Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 30

Yesu ne N’Agya Ntam Te Sɛn?

Yesu ne N’Agya Ntam Te Sɛn?

YOHANE 5:17-47

  • ONYANKOPƆN YƐ YESU AGYA

  • YESU HYƐƐ BƆ SƐ OWUSƆRE BƐBA

Bere a Yesu saa ɔbarima bi yareɛ no, Yudafo bi bɔɔ no sobo sɛ wabu Homeda so. Yesu buaa sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abɛsi sɛsɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.”​—Yohane 5:17.

Nea Yesu yɛe no ntia Onyankopɔn mmara a ɛfa Homeda ho no. Asɛnka adwuma a ɔyɛe ne yareɛ a ɔsae nyinaa yɛ nnwuma pa a ɔyɛ de suasuaa Onyankopɔn. Enti da biara na Yesu yɛ adepa. Nanso asɛm a ɔsan ka kyerɛɛ n’atamfo no, ɛno koraa na ɛberee wɔn kuro, enti afei deɛ na wɔrepɛ no akum no. Dɛn nko ara na ɔkae?

Homeda a Yesu saa nkurɔfo yareɛ no mpo deɛ anka Yudafo no bɛfa no saa ara. Nea ɛsɛee asɛm no ne sɛ wɔse Yesu akɔka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Wɔhuu no sɛ ɛyɛ abususɛm sɛ ɔbɛka sɛ Onyankopɔn yɛ n’Agya. Wɔn fam deɛ, sɛ ɔka sɛ Yehowa yɛ n’Agya a, na ɔreyɛ ne ho sɛ ɔne no yɛ pɛ. Nanso Yesu ammɔ hu; ɔma wɔhuu sɛ ɔne Onyankopɔn deɛ, mframa mfa wɔn ntam. Ɔkaa sɛ: “Agya no pɛ Ɔba no asɛm na ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ara yɛ nyinaa.”​—Yohane 5:20.

Agya no ne Nkwamafo, na nea wayɛ de akyerɛ saa ne sɛ, bere bi a atwam no, ɔmaa nkurɔfo nyanee awufo. Yesu toaa so sɛ: “Sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ ba nkwa mu.” (Yohane 5:​21) Ná saa asɛm no ka koma paa na anidaso nso wom. Nnipa bi wɔ hɔ a, na wɔte sɛ awufo wɔ Onyankopɔn ani so. Enti bere a Yesu rekasa no, na ɔrenyane wɔn ara ne sa. Enti Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔtie m’asɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuo mu, na mmom wafiri owuo mu aba nkwa mu.”​—Yohane 5:24.

Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛsi saa bere no, na Yesu anyane obi, nanso ɔka kyerɛɛ n’atamfo no sɛ bere bi reba a ɔbɛnyane awufo. Ɔkaa sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafiri adi.”​—Yohane 5:​28, 29.

Ɛwom, na Yesu nyɛ nipa ketewa, nanso ɔmaa mu daa hɔ sɛ ɔhyɛ Onyankopɔn ase. Ɔkaa sɛ: “Mentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; . . . menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.” (Yohane 5:​30) Ne nyinaa mu no, Yesu maa nkurɔfo no huu dwuma titiriw a ɔdi wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu; ɛbɛsi saa bere no na ɔnsii no pi saa da. Nanso na ɛnyɛ Yesu nko ara na waka ɔno ara ne ho asɛm sɛ ɔyɛ onipa titiriw wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu. Yesu kaee wɔn sɛ: “Moasoma nnipa akɔ Yohane [Suboni] hɔ, na wadi nokorɛ no ho adanseɛ.”​—Yohane 5:33.

Mfe mmienu a na abɛsen kɔ no, Yohane ka kyerɛɛ nyamesom mpanimfoɔ no sɛ Obi bɛdi n’akyi aba, na nkurɔfo bɛfrɛ no “Odiyifo no” ne “Kristo no.” Ɛnyɛ dɛn ara a, na Yesu atamfo no ate saa asɛm no. (Yohane 1:​20-​25) Yesu kaa biribi de kaee wɔn sɛ bere a Yohane nnya nkɔɔ afiase no, na wɔnni ne ho agorɔ koraa. Ɔkaa sɛ: “Na mopɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ne hann mu berɛ kakra.” (Yohane 5:​35) Afei ɔma wɔhuu biribi a ɛkyɛn Yohane adanse no koraa.

Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Nnwuma a mereyɛ no ara di me ho adanseɛ sɛ Agya no na ɔsomaa me.” Yareɛ a ɔsae no nso ka saa nnwuma no ho. Afei Yesu toaa so sɛ: “Agya a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ.” (Yohane 5:​36, 37) Ɛho nhwɛso ne bere a wɔbɔɔ Yesu asu no. Saa bere no, Onyankopɔn dii Yesu ho adanse.​—Mateo 3:17.

Asɛm no ara ne sɛ, wɔn a wɔbɔɔ Yesu sobo no, na wɔnni nnyinaso biara. Ná wɔkyerɛ sɛ wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu, nanso Kyerɛwnsɛm koro no ara na ɛdii Yesu ho adanse. Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ ɔtwerɛɛ me ho asɛm. Na sɛ monnye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?”​—Yohane 5:​46, 47.