Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 5

Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?

Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?

LUKA 2:1-20

  • WƆWOO YESU WƆ BETLEHEM

  • WƆWOO YESU NO, NNWANHWƐFOƆ KƆSRAA NO

Roma Ɔhempɔn Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ obiara nkɔ ne kurom nkɔkyerɛw ne din. Enti, na ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria tu kwan kɔ wɔn kurom Betlehem wɔ Yerusalem anafo fam.

Nnipa bebree kɔɔ Betlehem sɛ wɔrekɔkyerɛw wɔn din, enti na ɛdan ho ayɛ den. Yosef ne Maria annya baabiara antena sɛ baabi a afurum ne mmoa foforo da. Ɛhɔ na Maria woo Yesu, na ɔde ntoma kyekyeree no de no too mmoa adididaka mu.

Yɛhwɛ mmara a Kaesare Augusto hyɛɛ sɛ obiara nkɔ ne kurom nkɔkyerɛw ne din no a, yɛhu sɛ na Onyankopɔn nsa wom. Adɛn ntia? Mmara no ma wɔkɔwoo Yesu wɔ Betlehem, ne nana Ɔhene Dawid kurom. Ná Bible aka ato hɔ dadaada sɛ ɛhɔ na wɔbɛwo Ɔhene a wɔahyɛ ne ho nkɔm no.​—Mika 5:2.

Saa anadwo no, biribi sii a ɛkyerɛ sɛ na ɛyɛ da kɛse! Ná nnwanhwɛfoɔ bi wɔ wuram rehwɛ wɔn nnwan, ɛnna kanea bi a ɛhyerɛn bɛtwaa wɔn ho hyiae. Ná ɛyɛ Yehowa anuonyam! Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ: “Monnsuro, hwɛ! mede asɛmpa a ɛfa anigyeɛ kɛseɛ a nnipa nyinaa bɛnya ho rebrɛ mo, ɛfiri sɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo no ama mo nnɛ wɔ Dawid kurom. Na yei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere ne ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” N’ano sii ara pɛ na abɔfo pii baa hɔ, na wɔkaa sɛ: “Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”​—Luka 2:​10-​14.

Bere a abɔfo no fii hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛnsim nkɔ Betlehem nkɔhwɛ deɛ asie a Yehowa ayi adi akyerɛ yɛn yi.” (Luka 2:​15) Enti ntɛm ara na wɔkɔɔ baabi a ɔbɔfo no kyerɛɛ wɔn no, na wɔkɔhuu Yesu a wɔawo no foforo no. Wɔkaa nea wɔte fii ɔbɔfo no anom no kyerɛɛ nkurɔfo, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Maria de nsɛm yi nyinaa siei, na ɔdwendwenee ho ne koma mu.

Ɛnnɛ, nnipa pii susu sɛ wɔwoo Yesu December 25. Nanso wokɔ Betlehem December mu a, saa bere no yɛ awɔwbere a nsuo taa tɔ. Ɛtɔ da mpo a sukyerɛmma tɔ. Enti saa bere no, na nnwanhwɛfoɔ rentumi nna nwuram anadwo nhwɛ wɔn nnwan. Roma ɔhempɔn no nso, na nkurɔfo no ara repɛ ate ne so atua dada, enti ɛnyɛ ade a anka ɔbɛhyɛ mmara sɛ nkurɔfo nkɔ wɔn kurom nkɔkyerɛw wɔn din awɔwbere mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ October mu hɔ baabi na wɔwoo Yesu.