Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 3

Wɔwoo Obi a Ɔbɛsiesie Kwan Mu

Wɔwoo Obi a Ɔbɛsiesie Kwan Mu

LUKA 1:57-79

  • WƆWOO YOHANE SUBONI NA WƆTOO NE DIN

  • SAKARIA KAA ADWUMA A YOHANE BƐYƐ DAAKYE

Ná Elisabet regye nna awo. Ne busuani Maria bɛtenaa ne nkyɛn abosome mmiɛnsa. Afei deɛ na bere aso sɛ Maria san twa kwan kɔ Nasaret a ɛwɔ Yudea atifi fam no. Ná ɔno nso nyem abosome mmiɛnsa.

Maria fii hɔ no, ankyɛ koraa na Elisabet woe. Elisabet wo faa ne ho faa ne ba, na anigye ne ahurusi a ɛbae deɛ, yɛnka! Obiara ba hɔ bɛhu Elisabet ba no a, na ɔno nso ani agye.

Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kyerɛ sɛ, sɛ obi wo ɔbabarima na ɔnya nnawɔtwe a, wɔntwa no twetia. Saa bere no ara nso na na wɔtaa to mmarimaa din. (Leviticus 12:​2, 3) Bere no soe no, ebinom kaa sɛ Sakaria mfa abofra no nto ɔno ara ne ho. Nanso Elisabet ampene, na ɔkaa sɛ: “Dabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” (Luka 1:​60) Wobɛkae a, ɔbɔfo Gabriel kaa sɛ wɔwo abofra no a, wɔmfrɛ no Yohane.

Mpɔtam hɔfo ne abusuafo ante ase, na wɔkaa sɛ: “Obiara nni w’abusua mu a ne din de saa.” (Luka 1:​61) Wɔde wɔn nsa kasa kyerɛɛ Sakaria bisaa no din a wɔmfa nto abofra no. Ɛnna Sakaria gyee ade kyerɛw so sɛ: “Ne din de Yohane.”​—Luka 1:63.

Sakaria kyerɛw din no wiee no, anwonwasɛm, ɛhɔ ara na ɔtumi kasae! Kae sɛ, bere a ɔbɔfo no bɛkaa sɛ Elisabet bɛwo no, Sakaria annye no anni, ɛno nti na ɔtɔree mum no. Enti Sakaria kasae no, ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa paa ma wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn koraa na abɔfra kumaa yi bɛyɛ?” (Luka 1:​66) Wɔhuu sɛ ɛkwan a wɔfaa so too Yohane din no, na Onyankopɔn nsa wom.

Afei, honhom hyɛɛ Sakaria mã, na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn, sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so na wagye wɔn. Wama nkwagye abɛn so wɔ n’akoa Dawid fie ama yɛn.” (Luka 1:​68, 69) Awurade Yesu a na wɔnnya nwoo no no, ɔno na ɔfrɛɛ no “nkwagyeɛ abɛn” no. Sakaria kaa sɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɛgye yɛn afiri atamfo nsam, na “ɔbɛma yɛn hokwan de asom no a yɛrensuro wɔ nokorɛdie pintinn ne tenenee mu n’anim, yɛn nkwa nna nyinaa.”​—Luka 1:​74, 75.

Sakaria hyɛɛ ne ba no ho nkɔm sɛ: “Wo abɔfra kumaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ, ɛfiri sɛ wobɛdi Yehowa anim akɔsiesie n’akwan, na wama ne nkurɔfoɔ anya nkwagyeɛ a ɛnam wɔn bɔne fafirie so ba no ho nimdeɛ, yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti adekyeeɛ hann firi soro bɛpue yɛn so, ama wɔn a wɔtete sum ne owuo sunsum ase no anya hann, agye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.” (Luka 1:76-79) Saa nkɔmhyɛ no ka koma paa!

Saa bere no, na osigyani Maria asan akɔdu Nasaret. Sɛ ne nyinsɛn no pue a, dɛn na ɛbɛto no?