Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 12

Wɔbɔɔ Yesu Asu

Wɔbɔɔ Yesu Asu

MATEO 3:13-17 MARKO 1:9-11 LUKA 3:21, 22 YOHANE 1:32-34

  • WƆBƆƆ YESU ASU NA ONYANKOPƆN SRAA NO

  • YEHOWA DE TOO DWA SƐ YESU YƐ NE BA

Bere a Yohane Suboni fii n’asɛnka adwuma no ase no, abosome nsia na Yesu baa ne nkyɛn wɔ Yordan Asubɔnten no ho. Saa bere no, na Yesu adi bɛyɛ mfe 30. Dɛn na ɛde Yesu baa hɔ? Wamma nsrahwɛ na wamma nso sɛ ɔrebɛhwɛ sɛnea Yohane adwuma no rekɔ. Mmom ɔbaa hɔ sɛ Yohane mmɔ no asu.

Yohane ne no anyɛ adwene, enti ɔkaa sɛ: “Me a ɛhia sɛ wobɔ me asu no afei wo mmom na woreba me nkyɛn yi?” (Mateo 3:​14) Ná Yohane nim paa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a Onyankopɔn nni ne ho agorɔ. Wobɛkae a, bere a Maria nyinsɛn Yesu no, ɔkɔsraa Yohane maame Elisabet. Saa bere no, na Elisabet nso nyem Yohane, na bere a Yohane tee Maria nne no, ɔde anigye hurii wɔ ne maame yam. Ɛnyɛ dɛn ara a, Yohane maame bɛka saa asɛm no akyerɛ no. Afei nso na Yohane bɛte sɛ ɔbɔfo na ɔhyɛɛ Yesu awo ho nkɔm, na bere a wɔwoo no nso, abɔfo yii wɔn ho adi kyerɛɛ nnwanhwɛfoɔ bi.

Ná Yohane nim sɛ nkurɔfo no anu wɔn ho wɔn bɔne ho, enti na na ɔrebɔ wɔn asu no. Nanso na bɔne nni Yesu ho. Yohane kaa bi ara, Yesu ante ase, na mmom ɔkaa sɛ: “Saa berɛ yi deɛ pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi deɛ ɛtene nyinaa soɔ.”​—Mateo 3:15.

Adɛn nti na na ɛfata sɛ wɔbɔ Yesu asu? Yesu asubɔ no deɛ na ɛnyɛ bɔne ho adwensakra ntia. Mmom na n’asubɔ no kyerɛ sɛ ɔretu ne ho asi hɔ ayɛ n’Agya apɛde. (Hebrifoɔ 10:​5-7) Yesu sii so no, kapenta adwuma ara na na ɔyɛ, nanso afei deɛ na bere aso sɛ ɔyɛ adwuma a ne soro Agya somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asase so no. Wohwɛ a, na Yohane rehwɛ sɛ ɔbɔ Yesu asu a anwonwade bi bɛsi anaa?

Akyiri yi Yohane no ara bɔɔ amanneɛ sɛ: “Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no ara ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Deɛ wobɛhunu sɛ honhom no asiane abɛsi ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu honhom kronkron mu no.’” ( Yohane 1:​33) Enti, na Yohane rehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn honhom bɛba wɔn a ɔrebɔ wɔn asu no baako so. Ampa-ne-ampa ara Yesu fii nsuo mu puei no, Yohane huu “Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba [ Yesu] so te sɛ aborɔnoma.” Enti ɛbɛyɛ sɛ anyɛ no nwonwa koraa.​—Mateo 3:16.

Nanso wɔbɔɔ Yesu asu no, biribi foforo sii. ‘Ɔsoro bue’ maa no. Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, nneɛma a na ɔnim wɔ soro ansa na ɔreba asase so no, ɔkaee. Afei ɛfiri saa bere no, Yesu kaee bere a na ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro no, na nneɛma a Onyankopɔn kyerɛɛ no wɔ soro ansa na ɔreba asase so nyinaa nso, ɔkaee.

Ade a ɛsan sii bere a wɔbɔɔ Yesu asu ne sɛ, ɛnne bi fi soro kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:​17) Hwan nne na ɛfiri soro bae no? Ná Yohane ne Yesu na ɛgyina hɔ, enti yɛrentumi nka sɛ Yesu nne na Yohane tee. Ɛnne no yɛ Onyankopɔn nne. Wei nyinaa ma yɛhu sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔnyɛ Onyankopɔn.

Kae sɛ bere a wɔwoo Yesu baa asase so no, na ɔyɛ Onyankopɔn ba te sɛ onipa a ɔdi kan Adam. Bere a osuani Luka kyerɛkyerɛɛ Yesu asubɔ no mu wiei no, ɔkyerɛw sɛ: “Berɛ a Yesu hyɛɛ n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa, na wɔhunuu no sɛ Yosef ba, Heli ba, . . . Dawid ba, . . . Abraham ba, . . . Noa ba, . . . Adam ba, Onyankopɔn ba.”​—Luka 3:​23-​38.

Enti Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ “Onyankopɔn ba” te sɛ Adam. Nanso wɔbɔɔ no asu no, ɔsan nyaa hokwan foforo bi; ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ba a ɔde honhom awo no. Enti afei deɛ na Yesu abɛyɛ obi a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ nnipa nokware no, na wakyerɛ yɛn kwan a ɛkɔ daa nkwa mu. Ɛkwan a na Yesu asi so no, na ɛbɛkɔ akɔwie sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ama nnipa abɔnefo.