Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 37

Yesu Nyanee Okunafo Bi Ba

Yesu Nyanee Okunafo Bi Ba

LUKA 7:11-17

  • ƆNYANEE OBI A WAWU WƆ NAIN

Bere a Yesu saa ɔsraani panin no akoa yareɛ wiei no, ankyɛ na ɔfirii Kapernaum kɔɔ Nain. Ná Nain wɔ Kapernaum anafo fam, na bɛyɛ kilomita 32 na ɛda ntam. Ɔrekɔ no, ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm kɛse na ɛkɔe. Bere a wɔduu Nain kurotia no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛrekɔ anwummere. Ɛhɔ na wɔhyiaa Yudafo pii a wɔsa so de aberante bi amu refiri kuro no mu akɔsie no.

Aberante no maame deɛ, na ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yie. Ná ne kunu awu agyaw no, na ne babarima baako pɛ a ɔde no kyekye ne werɛ nso, owu abɛfa no. Seesei a ne ba yi nso awu yi, na hwan na ɔbɛhwɛ no? Enti na n’anidaso nyinaa asa.

Bere a Yesu huu sɛnea ɔbaa no werɛ ahow na wabubu no, n’asɛm yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɛkwan a Yesu faa so ne ɔbaa no kasae no ma ɔnyaa anidaso. Ɔkaa sɛ: “Gyae su.” Nanso wamfa anso hɔ ara; ɔbɛn funu adaka no de ne nsa kɔsɔɔ mu. (Luka 7:13, 14) Nea Yesu yɛe ne sɛnea ɔne ɔbaa no kasae no maa obiara gyina hwɛɛ nea ɔrebɛyɛ. Ɛbɛyɛ sɛ wɔbisaa wɔn ho sɛ, ‘Asɛm bɛn na ɔbarima yi reka yi? Dɛn na ɔrebɛyɛ?’

Wɔn a na wɔne Yesu nam no nso ɛ? Adwene bɛn na ɛbaa wɔn tirim? Yesu saa nnipa pii yareɛ na ɔyɛɛ anwonwade pii ma wɔhui, nanso na wɔnhuu sɛ Yesu anyane owufo da. Ansa na Yesu reba asase so no, na nnipa bi anyane awufo dada, nanso asɛm no ne sɛ, Yesu nso bɛtumi anyane awufo anaa? (1 Ahemfo 17:17-23; 2 Ahemfo 4:32-37) Yesu kaa sɛ: “Aberanteɛ, mese wo sɛ, sɔre!” (Luka 7:14) Ɛhɔ ara na aberante no sɔree, na ɔtenaa ase fii ase kasae. Ɛnna Yesu de no maa ne maame. Ne maame ho dwirii no paa; n’ani gyei araa ma na ɔnhu nea ɔnyɛ ne ho, efisɛ na wasan anya ne ba no bio.

Bere a nkurɔfo no huu sɛ aberante no anyane no, wɔhyɛɛ Nkwamafo Yehowa anuonyam, na ebinom kaa sɛ: “Wɔama odiyifoɔ kɛseɛ bi so yɛn mu.” Ebinom nso huu sɛ Yesu anwonwade no kyerɛ biribi, enti wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.” (Luka 7:16) Anwonwade a Yesu yɛe no ho asɛm trɛw ntɛm kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu. Ɛbɛyɛ sɛ nkuro a wɔtee ho asɛm ntɛm no, na Yesu kuro Nasaret ka ho; ɛfiri Nain rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 10. Asɛm no trɛw kɔɔ anafo fam mpo kɔduu Yudea mantam no mu.

Saa bere no nyinaa, na Yohane Suboni da so da afiase, na na ɔpɛ sɛ ɔte Yesu nnwuma no ho asɛm. Enti Yohane asuafo no kaa Yesu anwonwade no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔtee no, dɛn na ɔyɛe?