɔbɔɔ hu. Nanso ɔbɔfo no kaa Sakaria koma too ne yam sɛ: “Nsuro, Sakaria, ɛfiri sɛ wɔatie w’adesrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.” Afei Gabriel kaa sɛ Yohane bɛyɛ “kɛseɛ Yehowa anim,” na ɔbɛsiesie “nkurɔfoɔ bi ama Yehowa.”—Luka 1:13-17.

Asɛm no yɛɛ Sakaria asom sɛ anansesɛm bi. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔne ne yere Elisabet nyinaa anyin. Afei Gabriel ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛtɔre mum, worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ woannye me nsɛm no . . .  anni.”—Luka 1:20.

Saa bere no nyinaa na nnipa gu abɔnten hɔ retwɛn, na na wɔnhu nea enti a Sakaria akyɛ wɔ asɔrefie hɔ saa. Ɔpue bae nso, na ɔntumi nkasa. Ne nsa na ɔde kasae. Wohu no a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ wahu n’ani so ade wɔ asɔrefie hɔ.

Bere a Sakaria wiee n’adwuma wɔ asɔrefie hɔ no, ɔsan kɔɔ fie, na ankyɛ koraa na Elisabet nyinsɛnee. Abosome nnan twaam no, afei deɛ na Elisabet mpue bio.

Gabriel san baa asase so. Hwan na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no? Ɔkɔɔ osigyani Maria nkyɛn wɔ Nasaret. Nasaret yɛ Galilea kuro bi a na ɛwɔ Yerusalem atifi fam. Asɛm bɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woanya Onyankopɔn anim adom.” Gabriel toaa n’asɛm no so sɛ: “Hwɛ! wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.” Afei Gabriel kaa sɛ: “Ɔbɛyɛ kɛseɛ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba, . . . na ɔbɛdi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahennie remma awieeɛ.”—Luka 1:30-33.

Yɛbɛtumi aka sɛ Gabriel ani gyee paa sɛ wɔde nkra mmienu yi somaa no. Sɛ yɛtoa Yohane ne Yesu ho asɛm no so a, yɛbɛhu sɛ saa amanneɛbɔ a ɛfiri soro yi ho hia paa.