Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 49

Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No

Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No

MATEO 9:35–10:15 MARKO 6:6-11 LUKA 9:1-5

  • YESU SAN KƆKYINKYINII GALILEA YƐƐ ASƐNKA ADWUMA

  • ƆMAA ASOMAFO NO KƆYƐƐ ASƐNKA ADWUMA NO

Ná Yesu ayɛ asɛnka adwuma no denneennen bɛyɛ mfe mmienu. Afei na ɔbɛdwodwo ne ho anaa? Dabi, na mmom ɔkɔkyinkyinii Galilea “nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa bi.” (Mateo 9:35) Sɛnea adwuma no kɔe no ma ɔhui sɛ ɛsɛ sɛ ɔtrɛw asɛnka adwuma no mu. Nanso na ɔbɛyɛ no sɛn?

Bere a Yesu tutuu akwan no, ɔhuu sɛ nnipa pii hia honhom mu ayaresa ne awerɛkyekye. Ná wɔte sɛ nguan a wɔnni ahwɛfo a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ. Wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, enti ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Aane, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.”—Mateo 9:37, 38.

Ná Yesu nim nea ɛbɛboa. Enti ɔfrɛɛ asomafo 12 no kyekyɛɛ wɔn mu mmienu mmienu. Ɔnyaa akuw nsia na ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ: “Mommmane mmfa amanaman no kwan so, na monnhyɛn Samaria kuro biara mu; Israel fie nnwan a wɔayera no mmom nkyɛn na monkɔ daa. Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahennie no abɛn.’”—Mateo 10:5-7.

Yesu rekyerɛ n’asuafo mpaebɔ no, ɔkaa Ahenni bi ho asɛm; saa Ahenni no na ɔsomaa asomafo no sɛ wɔnkɔka ho asɛm. Nea enti a ɔkaa sɛ wɔnka sɛ ‘ɔsoro ahennie no abɛn’ ne sɛ, na Yesu Kristo wɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso ne Onyankopɔn Hene a wayi no. Nanso na ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ahu sɛ asuafo no na wɔatu wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm? Yesu maa wɔn tumi a wɔde bɛsa yareɛ na wɔanyane awufo mpo. Ná wɔbɛyɛ wei nyinaa a wɔnnye obiara kaprɛ. Ɛnde na asomafo no bɛyɛ dɛn anya wɔn ano aduane ne nea wɔde bɛtwitwa wɔn ho?

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, asɛnka adwuma a wɔrekɔyɛ no, mma wɔmmfa nneɛma bi te sɛ sika anaa dwetɛ nhyɛ wɔn abɔsoɔ mu nkɔ. Akwantu bɔtɔ mpo, na wɔnhia bi. Afei atade anaa mpaboa nso, nea na ɛhyɛ wɔn nko ara na na wɔbɛhia. Adɛn ntia? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Odwumayɛni aduane fata no.” (Mateo 10:10) Nnipa a asomafo no bɛka asɛm no akyerɛ wɔn no, sɛ wɔn ani gye asɛm no ho a, wɔbɛma wɔn nneɛma kakra a wɔbɛhia no. Enti Yesu kaa sɛ: “Baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no, montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ.”—Marko 6:10.

Afei nso, Yesu kyerɛɛ asomafo no kwan a wɔbɛfa so aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ morehyɛn fie bi mu a monkyea fie no mufoɔ; sɛ fie no fata a, momma asomdwoeɛ a mopɛ sɛ ɛnya no mmra so; nanso sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoeɛ nsan mmra mo so. Baabiara a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefiri saa fie anaa kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.”—Mateo 10:12-14.

Ná ɛbɛtumi aba sɛ kuro anaa akuraa bi mufo nyinaa rentie asɛm no. Dɛn na na ɛbɛba saa nkuro no so? Yesu kyerɛɛ mu sɛ atemmu na ɛbɛba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Atemmu Da no ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom ne Gomora asase asene saa kuro no.”—Mateo 10:15.