Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 31

Wɔtetee Ayuo Homeda

Wɔtetee Ayuo Homeda

MATEO 12:1-8 MARKO 2:23-28 LUKA 6:1-5

  • ASUAFO NO TETEE AYUO HOMEDA

  • YESU YƐ “HOMEDA WURA”

Yesu ne n’asuafo no sii kwan so de wɔn ani kyerɛɛ Galilea atifi fam. Wɔnam no wɔkɔfaa ayufuo bi mu, na saa bere no nso na bere a wɔde twa ayuo adu. Ná kɔm de n’asuafo no, enti wɔtetee ayuo no bi wee. Nanso na ɛyɛ Homeda, na na Farisifo no rehwɛ nea ɛrekɔ so.

Wobɛkae a, na ɛnkyɛe koraa na Yudafo bi yɛɛ sɛ wɔbɛkum Yesu wɔ Yerusalem, efisɛ na wɔte nka sɛ wabu Homeda so. Afei deɛ wɔde wɔn ani sii n’asuafo no so bɔɔ wɔn sobo. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwɛ! W’asuafoɔ no reyɛ deɛ mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no homeda.”​—Mateo 12:2.

Farisifo no faa no sɛ, sɛ obi tete ayuo posa wɔ ne nsam a, ɛte sɛ nea wakɔ afuo mu akɔtwa ayuo abɛporo. (Exodus 34:​21) Homeda no, na ɛwɔ hɔ sɛ anka wɔde bɛdwodwo wɔn ho na wɔde asom Onyankopɔn, nanso nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wayɛ adwuma no, Farisifo no hyehyɛɛ ho mmara, na ɛno de ahokyere bae. Yesu maa nhwɛso de kyerɛɛ sɛ wɔn adwene no ntene, efisɛ na ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ ne sɛ Homeda mmara no de ahokyere bɛbrɛ ne nkurɔfo.

Nhwɛso baako a Yesu mae ne Dawid ne ne mmarima deɛ no. Bere bi a kɔm dee wɔn no, wɔkɔɔ ahyiae ntomadan no mu kɔdii paanoo a ɛsi Yehowa anim no. Saa paanoo no, sɛ wɔyiyi fi Yehowa anim na wɔde foforo gu hɔ a, asɔfo no nko ara na na wɔtumi di. Nanso sɛnea tebea no kɔyɛe nti, bere a Dawid ne ne mmarima no dii no, wɔanto mmara.​—Leviticus 24:​5-9; 1 Samuel 21:​1-6.

Yesu maa nhwɛso foforo sɛ: “Monkenkanee wɔ Mmara no mu sɛ asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie hɔ homeda no bu homeda no sɛ dahunu a wɔnni ho fɔ?” Nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ, Homeda mpo duru a, na asɔfo no kum mmoa de bɔ afɔre, na na wɔyɛ nnwuma foforo nso wɔ asɔrefie hɔ. Afei Yesu kaa sɛ: “Mese mo sɛ deɛ ɛso sene asɔrefie no wɔ ha.”​—Mateo 12:​5, 6; Numeri 28:9.

Yesu san de Kyerɛwnsɛm no sii n’asɛm so sɛ: “Sɛ mohunuu deɛ asɛm yi, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no kyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ.” Afei ɔde sɔɔ so sɛ: “Homeda Wura ne Onipa Ba no.” Nea na Yesu reka ho asɛm ne asomdwoe a ɛbɛba wɔ ne mfirihyia apem Ahenni mu no.​—Mateo 12:​7, 8; ­Hosea 6:6.

Ɛfiri tete na Satan de nnipa ayɛ nkoa, na basabasayɛ ne akokoakoko de ahokyere pii abrɛ wɔn. Enti nnipa hia ahotɔ. Sɛ Kristo fi ase di hene a, ɛbɛyɛ Homeda kɛse; ɔhaw nyinaa to bɛtwa, efisɛ ɔbɛma nnipa ahome.