Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 43

Ahenni No Ho Mfatoho

Ahenni No Ho Mfatoho

MATEO 13:1-53 MARKO 4:1-34 LUKA 8:4-18

  • YESU MAA AHENNI NO HO MFATOHO

Da a Yesu kaa Farisifo no anim no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ Kapernaum. Saa da no ara, ɔfirii fie kɔɔ Galilea Po no ho, na nkurɔfo fii ase boaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Yesu tenaa korow bi mu ma wɔhare kɔɔ po no mu kakra. Afei ɔfirii ase kaa ɔsoro Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Ɔkasaa abɛbu mu kyerɛɛ wɔn. Nneɛma a Yesu de yɛɛ mfatoho anaa ntotoho no, na n’atiefo no nim, enti nea Yesu ka faa Ahenni no ho no, wɔtee ase.

Ntotoho a Yesu dii kan yɛe no, ɔkaa ogufo bi a ɔkɔguu aba ho asɛm. Ɔkaa sɛ aba no bi kɔguu kwankyɛn maa nnomaa bɛdii. Aba no bi nso kɔguu abotan so, na abotan so deɛ, dɔte pii nni hɔ, enti ɛfifii no, ne nhini no antumi anwurawura fam, na awia bɔe no ɛhyee. Ɔsan kaa sɛ aba no bi kɔguu nsɔe anaa nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyinii no, ɛmiaa no. Afei aba no bi kɔguu asase pa mu, na ɛno deɛ ebi soo “ɔha, ebi soo aduosia, na ebi nso soo aduasa.”—Mateo 13:8.

Mfatoho a ɛtɔ so mmienu no, Yesu de Ahenni no totoo aba a obi gui ho. Mfatoho yi mu deɛ, bere a ɔbarima no ada mpo aba no nyini. Nanso “ɔnnim kwan a ɛfaa so yɛɛ saa.” (Marko 4:27) Ɛno ara na ɛnyini soo aba maa ogufo no twae.

Yesu san maa mfatoho foforo; na ɛno nso fa aba a wɔregu ho. Ɔkaa sɛ ɔbarima bi kɔguu aba pa, nanso “berɛ a nnipa adeda no” ɔtamfo bi nso kɔguu nwura wɔ ayuo no mu. Ɔbarima no nkoa kaa sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔtutu nwura no. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dabi, ɛfiri sɛ anhwɛ a, berɛ a moreboaboa ano no mobɛtutu ayuo no afra. Momma ne nyinaa nnyini nkɔsi twaberɛ, na twaberɛ duru a mɛka akyerɛ atwafoɔ no sɛ, monni kan mmoaboa nwura no ano na monkyekyere no atifi atifi nkɔhye, na afei mommoaboa ayuo no ano ngu m’asan so.”—Mateo 13:24-30.

Kuayɛ a Yesu de yɛɛ mfatoho no, na ɛnyɛ ade foforo mma atiefo no. Ɔretoa n’asɛm no so no, ɔkaa biribi foforo a ɛno nso wɔnim paa; sinapi aba. Ɔkaa sɛ sinapi aba yɛ ketekete nanso ɛtumi nyini yɛ dua kɛse ma nnomaa kɔtena so. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi aba a obi fa kɔduaa n’afuo mu.” (Mateo 13:31) Sinapi aba a Yesu kaa ho asɛm no, na ɛnyɛ sɛ ɔrekyerɛ nnua ho ade. Mmom, na ɔreka sɛnea ade ketewa bi tumi nyini ntɛmntɛm yɛ kɛse ma ɛyɛ nwonwa.

Yesu san de biribi foforo yɛɛ ntotoho a ɛno nso na atiefo no nim paa. Ɔde ɔsoro Ahenni no totoo mmɔkaw anaa “mmɔreka a ɔbaa bi de fraa esiam susukoraa akɛseɛ mmiɛnsa.” (Mateo 13:33) Ɛwom, sɛnea mmɔkaw no yɛɛ adwuma no, obiara amfa n’ani anhu, nanso ɛtumi wurawuraa esiam no mu baabiara ma ɛtui. Nea ɛyɛe a mmɔkaw no tumi sesaa esiam no ma ɛtui no deɛ, obiara anhu.

