Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 26

“Wɔde Wo Bɔne Afiri Wo”

“Wɔde Wo Bɔne Afiri Wo”

MATEO 9:1-8 MARKO 2:1-12 LUKA 5:17-26

  • YESU DE OBUBUAFO BI BƆNE FIRII NO NA ƆSAA NO YAREƐ

Ɛbɛsi saa bere no, na nkurɔfo ate Yesu nka paa. Nnipa pii fi nkuro a ɛwɔ akyirikyiri mpo baa sɛ wɔrebɛtie ne nkyerɛkyerɛ na wɔahu n’anwonwade no bi. Nanso nna bi akyi no, ɔsan kɔɔ Kapernaum; ɛhɔ na na ɔtaa soɛ. Kapernaum wɔ Galilea mpoano. Ɔkɔduu hɔ no, ankyɛ koraa na obiara tee ne nka. Enti nnipa pii baa ne nkyɛn wɔ fie. Nnipa a wɔbaa hɔ no bi fi Galilea ne Yudea mantam mu; ebinom nso fi kuro bi te sɛ Yerusalem. Ná wɔn mu bi yɛ Farisifo ne Mmarakyerɛfo.

“Enti nnipa bebree bɛhyiaeɛ ara maa wɔkyeree so wɔ kwan no ano, na ɔfirii aseɛ kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.” (Marko 2:2) Afei biribi sii a yɛnya asuade kɛse bi fi mu. Ɛma yɛhu sɛ, nea akɔfa amanehunu abɛto nnipa so no, Yesu wɔ so tumi, na sɛ ɔpɛ nko ara a, ɔbɛtumi ama obi anya apɔmuden.

Ná Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ dan bi mu, na na nnipa ahyɛ hɔ mã. Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, mmarima nnan bi a wɔso obubuafo wɔ kɛtɛ so baa hɔ. Ná mmarima yi pɛ sɛ Yesu sa wɔn adamfo bubuafo no yareɛ. Nanso sɛnea na nnipa no abɔ apee so nti, wɔantumi “amfa no amma Yesu nkyɛn.” (Marko 2:4) Wohwɛ a, ɛbɛyɛ ateetee ama wɔn paa. Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔforo kɔɔ dan no atifi na wɔpaa so tuu mu tokuru. Afei wɔgyaagyaa kɛtɛ a obubuafo no da so no baa fam.

Yɛhwɛ sɛnea na Yesu ani abere rekyerɛkyerɛ a mmarima no bɛpuee hɔ saa no a, ne bo bɛfu anaa? Dabi! Mmom ɔhuu sɛ mmarima no wɔ gyidi paa, na n’ani gyee ho, enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” (Mateo 9:2) Nanso asɛm no ne sɛ, Yesu wɔ hokwan sɛ ɔde bɔne firi anaa? Asɛm no ansen akyerɛwfo ne Farisifo no tirim, enti wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na onipa yi rekasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔtumi de bɔne firi sɛ ɔbaako a ɔne Onyankopɔn?”​—Marko 2:7.

Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresusu yeinom mo akoma mu? Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre fa wo kɛtɛ na nante’?” (Marko 2:​8, 9) Ná Yesu de ne nkwa rebɛbɔ afɔre, enti na ɔbɛtumi agyina saa afɔre no so de ɔbarima no bɔne afiri no.

Afei Yesu maa wɔn a wɔkasa tiaa no ne nnipakuw no nyinaa huu sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi wɔ asase so. Ɔhwɛɛ obubuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.” Ɛhɔ ara na ɔsɔre faa ne kɛtɛ faa nnipa a atwa ahyia hɔ nyinaa anim kɔe. Ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa paa. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ: “Yɛnhunuu ɛso bi da.”​—Marko 2:​11, 12.

Ade baako a yɛbɛtumi ahyɛ no nsow ne sɛ, Yesu asɛm no kyerɛ sɛ ɛnyɛ bɔne a, anka yareɛ nni hɔ; afei nso bɔne fafiri tumi de apɔmuden ba. Bible kyerɛkyerɛ sɛ yɛn papa a ɔdi kan Adam yɛɛ bɔne na ɔde bɔne woo yɛn nyinaa. Nea afi mu aba ne yareɛ ne owuo. Nanso sɛ Onyankopɔn Ahenni fi ase di asase so a, Yesu de wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔsom no nyinaa bɔne bɛfiri wɔn. Afei wɔbɛyi yareɛ afi hɔ koraa.​—Romafoɔ 5:​12, 18, 19.