Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 42

Yesu Kaa Farisifo No Anim

Yesu Kaa Farisifo No Anim

MATEO 12:33-50 MARKO 3:31-35 LUKA 8:19-21

  • “YONA SƐNKYERƐNNE”

  • YESU BƐN N’ASUAFO NO KYƐN N’ABUSUAFO

Yɛahu sɛ atwerɛfoɔ ne Farisifo no annye antom sɛ Onyankopɔn tumi na Yesu de tuu ahonhommɔne. Ɛno a wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔreyɛ akasa atia honhom kronkron. Enti hwan afa na na wɔbɛgyina? Onyankopɔn anaa Satan? Yesu kaa sɛ: “Sɛ moma dua no yɛ dua pa a, n’aba nso bɛyɛ aba pa, nanso moma dua no porɔ a, n’aba nso bɛporɔ; ɛfiri sɛ dua biara aba na wɔde hunu dua korɔ.”—Mateo 12:33.

Yɛbɛtumi aka sɛ ahonhommɔne a Yesu tui no yɛ aba pa, enti sɛ obi ka sɛ Yesu nyaa saa tumi no fii Satan hɔ a, nyansa biara nnim. Yesu kaa wɔ ne Bepɔ so Asɛnka no mu sɛ dua pa biara so aba pa, na ɛnso aba bɔne. Ná Farisifo no nni nnyinasoɔ biara nso wɔbɔɔ Yesu sobo. Enti yɛhwɛ aba a wɔsoe yi a, na wɔyɛ nnipa bɛn? Ná wɔaporɔw. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhuritia mma, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ berɛ a moyɛ abɔnefoɔ? Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.”—Mateo 7:16, 17; 12:34.

Nea Yesu kae yi kyerɛ sɛ nea yɛka na ɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam, na ɛno so na wɔbɛgyina abu yɛn atɛn. Enti Yesu toaa so sɛ: “Mese mo sɛ asɛm biara a mfasoɔ nni soɔ a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta Atemmu Da no; wɔnam mo nsɛm so bɛbu mo bem, na wɔnam mo nsɛm so bɛbu mo fɔ.”—Mateo 12:36, 37.

Anwonwade bebrebe a Yesu yɛe nyinaa akyi no, na atwerɛfoɔ ne Farisifo no pɛ sɛ ɔyɛ pii ka ho. Wɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.” Anwonwade a Yesu yɛe no, sɛ wɔwɔ hɔ na Yesu yɛe oo, sɛ wɔnni hɔ oo, na nnipa pii ahu adi ho adanse, enti anka ɛno ara mpo dɔɔso. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne no.”—Mateo 12:38, 39.

Yesu kyerɛɛ asɛm no mu maa emu daa hɔ sɛ: “Sɛdeɛ Yona dii apataa kɛseɛ no yam nnansa, awia ne anadwo no, saa ara na onipa Ba no bɛdi asase yam nnansa, awia ne anadwo.” Apataa kɛse bi menee Yona, nanso ɔsan bae; ɛyɛɛ sɛ nea wasɔre afiri awufo mu no. Yesu asɛm no kyerɛ sɛ ɔno nso bɛwu nanso nnansa akyi no ɔbɛsɔre. Yesu wu sɔree ampa, nanso Yudafo mpanimfoɔ no annye “Yona sɛnkyerɛnne no” antom; wɔanyɛ wɔn adwene koraa sɛ wɔbɛsakra wɔn akwan. (Mateo 27:63-66; 28:12-15) “Nnipa a wɔwɔ Niniwe” no deɛ, bere a Yona bɔɔ wɔn kɔkɔ no, wɔsesaa wɔn akwan. Enti Niniwefo bɛbu saa awo ntoatoaso no atɛn. Yesu san kaa sɛ Saba hemmaa nso de ne nneyɛe bɛbu wɔn atɛn. Efisɛ bere a ɔtee Solomon ho asɛm no, ɔba bɛtiee ne nyansa, na n’ani gyee ho. Afei Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.”—Mateo 12:40-42.

Yesu kaa sɛ saa awo ntoatoaso no te sɛ ɔbarima bi a wɔtuu honhommɔne fii ne mu. (Mateo 12:45) Honhommɔne no fii ɔbarima no mu no, ɔbarima no amfa ade pa anhyɛ anan, enti honhommɔne no kɔfaa ahonhom nson foforo a wɔdi bɔne sen no ba bɛtenaa ne mu. Israelfo no nso, na wɔate wɔn ho ayɛ wɔn foforo te sɛ ɔbarima a honhommɔne no fii ne mu no. Nanso ɔman no antie Onyankopɔn adiyifo no, na ɛdidi mu ara na Yesu nso bae a wɔpoo no. Nanso na obiara ani tua sɛ Onyankopɔn honhom wɔ Yesu so. Wei kyerɛ sɛ ɛwiee ɔman no bɔne koraa sen wɔn kane no.

Yesu gu so rekasa no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa akyiri hɔ, na ebinom a wɔte bɛn Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten pɛ sɛ wɔhu wo.” Afei Yesu kyerɛɛ sɛnea ɔbɛn n’asuafo no; ɔma wɔhuu sɛ wɔte sɛ ne nuanom mmarima ne mmaa, ne ne maame. Ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kaa sɛ: “Me maame ne me nua mmarima ne yeinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔyɛ no.” (Luka 8:20, 21) Nea ɔkae yi kyerɛ sɛ ɛwom sɛ na n’abusuafo ho hia no deɛ, nanso n’asuafo no koraa na na wɔn ho hia no kɛse. Wei ma yɛhu sɛ nneɛma pa a yɛreyɛ nti sɛ nkurɔfo mpɛ yɛn asɛm na wɔkasa tia yɛn mpo a, yɛnim sɛ yɛn nuanom Kristofo adamfofa no ma yɛn akomatɔyam!