Bere a Yesu kaa weinom nyinaa wiei no, ɔgyaa nnipakuw no kwan, na ɔno nso kɔɔ fie. Ankyɛ na n’asuafo no baa ne nkyɛn sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mfatoho no mu nkyerɛ wɔn.

WƆTEE YESU MFATOHO NO ASE

Ná Yesu asuafo no atie ne nkyerɛkyerɛ pii, na na wɔnim sɛ ɔde mfatoho kyerɛkyerɛ, nanso da no deɛ na ɛdɔɔso kyɛn daa. Enti wɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wode mfatoho kasa kyerɛ wɔn?”—Mateo 13:10.

Ade baako a ɛmaa Yesu kyerɛkyerɛɛ saa ne sɛ, na ɔrema Bible nkɔmhyɛ aba mu. Mateo bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yesu de mfatoho na ɛkaa yeinom nyinaa kyerɛɛ nnipa akuakuo no. Nokorɛm no, wankasa ankyerɛ wɔn a mfatoho nka ho; ɛno na ɛbɛma deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: ‘Mɛbue m’ano mfatoho mu, mɛpae mu aka nsɛm a ahunta firi nhyɛaseɛ no.’”—Mateo 13:34, 35; Dwom 78:2.

Biribi foforo nso wɔ hɔ a enti Yesu de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn. Ɛmaa nea ɛwɔ wɔn komam no daa adi. Wɔn mu binom wɔ hɔ a, na wɔdi Yesu akyi kɛkɛ; n’ano a atew ne anwonwade a ɔyɛe nti na wɔdii n’akyi. Wɔammu Yesu sɛ ɔyɛ wɔn Wura a ɛsɛ sɛ wɔtie no na wɔyi wɔn yam taa n’akyi. (Luka 6:46, 47) Ná wɔnyɛɛ wɔn adwene koraa sɛ wɔbɛnya adwensakra asesa wɔn abrabɔ. Wɔamma Yesu asɛm no ampusu wɔn.

Asɛm a Yesu asuafo no bisaa no no, ɔmaa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Yei nti na mede mfatoho kasa kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔhwɛ deɛ, nanso wɔhwɛ no kwa, na wɔte deɛ, nanso wɔte no kwa, na wɔnte aseɛ; wɔn so na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu sɛ, ‘. . . Ɔman yi akoma apirim.’”—Mateo 13:13-15; Yesaia 6:9, 10.

Nanso ɛnyɛ Yesu atiefo no nyinaa na na saa asɛm no fa wɔn ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Anigyeɛ ne mo ani sɛ ɛhunu adeɛ, ne mo aso sɛ ɛte asɛm. Nokorɛm mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛɛ sɛ wɔhunu nneɛma a mohunu yi nanso wɔanhunu, na wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ moteɛ yi nanso wɔante.”—Mateo 13:16, 17.

Asomafo 12 ne asuafo anokwafo no deɛ, na wɔwɔ koma pa. Enti Yesu kaa sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahennie ho ahuntasɛm kronkron no ase, na wɔn deɛ wɔmfa mmaa wɔn.” (Mateo 13:11) Esiane sɛ asuafo no deɛ wɔtiee asɛm no guu aso pa mu nti, Yesu kyerɛkyerɛɛ ogufo ho mfatoho no mu kyerɛɛ wɔn.

Ɔkaa sɛ: “Aba no ne Onyankopɔn asɛm.” (Luka 8:11) Asase no gyina hɔ ma koma no. Saa nneɛma mmienu no na ɛbɛma yɛate mfatoho no ase.

Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, aba a ɛguu kwankyɛn ma wɔtiatiaa so no kyerɛ sɛ: “Ɔbonsam bɛyii asɛm no firii wɔn akoma mu na wɔannye anni annya nkwa.” (Luka 8:12) Aba a ɛguu abotan so no nso ɛ? Yesu kyerɛɛ mu sɛ ɛgyina hɔ ma wɔn a wɔde anigye tie asɛm no, nanso ɛntumi nsiane nkɔ wɔn komam. Enti “sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ɛsiane asɛm no nti” a, na ato wɔn hintidua. “Ɛduru sɔhwɛ berɛ,” te sɛ ɔtaa a abusuafo de ba a, na wɔawae.—Mateo 13:21; Luka 8:13.

Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso ɛ? Yesu kyerɛɛ mu kyerɛɛ asuafo no sɛ ɛgyina hɔ ma nnipa a wɔtie asɛm no, nanso, “wiase yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa” mia wɔn, enti wɔnso aba. (Mateo 13:22) Wɔguu asɛm no wɔn komam deɛ, nanso antumi anso aba.

Nea ɛtwa to a ɔkaa ho asɛm ne asase pa no. Ɛno gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no gu koma pa mu, na wɔte ase. Dɛn na ɛfiri mu ba? ‘Wɔso aba.’ Nanso nsateaa nyinaa nyɛ pɛ; obiara ne n’ahoɔden ne ne nsɛm tebea. Enti ebi tumi so 100, ebi so 60, na ebi nso so 30. Wɔn a “wɔde akoma pa tie asɛm no wie a, wɔkora soɔ na wɔde boasetɔ so aba” no, Onyankopɔn hyira wɔn.—Luka 8:15.

Ná asuafo no aba Yesu hɔ rebɛpɛ n’asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu. Enti ɛbɛyɛ sɛ wɔtee saa nkyerɛkyerɛmu no, wɔn koma tɔɔ wɔn yam paa. Afei deɛ na wɔate mfatoho no ase yie. Ná Yesu pɛ sɛ asuafo no te ase, na ama wɔn nso atumi akyerɛkyerɛ nokware no mu akyerɛ afoforo. Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Kɛntɛn anaa mpa ase na wɔde kanea hyɛ anaa? Ɛnyɛ kaneadua so na wɔde sie?” Afei Yesu tuu wɔn fo sɛ: “Obiara a ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no, ma no ntie.”—Marko 4:21-23.

ƆMAA ASUAFO NO MFATOHO PII KAA HO

Yesu kyerɛkyerɛɛ asuafo no ogufo ho mfatoho no mu wiei no, na wɔpɛ sɛ wɔsua pii ka ho. Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ afuo mu nwura bɔne ho mfatoho no mu kyerɛ yɛn.”—Mateo 13:36.

Nea wɔkae yi ma yɛhu sɛ na asuafo no nte sɛ nnipakuw a wɔbaa mpoano hɔ no. Nnipakuw no tiee asɛm no deɛ, nanso na ɛnni wɔn komam sɛ wɔbɛhwehwɛ nea mfatoho no kyerɛ. Nea wɔtee no, na ɛno ara dɔɔso ma wɔn; wɔfaa mfatoho no aniani kɛkɛ. Yesu asuafo a na wɔrepɛ biribi asua no deɛ, wɔanyɛ saa. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Monyɛ aso ntie asɛm yi yie. Susukoraa a mode resusuo no, wɔde bɛsusu ama mo na nokorɛm no, wɔde bi bɛka ho ama mo.” (Marko 4:24) Ná asuafo no ayi wɔn asom retie no. Sɛnea wɔyɛɛ aso tiee Yesu asɛm no yie no, na akɔyɛ te sɛ nea na wɔresusu pii ama no. Ɛno maa wɔn nso nyaa nkyerɛkyerɛmu ne ntease pii kaa ho. Enti bere a wɔbisaa Yesu ayuo mfatoho no ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Deɛ ɔguu aba pa no ne onipa Ba no; afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie mma no; nwura bɔne no ne ɔbɔnefoɔ no mma, na ɔtamfo a ɔguiɛ no ne Ɔbonsam. Twaberɛ no ne wiase nhyehyɛeɛ awieeɛ, na atwafoɔ no ne abɔfoɔ.”—Mateo 13:37-39.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu wiei no, ɔkyerɛɛ sɛnea ɛbɛba mu. Ɔkaa sɛ wiase nhyehyɛe awiei no, atwafo, kyerɛ sɛ abɔfo no, bɛboaboa atoro Kristofo a wɔte sɛ nwura no ano afiri “ahennie mma” no mu. Wɔbɛboaboa “ateneneefoɔ” no ano ama wɔahyerɛn “wɔ wɔn Agya ahennie mu.” Na “ɔbɔnefoɔ no mma” no nso ɛ? Wɔn deɛ, wɔn awiei bɛyɛ ɔsɛe, na “wɔbɛsu atwerɛ wɔn sẽ.”—Mateo 13:41-43.

