Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 53

Ɔhene a Ɔwɔ Tumi wɔ Abɔde So

Ɔhene a Ɔwɔ Tumi wɔ Abɔde So

MATEO 14:22-36 MARKO 6:45-56 YOHANE 6:14-25

  • NKURƆFO YƐE SƐ WƆRESI YESU HENE NSO ANYƐ YIE

  • YESU NANTEE NSUO SO NA ƆMAA MFRAMA YƐƐ DINN

Anwonwade a Yesu yɛ maa nnipa mpempem aduane dii no, ɛkaa nkurɔfo no paa. Enti wɔkaa sɛ: “Nokwasɛm nie, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie.” Wɔnyaa adwene sɛ ɔno ne Mesia no, na sɛ ɔbɛdi wɔn so hene a, wɔawie. (Yohane 6:​14; Deuteronomium 18:​18) Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere Yesu de no asi wɔn so hene.

Nanso Yesu huu nkurɔfo no adwene. Enti ɔgyaa nkurɔfo no kwan ma wɔkɔe, ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔtena korow no mu nkɔ. Ɛhefa na na wɔrekɔ? Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Betsaida, na wɔtwaam toaa so kɔɔ Kapernaum. Yesu deɛ, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpae anadwo no.

Ɛduu ahemadakye no, na bosome apae ma enti baabi a Yesu wɔ no, na ɔtumi hu korow no. Ná asorɔkye no ano ayɛ den, na na korow no ‘hare ayɛ den ama asomafo no efisɛ na mframa no rebɔ hyia wɔn.’ (Marko 6:​48) Afei Yesu sian fii bepɔ no so nantee nsuo no so kɔɔ wɔn nkyɛn. Ná asomafo no ahare korow no “bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa nnan.” ( Yohane 6:​19) Bere a asuafo no huu sɛ Yesu nam nsuo no so no, ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama ɔretwam akɔ. Ehu kaa wɔn na wɔteateaam sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?”​—Marko 6:49.

Yesu kaa wɔn koma too wɔn yam sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me a; monnsuro.” Nanso Petro kaa sɛ: “Awurade, ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsuo no so mmra wo nkyɛn.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra!” Afei Petro si fii korow no mu, na ɔhyɛɛ ase nantee po no so kɔɔ Yesu nkyɛn. Nanso bere a Petro huu sɛnea mframa no ano yɛ den no, ne koma tui, na ɔfirii ase sɛ ɔremem. Ɔteaam sɛ: “Awurade, gye me!” Ɛhɔ ara na Yesu tenee ne nsa sɔɔ Petro nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidie sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimiiɛ?”​—Mateo 14:​27-​31.

Petro ne Yesu foroo korow no, na mframa no yɛɛ dinn. Asuafo no ho dwirii wɔn. Nanso wohwɛ mu a, anka ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa, efisɛ na wɔahu sɛ Yesu ayɛ anwonwade ama nnipa mpempem pii paanoo adi; ná saa asɛm no sii nkyɛe. Sɛ wɔtee “paanoo ho asɛm no ase” a, anka ɛrenyɛ wɔn nwonwa koraa sɛ ɔtumi nantee nsuo so na ɔmaa mframa yɛɛ dinn. Bere a wɔhuu nea Yesu ayɛ no, wɔkotow no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”​—Marko 6:​52; Mateo 14:33.

Wɔtwa kɔɔ Kapernaum anafo fam kɔduu Genesaret. Ná Genesaret yɛ kuro a ɛyɛ fɛ, na wodua ade wɔ hɔ a ɛyɛ yie paa. Afei wɔtoo korow no sɛkyɛ na wɔsi kɔɔ asase so. Bere a ɛhɔfo no huu Yesu no, wɔkaee no, na wɔne nkuro a ɛbemmɛn hɔ no mufo kɔsoaa ayarefo bae. Sɛ ayarefo no de wɔn nsa ka Yesu atade ano kɛkɛ mpo a, na wɔn ho ayɛ wɔn den.

Kae sɛ ansa na Yesu reba ha no, ɔyɛɛ anwonwade maa nnipa mpempem pii aduane dii. Saa nkurɔfo no ani baa wɔn ho so no, na Yesu afiri wɔn nkyɛn kɔ. Enti bere a akorow bi fii Tiberia baa hɔ no, wɔforo twaa nsuo no kɔɔ Kapernaum kɔhwehwɛɛ Yesu. Wɔhuu no no, wɔbisaa no sɛ: “Rabi, berɛ bɛn na wobaa ha?” (Yohane 6:​25) Yesu kaa wɔn anim, na akyiri yi, yɛbɛhu sɛ ntease wom sɛ ɔyɛɛ saa.