Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 50

Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm No

Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm No

MATEO 10:16–11:1 MARKO 6:12, 13 LUKA 9:6

  • YESU TETEE ASOMAFO NO NA ƆSOMAA WƆN

Bere a Yesu kaa sɛ asomafo no nkɔka asɛm no, ɔkyekyɛɛ wɔn mu mmienu mmienu, na ɔmaa wɔn adwuma no ho akwankyerɛ a emu da hɔ. Nanso wamfa anso hɔ ara; esiane sɛ na ɔdwene wɔn ho nti, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa wɔn. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; . . . Monhwɛ mo ho yie wɔ nnipa ho; wɔbɛyi mo ama badwafoɔ, na wɔbɛka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti, wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahemfo anim, na ayɛ adanseɛ ama wɔne amanaman no.”—Mateo 10:16-18.

Ampa, na Yesu akyidifo no bɛhyia ɔtaa paa, nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaasɛ deɛ mobɛka ho; wɔde deɛ mobɛka bɛma mo dɔn no mu; ɛnyɛ mo ara na mokasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so kasa.” Yesu toaa so sɛ: “Onua bɛyi onua ama na wɔaku no, na papa ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ na wɔama wɔaku wɔn. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.”—Mateo 10:19-22.

Asɛnka adwuma no ho hia paa, enti nea ɛbɛyɛ na asuafo no bɛnya fahodi aka asɛm no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; nokorɛm mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro no nyinaa da na onipa Ba no aba.”—Mateo 10:23.

Akwankyerɛ ne kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ a Yesu de maa n’asomafo 12 no deɛ, na ɛda mu fua! Nanso, ɛnyɛ asomafo no nko ara na na saa nsɛm no kɔ ma wɔn. Wɔn a Yesu akyi no, wɔbɛba abɛyɛ asɛnka adwuma no bi no, wɔn nso, na Yesu asɛm no fa wɔn ho. Nea ɛma yɛhu saa ne sɛ, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ “nnipa nyinaa bɛtan” wɔn. Wanka sɛ wɔn a asomafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn saa bere no nko ara na wɔbɛtan wɔn. Afei nso, Bible nkaa wɔ baabiara sɛ bere tiaa a asomafo no kɔkaa asɛm no wɔ Galilea no, wɔde wɔn kɔgyinaa atumfoɔ ne ahemfo anim. Bio nso, Bible anka sɛ wɔn abusuafo yii wɔn ma wɔkuu wɔn.

Biribiara kyerɛ sɛ bere a Yesu reka nsɛm no akyerɛ asomafo no, na ɔrekyerɛ nea ɛbɛba daakye nso. Wo deɛ hwɛ o, Yesu kaa sɛ n’asuafo no rentumi nka asɛm no nkyerɛ obiara na “onipa Ba no aba.” Wohwɛ asɛm no a, wohu sɛ na Yesu reka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔrentumi nka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa nwie ansa na Ɔhene Yesu Kristo aba abɛbu atɛn ama Onyankopɔn.

Sɛ asomafo no reka asɛm no na nkurɔfo taa wɔn a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa. Yesu kaa sɛ: “Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura.” Ná Yesu asɛm no mu da hɔ. Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a ɔkae nti, nkurɔfo dii n’ani paa, na asuafo no nso, saa ara na na wɔbɛyɛ wɔn. Nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Monnsuro wɔn a wɔkum nipadua nanso wɔntumi nkum ɔkra no; mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.”—Mateo 10:24, 28.

Yesu yɛɛ wei ho nhwɛso. Wamma owuo anhunahuna no, na mmom ɔhuu sɛ Yehowa ne tumi nyinaa wura, enti ɔde akokoduru dii no nokware. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no na ɔbɛtumi asɛe obi ‘kra,’ kyerɛ sɛ, ɔno na anidaso a obi wɔ sɛ ɔbɛtena ase daakye no wɔ ne nsam. Ɔno nso na ɔbɛtumi anyane no afiri awufo mu ama no daa nkwa. Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa asomafo no awerɛhyem paa!

Yesu yɛɛ mfatoho bi maa n’akyidifo no huu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn na ɔbɛhwɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Wɔntɔn nkasanoma mmienu nnye kaprɛ? Nanso emu baako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. . . . Enti monnsuro: Mosom bo sene nkasanoma bebree.”—Mateo 10:29, 31.

Asɛm a Yesu asuafo no kɔkae no, na ɛbɛpaapae mmusua mu; ná ebinom bɛtie na ebinom nso rentie. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Monnnwene sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so.” Anokwa, gye sɛ obi nya gyidi ne akokoduru ansa na watumi afiri abusua bi mu abɛsua Bible mu nokware agye atom. Enti Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sene me no mfata me, na deɛ ɔpɛ ne babarima anaa ne babaa asɛm sene me no nsɛ me.”—Mateo 10:34, 37.

Ne nyinaa akyi no, na ebinom bɛgye n’asuafo no atom, efisɛ ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa mã nom ɛsiane sɛ ɔyɛ osuani nti no, mese mo nokorɛm sɛ, n’akatua remmɔ no kwan biara so.”—Mateo 10:42.

Yesu maa asomafo no akwankyerɛ, na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ hyɛɛ wɔn nkuran. Afei deɛ, na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛka asɛm no, enti wɔsii mu kɔfaa “asasesini no mu kɔɔ nkuraa nyinaa ase kaa asɛmpa no, na wɔsaa nyarewa wɔ baabiara.”—Luka 9:6.