Yesu san de mfatoho mmiɛnsa pee n’asuafo no so. Nea ɛdi kan, ɔkaa sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ ademudeɛ bi a wɔde ahunta wuram a obi kɔhunuiɛ na ɔde sieeɛ; anigyeɛ a ɔnyaeɛ nti ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ kɔtɔɔ saa asase no.”—Mateo 13:44.

Ɔtoaa so sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔtu kwan kɔhwehwɛ nhwene pa. Berɛ a ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ntɛm ara, ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔeɛ.”—Mateo 13:45, 46.

Yesu de mfatoho mmienu yi kyerɛɛ sɛnea obi bɛyi ne yam de nneɛma abɔ afɔre ama ne nsa aka biribi a ɛho hia paa. Odwadini no yɛɛ ntɛm kɔtɔn “deɛ ɔwɔ nyinaa” de kɔtɔɔ ahweneɛ baako a ne bo yɛ den no. Ahweneɛ mfatoho no, na ɛnyɛ ade a asete bɛyɛ Yesu asuafo no den. Afei ɔbarima a ɔkɔhuu ademude bi a ahintaw wuram no nso, “ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ” de kɔtɔe. Nsɛm mmienu yi nyinaa mu no, Yesu kaa biribi a ne bo yɛ den na ɛho hia ho asɛm. Ɛte sɛ nneɛma a obi de bɔ afɔre na ama watumi anya ne honhom mu ahiade. (Mateo 5:3) Wɔn a wɔtiee Yesu mfatoho yi no, na wɔn mu bi akyerɛ sɛ ampa wɔbɛyɛ nea wɔbɛtumi biara ama wɔn nsa aka wɔn honhom mu ahiade, na ama wɔabɛyɛ Yesu akyidifo amapa.—Mateo 4:19, 20; 19:27.

Nea ɛtwa to no, Yesu de ɔsoro Ahenni no totoo asau bi a ɛyi mpataa ahorow pii ho. (Mateo 13:47) Sɛ wɔyiyi mpataa no mu a, wɔde papa no gu ade mu, na nea ɛnyɛ no deɛ, wɔtu gu. Yesu toaa so sɛ, saa ara na wiase nhyehyɛe awiei no bɛyɛ. Abɔfo no bɛyiyi abɔnefo no afiri atreneefo mu.

Bere a Yesu frɛɛ n’asuafo a wɔdi kan no sɛ wɔmmɛyɛ “nnipa yifoɔ” no, na ɔno ankasa reyɛ saa adwuma no bi dada. (Marko 1:17) Nanso ɔkaa sɛ asau ho mfatoho no deɛ, ɛyɛ daakye asɛm; ɛbɛba mu wɔ “wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ.” (Mateo 13:49) Enti Yesu maa asomafo no ne asuafo a aka no huu sɛ nneɛma a ɛho hia pii bɛsisi daakye.

Wɔn a wɔbɛn Yesu a wɔtiee ne mfatoho ahorow wɔ mpoano hɔ no nyaa pii kaa ho. Sɛ ‘ɛka Yesu ne n’asuafoɔ no nko ara a, ɔkyerɛkyerɛ biribiara mu.’ (Marko 4:34) Ɔte “sɛ efiewura bi a ɔyi nneɛma foforɔ ne dada adi firi n’akoradeɛ dan mu.” (Mateo 13:52) Mfatoho a Yesu de yɛɛ adwuma no nkyerɛ sɛ na ɔreyɛ ama obiara ahu sɛ ɔno nko ara na ɔnim nkyerɛkyerɛ. Mmom na ɔde nokware a ɛho hia paa na ɛrema n’asuafo no. Anokwa, na ɔyɛ “ɔkyerɛkyerɛfoɔ” a obiara ne no nsɛ.