Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 2

Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse

Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse

LUKA 1:34-56

  • MARIA KƆSRAA NE BUSUANI ELISABET

Bere a ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ ɔbɛwo babarima ato ne din Yesu, na ɔbɛdi hene daa no, Maria bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yei ayɛ yie berɛ a me ne ɔbarima nnaeɛ?”—Luka 1:34.

Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ deɛ wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.”—Luka 1:35.

Gyama na Gabriel pɛ sɛ ɔka biribi ma Maria gye asɛm no di. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu, na yei ne deɛ wɔfrɛ no obonini no bosome a ɛtɔ so nsia; ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ, asɛm biara nni hɔ a ɛrentumi mma mu.”—Luka 1:36, 37.

Yɛhwɛ asɛm a Maria kae a, yɛhu sɛ ɔgyee Gabriel asɛm no dii. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.”—Luka 1:38.

Gabriel fii hɔ no, ankyɛ na Maria boaboaa ne ho sɛ ɔrekɔsra Elisabet. Ná Elisabet ne ne kunu Sakaria te bɛn Yerusalem wɔ Yudea mmepɔ mu. Sɛ obi fi Nasaret, baabi a Maria te no rekɔ hɔ a, ɛbɛyɛ nnansa anaa nnanan kwan.

Bere a Maria kɔduu Sakaria fie hɔ no, ɔkyeaa ne busuani Elisabet. Afei, honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, na ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: “Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yafunu mu aba! Ɛyɛɛ dɛn na me nsa aka hokwan sei, sɛ me Wura maame aba me nkyɛn yi? Hwɛ! wo nkyea twaa m’asom ara pɛ na akɔkoaa a ɔhyɛ me yafunu mu no de anigyeɛ kɛseɛ huriiɛ.”—Luka 1:42-44.

Asɛm no kaa Maria koma, na ɔkaa sɛ: “Me kra kamfo Yehowa, na m’Agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom di ahurisie; ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa hianiwaa. Hwɛ! ɛfiri nnɛ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛbu me sɛ mewɔ anigyeɛ; ɛfiri sɛ Deɛ ɔwɔ tumi no ayɛ ade kɛseɛ ama me.” Yɛhwɛ asɛm a Maria kae no a, yɛhu sɛ ɔde hokwan kɛseɛ a ɔnyae no ho anuonyam nyinaa maa Onyankopɔn. Ɔkaa sɛ: “Kronkron ne ne din; ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ soɔ no, ɔhu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.”—Luka 1:46-50.

Honhom kaa Maria ma ɔyii Onyankopɔn ayɛ, na nsɛm a ɔkae no nso, na ɛyɛ nkɔmhyɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ, wabɔ wɔn a wɔdi ahantansɛm wɔn akoma mu apansam. Watu atumfoɔ afiri nhennwa so na wama mmɔborɔfoɔ so; wama nnepa amee wɔn a ɛkɔm de wɔn na wama wɔn a wɔwɔ ahodeɛ de nsapan kɔ. Wabɛhwɛ n’akoa Israel, na wakae ne mmɔborɔhunu daa sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom, Abraham ne n’aseni no.”—Luka 1:51-55.

Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa. Saa bere no, na Elisabet awoɔ reyɛ adu, enti ɛbɛyɛ sɛ Maria yɛɛ no mmoa paa. Onyankopɔn na ɔboaa mmaa mmienu yi nyinaa maa wɔnyinsɛnee. Wo deɛ hwɛ sɛ mmaa mmienu a wɔafa afuro yi nyinaa te faako. Ɛbɛyɛ anika sɛ!

Ansa na wɔrewo Yesu mpo, biribi sii a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ onipa kɛse. Bere a Maria duu Elisabet fie no, Elisabet frɛɛ Yesu a ɔhyɛ yafunu mu no “me Wura.” Afei Elisabet ba a ɔhyɛ yafunu mu no nso de “anigyeɛ kɛseɛ huriiɛ.” Akyiri yi, yɛbɛhu sɛ ɛnyɛ obiara na ɔde nidi maa Maria ne ne ba a ɔnyem no no.